Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mfa Wo Ho Ntweri W’ankasa Ntease”

“Mfa Wo Ho Ntweri W’ankasa Ntease”

“Mfa Wo Ho Ntweri W’ankasa Ntease”

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.”—MMEB. 3:5.

1, 2. (a) Ɔhaw ahorow bɛn na yebetumi ahyia? (b) Sɛ yɛwɔ ahohia mu, yɛresi gyinae bi, anaa yɛreko tia sɔhwɛ a, hena na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so, na dɛn ntia?

NÁ ADWUMA a Cynthia * yɛ akɔ fam ma n’adwumawura ayi adwumayɛfo no bi adi. Ná Cynthia susuw sɛ anhwɛ a ɔno ne obi a odi hɔ a obeyi no adi. Sɛ n’adwuma no fi ne nsa a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ná ɔbɛyɛ dɛn atuatua ne ho aka? Onuawa bi a wɔfrɛ no Pamela pɛ sɛ otu kɔ baabi a wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii, nanso onhu sɛ ɔnkɔ anaa ɔnnkɔ? Aberante bi a wɔfrɛ no Samuel nso wɔ ɔhaw foforo. Ɔhwɛɛ aguamansɛm ho mfonini fii ne mmofraase pɛɛ. Seesei a Samuel adi mfe 20 ne kakra no, ɛyɛ a biribi twetwe no paa sɛ ɔnsan nkɔhwɛ aguamansɛm ho mfonini. Ɔbɛyɛ dɛn atumi ako atia saa sɔhwɛ no?

2 Hena na wode wo ho to no so, bere a wowɔ ahohia mu, bere a woresisi gyinae a ɛho hia, anaa bere a woreko tia sɔhwɛ no? So wode wo ho to w’ankasa so, anaasɛ wode “w’adesoa to Yehowa so”? (Dw. 55:22) Bible ka sɛ: “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.” (Dw. 34:15) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn koma nyinaa to Yehowa so na yɛremfa yɛn ho ntweri yɛn ankasa ntease!—Mmeb. 3:5.

3. (a) Dɛn na yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so no kyerɛ? (b) Dɛn nti na ebinom de wɔn ho tweri wɔn ankasa ntease?

3 Yɛn koma nyinaa a yɛde bɛto Yehowa so no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade sɛnea ɔpɛ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa yɛn na wakyerɛ yɛn kwan. Nanso, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so koraa. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a wɔfrɛ no Lynn kae sɛ, “Ayɛ den ama me sɛ mede me ho bɛto Yehowa so koraa.” Dɛn ntia? Ɔkae sɛ: “Me ne me papa nni hwee yɛ, na me maame nso anhwɛ me, na onnnwen me ho. Enti mifii ase hwɛɛ me ho fi me mmofraase pɛɛ.” Esiane nea Lynn afa mu nti, ɛyɛ den ma no sɛ ɔde ne ho nyinaa bɛto obi so. Obi mmɔdenbɔ ne nea otumi yɛ nso betumi ama ɔde ne ho ato n’ankasa so. Sɛ nhwɛso no, ebia asafo mu panyin bi a ɔwɔ osuahu pii de ne ho bɛto n’ankasa so dodo sen sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae ansa na wayɛ nneɛma bi wɔ asafo no mu.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn a, ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ nea yebetumi biara de adi n’akwankyerɛ so. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ahu bere a ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa di yɛn haw bi a ɛyɛ den ho dwuma ma yɛn ne bere a ɛsɛ sɛ yɛn ankasa bɔ mmɔden sɛ yebedi ho dwuma? Sɛ yɛresisi gyinae a, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae bere a yɛreko tia sɔhwɛ? Yebesusuw Bible mu nhwɛso ahorow bi ho de ahwehwɛ nsɛmmisa yi ho mmuae.

Bere a Yɛwɔ Ahohia Mu

5, 6. Bere a Asiria hene hunahunaa Hesekia no, dɛn na ɔyɛe?

