Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Yɛpɛ Nkwa Ne Asomdwoe a, Momma Yɛnnantew Honhom Mu

Sɛ Yɛpɛ Nkwa Ne Asomdwoe a, Momma Yɛnnantew Honhom Mu

Sɛ Yɛpɛ Nkwa Ne Asomdwoe a, Momma Yɛnnantew Honhom Mu

“Yɛnnantew ɔhonam mu, na mmom yɛnantew honhom mu.”—ROM. 8:4.

1, 2. (a) Sɛ obi reka kar na ɔma nneɛma twetwe n’adwene a, asiane bɛn na ɛwom? (b) Sɛ yɛma nneɛma twetwe yɛn adwene fi Yehowa som so a, asiane bɛn na ɛwom?

ABAN panyin bi a ɔwɔ United States kae sɛ: “Nneɛma a nkurɔfo yɛ a ɛtwetwe wɔn adwene bere a wɔreka kar no abɛyɛ ɔhaw kɛse, na ɛte sɛ nea kɔ ara na ɛrekɔ anim afe biara.” Sɛ nhwɛso no, sɛ nkurɔfo reka kar na wɔresan kasa wɔ telefon so a, etumi twetwe wɔn adwene. Wobisabisaa nnipa bi nsɛm de yɛɛ nhwehwɛmu bi, na nnipa baasa biara a wobisaa wɔn nsɛm no mu bɛyɛ baanu kae sɛ kar abɔ wɔn pɛn anaa ɛkaa kakraa bi ma anka kar bɔɔ wɔn efisɛ na ɔhyɛnkafo no rekasa wɔ telefon so. Ebia ebinom benya adwene sɛ sɛ wɔreka kar na wɔkasa wɔ telefon so a, ɛma wɔde wɔn bere di dwuma yiye, nanso ebetumi ama akwanhyia a ɛyɛ hu asi.

2 Saa ara na sɛ yɛn nso yɛma nneɛma twetwe yɛn adwene a, ebetumi ama asɛm aba abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ ho. Sɛnea sɛ obi reka kar na ɔma nneɛma twetwe n’adwene a ɔntaa nhu sɛ asiane reba no, saa ara na ɛrenyɛ den koraa sɛ obi a ɔma nneɛma twetwe n’adwene fi Onyankopɔn som so no betumi atɔ asiane mu. Sɛ yɛma kwan ma nneɛma twetwe yɛn adwene fi Kristofo kwan a yɛnam so no so, ne nnwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no ho a, ebetumi ama yɛn gyidi agu asu. (1 Tim. 1:18, 19) Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ saa asiane yi ho bere a ɔkyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Roma no. Ɔkae sɛ: “Adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu, na adwene a esi honhom nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.” (Rom. 8:6) Dɛn na na Paulo rekyerɛ? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati “adwene a esi honam nneɛma so,” na yɛadi “adwene a esi honhom nneɛma so” akyi?

‘Wonni Afobu Biara’

3, 4. (a) Apereperedi a ɛkɔɔ so wɔ Paulo ankasa mu bɛn na ɔkyerɛw ho asɛm? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma tebea a na Paulo wom no ho asɛm hia yɛn?

3 Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Romafo no mu no, ɔkaa apereperedi a na ɛkɔ so wɔ ne mu—ɔko bi a na ɛkɔ so wɔ ne honam ne n’adwene mu ho asɛm. (Monkenkan Romafo 7:21-23.) Ná ɛnyɛ sɛ Paulo de biribi reyi ne ho ano anaasɛ ɔresu ne ho mmɔbɔ te sɛ nea bɔne adonnɔn no araa ma ɔrentumi nyɛ nea ɛteɛ. Anyɛ hwee koraa no, na ɔyɛ Kristoni a wɔde honhom asra no a ne ho akokwaw a na wɔapaw no sɛ ‘ɔsomafo ama amanaman no.’ (Rom. 1:1; 11:13) Ɛnde, dɛn nti na Paulo kyerɛw apereperedi a na ɛkɔ so wɔ n’ankasa mu ho asɛm?

4 Ná Paulo reka nokware sɛ n’ankasa ahoɔden nkutoo rentumi mmoa no mma ɔnyɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Dɛn ntia? Ɔkae sɛ: “[Yɛn] nyinaa ayɛ bɔne na [yennu] Onyankopɔn anuonyam ho.” (Rom. 3:23) Esiane sɛ na Paulo yɛ Adam aseni nti, na ɔtɔ sin, na na otumi nya akɔnnɔ bɔne. Yebetumi ate sɛnea na ɔte nka no ase, efisɛ yɛn nyinaa tɔ sin, na apereperedi a ɛte saa kɔ so wɔ yɛn nso yɛn mu da biara da. Bio nso, nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi atwetwe yɛn adwene ma yɛaman afi ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu’ no so. (Mat. 7:14) Nanso, na anidaso wɔ hɔ ma Paulo, na saa ara na anidaso wɔ hɔ ma yɛn nso.

