Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommoa Mmarima Mma Wonnya Nkɔso Wɔ Nokware No Mu

Mommoa Mmarima Mma Wonnya Nkɔso Wɔ Nokware No Mu

Mommoa Mmarima Mma Wonnya Nkɔso Wɔ Nokware No Mu

“Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.”—LUKA 5:10.

1, 2. (a) Dɛn na mmarima pii yɛe wɔ asɛm a na Yesu reka no ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

BERE a na Yesu ne n’asuafo no reyɛ asɛnka adwuma no denneennen wɔ Galilea no, wɔtenaa ɔkorow bi mu sɛ wɔrekɔhyɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm. Nanso nnipakuw no faa fam tiw wɔn. Wɔn a wɔkɔɔ hɔ saa da no dodow yɛ “bɛyɛ mmarima mpemnum, mmea ne mmofra nkumaa nka ho.” (Mat. 14:21) Bere foforo nso nnipakuw bi kɔɔ Yesu nkyɛn, efisɛ na wɔpɛ sɛ ɔsa wɔn yare na wotie asɛm a na ɔreka no nso. Ná wɔyɛ “mmarima mpemnan, mmea ne mmofra nkumaa nka ho.” (Mat. 15:38) Ɛda adi sɛ nnipa a wɔkɔɔ Yesu nkyɛn a wɔkyerɛɛ ne nkyerɛkyerɛ ho anigye no, na mmarima pii nso ka ho. Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu hwɛ kwan sɛ nnipa pii begye nokware no, efisɛ bere a ɔnam anwonwakwan so maa n’asuafo no yii mpataa pii akyi no, ɔka kyerɛɛ ne suani Simon sɛ: “Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.” (Luka 5:10) Nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ asɛnka adwuma a na wɔreyɛ no te sɛ mpataa a na woyi no. Ná obetumi aboa wɔn ma wɔanya nnipa pii a wobegye nokware no. Na na mmarima pii bɛka saafo no ho.

2 Ɛnnɛ, saa ara na mmarimma kyerɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛm a yɛka no ho anigye, na wɔma kwan ma yɛne wɔn sua Bible. (Mat. 5:3) Mmarima pii fi ase sua Onyankopɔn ho ade, nanso wonnya nkɔso wɔ nokware no mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn? Ɛwom sɛ Yesu anyɛ nhyehyɛe soronko bi sɛ ɔde bɛhwehwɛ mmarima wɔ n’asɛnka adwuma no mu de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔkaa nsɛm a na ɛfa nneɛma a ɛhaw mmarima a na wɔwɔ ne bere so ho a na ɛbɛboa wɔn. Yɛde nhwɛso a Yesu yɛe no rebɛhwehwɛ ɔkwan a yebetumi afa so aboa mmarima ma wɔadi nneɛma abiɛsa a ɛtaa haw wɔn nnɛ no ho dwuma: (1) bere a ɔbarima bi dwen sikasɛm ho, (2) bere a ɔbarima bi suro nea nkurɔfo bɛka afa ne ho, ne (3) bere a ɔbarima bi te nka sɛ ɔmmɔ mmɔden te sɛ afoforo.

Bere a Ɔbarima Bi Dwen Sikasɛm Ho

3, 4. (a) Dɛn na mmarima pii ma ɛho hia wɔn paa? (b) Dɛn nti na mmarima binom ma sika ne adwuma ho hia wɔn sen nokware no a wobegye atom?

3 Ɔkyerɛwfo bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, medi w’akyi akɔ baabiara a wobɛkɔ.” Nanso, bere a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ “onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto” no, ɔkyerɛwfo no susuw asɛm no ho bio. Ebetumi aba sɛ, nim a na ɔkyerɛwfo no nnim baabi a na obenya n’ano aduan anaa baabi a ɔbɛtena no haw no, efisɛ biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛyɛɛ Kristo kyidifo.—Mat. 8:19, 20.