5 Bible ka Yuda hene Hesekia ho asɛm sɛ: “Ɔbataa Yehowa ho. Wannan amfi n’akyi, na mmom odii Yehowa mmara nsɛm a ɔhyɛɛ Mose no so.” Nokwarem no, “Yehowa, Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toe.” (2 Ahe. 18:5, 6) Bere a Asiria hene Senaherib somaa n’ananmusifo a na Rabsake ka ho ne n’asraafodɔm kɛse sɛ wɔnkɔ Yerusalem no, dɛn na Hesekia yɛe? Ná Asiria asraafo a wɔyɛ den no ako adi Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no bi so nkonim dedaw. Afei de, na Senaherib atu n’ani asi Yerusalem so. Hesekia kɔɔ Yehowa fie, na ofii ase bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn fi ne nsam na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nkutoo ne Onyankopɔn.”—2 Ahe. 19:14-19.

6 Hesekia srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no, na ɔno ara nso yɛɛ ɔhaw no ho biribi. Ansa na ɔrekɔ asɔrefie hɔ akɔbɔ mpae mpo no, ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ mma wommua Rabsake wɔ ne nsopa no ho. Hesekia san somaa nkurɔfo kɔɔ odiyifo Yesaia hɔ kɔhwehwɛɛ afotu. (2 Ahe. 18:36; 19:1, 2) Hesekia yɛɛ nneɛma a na ɛfata sɛ ɔyɛ. Wammɔ mmɔden anhwehwɛ mmoa amfi Egypt anaa aman foforo hɔ. Ná onim sɛ Yehowa mpɛ sɛ ɔyɛ saa. Sɛ́ anka Hesekia de ne ho bɛtweri ne ntease no, ɔde ne ho too Yehowa so mmom. Bere a Yehowa bɔfo kunkum Senaherib mmarima no mu 185,000 no, Senaherib “san n’akyi” kɔɔ Niniwe.—2 Ahe. 19:35, 36.

7. Awerɛkyekye bɛn na yebetumi anya afi mpae a Hanah ne Yona bɔe no mu?

7 Lewini Elkana yere Hanah nso de ne ho too Yehowa so bere a ɔba a na ontumi nwo maa ne ho hiahiaa no no. (1 Sam. 1:9-11, 18) Wogyee odiyifo Yona nso fii apataa kɛse bi yafunu mu bere a ɔbɔɔ mpae sɛ: “M’ahohia mu na misu frɛɛ Yehowa, na ogyee me so. Asaman yafunu mu na misu hwehwɛɛ mmoa. Na wutiee me.” (Yona 2:1, 2, 10) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ ɛmfa ho sɛnea tebea a yɛwom mu yɛ den biara no, yebetumi de “nkotɔsrɛ” asu afrɛ Yehowa!—Monkenkan Dwom 55:1, 16.

8, 9. Nneɛma a ehia paa bɛn na Hesekia, Hanah, ne Yona kaa ho asɛm wɔ wɔn mpaebɔ mu, na dɛn na yesua fi mu?

8 Nhwɛso a Hesekia, Hanah, ne Yona yɛe no boa yɛn ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae bere a yɛwɔ ahohia mu no. Wɔn baasa nyinaa werɛ howee paa bere a na wɔwɔ ahohia mu no. Nanso, mpae a wɔbɔe no ma yehu sɛ na ɛnyɛ nea wɔn ankasa benya anaa wɔn haw a na ebefi wɔn so nkutoo na ehia wɔn. Mmom no, nea na ɛho hia wɔn sen biara ne Onyankopɔn din, ne som, ne n’apɛde a wɔbɛyɛ. Ɛyɛɛ Hesekia yaw sɛ na wɔresopa Yehowa din. Hanah hyɛɛ bɔ sɛ ɔde ne ba a na ɔdɔ no paa no bɛma Yehowa ma wakɔsom wɔ ntamadan mu wɔ Silo. Yona nso kae sɛ: “Ɛbɔ a mahyɛ biara metua.”—Yona 2:9.

