Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?

Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?

Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?

‘Yakob Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.’—YES. 2:3.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na wubetumi asua biribi afi nneɛma a nnipa bi yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no mu?

WUNNYE ntom sɛ wubetumi anya Bible mu nsɛm so mfaso? Sɛ wokenkan Bible a, wubetumi ahu mmarima ne mmea anokwafo a wopɛ sɛ wusuasua sɛnea wɔbɔɔ wɔn bra ne wɔn su ahorow. (Heb. 11:32-34) Nanso, ebia wubehu nea mmarima ne mmea binom yɛe ne su a wɔdaa no adi a ɛrenyɛ papa sɛ wusuasua.

2 Nokwasɛm ne sɛ Bible ka nnipa bi ho asɛm sɛ wɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua, na bere koro no ara nso, wɔyɛɛ nneɛma bi a ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Susuw Dawid a na ɔyɛ oguanhwɛfo a ɔbrɛ ne ho ase na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhenkɛse no ho hwɛ. Ná ɔyɛ ɔnokwafo a ɔde ne ho too Yehowa so, na yebetumi asuasua no. Nanso, Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru, te sɛ Bat-Seba a ɔne no sɛee aware, Uria a ɔma wokum no, ne nnipa a ɔkan wɔn bere a ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa. Nanso, nea yɛpɛ sɛ yesusuw ne ho seesei ne Dawid ba Solomon a na ɔyɛ ɔhene na ɔsan yɛ Bible kyerɛwfo no. Yebedi kan ahwɛ nneɛma abien a ɔyɛe a yebetumi asuasua.

“Solomon Nyansa”

3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Solomon yɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua?

3 Solomon Ɔkɛseɛ a ɔne Yesu Kristo no kaa Ɔhene Solomon ho asɛm sɛ obi a ɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua no. Yesu ka kyerɛɛ Yudafo bi sɛ: “Wobenyan anafo fam hemmaa ne awo ntoatoaso yi aba atemmu no mu na obebu wɔn fɔ; efisɛ ofi asase ano betiee Solomon nyansa, nanso hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.” (Mat. 12:42) Nokwarem no, Solomon gyee din paa esiane ne nyansa nti, na ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛn nso yɛnhwehwɛ nyansa.

4, 5. Ɛyɛɛ dɛn na Solomon nyaa nyansa, nanso dɛn nti na ɔkwan a yɛbɛfa so anya nyansa no yɛ soronko wɔ ne de no ho?

4 Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ommisa no biribiara a ɔpɛ. Ná Solomon ankasa nim sɛ onni nimdeɛ pii, enti ɔsrɛɛ nyansa. (Monkenkan 1 Ahene 3:5-9.) Onyankopɔn ani sɔe sɛ Solomon srɛɛ nyansa na wammisa ahonyade ne anuonyam, enti ɔmaa no “nyansa ne ntease koma,” na ɔde ahonyade nso kaa ho. (1 Ahe. 3:10-14) Yesu kae sɛ na Solomon nyansa dɔɔso araa ma Saba hemmaa tee, na otwaa kwantenten baa Solomon hɔ betiee ne nyansa no bi.—1 Ahe. 10:1, 4-9.

5 Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebenya nyansa anwonwakwan so. Solomon kae sɛ “Yehowa na ɔma nyansa,” nanso ɔkyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na ama yɛanya nyansa. Ɔkae sɛ: ‘Yɛnwɛn yɛn aso mma nyansa, na yɛnkom yɛn koma mma nhumu.’ Solomon kae nso sɛ ɛsɛ sɛ ‘yesu frɛ’ nyansa na ‘yɛyere yɛn ho hwehwɛ’ na ‘yɛpɛ akyi kwan.’ (Mmeb. 2:1-6) Eyi kyerɛ sɛ yebetumi anya nyansa.

6. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Solomon nhwɛso no na yɛanya nyansa?

