Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛyɛ “Amamfrafo” Wɔ Wiase Bɔne Mu

Yɛyɛ “Amamfrafo” Wɔ Wiase Bɔne Mu

Yɛyɛ “Amamfrafo” Wɔ Wiase Bɔne Mu

‘Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa paee mu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.’—HEB. 11:13.

1. Adwene bɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo nya wɔ wiase no ho?

YESU kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ: “Wɔwɔ wiase.” Nanso, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yoh. 17:11, 14) Enti, Yesu kyerɛɛ adwene a ɛsɛ sɛ n’akyidifo anokwafo nya wɔ “wiase yi” a ne nyame ne Satan no ho pefee. (2 Kor. 4:4) Ɛwom sɛ Kristofo te wiase bɔne mu de, nanso wɔnnyɛ wiase no fã. Enti wɔte sɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ wiase yi mu.—1 Pet. 2:11.

Wɔbɔɔ Wɔn Bra sɛ “Amamfrafo”

2, 3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Enok, Noa, Abraham ne Sara bɔɔ wɔn bra sɛ “ahɔho ne amamfrafo”?

2 Efi tete na Yehowa asomfo ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ soronko wɔ nnipa a wɔwɔ wiase bɔne a wɔte mu no ho. Ansa na Nsuyiri no reba no, Enok ne Noa ne “nokware Nyankopɔn no nantewee.” (Gen. 5:22-24; 6:9) Ná wɔn baanu nyinaa yɛ asɛnkafo a wɔwɔ akokoduru a wɔkaa Yehowa atemmu a na ɔde reba Satan wiase bɔne no so ho asɛm. (Monkenkan 2 Petro 2:5; Yuda 14, 15.) Ná Enok ne Noa te wiase bɔne mu, nanso esiane sɛ wɔne Onyankopɔn nantewee nti, Enok ‘sɔɔ Onyankopɔn ani,’ na na Noa nso “ho nni asɛm wɔ ne bere sofo mu.”—Heb. 11:5; Gen. 6:9.

3 Abraham ne Sara tiee Onyankopɔn asɛm, na wotu fii Kaldeafo kurow Ur a na ahotɔ wom no mu kodii atutena wɔ ananafo asase so. (Gen. 11:27, 28; 12:1) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nti bere a wɔfrɛɛ Abraham no, otie siim kɔɔ baabi a na wɔahyɛ sɛ daakye obenya sɛ agyapade no; na osiim kɔe, bere a na onnim faako a ɔrekɔ. Gyidi nti ɔkɔtenaa bɔhyɛ asase no so yɛɛ ɔhɔho te sɛ nea ɔte ananafo asase so, na ɔne Isak ne Yakob a wɔn nyinaa yɛ bɔhyɛ koro no ara adedifo no tenaa ntamadan mu.” (Heb. 11:8, 9) Paulo kaa Yehowa asomfo anokwafo no ho asɛm sɛ: “Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui a wɔanhu bɔhyɛ ahorow no mmamu, nanso wohui wɔ akyirikyiri gye toom, na wɔpaee mu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.”—Heb. 11:13.

Kɔkɔbɔ Bi a Wɔde Maa Israelfo No

4. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa de maa Israelfo no ansa na ɔde asase no rema wɔn?

4 Israelfo a na wɔyɛ Abraham asefo no bɛyɛɛ bebree, na awiei koraa no, wɔma wɔbɛyɛɛ ɔman, na wɔmaa wɔn mmara ne asase. (Gen. 48:4; Deut. 6:1) Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no ma wɔn werɛ fi da sɛ asase a wɔte so no Wura ankasa ne Yehowa. (Lev. 25:23) Ná Israelfo no te sɛ nnipa a wɔte obi fie a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea ofie no Wura hwehwɛ sɛ wɔyɛ. Bio nso, na ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ “ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase”; ná ɛnsɛ sɛ wɔma honam fam nneɛma a wobenya ma wɔ werɛ fi Yehowa. (Deut. 8:1-3) Ansa na Yehowa de asase no rema Israelfo no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo du asase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham ne Isak ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so, na ɔde nkurow akɛse fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee, ne afie a nnepa ayɛ mu mã a ɛnyɛ wo na wode bae, ne mmura a wɔatu a ɛnyɛ wo na wutui, ne bobeturo ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na wuduae ma wo, na wudidi mee a, hwɛ yiye na wo werɛ amfi Yehowa.”—Deut. 6:10-12.