9 Sɛ yɛbɔ mpae sɛ wonnye yɛn mfi tebea a emu yɛ den bi mu a, ɛyɛ papa sɛ yesusuw nea enti a yɛrebɔ saa mpae no ho. So nea ehia yɛn nkutoo ne sɛ yɛn haw no befi yɛn so, anaasɛ yɛkae Yehowa, na yɛma n’atirimpɔw tena yɛn adwenem? Sɛ yɛrehu amane a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebedwinnwen nea ɛrehaw yɛn no ho dodoodo ma Yehowa atirimpɔw ne ɔsom a yɛde ma no no abɛyɛ ade a ɛho nhia yɛn ahe biara. Sɛ yɛrebɔ Yehowa mpae ahwehwɛ mmoa a, momma yɛmfa yɛn adwene nsi ne din ho a wɔbɛtew, ne ne tumidi a wɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata so. Sɛ yɛyɛ saa na sɛ wɔanni ɔhaw no ho dwuma sɛnea yɛhwɛ kwan mpo a, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya ɛho adwempa. Ebia nea Onyankopɔn bɛyɛ de abua yɛn mpaebɔ ara ne sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so agyina tebea no ano.—Monkenkan Yesaia 40:29; Filipifo 4:13.

Bere a Yɛresisi Gyinae

10, 11. Bere a Yehosafat hyiaa tebea bi a na onhu nea ɔnyɛ no, dɛn na ɔyɛe?

10 Ɔkwan bɛn so na wusisi gyinae a ɛho hia wɔ w’asetena mu? So wudi kan si gyinae ansa na woabɔ Yehowa mpae sɛ onhyira gyinae a woasi no so? Susuw nea Yuda hene Yehosafat yɛe bere a Moabfo ne Ammonfo asraafodɔm baa no so sɛ wɔne no rebɛko no ho hwɛ. Ná Yudafo no nni ahoɔden a wɔde begyina wɔn anim. Dɛn na na Yehosafat bɛyɛ?

11 Bible ka sɛ: “Ehu kaa Yehosafat, na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa.” Ɔkae sɛ Yudafo nyinaa nni mmuada, na ɔboaboaa nnipa no ano, na “wokobisaa Yehowa.” Afei ɔsɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem asafo no anim bɔɔ mpae. Ɔsrɛe sɛ: “O yɛn Nyankopɔn, enti woremmu wɔn atɛn? Yɛn de, yenni ahoɔden biara a yɛde begyina dɔm kɛse a wɔaba yɛn so yi anim, na yenhu nea yɛnyɛ mpo; wo na yɛn ani da wo so.” Nokware Nyankopɔn no tiee mpae a Yehosafat bɔe no, na ɔfaa anwonwakwan so gyee wɔn. (2 Be. 20:3-12, 17) Sɛ yɛresisi gyinae, titiriw nea ebetumi aka abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ a, so ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so mmom sen sɛ yɛde yɛn ho bɛtweri yɛn ankasa ntease?

12, 13. Sɛ yɛresisi gyinae a, dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Dawid nhwɛso no mu?

12 Sɛ yɛwɔ ɔhaw bi a yesusuw sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ yebedi ho dwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ebia yebenya adwene sɛ yebetumi adi ho dwuma ntɛm ara efisɛ yɛakɔ tebea a ɛte saa mu pɛn. Nhwɛso a Ɔhene Dawid yɛe no boa yɛn ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ tebea a ɛtete saa mu. Bere a Amalekfo kɔtow hyɛɛ Siklag so no, wɔfaa Dawid ne ne mmarima yerenom ne wɔn mma kɔe. Dawid bisaa Yehowa sɛ: “Mintiw afowfo yi anaa?” Yehowa buaa no sɛ: “Tiw wɔn, na wobɛto wɔn, na ogye nso, wubegye.” Dawid tiei, na ‘ogyee nea Amalekfo no fae nyinaa.’—1 Sam. 30:7-9, 18-20.