6 Ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘So mepɛ sɛ minya nyansa te sɛ Solomon?’ Esiane sɛ nnipa pii nnim ɔkyena asɛm nti, wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma pɛ sika. Na tebea koro yi ara na ɛkyerɛ sukuu a wɔbɛkɔ ne baabi a wɔbɛkɔ akodu. Na wo ne w’abusua nso ɛ? So gyinae a musisi da no adi sɛ morehwehwɛ Onyankopɔn nyansa te sɛ akorade? So ɛho hia sɛ mosesa adwene a mowɔ wɔ sika ne nhomasua ho sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi ayere mo ho anya nyansa pii? Nokwarem no, nyansa a yebenya na yɛde adi dwuma no bɛboa yɛn afebɔɔ. Solomon kyerɛwee sɛ: “Ɛno na wobɛte trenee ne atemmu ne teeyɛ ase; ɛno ne papayɛ akwan nyinaa.”—Mmeb. 2:9.

Ɔde Nokware Som Dii Kan Maa Asomdwoe Bae

7. Ɛyɛɛ dɛn na wosii asɔrefie fɛfɛ maa Onyankopɔn?

7 Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene ara pɛ no, ɔyɛe sɛ obesi asɔrefie fɛfɛ bi de asi ntamadan a na wɔde di dwuma wɔ Mose bere so no ananmu. (1 Ahe. 6:1) Ebia yɛbɛfrɛ no Solomon asɔrefie, nanso ɛnyɛ ɔno na odii kan de adwene no bae. Na na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔresi dan no de agye din sɛ obi a ɔwɔ adansi ho nimdeɛ anaa ɔdefo yamyefo bi kɛkɛ. Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ Dawid na odii kan nyaa adwene sɛ obesi asɔrefie no, ɛnna Onyankopɔn kyerɛɛ Dawid sɛnea wonsi asɔrefie no na wonsiesie mu. Dawid yii sika pii de boaa ɔdan no si. (2 Sam. 7:2, 12, 13; 1 Be. 22:14-16) Nanso, na ɛda Solomon ankasa so sɛ obesi asɔrefie no, na ɔde mfe ason ne fã na esii.—1 Ahe. 6:37, 38; 7:51.

8, 9. (a) Nnwuma pa bɛn na Solomon de animia yɛe a yebetumi asuasua? (b) Bere a Solomon de nokware som dii kan no, dɛn na ɛbae?

8 Yebetumi aka sɛ Solomon de animia yɛɛ nnwuma pa na ɔde nneɛma a ɛho hia dii kan. Eyi yɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua. Bere a wosii asɔrefie no wiei na wɔde apam adaka no sii mu no, Solomon bɔɔ mpae wɔ baguam. Ɔka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Bue w’aniwa hwɛ ofie yi awia ne anadwo, faako a wokae sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’ no, na tie mpae a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no.” (1 Ahe. 8:6, 29) Ná Israelfo ne ahɔho betumi de wɔn ani akyerɛ asɔrefie a wosii sɛ ɛnhyɛ Onyankopɔn din anuonyam no abɔ mpae.—1 Ahe. 8:30, 41-43, 60.

9 Dɛn na ɛbae bere a Solomon de nokware som dii kan no? Bere a wohyiraa asɔrefie no so wiei no, nkurɔfo no ‘ani gyei na wonyaa akomatɔyam adepa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.’ (1 Ahe. 8:65, 66) Mfe 40 a Solomon dii ade no, nkurɔfo no nyaa asomdwoe ne nneɛma pa pii. (Monkenkan 1 Ahene 4:20, 21, 25.) Dwom 72 ma yehu saa, na ɛboa yɛn ma yehu nhyira a yebenya wɔ Solomon Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, nniso ase no yiye.—Dw. 72:6-8, 16.