5. Dɛn nti na Yehowa poo Israel man no, na ɔman foforo bɛn na oyii n’adom kɔɔ wɔn so?

5 Nea Yehowa kae sɛ ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ no, ɛno ara na wɔyɛe. Wɔ Nehemia bere so no, Lewifo bi de aniwu kaa nsɛm a esisii bere a Israelfo kɔtenaa Bɔhyɛ Asase no so akyi ho asɛm. Bere a Israelfo no nyaa afie a ahomeka wom mu tenae, na wonyaa aduan ne nsa pii no, “wodidi mee na wɔyeyɛɛ akɛse.” Wɔtew Onyankopɔn so atua, na wokunkum adiyifo a ɔsomaa wɔn no mpo. Enti, Yehowa nso gyaw wɔn maa wɔn atamfo. (Monkenkan Nehemia 9:25-27; Hos. 13:6-9) Akyiri yi, bere a na Romafo di Yuda so no, Yudafo a na wonni gyidi no yɛɛ ade kɔɔ akyiri ma wokum Mesia a na wɔahyɛ no ho bɔ no mpo! Yehowa nso poo wɔn, na oyii n’adom fii wɔn so kɔɔ ɔman foforo a ɛne honhom fam Israel no so.—Mat. 21:43; Aso. 7:51, 52; Gal. 6:16.

‘Monnyɛ Wiase no Fã’

6, 7. (a) Kyerɛkyerɛ nea Yesu ka faa adwene a ɛsɛ sɛ n’akyidifo nya wɔ wiase no ho mu. (b) Dɛn nti na na ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ Satan wiase no fã?

6 Sɛnea yehui wɔ adesua yi mfiase no, Yesu Kristo a ɔyɛ Kristofo asafo no Ti no kaa no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ n’akyidifo yɛ Satan wiase bɔne no fã. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm. Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã, na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.”—Yoh. 15:19.

7 Bere a na Kristosom retrɛw no, so na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade sɛ wiase no na wɔbɛyɛ wiase no fã? Dabi. Ná ɛsɛ sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ soronko wɔ Satan wiase no ho wɔ baabiara a wɔte. Kristo wu akyi bɛyɛ mfe 30 no, ɔsomafo Petro kyerɛw Kristofo a na wɔte Roma ahemman no afã horow nyinaa sɛ: “Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra no di asi no ho. Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu.”—1 Pet. 1:1; 2:11, 12.

8. Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka faa abusuabɔ a na ɛda wiase no ne tete Kristofo no ntam ho?

8 Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Kenneth Scott Latourette resi so dua sɛ tete Kristofo no bɔɔ wɔn bra sɛ “ahɔho ne amamfrafo” no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa pii nim sɛ Kristofo kɔɔ so hyiaa ɔtaa a emu yɛ den mpɛn pii wɔ mfe ahasa a edi kan wɔ bere a Kristosom bae no mu . . . Wɔbɔɔ wɔn sobo wɔ nneɛma pii ho. Esiane sɛ na Kristofo no mfa wɔn ho nhyɛ abosonsomfo afahyɛ ahorow mu nti, na nkurɔfo ka sɛ wonnnye Onyankopɔn nnni. Esiane sɛ Kristofo no amfa wɔn ho anhyehyɛ nneɛma pii a na ɔmanfo no yɛ mu—abosonsomfo afahyɛ, nneɛma a na wɔde gyigye wɔn ani a Kristofo no hui sɛ abosonsomfo gyidi, wɔn nneyɛe, ne nna mu ɔbrasɛe ahyɛ mu ma mu—nti, wodii wɔn ho fɛw sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wokyi nnipa.”

Yɛmmma Wiase no Nnye Yɛn Adwene

9. Dɛn na yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no yɛ de kyerɛ sɛ yɛnnyɛ “nkurɔfo a wokyi nnipa”?

9 Sɛnea na tete Kristofo no nyɛ wiase no fã no, saa ara na yɛn nso yɛnyɛ “mprempren wiase nhyehyɛe bɔne yi” fã. (Gal. 1:4) Esiane eyi nti, nnipa pii nte yɛn ase, na wɔn mu binom mpo tan yɛn. Nanso, yɛnnyɛ “nkurɔfo a wokyi nnipa” sɛnea ebinom susuw no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nipa nti, yɛkɔ afie afie, na yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛka “[Onyankopɔn] ahenni ho asɛmpa” akyerɛ obiara a ɔte ofie a yɛkɔ mu no. (Mat. 22:39; 24:14) Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, yegye di sɛ Yehowa Ahenni a ɛyɛ nniso a Kristo di so no bɛba nnansa yi ara abeyi nnipa nniso a ɛnyɛ pɛ no afi hɔ na ɛde wiase foforo a trenee bɛtena mu abesi ananmu.—Dan. 2:44; 2 Pet. 3:13.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛde wiase no di dwuma kakra? (b) Nneɛma a Kristofo a wɔn ani da hɔ yɛ a ɛmma wiase no nnye wɔn adwene no bi ne dɛn?

