Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa

Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa

Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa

“Mereka eyi . . . sɛnea ɛbɛma moayɛ nea ɛfata na moatumi asom Awurade daa a biribiara nnye mo adwene.”—1 KOR. 7:35.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ sigyadi ne aware ho afotu fi Bible mu?

NNEƐMA a yɛyɛ wɔ asetena mu kakraa bi pɛ na emu anigye, emu abasamtu, anaa emu haw dɔɔso sen nea ɛwɔ mmarima ne mmea abusuabɔ mu. Esiane sɛ ɛho hia sɛ yedi emu anigye ne emu haw ahorow a ɛtete saa ho dwuma yiye nti, ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ ho, nanso nneɛma foforo wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ. Kristoni a n’ani gye wɔ sigyadi mu betumi ate nka sɛ n’abusuafo anaa ne nnamfo rehyɛ no sɛ ɔnware. Ebia na Kristoni foforo pɛ sɛ ɔware, nanso onnyaa ɔhokafo a ɔfata. Ebinom hia akwankyerɛ wɔ sɛnea wobesiesie wɔn ho ama sɛnea wobedi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma sɛ okunu anaa ɔyere. Kristofo a wɔyɛ asigyafo ne awarefo nyinaa hyia nna mu ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow.

2 Saa tebea ahorow yi betumi aka yɛn anigye. Nanso nea ɛho hia sen biara no, ebetumi aka abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ nso. Paulo de sigyadi ne aware ho afotu mae wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no ti 7. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛhyɛ n’akenkanfo nkuran ‘ma wɔayɛ nea ɛfata na wɔatumi asom Awurade daa a biribiara nnye wɔn adwene.’ (1 Kor. 7:35) Sɛ woresusuw n’afotu a ɛfa saa nneɛma a ɛho hia yi ho ho a, sɛ́ woyɛ sigyani anaa ɔwarefo no, bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛ tebea a wowom no yɛ ɔkwan a wobɛfa so asom Yehowa yiye.

Gyinae a Emu Yɛ Duru a Obi Ankasa Si

3, 4. (a) Sɛ nnamfo ne abusuafo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ obi ma waware a, dɛn na ebetumi de aba? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo afotu no betumi aboa obi ma wanya aware ho adwene a ɛfata?

3 Ná Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no gye di sɛ ɛho hia paa sɛ obi ware. Nnipa pii wɔ adwene a ɛte saa ara nnɛ. Sɛ aberante anaa ababaa bi di boro mfe bi na ɔnwaree a, ebia ne nnamfo ne n’abusuafo a asɛm no haw wɔn bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wotu no fo ma ɔware. Sɛ wɔne no rebɔ nkɔmmɔ a, wobetumi aka akyerɛ no sɛ ɔnyere ne ho paa nhwehwɛ ɔhokafo. Wobetumi aka ɔbarima anaa ɔbea bi a obetumi aware no ho asɛm akyerɛ no. Wobetumi mpo ayɛ nhyehyɛe ma ɔbarima ne ɔbea bi a wɔnwaree akohyia. Ɛtɔ mmere bi a nneyɛe a ɛte saa hyɛ aniwu, ɛsɛe nnamfo ntam, na etumi ma ɔbarima ne ɔbea no nyinaa yɛ basaa.

4 Paulo anhyɛ afoforo da sɛ wɔnware anaa wonni sigya. (1 Kor. 7:7) Ná ɛnhaw Paulo sɛ ɔresom Yehowa bere a na onni yere, nanso wankasa antia nkurɔfo a na wɔpɛ sɛ wɔware no. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ hokwan sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛware anaasɛ wobedi sigya. Ɛnsɛ sɛ afoforo hyɛ wɔn sɛ wɔnware anaasɛ wonni sigya.

Sɛnea Wobɛma Sigyadi Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So

5, 6. Dɛn nti na Paulo hyɛɛ sigyadi ho nkuran?

5 Asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no ma yɛte ase sɛ Kristofo a wɔyɛ asigyafo betumi asom Onyankopɔn yiye. (Monkenkan 1 Korintofo 7:8.) Ɛwom sɛ na Paulo nyɛ ɔwarefo de, nanso wamma ne ho so wɔ wɔn a na wɔyɛ awarefo no so, sɛnea Kristoman mu asɔfo a wɔnnware yɛ no. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristofo a wɔnwaree betumi asom Onyankopɔn wɔ akwan bi so a Kristofo a wɔaware rentumi nyɛ saa. Saa asɛm yi kyerɛ dɛn?