Nea Solomon Yɛe a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ Ma Yɛn

10. Mfomso kɛse bɛn na Solomon dii a yɛkae no ntɛm?

10 Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nneɛma a Solomon yɛe wɔ asetena mu no bi nso yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? Ebia nea wobɛkae no ntɛm ne ananafo mmea pii a ɔwaree wɔn ne ayefam a onyae. Yɛkenkan sɛ: “Solomon nkwakoraabere mu no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi; ne koma anni mũ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn ho.” (1 Ahe. 11:1-6) Yennye nni sɛ yɛn mu biara pɛ sɛ osuasua mfomso a odii no bi da. Nanso so ɛno nkutoo ne ade a Solomon yɛe a ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? Sɛ yɛhwehwɛ n’asetena mu kɔ akyiri kakra a, yebehu nneɛma bi a yɛtaa bu yɛn ani gu so a ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn.

11. Dɛn na yebetumi aka afa Solomon aware a edi kan no ho?

11 Solomon dii ade mfe 40. (2 Be. 9:30) Enti, dɛn na yehu fi asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 14:21 mu? (Monkenkan.) Saa kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ bere a Solomon wui no, ne ba Rehoboam bɛyɛɛ ɔhene bere a na wadi mfe 41. Ná ne maame yɛ Ammonni a ɔde Naama. Eyi kyerɛ sɛ ansa na Solomon rebɛyɛ ɔhene no, na waware ɔnanani bea bi dedaw. Ná ɔbea no fi ɔman a na wɔne Israelfo nka a wɔsom abosom mu. (Atem. 10:6; 2 Sam. 10:6) Ná ɔbea no nso som abosom anaa? Sɛ bere bi na ɔsom abosom mpo a, ebia ogyaee na ɔbɛsom nokware Nyankopɔn no sɛnea Rahab ne Rut yɛe no. (Rut 1:16; 4:13-17; Mat. 1:5, 6) Sɛ saa na ɛte mpo a, aware no nti, ɛbɛyɛ sɛ Solomon nyaa nsenom ne abusuafo a wɔyɛ Amonfo a wɔnsom Yehowa.

12, 13. Bere a Solomon fii ase dii ade no, mfomso kɛse bɛn na odii, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa?

12 Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, nneɛma sɛee koraa. Solomon “ne Egypt hene Farao dii ayeware, na ɔkɔwaree Farao babea de no baa Dawid Kurow mu.” (1 Ahe. 3:1) So Egyptni bea yi bɛyɛɛ Yehowa somfo sɛnea Rut yɛe no? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛɛ saa. Mmom bere bi akyi no, Solomon sii ofie maa no wɔ Dawid Kurow no akyi (na ebia osii bi nso maa ɔbea no mmaawa a wɔyɛ Egyptfo). Dɛn nti na osii ofie no wɔ kurow no akyi? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ na ɛmfata sɛ obi a ɔsom atoro anyame bɛtena abɛn apam adaka no.—2 Be. 8:11.

13 Ɛbɛyɛ sɛ Solomon nyaa adwene sɛ, sɛ ɔware Egyptni bea a, ɛbɛboa ma Israel ne Egypt anya ayɔnkofa a emu yɛ den. Nanso ɛno ntumi nyɛ anoyi a ɛfata. Ná Onyankopɔn abara fi bere tenteenten sɛ mma wɔnware Kanaanfo abosonsomfo no. Ɔhyɛɛ da bobɔɔ aman no bi mpo din. (Ex. 34:11-16) So ebetumi aba sɛ Solomon nyaa adwene sɛ Egypt nka aman a wɔbobɔɔ din no ho ma enti obetumi aware ɔbea afi hɔ? Sɛ ɛno na ogyinaa so yɛɛ saa mpo a, so na ntease wom? Nea Solomon yɛe no kyerɛ sɛ na ɔrebu n’ani agu asiane a na Yehowa adi kan aka ho asɛm so. Ná Yehowa aka sɛ, sɛ Israelni bi ware ɔnanani a, ɔbɛma waman afi nokware som ho akɔsom abosom.—Monkenkan Deuteronomium 7:1-4.