4 Mmarima taa ma adwuma ne sika a wobenya ho hia wɔn sen sɛ wobesua Bible na wɔde nea wosua no ayɛ adwuma. Ade a ɛho hia mmarima pii ne sɛ wobenya sukuupɔn abodin krataa ne adwuma a akatua kɛse wom. Wosusuw sɛ sika a wobenya so wɔ mfaso kɛse sen sɛ wobesua Bible na wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa. Ebetumi aba sɛ wɔn ani gye nea Bible kyerɛkyerɛ ho, nanso “wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa” mia anigye biara a ebia wɔwɔ wɔ asɛm no ho. (Mar. 4:18, 19) Susuw nea Yesu yɛe de boaa n’asuafo no ma wohuu nea ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn paa no ho hwɛ.

5, 6. Dɛn na ɛboaa Andrea, Petro, Yakobo, ne Yohane ma wɔyɛɛ nsakrae maa asɛnka adwuma no bɛyɛɛ nea ɛho hia wɔn paa sen sika a wobenya?

5 Ná Andrea ne ne nua Simon Petro yɛ mpataayifo. Adwuma koro no ara na na Yohane ne ne nua Yakobo ne wɔn papa Sebedeo nso yɛ. Ná wɔn adwuma no kɔ so yiye ma enti wɔfaa apaafo. (Mar. 1:16-20) Bere a Andrea ne Yohane dii kan tee Yesu ho asɛm fii Yohane Osuboni no hɔ no, wogye dii paa sɛ wɔahu Mesia no. Andrea kaa nea wahu no kyerɛɛ ne nua Simon Petro, na ɛbɛyɛ sɛ Yohane nso ka kyerɛɛ ne nua Yakobo. (Yoh. 1:29, 35-41) Asram a edi hɔ no, wɔn baanan nyinaa dii Yesu akyi ne no kɔkaa asɛm no wɔ Galilea, Yudea, ne Samaria. Ɛno akyi no, asuafo baanan no san kɔyɛɛ wɔn mpataayi adwuma no. Ná wɔn ani gye nea Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn no ho, nanso wɔammu asɛnka adwuma no sɛ ɛno ne adwuma a na ɛho hia paa saa bere no.

6 Bere bi akyi no, Yesu frɛɛ Petro ne Andrea sɛ wommedi n’akyi na wɔmmɛyɛ “nnipa yifo.” Dɛn na wɔn baanu yɛe wɔ ho? “Ntɛm ara wogyaw asau no hɔ kodii n’akyi.” Saa ara na Yakobo ne Yohane nso yɛe. “Ntɛm ara na” wɔn nso ‘gyaw wɔn papa ne ɔkorow no hɔ kodii n’akyi.’ (Mat. 4:18-22) Dɛn na ɛboaa saa mmarima yi ma wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no? So wosii gyinae prɛko pɛ a wɔannwen ho ankɔ akyiri? Ɛnte saa koraa! Asram bi a na atwam no, na saa mmarima yi atie Yesu nkyerɛkyerɛ, ahu anwonwade a wayɛ, ahu sɛnea ɔbɔ adetrenee ho mmɔden, na na wɔahu nso sɛ nkurɔfo ani gye asɛm a na ɔka no ho paa. Ɛno nti Yehowa mu gyidi ne ahotoso a wɔwɔ mu bɛyɛɛ den!

7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn Bible asuafo ma wɔahu sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so?

7 Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu wɔ sɛnea yɛbɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔanya Yehowa mu ahotoso ho? (Mmeb. 3:5, 6) Yebetumi afa ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ so aboa wɔn. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ wɔn a, yebetumi asi so dua sɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛfa Ahenni no ho di kan wɔ yɛn asetena mu a, obehyira yɛn pii. (Monkenkan Malaki 3:10; Mateo 6:33.) Ɛwom sɛ yebetumi de kyerɛw nsɛm akyerɛ wɔn ɔkwan a Yehowa fa so hwɛ ne nkurɔfo de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ nhwɛso a yɛn ankasa yɛ nso betumi aboa wɔn paa. Sɛ yɛka osuahu a yɛn ankasa yɛanya wɔ asetena mu kyerɛ yɛn Bible asuafo a, ebetumi aboa wɔn pii ma wɔahu sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so. Yebetumi nso aka osuahu a ɛhyɛ nkuran a yɛakenkan wɔ yɛn nhoma ahorow mu akyerɛ wɔn. *

8. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Bible suani bi ‘ka hwɛ na ohu sɛ Yehowa ye’? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible suani ma n’ankasa ahu sɛ Yehowa ye?

