Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan?

“Wone me Nyankopɔn. Wo honhom ye; ma ɛnkyerɛ me kwan.”—DW. 143:10.

1. Dɛn na ɛma twebo tumi twe nneɛma a wɔde dade ayɛ?

WODE twebo ato paane ho pɛn? Ebia wuhui sɛ twebo no twee paane no ntɛm ara. Dɛn na ɛma etumi twee no? Nea enti a etumi yɛɛ saa ne sɛ tumi bi wɔ twebo mu a aniwa nhu a etumi twe nneɛma a wɔde dade ayɛ. Efi teteete, sɛ nneɛma a wɔde dade ayɛ te sɛ paane tɔ fam a, nnipa de twebo hwehwɛ.

2, 3. (a) Tumi bɛn na Yehowa de yɛɛ adwuma mfe ɔpepem pii a atwam no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi no bɛkyerɛ yɛn kwan nnɛ?

2 Tumi foforo bi a aniwa nhu wɔ hɔ a ɛho hia paa. Ɛno de, etumi kyerɛ yɛn kwan. Ɛyɛ tumi bɛn? Ɛno ne tumi a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a edi kan no mfiase. Genesis nhoma no ka nea Yehowa yɛe mfe ɔpepem pii a atwam ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” Yenim sɛ ɔde tumi bi a ano yɛ den paa na ɛbɔɔ nneɛma, efisɛ Bible toa so sɛ: “Onyankopɔn adeyɛ tumi dii akɔneaba.” (Gen. 1:1, 2) Tumi bɛn na na Onyankopɔn de reyɛ adwuma? Ɛno ne honhom kronkron a ɛyɛ n’adeyɛ tumi no. Sɛ ɛnyɛ Yehowa honhom no a ɔde yɛɛ nneɛma nyinaa a, anka yɛnte ase.—Hiob 33:4; Dw. 104:30.

3 Sɛ́ nnipa a yɛte ase a yɛhome no, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi no bɛboa yɛn wɔ ɔkwan foforo so wɔ yɛn asetena mu? Onyankopɔn ankasa Ba Yesu ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan saa, efisɛ ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: ‘Honhom no bɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu.’ (Yoh. 16:13) Dɛn ne saa honhom no? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan?

Dɛn ne Honhom Kronkron?

4, 5. (a) Adwene a ɛnteɛ bɛn na nnipa a wogye Baasakoro nkyerɛkyerɛ di wɔ wɔ honhom kronkron ho? (b) Dɛn ankasa ne honhom kronkron?

4 Ɛda adi sɛ nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no mu bi gye Baasakoro nkyerɛkyerɛ di. Enti wɔka sɛ honhom kronkron yɛ honhom abɔde a ɛne Agya Nyankopɔn yɛ pɛ. (1 Kor. 8:6) Nanso Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ne Kyerɛwnsɛm no nhyia.

5 Ɛnde, dɛn ne honhom kronkron? Wɔtaa kyerɛɛ Hebri asɛmfua ruʹach a wɔde dii dwuma wɔ Genesis 1:2 no ase “honhom,” nanso wotumi kyerɛ ase sɛ “mframa” anaa tumi bi a aniwa nhu. (Fa toto Genesis 3:8; 8:1 ho.) Ɛwom sɛ yenhu mframa de, nanso yetumi hu nneɛma a mframa yɛ. Saa ara na yɛmfa yɛn aniwa nhu honhom kronkron sɛ onipa bi nanso etumi yɛ nneɛma pii. Saa honhom yi yɛ ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ a ɔde yɛ adwuma wɔ nkurɔfo anaa nneɛma so de yɛ n’apɛde. So ɛsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegye adi sɛ tumi a ɛyɛ nwonwa a ɛte saa fi ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no hɔ? Dabida!—Monkenkan Yesaia 40:12, 13.