5. Ɛhe na Paulo nyaa mmoa ne ahotɔ?

5 Paulo kyerɛwee sɛ: “Hena na obegye me . . . ? Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Rom. 7:24, 25) Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn “a wɔwɔ Kristo Yesu mu no”—Kristofo a wɔasra wɔn no. (Monkenkan Romafo 8:1, 2.) Yehowa nam ne honhom kronkron so gye wɔn yɛ ne mma, na wafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ “Kristo mfɛfo adedifo.” (Rom. 8:14-17) Onyankopɔn honhom ne gyidi a wonya wɔ Kristo agyede afɔre no mu no boa wɔn ma wodi nkonim wɔ apereperedi a Paulo kaa ho asɛm no mu, ma enti ‘wonni afobu biara.’ Wɔama wɔade wɔn ho “afi bɔne ne owu mmara ase.”

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa ma asɛm a Paulo kae no ho hia wɔn?

6 Ná Paulo ne Kristofo a wɔasra wɔn na na ɛrekasa de, nanso Yehowa asomfo nyinaa betumi anya nea ɔka faa Onyankopɔn honhom ne Kristo agyede afɔre no ho so mfaso ɛmfa ho anidaso biara a wɔwɔ. Ɛwom sɛ Onyankopɔn honhom kaa Paulo ma ɔde afotu a ɛte saa maa Kristofo a wɔasra wɔn no de, nanso ɛho hia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa te nea ɔkyerɛwee no ase na wɔbɔ mmɔden di so.

Sɛnea Onyankopɔn “Buu Bɔne Fɔ wɔ Honam Mu”

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘ɔhonam maa Mmara no yɛɛ mmerɛw’? (b) Dɛn na Onyankopɔn nam ne honhom ne agyede no so ayɛ?

7 Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea bɔne wɔ tumi wɔ nnipa a wɔtɔ sin so mu wɔ Romafo ti 7. Ɔkaa tumi a honhom kronkron wɔ ho asɛm wɔ Romafo ti 8. Ɔsomafo no kyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn honhom betumi aboa Kristofo ma wɔadi bɔne so na wɔatumi ayɛ nea Yehowa pɛ na wɔanya n’anim dom. Paulo ma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn nam ne honhom kronkron ne Yesu agyede afɔre no so ayɛ biribi a Mose Mmara no antumi anyɛ.

8 Mose Mmara no ne emu ahyɛde pii no buu abɔnefo fɔ. Bio nso, na Israel asɔfo mpanyin a wɔsom wɔ Mmara no ase no nyɛ pɛ na wɔantumi ammɔ bɔne ho afɔre a edi mũ. Enti na ‘ɔhonam ama Mmara no ayɛ mmerɛw.’ Nanso, ɛdenam Onyankopɔn ‘ankasa Ba a ɔsomaa no bae te sɛ ɔhonam a bɔne aka no’ a ɔde no mae sɛ agyede so no, Onyankopɔn “buu bɔne fɔ wɔ honam mu,” na ɔnam so dii ‘Mmara no a antumi anyɛ adwuma anwie no so.’ Ɛno nti, gyidi a Kristofo a wɔasra wɔn nya wɔ Yesu agyede afɔre no mu so na wogyina bu wɔn treneefo. Wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔnantew ɔhonam mu, na mmom wɔnnantew honhom mu.’ (Monkenkan Romafo 8:3, 4.) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de nokwaredi yɛ saa kosi sɛ wɔn nkwa bɛba awiei wɔ asase so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma wɔn “nkwa abotiri.”—Adi. 2:10.

9. Dɛn na asɛmfua “mmara” a wɔde dii dwuma wɔ Romafo 8:2 no kyerɛ?

9 “Mmara no” a Paulo kaa ho asɛm akyi no, ɔkaa “saa honhom no mmara” ne “bɔne ne owu mmara” nso ho asɛm. (Rom. 8:2) Dɛn ne saa mmara yi? Asɛmfua “mmara” a wɔde di dwuma wɔ saa kyerɛwsɛm no mu no nkyerɛ mmara pɔtee bi te sɛ nea ɛwɔ Mose Mmara no mu no. Nhoma bi a wɔde yɛ nhwehwɛmu ka sɛ Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “mmara” wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no kyerɛ nneɛma pa anaa nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ, na ɛno na ɛkyerɛ wɔn kwan sɛ mmara. Ebetumi nso akyerɛ nneɛma a nkurɔfo ma ɛkyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn abrabɔ mu.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛhyɛ bɔne ne owu mmara ase?