6 Ɛtaa yɛ mmerɛw ma Kristoni a ɔnwaree sɛ obegye asɛyɛde ahorow atom wɔ Yehowa som mu bere a ebia obi a waware ntumi nnye ntom. Paulo nyaa ɔsom hokwan titiriw sɛ ‘ɔsomafo ma amanaman no.’ (Rom. 11:13) Yebetumi akenkan osuahu ahorow a Paulo nyae ho nsɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 13 kosi ti 20. Paulo ne asɛmpatrɛwfo foforo kɔkaa asɛm no wɔ nsasesin foforo mu, na wɔhyehyɛɛ asafo foforo pii. Bere a Paulo reyɛ ne som adwuma no, ɔfaa tebea ahorow a emu yɛ den a yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ pii remfa mu mu. (2 Kor. 11:23-27, 32, 33) Nanso, na ɔpɛ sɛ ɔbɛfa tebea ahorow a emu yɛ den yi nyinaa mu de aboa nnipa pii ma wɔabɛyɛ asuafo, na ɛno maa n’ani gyei kɛse. (1 Tes. 1:2-7, 9; 2:19) Sɛ na Paulo aware anaasɛ na ɔwɔ abusua a, so anka obetumi ayɛ nea ɔyɛe yi nyinaa? Ebia anka ɔrentumi nyɛ.

7. Ɔkwan bɛn so na Adansefo baanu a wɔnwaree de wɔn sigyadi no kaa Ahenni no ho asɛm?

7 Kristofo a wɔnwaree pii de wɔn tebea no yɛ pii wɔ Ahenni adwuma no mu. Sara ne Limbania yɛ akwampaefo a wɔyɛ asigyafo wɔ Bolivia. Wotu kɔtenaa akuraa bi a na obiara nkɔkaa asɛm no wɔ hɔ mfe pii ase. So na anyinam nkanea a na enni hɔ no bɛhaw wɔn? Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ radio anaa TV nni hɔ nti, biribiara ntwetwe nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no adwene mfi ade titiriw a wɔde gyigye wɔn ani a ɛne akenkan no so.” Akuraa no asefo no bi de Yehowa Adansefo nhoma ahorow a na wɔda so rekenkan kyerɛɛ akwampaefo no, nanso na wɔagyae saa nhoma no tintim. Esiane sɛ na ɛkame ayɛ sɛ anuanom mmea no nya nkurɔfo a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye wɔ ofie biara mu nti, na ɛyɛ den sɛ wobetumi akɔ ofie biara a ɛwɔ wɔn asasesin no mu mu. Ɔbea bi a ne mfe akɔ anim ka kyerɛɛ anuanom mmea no sɛ: “Afei de Yehowa Adansefo adu yɛn ha, ɛnde awiei no abɛn.” Ankyɛ na akuraa no asefo fii ase kɔɔ asafo nhyiam.

8, 9. (a) Bere a Paulo hyɛɛ sigyadi ho nkuran no, dɛn na na ɛwɔ n’adwenem? (b) Hokwan ahorow bɛn na Kristofo a wɔnwaree wɔ?

8 Nokwarem no, sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo nso kɔka asɛmpa no wɔ nsasesin a emu yɛ den mu a, ɛsow aba pii. Nanso, dwumadi ahorow bi a akwampaefo a wɔyɛ asigyafo betumi ayɛ no, ebetumi ayɛ den ama wɔn a wɔaware anaa wɔn a wɔwɔ mma sɛ wɔbɛyɛ. Bere a Paulo kyerɛw asafo ahorow no, na onim sɛ adwuma kɛse da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de ka asɛmpa no. Ná ɔpɛ sɛ obiara nya anigye a ɛwɔ asuafoyɛ adwuma mu no bi, sɛnea na wanya bi no. Ɛno nti na Paulo kae sɛ eye sɛ obi bɛsom Yehowa sɛ osigyani no.