6. Dɛn na Dawid srɛ fii Yehowa hɔ?

6 So Yehowa betumi akɔ so de ne honhom no akyerɛ yɛn kwan wɔ asetena mu? Ɔhyɛɛ odwontofo Dawid bɔ sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.” (Dw. 32:8) So na Dawid ani gye ho sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ no kwan? Yiw, na n’ani gye ho, efisɛ ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ nea wopɛ, na wone me Nyankopɔn. Wo honhom ye; ma ɛnkyerɛ me kwan.” (Dw. 143:10) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ Onyankopɔn honhom bɛkyerɛ yɛn kwan. Dɛn ntia? Yɛbɛhwɛ nneɛma anan nti a ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan.

Yɛrentumi Nkyerɛ Yɛn Ho Kwan

7, 8. (a) Dɛn nti na yɛrentumi nkwati Onyankopɔn nkyerɛ yɛn ho kwan? (b) Ma mfatoho fa kyerɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmusu sɛ yɛn ankasa bɛkyerɛ yɛn ho kwan wɔ wiase bɔne yi mu.

7 Ade a edi kan nti ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan ne sɛ yɛn ankasa ntumi nkyerɛ yɛn ho kwan. Sɛ yɛkyerɛ obi kwan a, yɛma ohu ɔkwan pa a ɔbɛfa so. Yehowa ammɔ yɛn sɛ yɛn ankasa nkyerɛ yɛn ho kwan. Na esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yedi mfomso pii bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn ho kwan no. Yehowa diyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “O Awurade, mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam: onipa nni tumi a ɔde bɛkyerɛ n’anammɔn kwan.” (Yer. 10:23, The Bible in Basic English) Dɛn nti na yɛrentumi nkyerɛ yɛn ho kwan? Onyankopɔn faa Yeremia so ma yehuu nea enti a ɛte saa. Yehowa kae sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew. Hena na obetumi ahu mu?”—Yer. 17:9; Mat. 15:19.

8 Fa no sɛ obi pɛ sɛ ɔfa kwaebirentuw bi mu kɔ baabi. So ɛbɛyɛ papa sɛ ɔno nkutoo bɛkɔ bere a obi anaa biribiara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ no kwan? Sɛ onipa no mfaa kwae a ɛte saa mu da, na onnim ɔkwan a ɔbɛfa so akodu baabi a ɔrekɔ no a, ɛnde na ɔde ne nkwa reto asiane mu. Saa ara na ɛte bere a obi susuw sɛ obetumi akyerɛ ne ho kwan wɔ wiase bɔne yi mu a ɔmma Onyankopɔn nkyerɛ no ɔkwan pa a ɔbɛfa so. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛyɛ asiane kɛse ama no. Ade a ebetumi aboa yɛn ma yɛafa wiase bɔne yi mu ara ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ahwehwɛ Yehowa mmoa  sɛnea Dawid yɛe no. Ɔkae sɛ: “Ma m’anammɔn mfa w’akwan mu, ɛno na me nan renhinhim.” (Dw. 17:5; 23:3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akwankyerɛ a ɛte saa?

9. Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 17 no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi akyerɛ yɛn kwan yiye?

9 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase de yɛn ho to Yehowa so a, ɔde ne honhom kronkron no bɛma yɛn ma akyerɛ yɛn kwan. Ɔkwan bɛn so na saa adeyɛ tumi no bɛboa yɛn? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Ɔboafo no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara akaakae mo nea maka akyerɛ mo nyinaa.” (Yoh. 14:26) Sɛ yɛbɔ mpae na yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yesua Kristo nsɛm a ɔkae nyinaa nso a, honhom kronkron bɛma yɛate Yehowa nyansa a emu dɔ ase yiye, na ama yɛatumi ayɛ n’apɛde. (1 Kor. 2:10) Bio nso, sɛ nneɛma a yɛnhwɛ kwan si wɔ yɛn asetena mu a, honhom no bɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Honhom no bɛboa yɛn ma yɛakaakae Bible mu nsɛm a yɛasua dedaw na yɛatumi de asi gyinae pa.

Onyankopɔn Honhom Kyerɛɛ Yesu Kwan

10, 11. Dɛn na na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no hwɛ kwan sɛ honhom kronkron bɛyɛ ama no, na ɔkwan bɛn so na ɛboaa no?