13 Bere a Amalekfo no tow hyɛɛ kurow no so akyi bere bi no, Filistifo no kɔtow hyɛɛ Israel so. Dawid bisaa Yehowa bio, na ɔmaa no mmuae a emu da hɔ. Onyankopɔn kae sɛ: “Kɔ, na mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.” (2 Sam. 5:18, 19) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Filistifo no san baa Dawid so bio. Ná dɛn na ɔbɛyɛ saa bere yi? Ná anka obetumi anya adwene sɛ: ‘Makɔ tebea a ɛte saa mu mprenu pɛn. Enti ma menkɔ Onyankopɔn atamfo so sɛnea meyɛe saa bere no.’ Anaasɛ, so na Dawid bɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ? Dawid amfa ne ho anto nea na watumi ayɛ bere bi no so. Ɔsan kɔɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei sɛ ɔyɛɛ saa! Ná akwankyerɛ a Yehowa de maa no saa bere no yɛ soronko. (2 Sam. 5:22, 23) Sɛ yehyia tebea anaa ɔhaw a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho anto nea yɛatumi ayɛ wɔ bere bi a atwam nkutoo so.—Monkenkan Yeremia 10:23.

14. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yosua ne Israel mpanyimfo no ne Gibeonfo no dii no mu?

14 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, a mpanyimfo a wɔn ho akokwaw mpo ka ho, hwɛ yiye na yɛn werɛ amfi sɛ yɛbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ bere a yɛresisi gyinae. Susuw sɛnea Yosua a wɔde no sii Mose ananmu no ne Israel mpanyimfo no yɛɛ wɔn ade bere a Gibeonfo no faa nyansakwan so yɛɛ wɔn ho sɛ wofi akyirikyiri no ho hwɛ. Yosua ne mpanyimfo no ammisa akwankyerɛ amfi Yehowa hɔ, na wɔne Gibeonfo no dii no asomdwoe mu, na wɔne wɔn yɛɛ apam. Ɛwom mpo sɛ Yehowa penee apam no so de, nanso ɔma wɔkyerɛw akwankyerɛ a wɔanhwehwɛ amfi ne hɔ no ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebesua biribi afi mu.—Yos. 9:3-6, 14, 15.

Bere a Yɛreko Tia Sɔhwɛ

15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae na ama yɛatumi ako atia sɔhwɛ?

15 Esiane sɛ “bɔne mmara” wɔ yɛn mu nti, ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho ko tia akɔnnɔ bɔne denneennen. (Rom. 7:21-25) Eyi yɛ ɔko a yebetumi adi mu nkonim. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi nkonim? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛho hia sɛ wɔbɔ mpae na ama wɔatumi ako atia sɔhwɛ. (Monkenkan Luka 22:40.) Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae na sɛ adwemmɔne anaa akɔnnɔ bɔne da so ara wɔ yɛn mu a, ɛho hia sɛ ‘yɛkɔ so ara bisa Onyankopɔn’ hɔ nyansa de gyina saa sɔhwɛ yi ano. Wɔama yɛn awerɛhyem sɛ “oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim.” (Yak. 1:5) Yakobo san kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare [honhom fam] anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den.”—Yak. 5:14, 15.

16, 17. Sɛ yɛrehwehwɛ mmoa de ako atia sɔhwɛ a, bere bɛn paa na eye sɛ yɛbɔ mpae?

