Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehu Gyinaa Nokware Som Akyi

Yehu Gyinaa Nokware Som Akyi

Yehu Gyinaa Nokware Som Akyi

ƆBARIMA bi a wɔfrɛ no Yehu gyinaa nokware som akyi. Ɔyɛɛ n’ade ahoɔden so, ntɛm so, nsiyɛ mu, ne akokoduru so a wante anna. Yehu daa su ahorow bi adi a ɛbɛyɛ papa sɛ yesuasua.

Bere a wɔde adwuma bi hyɛɛ Yehu nsa no, na tebea a Israel man no wom nyɛ papa. Ná ɔman no hyɛ Yesebel, ɔbea a na ne kunu Ahab awu agyaw no a na ɔsan yɛ Yehoram a na ɔredi hene saa bere no maame nkɛntɛnso bɔne ase. Yesebel piapiaa nkurɔfo no ma wɔsom Baal mmom sen sɛ wɔbɛsom Yehowa, okunkum Onyankopɔn adiyifo, na ɔde ‘n’aguamammɔ’ ne “n’asumansɛm” sɛee nkurɔfo no. (2 Ahe. 9:22; 1 Ahe. 18:4, 13) Yehowa hyɛe sɛ wɔntɔre Ahab fiefo nyinaa ase, a na Yehoram ne Yesebel ka ho. Yehu na na obedi anim ma wɔayɛ saa.

Bere a Kyerɛwnsɛm no reka Yehu ho asɛm no, na Israelfo ne Siriafo reko wɔ Ramot-Gilead, na na Yehu ne asahene na ɛte hɔ. Ná Yehu yɛ Israel sraani panyin, na ebetumi aba sɛ ɔno na na ɔda asraafo no ano mpo. Odiyifo Elisa somaa adiyifo asefo no mu biako sɛ ɔnkɔsra Yehu sɛ ɔhene na ɔnka nkyerɛ no sɛ onkunkum Ahab fiefo a wɔawae no mu ɔbarima biara.—2 Ahe. 8:28; 9:1-10.

Bere a Yehu mfɛfo asraafo no bisaa no nea ɔhɔho a ɔbɛsraa no no bɛyɛe ho asɛm no, na ɔmpɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn. Nanso, bere a wɔhyɛɛ no no, ɔkaa nea ɔbɛyɛe no kyerɛɛ wɔn, na nkurɔfo no fii ase bɔɔ Yehoram ho pɔw. (2 Ahe. 9:11-14) Ɛda adi sɛ, na asraafo no ani nnye abusua a na emufo di ade no mmara a na wɔde rebu ɔman no ne Yesebel nkɛntɛnso no ho koraa. Sɛnea ɛte biara no, Yehu susuw nneɛma ho yiye hwehwɛɛ ɔkwan a eye sen biara a ɔbɛfa so ayɛ n’adwuma no.

Ná wɔapira Ɔhene Yehoram wɔ ɔko mu, na na wasan n’akyi kɔ Yesreel kurow no mu a na ɔhwɛ kwan sɛ ne ho bɛtɔ no. Ná Yehu nim sɛ sɛ na pɔw a wabɔ no bɛkɔ yiye a, na ɛnsɛ sɛ obiara te ho asɛm wɔ Yesreel. Yehu kae sɛ: “Mommma obiara nnguan mmfi kurow no mu nnkɔbɔ amanneɛ wɔ Yesreel.” (2 Ahe. 9:14, 15) Ebia na Yehu hwɛ kwan sɛ anyɛ yiye koraa no, asraafo a na wɔwɔ Yehoram afã no bɛsɔre atia ɔno Yehu. Ná Yehu pɛ sɛ oyi akwanside biara a ɛte saa fi n’akwan mu.

ƆDE TEASEƐNAM TUU MMIRIKADEN!

Esiane sɛ na Yehu pɛ sɛ okopue wɔn so prɛko pɛ nti, ɔde ne teaseɛnam fii Ramot-Gilead twaa kwan akwansin 45 (kilomita 72) kɔɔ Yesreel. Bere a Yehu de teaseɛnam no de mmirika rebɛn baabi a ɔrekɔ no, ɔwɛmfo bi a na ogyina aban bi so hui sɛ “Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so.” (2 Ahe. 9:17) Ɛda adi paa sɛ, Yehu de asraafo pii kaa ne ho kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awie n’adwuma no.

Bere a ɔwɛmfo no hui sɛ ɔkokodurufo Yehu te nteaseɛnam no biako mu no, ɔteɛɛm sɛ: “Ɔka no sɛnea wabɔ dam.” (2 Ahe. 9:20) Sɛ na Yehu taa de teaseɛnam tu mmirika paa a, ɛnde saa bere yi de, ɛbɛyɛ sɛ ahopere a na ɔde rekɔyɛ saa adwuma pɔtee no ma ɔde teaseɛnam no tuu mmirika “sɛnea wabɔ dam” ampa.