9 Onuawa kwampaefo bi a ɔyɛ osigyani a ofi United States kyerɛwee sɛ: “Ebinom susuw sɛ osigyani ani ntumi nnye. Nanso, mahu sɛ anigye a obi benya bere nyinaa no gyina Yehowa a ɔne no bɛfa adamfo no so. Ɛwom sɛ sigyadi yɛ afɔrebɔ de, nanso sɛ wode di dwuma yiye a, wubehu sɛ ɛyɛ akyɛde a ɛyɛ anigye.” Ɔkyerɛw faa nea ɛma obi ani gye ho sɛ: “Sigyadi yɛ ade a ebetumi ama obi anya anigye, na ɛnyɛ ade a ɛsɛe anigye. Minim sɛ Yehowa da ne dɔ adi kyerɛ obiara, sɛ́ obi yɛ osigyani anaa ɔwarefo.” Seesei ɔde anigye resom wɔ ɔman bi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ hɔ so. Sɛ woyɛ osigyani a, so wubetumi de ahofadi a wowɔ no ayɛ pii de aboa afoforo ma wɔahu nokware no? Wo nso wubetumi ahu sɛ sigyadi yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ.

Asigyafo a Wɔpɛ sɛ Wɔware

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware nanso wonnya nnyaa ahokafo a wɔfata no?

10 Sɛ Yehowa asomfo anokwafo pii di sigya kodu bere bi a, wosi gyinae hwehwɛ obi a wɔbɛware no. Esiane sɛ wonim sɛ wohia akwankyerɛ nti, wɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma wonnya ɔhokafo a ɔfata.—Monkenkan 1 Korintofo 7:36.

11 Sɛ wopɛ sɛ woware obi a ofi ne komam som Yehowa a, kɔ so fa to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. (Filip. 4:6, 7) Ɛmfa ho bere tenten a wobɛtwɛn no, mma w’abam mmu. Yehowa nim nea wuhia, na sɛ wode wo ho to no so a, ɔbɛboa wo ma woagyina wo tebea no ano.—Heb. 13:6.

12. Sɛ obi ka sɛ ɔbɛware wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye ansa na woama no mmuae?

12 Na sɛ obi a ɔne Onyankopɔn abusuabɔ mu nyɛ den papa anaa obi a ɔnyɛ Yehowa Dansefo ka sɛ ɔbɛware wo nso ɛ? Ebia wopɛ sɛ woware paa. Nanso, sɛ woansi gyinae pa a, wubedi yaw kɛse asen sɛnea na wote nka sɛ woayɛ ankonam bere a na woyɛ osigyani no. Sɛ wunya ware wie a, papa mu oo bɔne mu oo, wobɛfam wo hokafo no ho wo nkwa nna nyinaa. (1 Kor. 7:27) Mpere wo ho nware na akyiri yi woanu wo ho.—Monkenkan 1 Korintofo 7:39.

Siesie Wo Ho Ma Aware Mu Nsɛm

13-15. Nneɛma a etumi de ahohiahia ba aware mu bɛn na ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware no ka ho asɛm wɔ wɔn nantew a edi aware anim mu?

13 Ɛwom sɛ Paulo kae sɛ eye sɛ obi bɛsom Yehowa sɛ osigyani de, nanso wammu wɔn a wɔware no animtiaa. Mmom no, n’afotu a efi honhom mu no boa awarefo ma wogyina aware mu nsɛm ano ma wɔkɔ so tena sɛ awarefo.

14 Ɛho hia sɛ nnipa bi a wɔpɛ sɛ wɔware sesa wɔn adwene wɔ nea wɔhwɛ kwan sɛ wobenya wɔ aware mu ho. Nnipa baanu a wɔde wɔn ho ahyɛ nantew a edi aware anim mu no betumi anya adwene sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no yɛ soronko koraa, na sɛ wɔware a anigye nkutoo na wobenya. Adwene a ɛte saa na wɔde kɔ aware mu, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi asɛe anigye a wɔwɔ no. Nanso, ɛnyɛ saa na asetena te ankasa. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ a ɛwɔ aware mu no yɛ anigye ankasa, nanso ɛno nkutoo ntumi mma okunu ne ɔyere ntumi nnyina ahohiahia a ɛwɔ aware biara mu no ano.—Monkenkan 1 Korintofo 7:28. *

15 Wɔn a wɔaware foforo pii ho dwiriw wɔn, anaa wɔn abam bu mpo bere a wohu sɛ wɔne wɔn ahokafo adwene nhyia wɔ nneɛma a ɛho hia ho no. Nnipa baanu a wɔaware no betumi ahu sɛ wɔn adwene nhyia wɔ sɛnea wɔde wɔn sika ne bere a wɔde gye wɔn ahome bedi dwuma, baabi a wɔbɛtena, ne mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wɔkɔsra wɔn nsenom ho. Saa ara nso na wɔn mu biara wɔ sintɔ ahorow a ebetumi ahyɛ ne hokafo abufuw. Ɛnyɛ den sɛ wobebu wɔn ani agu nneɛma a ɛho hia yi so wɔ wɔn nantew a edi aware anim no mu, nanso ebetumi de ɔhaw aba aware no mu akyiri yi. Ɛyɛ papa sɛ nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware no bɛka nneɛma a ɛhaw wɔn ho asɛm ansa na wɔaware.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo de biakoyɛ gyina aware mu nsɛnnennen ano?