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama nea Solomon yɛe no ayɛ kɔkɔbɔ ama yɛn?

14 So nea Solomon yɛe no bɛyɛ kɔkɔbɔ ama yɛn? Ebia onuawa bi de nsɛm beyiyi ne ho ano na wabu n’ani agu ahyɛde a Onyankopɔn de ama sɛ yɛnware “Awurade mu nkutoo” no so. (1 Kor. 7:39) Ebia yɛde nsɛm foforo beyi yɛn ho ano. Ɛho nhwɛso bi ni: Obi betumi aka sɛ biribi nti ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ sukuu agodie anaa kuw bi mu, anaasɛ ɔrenkyerɛ sika dodow a onya fi adwuma a ɔyɛ mu na watua ɛho tow a ɛfata, anaasɛ obedi atoro bere a wɔabisa no biribi a wayɛ na amma n’anim angu ase. Asɛm no ne sɛ, ebia Solomon de nsɛm bi yii ne ho ano wɔ Onyankopɔn mmara ho, na yɛanhwɛ yiye a, afiri a ɛte saa betumi ayi yɛn nso.

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa huu Solomon mmɔbɔ, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

15 Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ na Solomon aware ɔnanani bea, nanso ɛno akyi mpo no, Onyankopɔn de nyansa a ɔsrɛe no maa no, na ɔsan de ahonyade kaa ho. (1 Ahe. 3:10-13) Ná Solomon abu n’ani agu Onyankopɔn mmara so, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa poo no sɛ ɔhene ntɛm ara anaasɛ ɔtwee n’aso denneennen. Nea enti a Onyankopɔn anyɛ saa ne sɛ, onim sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin; yɛyɛ mfutuma. (Dw. 103:10, 13, 14) Nanso kae nokwasɛm yi: Nea yɛyɛ no, sɛ yɛantwa so aba nnɛ a, ebia yebetwa so aba daakye.

Ɔwaree Mmea Pii

16. Bere a Solomon ware mmea pii no, mmara bɛn na obuu n’ani guu so?

16 Ɔhene Solomon kamfoo ababaa bi wɔ Solomon Dwom no mu sɛ ne ho yɛ fɛ sen ahemmaa 60 ne ayefam 80. (Nmd. 6:1, 8-10) Sɛ asɛm yi fa Solomon yerenom ne n’ayefam ho a, ɛnde saa bere no na wasoa mmea pii agu ne ho so. Sɛ na wɔn mu dodow no ara anaa wɔn nyinaa som Onyankopɔn mpo a, na Solomon abu n’ani agu Onyankopɔn mmara so efisɛ na ɔnam Mose so ahyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Israel hene ware “mmea bebree na ne koma amman.” (Deut. 17:17) Saa bere no nso, Yehowa ampo Solomon. Nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn hyiraa Solomon, na ɔma ɔkyerɛw Bible nhoma a ɛne Solomon Dwom no.

17. Nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

17 So eyi kyerɛ sɛ na Solomon betumi abu n’ani agu Onyankopɔn mmara so na wafa ne ho adi, na yɛn nso yebetumi ayɛ saa afa yɛn ho adi anaa? Dabi. Mmom no, ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ abotare kɛse. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Onyankopɔn somfo bi bu ne mmara so na wantwa so aba ntɛm a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔrentwa so aba koraa. Kae sɛ Solomon kyerɛwee sɛ: “Nnebɔne a wommu ho atɛn ntɛm nti, nnipa mma ayɛ wɔn adwene sɛ wobedi bɔne.” Ɔde kaa ho sɛ: “Minim sɛ ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye, osuro a wɔwɔ no nti.”—Ɔsɛnk. 8:11, 12.

