Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So yebetumi ahu bere pɔtee a wɔbɔɔ Yesu Kristo asɛndua mu no?

Nea ɛma asɛmmisa yi sɔre ne sɛ ɛte sɛ nea nsonsonoe bi wɔ Yesu wu ho asɛm a Asɛmpa kyerɛwfo Marko ne ɔsomafo Yohane kyerɛwee wɔ Bible mu no mu. Marko kae sɛ: “Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa, na [asraafo bɔɔ] no asɛndua mu.” (Mar. 15:25) Sɛnea Yohane kyerɛ no, bere a Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu no, “na ɛbɛyɛ owigyinae,” anaa dɔn a ɛto so asia. (Yoh. 19:14-16) Asɛm yi ayɛ sɛnea enhyia, na Bible ho animdefo bi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Nanso, nsɛm pii nni Kyerɛwnsɛm no mu a wɔde bɛkyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ saa kyerɛw nsɛm abien yi mu. Ɛno mpo no, sɛ yesusuw sɛnea na nkurɔfo bu mmere saa bere no ho a, ebetumi aboa.

Wɔ afeha a edi kan yɛn Bere Yi mu no, Yudafo no kyekyɛɛ adekyee mu yɛɛ no nnɔnhwerew 12, na na wofi ase kan fi bere a owia pue. (Yoh. 11:9) Enti, na “dɔn a ɛto so abiɛsa” no fi ase anɔpa nnɔnwɔtwe kosi anɔpa nnɔnkron, na na “dɔn a ɛto so asia” no fi ase anɔpa dubiako kosi awia dumien. Nokwarem no, na bere a owia pue na ɛkɔtɔ no tumi sesasesa wɔ afe no mu. Enti adekyee tenten gyina sɛnea bere di adannan so, enti na adekyee tenten nyɛ pɛ bere nyinaa. Afei nso, na wogyina baabi a owia no da so na wobu bere. Enti, sɛ na wɔka bere ho asɛm a, na ɛyɛ bere a wɔde ani bu, na ɛnyɛ bere pɔtee. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no taa ka nsɛm a esisii ho asɛm sɛ esii wɔ dɔn a ɛto so abiɛsa, dɔn a ɛto so asia, anaa dɔn a ɛto so akron—a nea ɛtaa kyerɛ ne sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na asɛm no sii. (Mat. 20:3, 5; Aso. 10:3, 9, 30) Sɛ biribi si na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ bere a esii ankasa a, ɛnna na wɔtwe adwene si bere pɔtẽẽ bi so te sɛ “dɔn a ɛto so ason.”—Yoh. 4:52.

Nsɛmpa no mu nsɛm a ɛfa mmere a nsɛm bi sisii wɔ ɛda a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu ho no hyia. Nsɛmpa anan no nyinaa kyerɛ sɛ ade kyee no asɔfo no ne ɔman no mpanyimfo hyiaam, na ɛno akyi no, wɔma wɔde Yesu kɔmaa Roma Amrado Pontio Pilato. (Mat. 27:1; Mar. 15:1; Luka 22:66; Yoh. 18:28) Mateo, Marko, ne Luka nyinaa bɔ amanneɛ sɛ efi dɔn a ɛto so asia no, bere a na wɔabɔ Yesu asɛnduam dedaw no, esum duruu asase no so “kosii dɔn a ɛto so akron.”—Mat. 27:45, 46; Mar. 15:33, 34; Luka 23:44.

Ade titiriw biako a ebetumi aboa ma yɛahu bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnduam ne eyi: Ná wobu ɔhwe anaa mpireka sɛ ɛka asɛnduam a wɔbɔ obi no ho. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔhwe no mu yɛ den araa ma na onipa a wɔrehwe no no tumi wu. Wɔ Yesu asɛm no mu no, ɛbɛyɛ sɛ mpire a wɔkaa no no mu yɛɛ den araa ma bere a odii kan soaa asɛndua no akyi no, ɛho behiae sɛ wɔma ɔbarima foforo soa. (Luka 23:26; Yoh. 19:17) Sɛ na wobu mpireka no sɛ ɛno na wɔde fi asɛnduam a wɔbɔ obi ase a, ɛnde na ɛbɛyɛ sɛ bere bi twaam ansa na wɔde nnadewa rebɔ Yesu afam dua no ho. Ná ankorankoro betumi agyina asɛndua a wɔbɔɔ no no fã a ohui so akyerɛ bere a wɔbɔɔ no asɛnduam. Enti, ebetumi aba sɛ ɛbere a wɔn mu biara bɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ no asɛnduam no renhyia.

Nsɛmpa akyerɛwfo foforo no kyerɛw wɔn nsɛm no mfe pii akyi ansa na ɔsomafo Yohane rekyerɛw ne de no. Enti na wɔn de no wɔ hɔ a obetumi ahu. Nokwasɛm ne sɛ ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ɛbere a Yohane kaa ho asɛm no ne nea Marko kae wɔ ne kyerɛwtohɔ mu no nhyia. Nanso, eyi ma yehu pefee sɛ Yohane anhwɛ Marko asɛm no so ankyerɛw bi kɛkɛ. Onyankopɔn de ne honhom kaa Yohane ne Marko nyinaa. Ɛwom sɛ nsɛm pii nni Kyerɛwnsɛm no mu a yebetumi de akyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ bere no mu de, nanso yebetumi de yɛn ho ato Nsɛmpa no so.