10 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Rom. 5:12) Esiane sɛ yɛyɛ Adam asefo nti, yɛn nyinaa hyɛ bɔne ne owu mmara ase. Yɛn honam a bɔne aka no no piapia yɛn sɛ yɛnyɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa, nanso saa nneɛma no kowie owu mu. Bere a Paulo rekyerɛw Galatifo no, ɔfrɛɛ saa nneɛma no ne su a ɛtete saa sɛ “ɔhonam no nnwuma.” Afei, ɔde kaa ho sɛ: “Wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.” (Gal. 5:19-21) Nnipa a wɔyɛ saa nneɛma yi nantew ɔhonam mu na wodi ɔhonam akɔnnɔ akyi. (Rom. 8:4) Wɔn honam a bɔne aka no no na ɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Nanso, so nnipa a wɔbɔ aguaman, wɔsom abosom, wodi ahonhonsɛm, anaa wɔyɛ bɔne afoforo a emu yɛ duru nkutoo na wɔnantew ɔhonam mu? Dabi, efisɛ nneɛma a ebinom betumi abu no sɛ ɛyɛ nnipa mmerɛwyɛ te sɛ ahoɔyaw, bobɔne, mansotwe, ne anibere nso ka ɔhonam nnwuma no ho. Hena na obetumi aka sɛ ɔno de ɔnnantew ɔhonam mu koraa?

11, 12. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛade yɛn ho afi bɔne ne owu mmara ase, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom?

11 Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ Yehowa ama ayɛ yiye sɛ yɛbɛde yɛn ho afi bɔne ne owu mmara ase! Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” Sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yenya Yesu Kristo agyede afɔre no mu gyidi a, yebetumi ade yɛn ho afi bɔne a wɔde woo yɛn a ɛma wobu yɛn fɔ no ho. (Yoh. 3:16-18) Enti, yebetumi aka asɛm a Paulo kae no bi sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!”

12 Tebea a yɛwom no te sɛ nea yare a emu yɛ den bi abɔ yɛn a wɔresa yɛn yare. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho tɔ yɛn koraa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea oduruyɛfo no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. Ɛwom sɛ sɛ yenya agyede no mu gyidi a, ebetumi ama yɛade yɛn ho afi bɔne ne owu mmara ase de, nanso yɛda so ara tɔ sin, na bɔne wɔ yɛn ho. Sɛ yɛne Onyankopɔn bɛkɔ so anya abusuabɔ a emu yɛ den na yɛanya n’anim dom ne ne nhyira a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea ɛbɛyɛ na “Mmara mu asɛm a ɛteɛ no” anya mmamu wɔ yɛn so no, Paulo kaa honhom mu a yɛbɛnantew nso ho asɛm.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anantew Honhom Mu?

13. Honhom mu a yɛbɛnantew no kyerɛ dɛn?

13 Sɛ yɛrenantew a, yɛkɔ yɛn anim nkakrankakra kodu baabi a yɛrekɔ no. Enti, honhom mu a yɛbɛnantew no hwehwɛ sɛ yenya nkɔanim nkakrankakra wɔ nokware no mu. Nanso eyi nkyerɛ sɛ yɛrenni mfomso da. (1 Tim. 4:15) Da biara da, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyere yɛn ho anantew, anaasɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea honhom no kyerɛ yɛn kwan. Sɛ ‘yɛnantew honhom mu’ a, ɛma yenya Onyankopɔn anim dom.—Gal. 5:16.

14. Dɛn na “wɔn a wɔnam ɔhonam mu” no de wɔn adwene si so?

14 Paulo san kaa nnipakuw abien a ɛsono nea wɔn mu biara de wɔn adwene si so ho asɛm wɔ krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu. (Monkenkan Romafo 8:5.) Ɔhonam a wɔde dii dwuma wɔ ha no nkyerɛ nipadua ankasa. Wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde “ɔhonam” gyina hɔ ma yɛn sintɔ ahorow. Saa sintɔ yi na ɛma yɛn honam ne yɛn adwene di apere sɛnea Paulo dii kan kaa ho asɛm no. Nanso, wɔn a ‘wɔnantew ɔhonam mu’ no mmɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛko atia wɔn sintɔ sɛnea Paulo ko tiaa ne sintɔ no. Sɛ́ anka wobesusuw nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ ho na wɔagye mmoa a ɔde ama atom no, wɔde “wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so” mmom. Mpɛn pii no, nea ehia wɔn ara ne nneɛma a wɔbɛyɛ de adwudwo wɔn honam akɔnnɔ. Nanso, wɔn a “wɔnam honhom mu no” pɛ sɛ wɔde wɔn adwene si “honhom mu nneɛma so.” Eyi ne nneɛma a Yehowa de ma yɛn a ɛma abusuabɔ a yɛne no wɔ mu yɛ den ne ɔsom adwuma a yɛyɛ no.