10 Esiane sɛ wiase nhyehyɛe yi awiei abɛn pɛɛ nti, yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no nim sɛ ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yedwudwo yɛn ho tena wiase a ɛretwam yi mu. Ɛsɛ sɛ yetie asɛm a ɔsomafo Paulo kae no. Ɔkae sɛ: “Anuanom, nea meka ne sɛ, bere a aka no sua. Efi saa bere yi rekɔ no, . . . wɔn a wɔtɔ [nyɛ] sɛ wɔn a wonni bi, na wɔn a wɔde wiase di dwuma no mmma wiase nnnye wɔn adwene; efisɛ wiase su resesa.” (1 Kor. 7:29-31) Nanso, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wiase no di dwuma? Wɔyɛ eyi denam abɛɛfo mfiri ne mfiri a wɔde di nkitaho a wɔde di dwuma de trɛw Bible mu nimdeɛ mu kɔ ɔkasa ɔhaha pii mu wɔ wiase nyinaa no so. Wɔde wiase no di dwuma kakra de pɛ wɔn ano aduan. Wɔtotɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no mu a wohia. Nanso, wɔmma wiase no nnye wɔn adwene, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔmma nneɛma a wɔwɔ ne nnwuma a wɔyɛ mmɛyɛ ade a ɛho hia wɔn sen biara wɔ wɔn asetena mu.—Monkenkan 1 Timoteo 6:9, 10.

11 Kristofo a wɔn ani da hɔ mma wiase no nnye wɔn adwene wɔ nhomasua a ɛkɔ akyiri ho. Nnipa pii a wɔwɔ wiase yi mu susuw sɛ ɛsɛ sɛ obi kɔ sukuupɔn ansa na wanya anuonyam ne asetena pa. Nanso, yɛn a yɛyɛ Kristofo no bɔ yɛn bra sɛ amamfrafo, na ɛsono botae a yɛde sisi yɛn ani so. Ɛnsɛ sɛ ‘yedwinnwen nneɛma akɛse ho.’ (Rom. 12:16; Yer. 45:5) Esiane sɛ yɛyɛ Yesu akyidifo nti, yetie kɔkɔbɔ a ɔde mae yi. Ɔkae sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Enti, wɔhyɛ Kristofo a wɔyɛ mmabun nkuran sɛ wɔmfa botae nsisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔbɛkɔ sukuu kakra a ɛbɛma wɔanya nea wɔde bɛhwɛ wɔn ho a wɔn botae nyinaa ne sɛ wɔde ‘wɔn koma nyinaa, wɔn kra nyinaa, wɔn ahoɔden nyinaa, ne wɔn adwene nyinaa’ bɛsom Yehowa. (Luka 10:27) Sɛ wɔyɛ saa a, wobetumi abɛyɛ ‘adefo wɔ Onyankopɔn fam.’—Luka 12:21; monkenkan Mateo 6:19-21.

Ɛnsɛ sɛ Yɛma Asetena Mu Dadwen Hyɛ Yɛn So

12, 13. Dɛn nti na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:31-33 a yetie no ma yɛyɛ soronko wɔ nnipa a wɔwɔ wiase no ho?

12 Adwene a Yehowa asomfo wɔ wɔ honam fam nneɛma ho yɛ soronko wɔ adwene a wiase no wɔ ho. Wɔ eyi ho no, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Munnnwinnwen nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa. Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” (Mat. 6:31-33) Yɛn mfɛfo gyidifo pii ahu wɔ wɔn asetenam sɛ yɛn soro Agya no ma yɛn nsa ka nneɛma a yehia.

13 “Onyamesom pa a anisɔ wom yɛ mfaso kɛse.” (1 Tim. 6:6, New International Version) Nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ nnye saa asɛm no nntom koraa. Sɛ nhwɛso no, sɛ mmerante ne mmabaa ware a, wɔn mu pii hwɛ kwan sɛ ‘biribiara bɛkɔ yiye’ ntɛm ara—wobenya ofie a wɔasiesie mu a biribiara wom, kar fɛfɛ, ne mfiri a aba so foforo. Nanso, Kristofo a wɔbɔ wɔn bra sɛ amamfrafo hyɛ wɔn akɔnnɔ so, na wɔntotɔ nneɛma a wonni ho sika. Nokwarem no, ɛhyɛ nkuran sɛ yehu sɛ nnipa pii kwati asetena mu nneɛma bi a anka ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ne ahoɔden kɛse de ayɛ Yehowa som adwuma no pii. Afoforo som sɛ akwampaefo, Betel adwumayɛfo, ahwɛfo akwantufo, ne asɛmpatrɛwfo. Hwɛ sɛnea yɛn nyinaa ani sɔ yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som Yehowa a wofi wɔn koma nyinaa mu som no no!