16 Sɛ awarefo benya anigye a, ɛsɛ sɛ wɔde biakoyɛ gyina wɔn nsɛnnennen ano. Ɛsɛ sɛ wɔn adwene hyia wɔ sɛnea wɔbɛteɛ wɔn mma so ne sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim ho. Ɛnsɛ sɛ wɔma nsɛnnennen a ɛwɔ abusua mu tetew wɔn ntam. Sɛ wɔde Bible mu afotu yɛ adwuma a, wobesiesie ɔhaw pii, agyina nea wontumi nsiesie no ano, na wɔakɔ so atena anigye mu.—1 Kor. 7:10, 11.

17. “Wiase nneɛma” ho dadwen bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ kwan sɛ wobehyia?

17 Paulo kaa aware mu asɛm foforo ho asɛm wɔ 1 Korintofo 7:32-34. (Monkenkan.) Awarefo ‘da dwen wiase nneɛma’ te sɛ aduan, ntade, dabere, ne asetena mu nneɛma foforo ho. Dɛn nti na ɛte saa? Bere a na onuabarima bi nwaree no, ebia na ɔde bere pii yɛ asɛnka adwuma no. Nanso, bere a ɔwaree no, ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne bere ne n’ahoɔden a na ɔde yɛ asɛnka adwuma no bi hwɛ ne yere na ama wasɔ ne yere ani. Saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyere nso de ne bere ne n’ahoɔden no bi hwɛ ne kunu. Yehowa nim sɛ okunu ne ɔyere nyinaa pɛ sɛ wɔn hokafo ani gye. Yehowa nim sɛ sɛ aware begyina a, mpɛn pii no, ɛho hia sɛ okunu ne ɔyere nyinaa de wɔn bere ne wɔn ahoɔden a na anka wɔde yɛ Ne som adwuma bere a na wɔnwaree no bi hwɛ wɔn ho wɔn ho.

18. Nsakrae bɛn na ɛho behia sɛ ebinom yɛ wɔ sɛnea wogye wɔn ani mu wɔ wɔn aware akyi?

18 Na bere a na awarefo no de gye wɔn ani na wɔde yɛ nneɛma foforo bere a na wɔyɛ asigyafo no nso ɛ? Sɛ ɛsɛ sɛ awarefo de bere ne ahoɔden a na wɔde yɛ Onyankopɔn som adwuma no bi hwɛ wɔn ho wɔn ho a, so ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden a na wɔde gye wɔn ani bere a na wɔyɛ asigyafo no bi hwɛ wɔn ho wɔn ho? Sɛ okunu bi kɔ so ara ne nnamfo de wɔn ho hyɛ agumadi mu fee te sɛ bere a na ɔnwaree no a, ɛbɛka ne yere dɛn? Anaasɛ sɛ ɔyere bi kɔ so ara de ne bere pii ne ne nnamfo de wɔn ho hyɛ anigyede mu a, ɛbɛka ne kunu dɛn? Ɛrenkyɛ koraa, ɔhokafo a wɔabu ani agu no so no betumi ate nka sɛ wayɛ ankonam, onni anigye, na ne hokafo no nnɔ no. Sɛ wɔn a wɔreware no yɛ nea wobetumi nyinaa de hyɛ wɔn abusuabɔ mu den sɛ okunu ne ɔyere a, wobetumi akwati eyi.—Efe. 5:31.

Yehowa Hwehwɛ sɛ Yɛma Yɛn Ho Tew wɔ Abrabɔ Mu

19, 20. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ awarefo bɔ wɔn ho ban fi nna mu ɔbrasɛe ho? (b) Sɛ awarefo ma wɔn ntam tetew bere tenten a, asiane bɛn na ebetumi ato wɔn?