18. Ɔkwan bɛn so na Solomon asɛm no ma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Galatifo 6:7 no yɛ nokware?

18 Awerɛhosɛm ne sɛ Solomon antie saa nokwasɛm no. Ná wayɛ nneɛma pa pii ma Yehowa ahyira no. Nanso bere rekɔ so no, odii mfomso toatoaa so. Ɛbɛyɛɛ ne su sɛ obebu Yehowa mmara so. Hwɛ sɛnea asɛm a honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw akyiri yi yɛ nokware! Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe. Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Gal. 6:7) Bere a Solomon buu Onyankopɔn mmara so no, otwaa so aba akyiri yi. Yɛkenkan sɛ: “Ɔhene Solomon dɔɔ mmea ananafo pii kaa Farao babea no ho: Moabfo, Ammonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hitifo mmea.” (1 Ahe. 11:1) Ebetumi aba sɛ saa mmea no mu pii annyae wɔn abosom no akyi di, na enyaa Solomon so nkɛntɛnso. Ɔmanee, na ɔhweree yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ abotare no anim dom.—Monkenkan 1 Ahene 11:4-8.

Sua Biribi Fi Nneɛma Pa ne Nneɛma Bɔne a Ɔyɛe no Mu

19. Dɛn nti na wubetumi aka sɛ nhwɛso pa pii wɔ Bible mu?

19 Yehowa de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Rom. 15:4) Nneɛma a wɔakyerɛw ama yɛn no bi fa mmarima ne mmea pii a wɔdaa gyidi soronko adi a yebetumi asuasua wɔn ho. Paulo kae sɛ: “Dɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo nkae no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me; wɔn na wɔnam gyidi so ko dii ahenni horow so nkonim, wɔmaa adetrenee kɔɔ so, nyaa bɔhyɛ ahorow, . . . nyaa ahoɔden bere a wɔyɛɛ mmerɛw.” (Heb. 11:32-34) Sɛ yedi wɔn a wɔyɛɛ nneɛma pa wɔ Bible mu no nhwɛso akyi a, ebetumi aboa yɛn.

20, 21. Dɛn nti na woasi wo bo sɛ wubesua biribi afi nhwɛso ahorow a ɛwɔ Bible mu no mu?

20 Nanso nnipa bi wɔ Bible mu a wɔn ho asɛm yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Ná wɔn mu binom yɛ mmarima ne mmea a bere bi na wɔsom Yehowa na wonyaa n’anim dom. Sɛ yɛkenkan Bible a, yebehu nea Onyankopɔn nkurɔfo bi yɛe a na ɛmfata sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensuasua wɔn nhwɛso no. Yebehu sɛ ebinom fii ase manee nkakrankakra esiane adwene a ɛmfata a wonyae nti, na awiei koraa no wotwaa so aba bɔne. Dɛn na yebetumi asua afi nsɛm a ɛte saa mu? Yebetumi abisa yɛn ho nsɛm te sɛ: ‘Dɛn na ɛma wonyaa adwene a ɛmfata? So me nso metumi anya saa adwene no bi? Dɛn na metumi asua afi wɔn nhwɛso no mu na manni mfomso koro no ara bi?’

21 Ɛho hia sɛ yesusuw nhwɛso ahorow yi ho anibere so efisɛ honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Eyinom too wɔn sɛ sɛnnahɔ, na wɔakyerɛw de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.”—1 Kor. 10:11.

Dɛn na Woasua?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nhwɛso pa ne nhwɛso a ɛmfata nyinaa bi wɔ Bible mu?

• Ɛyɛɛ dɛn na Solomon dii mfomso toatoaa so?

• Wobɛyɛ dɛn ama Solomon nhwɛso no ayɛ kɔkɔbɔ ama wo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Solomon de Onyankopɔn nyansa yɛɛ adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 12]

So wobɛma Solomon nhwɛso no ayɛ kɔkɔbɔ ama wo?