14. Dɛn na yebetumi asua afi ogufo ho bɛ a Yesu bui no mu?

14 Wɔ ogufo ho bɛ a Yesu bui mu no, ɔkae sɛ “wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa” betumi amia Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ yɛn komam no na ama yɛabɛyɛ nkurɔfo a wɔnsow aba. (Mat. 13:22) Sɛ yɛma yɛn ani sɔ asetena a yɛwom sɛ amamfrafo wɔ wiase yi mu a, ɛboa yɛn na saa afiri yi anyi yɛn. Mmom no, ɛma yetumi de yɛn aniwa hwɛ “tee,” anaa yɛhwɛ faako de yɛn ani si Onyankopɔn Ahenni so, na yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu.—Mat. 6:22.

‘Wiase no Retwam’

15. Asɛm bɛn na ɔsomafo Yohane kae a ɛma nokware Kristofo hu adwene a ɛsɛ sɛ wonya wɔ wiase yi ho ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra?

15 Ade titiriw a ɛma yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no bu yɛn ho sɛ yɛyɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ wiase yi mu ne sɛ yegye di sɛ wiase yi bɛba awiei nnansa yi ara. (1 Pet. 2:11; 2 Pet. 3:7) Yɛnam sɛnea yɛbɔ yɛn bra no so da no adi sɛ yegye saa asɛm yi di. Nea yɛyɛ de kyerɛ saa no bi ne sɛnea yesisi gyinae, nneɛma a yɛhwehwɛ, ne botae a yɛde sisi yɛn ani so. Ɔsomafo Yohane tuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase no mu efisɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”—1 Yoh. 2:15-17.

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo a Yehowa ayi yɛn afi wiase yi mu?

16 Wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ sɛ wotie Yehowa asɛm a, wɔbɛyɛ ‘n’agyapade titiriw afi aman nyinaa ho.’ (Ex. 19:5) Bere biara a Israelfo dii nokware no, na wɔn som ne wɔn abrabɔ yɛ soronko wɔ aman a aka nyinaa de ho. Saa ara na ɛnnɛ nso Yehowa ayi nkurɔfo bi afa a wɔyɛ soronko koraa wɔ nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu ho. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ: “Yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu, bere a yɛtwɛn anidaso a ɛyɛ anigye ne Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wobeyi wɔn ho adi anuonyam mu no; ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa yɛn, na ɔde agye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na watew ɔman bi ho de ayɛ n’ankasa ne de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.” (Tito 2:11-14) Kristofo a wɔasra wɔn ne Yesu “nguan foforo” ɔpepem pii a wɔboa wɔn a wɔasra wɔn no na wɔbom yɛ saa “ɔman” no.—Yoh. 10:16.

17. Dɛn nti na wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no rennu wɔn ho da sɛ wɔbɔɔ wɔn bra sɛ amamfrafo wɔ wiase bɔne yi mu?

17 “Anidaso a ɛyɛ anigye” a wɔn a wɔasra wɔn no wɔ ne sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro. (Adi. 5:10) Sɛ nguan foforo no anidaso a ɛne sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no bam a, wɔrenyɛ amamfrafo bio wɔ wiase bɔne mu. Wobenya afie a ɛyɛ fɛ atena mu, anya nnuan pa pii adi, na wɔanya nsa pa pii anom. (Dw. 37:10, 11; Yes. 25:6; 65:21, 22) Nguan foforo no renyɛ wɔn ade sɛ Israelfo no. Wɔn de, wɔn werɛ remfi da sɛ saa nneɛma pa yi nyinaa fi Yehowa a ɔyɛ “asase nyinaa Nyankopɔn” no hɔ. (Yes. 54:5) Wɔn a wɔasra wɔn no anaa nguan foforo no rennu wɔn ho sɛ wɔbɔɔ wɔn bra sɛ amamfrafo wɔ wiase bɔne yi mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na anokwafo a wɔtenaa ase tete no bɔɔ wɔn bra sɛ amamfrafo?

• Tete Kristofo no bɔɔ wɔn bra dɛn wɔ wiase no mu?

• Dɛn na nokware Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔmmaa wiase no nnyee wɔn adwene?

• Dɛn nti na yɛrennu yɛn ho da sɛ yɛbɔɔ yɛn bra sɛ amamfrafo wɔ wiase bɔne yi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Tete Kristofo no twee wɔn ho fii anigyede a awudisɛm ne ɔbrasɛe wom ho