8 Sɛ Bible suani bi gyidi bɛyɛ den a, ɛnyɛ sɛnea Yehowa hyira afoforo ho ade a ɔbɛkenkan anaa ɛho asɛm a ɔbɛte kɛkɛ nkutoo na ɛho hia. Ɛho hia nso sɛ Bible suani no ankasa hu wɔ n’asetena mu sɛ Yehowa ye. Odwontofo no too dwom sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye; anigye ne ɔbarima a oguan toa no.” (Dw. 34:8) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Bible suani no ma wahu sɛ Yehowa ye? Fa no sɛ Bible suani bi a sika ho yɛ den ma no rebɔ mmɔden nso sɛ obegyae subammɔne bi te sɛ sigaretnom, kyakyatow, anaa asanom bebrebe. (Mmeb. 23:20, 21; 2 Kor. 7:1; 1 Tim. 6:10) Yebetumi akyerɛkyerɛ osuani no ma wabɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no mma onnyae ne subammɔne no. Sɛ nneɛma kɔ yiye wɔ n’asetena mu a, obehu sɛ Yehowa ye. Afei, yebetumi ahyɛ no nkuran ma ɔde Yehowa som adi kan wɔ n’asetena mu. Yebetumi akyerɛkyerɛ no ma wahu sɛ ɛho hia sɛ osua Bible dapɛn biara, na osua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase na ɔkɔ nhyiam no nso. Sɛ osuani no ankasa hu sɛ Yehowa rehyira mmɔden a ɔrebɔ no so a, ɛbɛma ne gyidi ayɛ den!

Bere a Ɔbarima Bi Suro Nea Nkurɔfo Bɛka Afa Ne Ho

9, 10. (a) Dɛn nti na Nikodemo ne Yosef a ofi Arimatea amma nkurɔfo anhu sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo? (b) Dɛn nti na mmarima binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobesi gyinae adi Kristo akyi nnɛ?

9 Esiane atipɛnfo nhyɛso nti, ebia mmarima binom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobesi gyinae adi Kristo akyi koraa. Nikodemo ne Yosef a ofi Arimatea anyi wɔn anim sɛ wɔyɛ Yesu asuafo efisɛ na wosuro nea sɛ Yudafo foforo hu wɔn a wɔde bɛyɛ wɔn anaa wɔbɛka afa wɔn ho. (Yoh. 3:1, 2; 19:38) Biribi nti na na wosuro. Ná nyamesom akannifo no kyi Yesu araa ma sɛ na obi ka sɛ ogye no di a, na wotu no fi hyiadan mu.—Yoh. 9:22.

10 Ɛnnɛ, wɔ mmeae bi no, sɛ ɔbarima bi ma n’ani gye Onyankopɔn, Bible, anaa nyamesom ho pii a, ne mfɛfo adwumayɛfo, ne nnamfo, anaa n’abusuafo betumi ateetee no. Wɔ mmeae foforo nso, ebetumi mpo ayɛ hu ama obi sɛ ɔbɛka sɛ ɔbɛsesa ne som. Sɛ obi yɛ ɔsraani, ɔmanyɔfo, anaa ɔyɛ onipa titiriw wɔ baabi a ɔte na sɛ ɔka nyamesom ho asɛm a, nkurɔfo betumi akasa atia no paa. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ɔwɔ Germany kae sɛ: “Nea mo a moyɛ Adansefo no ka fa Bible ho no yɛ nokware. Nanso, sɛ mebɛyɛ Ɔdansefo nnɛ a, ebedu ɔkyena no, na obiara ate. Dɛn na m’adwumamfo, nnipa a wɔte me mpɔtam, ne kuw a me ne m’abusua dɔm bɛka afa me ho? Ɛyɛ den sɛ metumi agyina ano.”

