Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunya Anigye wɔ ‘Ayamye Mu a Wufi De Nea Wowɔ Ma’ no Mu?

So Wunya Anigye wɔ ‘Ayamye Mu a Wufi De Nea Wowɔ Ma’ no Mu?

So Wunya Anigye wɔ ‘Ayamye Mu a Wufi De Nea Wowɔ Ma’ no Mu?

NÁ WONIM tete Kristofo a wɔwɔ Filipi no sɛ wofi ayamye mu boa nokware som. Paulo kyerɛw wɔ ne krataa a honhom kaa no ma ɔde kɔmaa Filipifo no mu sɛ: “Bere biara a mɛkae mo no, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ me nkotɔsrɛ biara a mede anigye srɛ ma mo nyinaa mu, esiane mmoa a mode mae wɔ asɛmpa no ho fi da a edi kan de besi nnɛ no nti.” (Filip. 1:3-5) Ná Paulo kae paa sɛ bere a wɔbɔɔ Lidia ne ne fiefo asu no, Lidia fi ayamye mu kaa no denneennen sɛ Paulo ne ne mfɛfo a na ɔne wɔn reka asɛm no mmɛtena ne fie.—Aso. 16:14, 15.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, asafo foforo a na wɔatew wɔ Filipi no somae mprenu ma wɔde nneɛma kɔmaa Paulo bere a odii adapɛn kakra wɔ ne mfɛfo gyidifo nkyɛn wɔ Tesalonika a na efi Filipi rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 100 (kilomita 160) no. (Filip. 4:15, 16) Mfe kakra akyi, bere a na Filipifo ne anuanom foforo a wɔwɔ Makedonia no rehu amane na wɔredi “hia buruburoo” no, wɔtee Kristofo a na wɔretaa wɔn wɔ Yerusalem no ahiade ho asɛm, na na wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn. Paulo dii adanse sɛ na nea wɔyɛe no ‘boro wɔn ahoɔden so mpo.’ Nanso, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Wɔsrɛɛ yɛn ara sɛ yɛmma wɔn hokwan na womfi ayamye mu mfa nea wɔwɔ mma.’—2 Kor. 8:1-4; Rom. 15:26.

Bere a Filipifo no dii kan gyee Kristosom toom akyi bɛyɛ mfe du no, na wɔda so ara da ayamye a ɛte saa adi. Bere a wɔtee sɛ wɔde Paulo ato afiase wɔ Roma no, wɔsomaa Epafrodito ma otwaa akwansin 800 (kilomita 1,287) faa asase kesee ne po so de nneɛma kɔmaa ɔsomafo no. Ɛda adi pefee sɛ, na Filipifo no pɛ sɛ wɔhwɛ Paulo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so ahyɛ ne nuanom den na waka asɛm no bere mpo a na wɔde no ato afiase no.—Filip. 1:12-14; 2:25-30; 4:18.

Ɛnnɛ, nokware Kristofo fa no sɛ ɛyɛ hokwan na wɔanya sɛ wɔbɛboa Ahenni no ho asɛm a wɔreka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:19, 20) Wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn sika boa Ahenni no ho adwuma no ma ɛkɔ so. Adaka a ɛka asɛm yi ho no kyerɛ akwan bi a wubetumi afa so aboa Onyankopɔn adwuma yi.

[Adaka wɔ kratafa 22, 23]

AKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii bɔ wɔn tirim yi sika a wɔde beyi ntoboa gu hɔ, na wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., Attention Treasurer’s Office, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no. (Wubetumi de ntoboa a wufi wo pɛ mu yi a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ase hɔ no nso akɔma Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no.) Ɛsɛ sɛ wokyerɛw “Watchtower” wɔ krataa a wɔde yi sika no so de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no ma wɔahwɛ so ma wɔde ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so, anaa wubetumi afrɛ telefon nɔma yi (718) 560-7500.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de kyɛfa a ɔwɔ wɔ adwuma a ɔyɛ mu ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania sɛ akyɛde koraa anaasɛ ɔbɛkyerɛ sɛ sɛ owu a, wɔmfa mma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa, na ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atena mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa nsase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma adwumakuw bi a Yehowa Adansefo de di dwuma. Onipa a ɔde ma anaa obi a onipa a ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Krataa a Obi Yɛ De Kyɛ N’agyapade Ansa na Wawu ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so krataa a obi yɛ de kyɛ n’agyapade ansa na wawu so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no so.

Sɛnea asɛm a ɛne “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Borɔfo ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa yɛn som adwuma no ne adɔe a yɛyɛ nkurɔfo no wɔ wiase afanan nyinaa, na saa a wɔayɛ no ama wɔatew tow a wotua no so koraa. Wubetumi abisa Charitable Planning Office no tẽẽ ma wɔabrɛ wo nhomawa yi bi.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi de address a ɛwɔ ase hɔ no akyerɛw krataa na wo ne Charitable Planning Office no adi nkitaho, anaasɛ wubetumi afrɛ wɔn wɔ telefon so, anaasɛ wubetumi ne Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707