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na obi adwene a ɔde si biribi so tumi ka ne nsusuwii? (b) Dɛn na agye nnipa dodow no ara adwene nnɛ?

15 Monkenkan Romafo 8:6. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne no, ɔde n’adwene si so. Ɛnkyɛ na nnipa a wɔde wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so bere nyinaa no anya adwene a esi ɔhonam mu nneɛma nkutoo so. Wɔn nsusuwii, nea wɔn ani gye ho, ne wɔn nkate yɛ honam mu nneɛma nkutoo.

16 Nneɛma bɛn na agye nnipa dodow no ara adwene nnɛ? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɛwɔ wiase biara—ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yoh. 2:16) Saa akɔnnɔ yi bi ne nna mu ɔbrasɛe, din a wobegye, ne ahonyade pii a wobenya. Nneɛma a ɛte saa abu so wɔ nhoma mu, nsɛmma nhoma mu, atesɛm nkrataa mu, sini mu, TV so dwumadi mu, ne Intanɛt so. Ade titiriw nti a abu so saa ne sɛ ɛno na nnipa dodow no ara de wɔn adwene si so, na ɛno ne ade a wɔpɛ ankasa. Nanso, “adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu.” Ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam nnɛ, na ebetumi ama yɛahwere yɛn nkwa nso daakye. Dɛn ntia? “Efisɛ adwene a esi honam nneɛma so no yɛ ɔtan a wɔtan Onyankopɔn, na ɛnhyɛ Onyankopɔn mmara ase, na ɛrentumi nyɛ saa mpo. Enti wɔn a wɔwɔ ɔhonam mu no ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.”—Rom. 8:7, 8.

17, 18. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛde yɛn adwene si honhom mu nneɛma so, na sɛ yɛyɛ saa a, dɛn na yebenya?

17 “Adwene a esi honhom nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.” Ɛkyerɛ daa nkwa a yebenya daakye ne asomdwoe a yɛn ankasa benya, ne asomdwoe a ɛbɛtena yɛne Onyankopɔn ntam nnɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛde yɛn ‘adwene si honhom nneɛma so’? Sɛ yɛma Onyankopɔn ne ne honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan bere nyinaa a, yɛn nsusuwii ne Onyankopɔn de behyia. Yɛpɛ sɛ yɛn nsusuwii ‘hyɛ Onyankopɔn mmara ase.’ Sɛ ɛba saa na sɛ yɛkɔ tebea bi a ɛsɛ sɛ yɛko tia sɔhwɛ mu a, yebehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛbɛkanyan yɛn ma yɛasi gyinae a ɛfata—gyinae a ɛne Onyankopɔn honhom hyia.

18 Enti, ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si honhom mu nneɛma so. Yɛyɛ eyi denam ‘yɛn adwene a yesiesie ma adwuma kɛse,’ kyerɛ sɛ, nneɛma a Kristofo yɛ no daa a yɛbɛma ɛho ahia yɛn asen biara so. Saa nneɛma no bi ne mpae a yɛbɛbɔ, Bible a yɛbɛkenkan na yɛasua, asafo nhyiam ne asɛnka a yɛbɛkɔ daa. (1 Pet. 1:13) Sɛ́ anka yɛbɛma ɔhonam mu nneɛma atwetwe yɛn adwene no, momma yɛmfa yɛn adwene nsi honhom mu nneɛma so mmom. Ɛno bɛma yɛakɔ so anantew honhom mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira pii, efisɛ adwene a esi honhom mu nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.—Gal. 6:7, 8.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn ne ‘Mmara no a antumi anyɛ adwuma anwie no,’ na dɛn na Onyankopɔn yɛe de dii so?

• Dɛn ne “bɔne ne owu mmara” no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ade yɛn ho afi ase?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya “adwene a esi honhom nneɛma so”?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12, 13]

So wonantew ɔhonam mu anaa wonantew honhom mu?