11. Dɛn na Yesu yɛe de boaa n’asuafo ma wogyinaa nnipa ho suro ano?

11 Ɛwom sɛ na Yesu asomafo no mu biara nyɛ ohufo de, nanso ɛtɔ mmere bi a na wosuro nea nkurɔfo bɛka afa wɔn ho. (Mar. 14:50, 66-72) Dɛn na Yesu yɛe de boaa wɔn ma wonyaa nkɔso wɔ nokware no mu ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo sɔre tia wɔn denneennen no? Yesu yɛɛ biribi de boaa n’asuafo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina ɔsɔretia a na wobehyia daakye no ano. Ɔkae sɛ: “Anigye ne mo bere a nnipa tan mo, ne bere a woyi mo fi nnipa mu na wɔbɔ mo ahohora, na woyi mo din tow kyene sɛ nnebɔneyɛfo esiane onipa Ba no nti.” (Luka 6:22) Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛbɔ wɔn ahohora. “Onipa Ba no nti” na na wɔbɛbɔ wɔn ahohora no. Yesu maa wɔn awerɛhyem nso sɛ bere tenten a wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so sɛ ɔmmoa wɔn na ɔmma wɔn ahoɔden no, Onyankopɔn bɛtaa wɔn akyi. (Luka 12:4-12) Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ nnipa foforo a na wɔabedi n’akyi no sɛ wɔne n’asuafo no mmɔ na wɔmfa wɔn nnamfo.—Mar. 10:29, 30.

12. Akwan bɛn na yebetumi afa so aboa yɛn Bible asuafo ma wɔadi nnipa ho suro so?

12 Ɛho hia sɛ yɛn nso yɛboa yɛn Bible asuafo na amma wɔansuro nea afoforo bɛka afa wɔn ho. Sɛ wunim sɛ wubehyia ɔsɔretia na sɛ ɛba a, mpɛn pii no, ɛnyɛ den sɛ wubegyina ano. (Yoh. 15:19) Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wommoa osuani no mma ɔnhwehwɛ Bible mu nnya mmuae ntiantiaa a emu da hɔ a obetumi de ama ne mfɛfo adwumayɛfo ne afoforo a ebia wɔne no nyɛ adwene wɔ ne gyidi foforo no ho ne nsɛm a ebia wobebisa no? Yebetumi nso afa no adamfo na yɛde no akyerɛ asafo no mufo a wɔaka, ne titiriw, wɔn a wɔne ne nsɛm tebea di nsɛ. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ no ma ofi ne komam bɔ mpae daa. Eyi betumi aboa no ma wabɛn Onyankopɔn na ɔde Yehowa ayɛ ne Guankɔbea ne ne Botan.—Monkenkan Dwom 94:21-23; Yakobo 4:8.

Bere a Ɔbarima Bi Te Nka sɛ Ɔmmɔ Mmɔden Te sɛ Afoforo

13. Dɛn nti na ɛyɛ den ma mmarima binom sɛ wobegye nokware no?

13 Mmarima binom betumi ate nka sɛ wɔrentumi nyɛ nneɛma a afoforo a wɔwɔ asafo no mu yɛ no bi. Ebia na wonnim akenkan papa, anaa wɔte nka sɛ wɔrentumi nkyerɛkyerɛ adwene a wɔwɔ wɔ nsɛm bi ho mu yiye. Ebia wɔfɛre ade, anaa ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyina afoforo anim aka nea wogye di. Ade a wobesua, mmuae a wɔbɛma wɔ Kristofo nhyiam ase, anaa asɛnka a wɔbɛkɔ nso betumi ahunahuna wɔn. Onua bi kae sɛ: “Bere a meyɛ aberantewaa no, sɛ yɛrekɔ asɛnka a, na meyɛ ntɛm kɔ ɔpon bi ano, na meyɛ te sɛ nea meremia ɛdɔn a ɛbɔ hɔ no so; afei meyɛ nwaa san m’akyi, na me yam a anka obiara anhu me. . . . Sɛ afie afie asɛnka ho asɛm besi me tirim kɛkɛ mpo a na ɛbɔ me yare.”

14. Dɛn nti na Yesu asuafo no antumi ansa abarimaa bi a na adaemone wɔ no so no yare?

14 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo no abam bui bere a wɔantumi ansa abarimaa bi a na adaemone wɔ no so yare no. Abarimaa no papa kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae sɛ: “[Me ba yi twa] na ɔyare, na ɔtaa tɔ ogya ne nsu mu; mede no brɛɛ w’asuafo no nanso wɔantumi ansa no yare.” Yesu tuu adaemone no maa abarimaa no ho tɔɔ no. Akyiri yi, asuafo no kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu?” Yesu buaa wɔn sɛ: “Mo gyidi a esua ntia. Nokwarem mise mo sɛ, sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba mpo a, mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tu fi ha kɔ do,’ na ebetu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yiye mma mo.” (Mat. 17:14-20) Ehia sɛ yenya Yehowa mu gyidi na ama yɛatumi adi akwanside a ɛyɛ den sɛ yebedi so so. Na sɛ obi amfa ne ho anto Yehowa so na mmom ɔde ne ho to n’ankasa mmɔdenbɔ so nso ɛ? Sɛ wantumi anyɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no a, ebetumi ama n’abam abu.

