Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Seesei Madi Dɛm, Nanso Ɛnyɛ Afebɔɔ!”

“Seesei Madi Dɛm, Nanso Ɛnyɛ Afebɔɔ!”

“Seesei Madi Dɛm, Nanso Ɛnyɛ Afebɔɔ!”

Sɛnea Sara van der Monde ka kyerɛe

Nkurɔfo taa ka kyerɛ me sɛ, “Sara, wopɛ serew paa. Dɛn nti na bere nyinaa na w’ani agye saa?” Meka kyerɛ wɔn sɛ mewɔ anidaso soronko bi. Meka sɛ, “Seesei madi dɛm, nanso ɛnyɛ afebɔɔ!”

WƆWOO me wɔ afe 1974 mu wɔ Paris, France. Bere a na wɔrewo me no, awo no mu yɛɛ den, na akyiri yi, wɔyɛɛ me nipaduam nhwehwɛmu hui sɛ yare bi a ɛka obi adwene ma obubu gu hɔ ayɛ me. Ná ɛyɛ den ma me sɛ mede me nsa bɛyɛ ade anaasɛ metutu me nan, na sɛ merekasa a na ɛyɛ den sɛ afoforo bɛte ase. Ná mitwa nso, na na nsanyare taa ka me.

Bere a midii mfe abien no, m’abusua tu kɔɔ Melbourne, Australia. Mfe abien akyi no, me papa guan gyaw me ne me maame. Mekae sɛ saa bere no ne bere a edi kan a metee nka sɛ Onyankopɔn yɛ m’Adamfo. Ná Maame yɛ Yehowa Dansefo, na na ɔde me kɔ Kristofo nhyiam daa. Ɛhɔ na mihui sɛ Onyankopɔn dɔ me, na odwen me ho. Awerɛkyekye a minya fii Onyankopɔn hɔ ne ɔdɔ a Maame daa no adi kyerɛɛ me no boaa me ma metee nka sɛ mewɔ ahobammɔ ɛmfa ho mpo sɛ na yɛn tebea asesa no.

Maame san kyerɛɛ me sɛnea mɛbɔ Yehowa mpae. Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛbɔ mpae sen sɛ mɛkasa. Sɛ merebɔ mpae a, ɛho nhia sɛ mehaw me ho ma nsɛm a meka no pue m’ano, nanso “mete” nsɛm a meka no yiye wɔ me tirim. Na esiane sɛ sɛ merekasa a ɛyɛ den sɛ afoforo bɛte ase nti, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ Yehowa te asɛm biara a meka ase, sɛ́ ebia meka wɔ me tirim anaasɛ mebrɛ ansa na maka no.—Dw. 65:2.

Sɛnea Migyinaa Me Haw Ahorow Ano

Bere a midii mfe anum no, na ɛyɛ den paa sɛ metumi atutu me nan a memfa nnade nhyehyɛ me nan. Sɛ na mehyɛ nnade no nantew mpo a, na mekɔ afa-afa! Bere a midii mfe 11 no, na mintumi nnantew bio. Akyiri yi, sɛ wɔamfa afiri a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma amma me so a, na mintumi mforo mpa anaasɛ mintumi nsi mfi mpa so ntena mmubuafo akongua mu. Biribi wɔ me mmubuafo akongua no ho a mimiamia so ma ɛkɔ.

Ɛtɔ mmere bi a, dɛm a madi no ma m’abam bu. Na sɛ m’abam bu a, mekae asɛm a yɛn abusua taa ka no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a yɛrentumi nyɛ ho hwee haw yɛn ho. Na mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a yebetumi ayɛ.” Eyi aboa me ma mitumi bɔ me ho mmɔden tena pɔnkɔ so, tena korow mu, kɔbɔ ɔsẽsẽ wɔ baabi, na mitumi mpo ka kar fa baabi a kar pii nni! Meyɛ mfonini, mepam ade, menwene mpasotam, midi adwini gu ntade mu, na menwene nkuku de kyerɛ sɛnea m’ani gye adwinnidi ho.

Esiane sɛ madi dɛm kɛse nti, nkurɔfo nnye nni sɛ m’ankasa metumi asi gyinae asom Onyankopɔn. Bere a midii mfe 18 no, me sukuu kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ me sɛ mimfi fie sɛnea ɛbɛyɛ a merenni me maame akyi nkɔ n’asɔre no bi. Me kyerɛkyerɛfo no kae mpo sɛ ɔbɛhwehwɛ baabi ama matena. Nanso meka kyerɛɛ no sɛ merennyae me som da, na mefi fie bere a mayɛ ahoboa sɛ mɛtew me ho.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Dansefo. Mfe abien akyi no, mitu kɔtenaa ofie ketewa bi mu. M’ani gye wɔ ha efisɛ minya mmoa, na mitumi yɛ nea m’ankasa mepɛ sɛ meyɛ nso.

Obi Kae sɛ Ɔbɛware Me Bere a na Menhwɛ Kwan

Nneɛma pii asisi wɔ m’asetena mu a asɔ me gyidi ahwɛ. Bere bi, me sukuuni bi a ɔno nso adi dɛm ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɛware me ma me ho dwiriw me paa. Mfiase no, asɛm no yɛɛ me dɛ. Sɛnea mmabaa dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛware no, me nso m’ani gye ho sɛ mɛware. Nanso, dɛm a yɛn baanu nyinaa adi no nkyerɛ sɛ yɛn ani begye wɔ yɛn aware mu. Bio nso, na aberante no nsom Yehowa. Ná ɛsono yɛn gyidi, nneɛma a yɛyɛ, ne yɛn botae ahorow koraa. Enti na ɛbɛyɛ dɛn na yɛn ani atumi agye wɔ yɛn aware mu? Ná masi me bo nso sɛ medi ahyɛde a Yehowa de ama a emu da hɔ sɛ yɛn mfɛfo gyidifo nkutoo na yɛnware wɔn no so. (1 Kor. 7:39) Enti, meka kyerɛɛ aberante no nidi mu sɛ merentumi nware no.

Ɛde besi nnɛ mpo, minim sɛ misii gyinae pa. Na migye di paa sɛ m’ani begye wɔ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu. (Dw. 145:16; 2 Pet. 3:13) Enkosi saa bere no, mɛyɛ nea metumi biara sɛ mɛkɔ so adi Yehowa nokware, na mama m’ani asɔ tebea a mewom no.

Merehwɛ ɛda a metumi ahuruw afi me mmubuafo akongua no mu na matu mmirika te sɛ mframa no kwan denneennen. Saa da no mɛka sɛ, “Ná madi dɛm, nanso seesei de me ho atɔ me afebɔɔ!”