16 Sɛ yebetumi ako atia sɔhwɛ a, ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae, nanso ɛsɛ sɛ yehu bere a ɛfata sɛ yɛbɔ mpae. Susuw aberante bi a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 7:6-23 no ho hwɛ. Da bi anwummere a anim rebiribiri no, aberante no kɔfaa abɔnten baabi a onim sɛ ɔbea aguaman bi te. Ɔbea no de n’adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa aberante no, na ɔde n’ano fremfrem no nyaa no, na prɛko pɛ, otu dii n’akyi sɛ nantwi a wɔrekokum no. Dɛn nti na aberante yi kɔfaa hɔ? Esiane sɛ na “onni ti,” kyerɛ sɛ, na ɔyɛ ogyimfo nti, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma no sɛ obedi n’akɔnnɔ bɔne so. (Mmeb. 7:7) Bere bɛn paa na na anka mpaebɔ bɛboa no? Nokwarem no, na anka ɛbɛyɛ papa sɛ bere a ohyiaa sɔhwɛ no, ɔbɔ mpae. Nanso, bere a na anka eye paa sɛ ɔbɔ mpae ne bere a edii kan baa n’adwenem sɛ ɔnkɔfa ɔbea no abɔnten so no.

17 Ɛnnɛ, ebia ɔbarima bi rebɔ mmɔden paa sɛ ɔrenhwɛ aguamansɛm ho mfonini. Nanso, fa no sɛ ɔkɔ Intanɛt dwumadibea ahorow a onim sɛ mfonini ne video a ɛfa nna ho ɔbrasɛe ho wɔ hɔ. So ne tebea no renyɛ te sɛ aberante a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm ti 7 no? Hwɛ sɛnea ɛyɛ hu sɛ obi bɛfa ɔkwan a ɛte saa so! Sɛ obi betumi ako atia aguamansɛm ho mfonini a ɔbɛhwɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae hwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ ansa koraa na wafi ase sɛ ɔbɛkɔ Intanɛt dwumadibea bi a onim sɛ ɛhɔ yɛ hu.

18, 19. (a) Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ wobɛko atia sɔhwɛ, nanso wobɛyɛ dɛn atumi ako atia sɔhwɛ? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛko atia sɔhwɛ anaasɛ yebedi subammɔne bi so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam akɔnnɔ ne honhom di asi, na honhom ne ɔhonam di asi.” Enti, ‘nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ no yɛnnyɛ.’ (Gal. 5:17) Sɛ yebetumi ako atia saa ɔhaw yi a, ɛho hia sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae bere a nsusuwii bɔne ba yɛn adwenem ara pɛ anaa biribi resɔ yɛn ahwɛ, na afei yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛrenkɔ nneɛma bɔne a ɛte saa no ho. “Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa,” na Yehowa bɛboa yɛn ma yɛatumi akɔ so adi no nokware.—1 Kor. 10:13.

19 Sɛ́ ebia yɛrehyia tebea bi a emu yɛ den, yɛresi gyinae bi a ɛho hia, anaasɛ yɛrebɔ mmɔden ako atia sɔhwɛ no, Yehowa ama yɛn akyɛde bi a ɛboa yɛn paa, na ɛno ne hokwan kɛse a ɔde ama yɛn sɛ yɛmmɔ no mpae no. Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae a, yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to no so. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nso srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mma yɛn na ɛnkyerɛ yɛn kwan na ɛnhyɛ yɛn den. (Luka 11:9-13) Sɛnea ɛte biara no, momma yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho tweri yɛn ankasa ntease.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Wɔasesa edin ahorow no bi.

So Wokae?

• Dɛn na wusua fii Hesekia, Hanah, ne Yona hɔ a ɛbɛboa wo ma wode wo ho ato Yehowa so?

• Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Dawid ne Yosua yɛe no ma yehu sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye bere a yɛresisi gyinae no?

• Bere bɛn paa na ɛfata sɛ yɛbɔ mpae na yɛankɔ sɔhwɛ mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛ yɛreko atia sɔhwɛ a, bere bɛn paa na eye sɛ yɛbɔ mpae?