15, 16. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Bible suani a ɔte nka sɛ ɔrentumi nsom Yehowa yiye sɛnea afoforo som no no?

15 Sɛ Bible suani bi te nka sɛ ɔrentumi nsom Yehowa yiye sɛnea afoforo som no no a, yebetumi ahyɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne ho nto Yehowa so, na ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to ne mmɔdenbɔ so. Petro kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu; na montow mo dadwen nyinaa ngu no so.” (1 Pet. 5:6, 7) Ɛho hia sɛ yɛboa yɛn Bible suani ma ɔdɔ Yehowa, na ɔma n’ani gye ho sɛ ɔbɛma wakyerɛ no kwan. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye nea ɔresua fi Bible mu no ho, na ɔda “honhom no aba” adi wɔ n’asetena mu. (Gal. 5:22, 23) Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔma mpaebɔ ho hia no paa. (Filip. 4:6, 7) Ɛsɛ sɛ ogye tom nso sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no akokoduru ne ahoɔden a ɔde bedi tebea anaa asɛyɛde biara ho dwuma.—Monkenkan 2 Timoteo 1:7, 8.

16 Bible asuafo bi nso wɔ hɔ a, ebehia sɛ yɛboa wɔn ma wotu mpɔn wɔ sɛnea wɔkenkan ade, sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ, ne sɛnea wɔkasa mu. Ebinom betumi ate nka sɛ wɔmfata sɛ wɔsom Onyankopɔn esiane nneɛma bɔne bi a wɔyɛe ansa na wɔrebehu Yehowa nti. Wɔ emu biara mu no, nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn ne sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn na yɛanya wɔn ho abotare. Yesu kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”—Mat. 9:12.

‘Munyi’ Mmarima Pii

17, 18. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mmarima pii ne wɔn akasa wɔ asɛnka mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Nea yɛn ani gye ho ne sɛ mmarima pii betie asɛm a ɛma abotɔyam kɛse a Bible mu nkutoo na ɛwɔ no. (2 Tim. 3:16, 17) Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mmarima pii ne wɔn akasa wɔ asɛnka mu? Nea yebetumi ayɛ ne sɛ yɛde bere pii bedi adanse anwummere anwummere, Memeneda ne Kwasida awia, anaa nnapɔnna, bere a mmarima pii wɔ fie no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yebetumi abisa ɔbarima a ɔwɔ abusua no mu ase na yɛne no abɔ nkɔmmɔ. Momma yenni mmarima a yɛne wɔn yɛ adwuma adanse bɔnnɔ so bere a ɛfata, na yɛmmoa anuanom mmea a wɔn kununom nni asafo no mu mma wɔn ani mmegye nokware no ho.

18 Sɛ yɛka asɛm no kyerɛ obiara a yebehyia no a, yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no betie asɛm no. Momma yennya wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nokware no nyinaa ho abotare na yɛnkɔ so mmoa wɔn. Nanso dɛn na yebetumi ayɛ de aboa mmarima a wɔabɔ asu a wɔwɔ asafo no mu ma wɔapere adu ɔsom hokwan ho na wɔafata ma wɔama wɔn asɛyɛde wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Hwɛ Yearbooks of Jehovah’s Witnesses ne asetena mu nsɛm a wotintim wɔ Ɔwɛn-Aban ne Awake! mu no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa mmarima ma wɔde Yehowa som adi kan wɔ wɔn asetena mu?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible asuafo na amma wɔansuro nea nkurɔfo bɛka afa wɔn ho?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa obi a ɔte nka sɛ ɔrentumi nsom Yehowa yiye sɛnea afoforo som no no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

So wohwehwɛ hokwan de ka asɛmpa no kyerɛ mmarima?

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo Bible suani ma wagyina sɔhwɛ ahorow ano?