Bere a Yehu anka biribiara ankyerɛ nnipa baanu a wɔsomaa wɔn kɔɔ ne nkyɛn no, ohyiaa Ɔhene Yehoram ne n’adamfo Ahasia a na ɔyɛ Yuda hene no, na na wɔn mu biara te ne teaseɛnam mu. Yehoram bisae sɛ: “Yehu, asomdwoe mu anaa?” Na Yehu de abufuw buaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe atumi aba bere a wo maame Yesebel aguamammɔ ne n’asumansɛm bebrebe no da so wɔ hɔ yi?” Bere a Yehoram tee mmuae yi no, ne yam hyee no ma ɔyɛe sɛ ɔreguan. Nanso, Yehu maa ne ho yɛɛ hare! Ɔtwee n’agyan tow wɔɔ Yehoram ma ehwirew ne komam, na ɔhwee ne teaseɛnam mu wui. Ɛwom sɛ Ahasia tumi guanee de, nanso akyiri yi Yehu tiw no, na ɔma wokum ɔno nso.—2 Ahe. 9:22-24, 27.

Onipa a odi hɔ a ofi Ahab fie a wokum no ne Ɔhemmaa Yesebel otirimɔdenfo no. Ɛfata sɛ Yehu kaa Yesebel ho asɛm sɛ “ɔbea a wɔadome no.” Bere a Yehu te teaseɛnam mu rekɔ Yesreel no, ohuu Yesebel sɛ ogyina ahemfie hɔ mfɛnsere mu rehwɛ fam. Ntɛm ara na Yehu ka kyerɛɛ ahemfie hɔ mpanyimfo no sɛ wɔntow Yesebel mfa mfɛnsere no mu nhwe fam. Afei, Yehu maa n’apɔnkɔ twiw faa ɔbea a ɔmaa Israelfo nyinaa abrabɔ sɛee no so. Ɛno akyi no, Yehu kɔɔ so sɛee otirimɔdenfo Ahab fiefo pii a wɔaka no.—2 Ahe. 9:30-34; 10:1-14.

Ɛwom sɛ yɛn ani nnye awudisɛm ho de, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa bere no Yehowa de n’asomfo dii dwuma ma wobuu atɛn maa no. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn na ɔmaa Ahasia asehwe bae bere a ɔkɔɔ Yehoram nkyɛn no. Oduu hɔ no, ɔne Yehoram kɔɔ Nimsi banana Yehu a Yehowa asra no sɛ ɔntɔre Ahab fie ase no nkyɛn.” (2 Be. 22:7) Bere a Yehu maa Yehoram funu so fii ne teaseɛnam mu tow kyenee no, ohui sɛ nea wayɛ no ama ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ ɔbɛtwe Ahab aso wɔ Nabot a okum no ho no abam. Bio nso, na wɔahyɛ Yehu sɛ ‘ontua Onyankopɔn nkoa nyinaa mogya’ a Yesebel hwie gui no ‘so ka.’—2 Ahe. 9:7, 25, 26; 1 Ahe. 21:17-19.

Ɛnnɛ, Yehowa somfo biara nni hɔ a ɔne wɔn a wɔsɔre tia nokware som ko ntɔkwaw ankasa. Onyankopɔn ka sɛ: “Aweredi wɔ me.” (Heb. 10:30) Nanso, sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo betumi abɔ asafo no mufo ho ban afi nnipa a wobetumi ama wɔn abrabɔ asɛe ho a, ɛho behia sɛ wɔyɛ wɔn ade akokoduru so sɛnea Yehu yɛe no. (1 Kor. 5:9-13) Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa si wɔn bo sɛ wɔne nnipa a wɔatu wɔn remmɔ fekuw.—2 Yoh. 9-11.

YEHU TWEE NINKUNU MAA YEHOWA

Asɛm a Yehu ka kyerɛɛ ɔnokwafo Yehonadab akyiri yi no ma yehu adwene a ɔde yɛɛ n’adwuma no. Ɔkae sɛ: “Bɛsen kogya me na kɔhwɛ ninkunu a meretwe ama Yehowa.” Yehonadab gyee nsa a Yehu to frɛɛ no no so, na ohuruw tenaa Yehu teaseɛnam no mu ne no kɔɔ Samaria. Bere a woduu hɔ no, esiane sɛ na Yehu ‘pɛ sɛ okunkum Baal asomfo no nti, ɔde anitew yɛɛ ade.’—2 Ahe. 10:15-17, 19.

Yehu de too gua sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ “afɔre kɛse” ma Baal. (2 Ahe. 10:18, 19) Nhomanimfo bi ka sɛ: “Eyi yɛ anifere kwan a Yehu faa so kaa n’asɛm.” Bere a nea asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha “kyerɛ ara ne ‘afɔrebɔ’ no, wɔsan nso de di dwuma de kyerɛ awaefo a ‘wokunkum’ wɔn.” Esiane sɛ na Yehu mpɛ sɛ Baal asomfo no mu biako mpo ka a ɔremma adeyɛ no ase nti, ɔboaboaa wɔn nyinaa ano wɔ Baal fie hɔ, na ɔma wɔhyɛɛ atade soronko bi. “Bere a owiee ɔhyew afɔre no,” Yehu maa mmarima 80 a na wokurakura akode no kunkum Baal asomfo no. Afei, ɔma wɔsɛee Baal fie no, na wɔde hɔ yɛɛ agyananbea ma ɛhɔ bɛyɛɛ baabi a ɛmfata sɛ wɔsom wɔ hɔ.—2 Ahe. 10:20-27.