19 Yehowa asomfo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma wɔn ho atew wɔ abrabɔ mu. Ebinom si gyinae sɛ wɔbɛware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ho nhyɛ ɔbrasɛe mu. Nanso, sɛ obi ware a ɛno nkutoo nkyerɛ sɛ ɛbɛbɔ no ho ban afi nna mu ɔbrasɛe ho ɔkwan biara so. Wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, sɛ na kurow a na wɔato ɔfasu atwa ho ahyia no mufo tena kurow no mu nkutoo a ɛnna na wonya ahobammɔ. Sɛ na obi pue fi kurow no mu bere a na akorɔmfo ne nsɛmmɔnedifo nenam hɔ a, na wobetumi awia ne nneɛma anaasɛ wɔakum no. Saa ara na sɛ awarefo betumi anya ahobammɔ a ɛremma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu a, gye sɛ wodi mmara a Yehowa ahyehyɛ afa aware ho no so.

20 Paulo kyerɛkyerɛɛ saa mmara no mu wɔ 1 Korintofo 7:2-5. Ɔyere nkutoo na ɛsɛ sɛ ne kunu ne no nya nna mu kyɛfa; saa ara nso na okunu nkutoo na ɛsɛ sɛ ne yere ne no nya nna mu kyɛfa. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mu biara bɛma ne hokafo “nea ɛsɛ,” anaa nna mu nkitahodi a awarefo wɔ hokwan sɛ wonya no. Nanso, okununom ne ɔyerenom binom wɔ hɔ a wɔma wɔn ntam tetew bere tenten—wɔn mu biara tu kwan gyaw ne yɔnko hɔ anaa adwuma ma wɔn ntam tetew, na ɛmma wɔn mu biara mfa “nea ɛsɛ” mma ne yɔnko. Sɛ “ahosodi” a obi ‘annya’ nti Satan nhyɛso ma ɔsɛe aware a, hwɛ awerɛhosɛm a ɛbɛyɛ. Yehowa hyira mmusua ti a wɔhwɛ wɔn mmusua na wɔmmfa wɔn aware nnto asiane mu no.—Dw. 37:25.

Mfaso a Yebenya Afi Bible Afotu a Yebetie So

21. (a) Dɛn nti na sigyadi ne aware ho gyinaesi yɛ den? (b) Dɛn nti na mfaso wɔ afotu a ɛwɔ 1 Korintofo ti 7 no so?

21 Gyinae a wubesi sɛ wubedi sigya anaa wobɛware no ka gyinae ahorow a ne si yɛ den paa no ho. Onipa biara wɔ sintɔ, na ɛno na ɛde nsɛnnennen dodow no ara ba nnipa ntam. Enti wɔn a Yehowa ahyira wɔn mpo ntumi nne wɔn ho koraa wɔ abasamtu ho, sɛ́ wɔyɛ asigyafo anaa awarefo. Sɛ wode afotu pa a ɛwɔ 1 Korintofo ti 7 no di dwuma a, wubetumi atew nsɛnnennen a ɛte saa so. Sɛ́ ebia woyɛ osigyani anaa ɔwarefo no, wubetumi ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. (Monkenkan 1 Korintofo 7:37, 38.) Nhyira a ɛsen biara a wubetumi anya ne sɛ wubenya Onyankopɔn anim dom. Wubetumi anya Yehowa anim dom nnɛ ne daakye nso bere a woakɔ wiase foforo a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no mu no. Ɛhɔ de, ɔhaw a abu so nnɛ wɔ mmarima ne mmea abusuabɔ mu no bi remma hɔ.

[Ase hɔ asɛm]

Wubetumi Abua?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obiara hyɛ ɔfoforo sɛ ɔnware?

• Ɔkwan bɛn so na wubetumi de wo bere adi dwuma yiye paa sɛ Yehowa somfo a ɔyɛ osigyani?

• Nnipa baanu a wɔde wɔn ho ahyɛ nantew a edi aware anim mu bɛyɛ dɛn atumi asiesie wɔn ho ama nsɛnnennen a ɛwɔ aware mu?

• Dɛn nti na aware mmɔ obi ho ban mfi nna mu ɔbrasɛe ho ɔkwan biara so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Kristofo a wɔnwaree a wɔde wɔn bere trɛw wɔn som adwuma mu no ani gye

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nsakrae bɛn na ebehia sɛ ebinom yɛ wɔ wɔn aware akyi?