Ɛyɛ nokware sɛ Yehu hwiee mogya pii gui. Nanso, Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm sɛ ɔbarima kokodurufo a ogyee Israelfo fii atirimɔden a Yesebel ne n’abusua de dii wɔn so no ase. Sɛ na Israel kannifo bi betumi ayɛ saa adwuma yi a, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a otumi si ne bo yɛ ade na ɔyɛ nsi. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Ná ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den, na ɔkɔɔ so yɛɛ no fefeefe a wante anna. Sɛ wammɔ mmɔden anyɛ no saa a, ebia anka ɔrentumi ntu Baal som ase mfi Israel.”

Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi ahu sɛ tebea ahorow a Kristofo rehyia nnɛ no hwehwɛ sɛ wɔda su ahorow a na Yehu wɔ no bi adi. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ sɛ yɛnyɛ biribi a Yehowa kasa tia a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ne nnamyɛ po no ntɛm ara. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara anaa obiara ne Yehowa kyɛ ɔsom a yɛde ma no no.

HWƐ SƐ WOBƐNANTEW YEHOWA MMARA MU

Asɛm yi awiei ma yenya kɔkɔbɔ bi. Yehu ‘antwe ne ho amfi sika nantwi mma a na ɛwɔ Betel ne Dan no ho.’ (2 Ahe. 10:29) Ɛyɛɛ dɛn na obi a na ɛte sɛ nea ɔyɛ nsi paa wɔ nokware som ho no antwe ne ho amfi abosonsom ho?

Ebia na Yehu gye di sɛ sɛ na Israel ahemman no bɛde wɔn ho afi Yudafo ho a, na ɛho hia sɛ ahemman abien no mu biara nya ne som. Enti, sɛnea ahene a wodii Israel so kan no yɛe no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔade wɔn ho denam nantwi ba som a ɔma ɛkɔɔ so no so. Nanso, eyi ma ɛdaa adi sɛ na onni Yehowa a na wasi no hene no mu gyidi.

Yehowa kamfoo Yehu efisɛ ‘odii asɛmpa na ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so.’ Nanso, Yehu “anhwɛ amfa ne koma nyinaa annantew Yehowa, Israel Nyankopɔn mmara mu.” (2 Ahe. 10:30, 31) Sɛ wususuw nneɛma foforo a na Yehu adi kan ayɛ no ho a, ebia eyi betumi ama wo ho adwiriw wo na ama wo werɛ ahow. Nanso, asuade bi wom ma yɛn. Yɛrentumi mmu abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no adewa da. Da biara da, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm, dwinnwen ho, na yefi yɛn komam bɔ yɛn soro Agya no mpae ma ɛboa yɛn ma yedi no nokware. Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn koma nyinaa anantew Yehowa mmara mu.—1 Kor. 10:12.

[Adaka wɔ kratafa 4]

Yehu Ho Nsɛm a Ɛwɔ Wiase Abakɔsɛm Mu

Nkurɔfo a wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho taa ka sɛ wonnye nni sɛ nnipa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no yɛ nkurɔfo a wɔtenaa ase ankasa. Enti wɔ Bible akyi no, so Yehu ho nsɛm wɔ baabi foforo?

Anyɛ yiye koraa no, wɔbɔ saa Israel hene yi din wɔ tete Asiriafo nhoma abiɛsa mu. Wɔkyerɛ sɛ emu biako a ɛyɛ Yehu anaa ebia n’ananmusifo biako rekotow Asiria hene Salmaneser III de ayɛyɛde ama no. Nea wɔakyerɛw wɔ ho no kenkan sɛ: “Omri ba (Hu-um-ri) Yehu (Ia-ú-a) ayɛyɛde; ɔbrɛɛ me dwetɛ, sika kɔkɔɔ, saplu-ayowa a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, nhwiren kuku a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛto yɛ feaa, sika kɔkɔɔ nkuruwa atenten, sika kɔkɔɔ bokiti, sanyaa, ahempoma, (ne) puruhtu a wɔde dua ayɛ [yennim nea asɛmfua puruhtu no kyerɛ].” Ná Yehu nyɛ “Omri ba” ankasa, nanso na wɔde saa din yi frɛ Israel ahemfo a wodidii so bae no, na ɛda adi sɛ nea enti a ɛte saa ne sɛ na Omri agye din, na ɔno na ɔkyekyee Israel ahenkurow Samaria nso.

Adanse biara nni hɔ a ɛfoa ka a Asiria hene kae sɛ Yehu maa no ayɛyɛde no so. Ɛno mpo no, ɔbɔɔ Yehu din mprɛnsa—biako wɔ nkaedum bi ho, biako wɔ Salmaneser honi ho, ɛnna biako nso wɔ Asiria ahemfo nhoma mu. Saa nsɛm a wɔaka afa Yehu ho no ma yegye di paa sɛ ɔbarima a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu yi yɛ obi a ɔtenaa ase ankasa.