10 Ade a ɛto so abien nti a ɛsɛ sɛ yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan ne sɛ Onyankopɔn de kyerɛɛ n’ankasa Ba no kwan. Ansa na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no reba asase so no, na onim nkɔmhyɛ a edi so yi. Ɛka sɛ: “Yehowa honhom besi no so, nyansa ne ntease honhom, afotu ne tumi honhom, nimdeɛ ne Yehowa suro honhom.” (Yes. 11:2) Ná asase so asetena renyɛ mmerɛw mma Yesu. Enti hwɛ sɛnea na n’ani gye ho sɛ ɔbɛma Onyankopɔn honhom aboa no!

11 Asɛm a Yehowa kae no baa mu. Luka Asɛmpa no ka nea esii wɔ Yesu asubɔ akyi pɛɛ kyerɛ yɛn. Ɛka sɛ: “Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no mã no dan ne ho fii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ sare so.” (Luka 4:1) Bere a na Yesu wɔ sare so redi mmuada na ɔrebɔ mpae dwinnwen nneɛma ho no, ɛda adi sɛ Yehowa maa no akwankyerɛ na osiesiee no maa nneɛma a na ɛda n’anim no. Ná Onyankopɔn adeyɛ tumi reyɛ adwuma wɔ Yesu adwene ne ne koma so, na ɛkyerɛɛ no sɛnea obesusuw nneɛma ho ne sɛnea obesisi gyinae. Ɛno nti, na Yesu nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ tebea biara mu, na ɔyɛɛ nea na n’Agya pɛ sɛ ɔyɛ pɛpɛɛpɛ.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔde ne honhom kyerɛ yɛn kwan?

12 Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn honhom ho hia wɔ n’ankasa asetena mu, enti ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wommisa honhom kronkron na wɔmma ɛnkyerɛ wɔn kwan. (Monkenkan Luka 11:9-13.) Dɛn nti na ehia sɛ yɛn nso yɛyɛ saa? Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ ebetumi asesa yɛn adwene ma asɛ Kristo adwene. (Rom. 12:2; 1 Kor. 2:16) Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi asusuw nneɛma ho te sɛ Kristo na yɛasuasua ne nhwɛso.—1 Pet. 2:21.

Wiase Honhom Bɛma Yɛafom Kwan

13. Dɛn ne wiase honhom no, na dɛn na ɛma nkurɔfo yɛ?

13 Ade a ɛto so abiɛsa nti a ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan ne sɛ, sɛ yɛamma ankyerɛ yɛn kwan a, honhom foforo bɛma yɛafom kwan. Saa honhom yi ne wiase honhom a ɛrekyerɛ nnipa dodow no ara kwan nnɛ no. Eyi yɛ honhom a ano yɛ den a ɛma nkurɔfo yɛ nneɛma a ɛne nea honhom kronkron ma yɛyɛ no nhyia koraa. Wiase honhom no mma nkurɔfo nnya Kristo adwene, na mmom, ɛma wosusuw nneɛma ho te sɛ Satan a ɔne wiase sodifo no, na wɔyɛ wɔn ade te sɛ ɔno. (Monkenkan Efesofo 2:1-3; Tito 3:3.) Sɛ obi ma wiase honhom no kyerɛ no kwan na ofi ase yɛ ɔhonam nnwuma no a, nea ebefi mu aba no nye koraa; ɔrennya Onyankopɔn Ahenni.—Gal. 5:19-21.

14, 15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia wiase honhom no?

14 Yehowa ama yɛn nea yehia a yɛde bɛko atia wiase honhom no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ ‘yɛnkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu na ama yɛatumi adi asi da bɔne no.’ (Efe. 6:10, 13) Yehowa nam ne honhom so hyɛ yɛn den ma yetumi gyina pintinn na Satan annaadaa yɛn. (Adi. 12:9) Wiase honhom no ano yɛ den, na yɛrentumi nkwati korakora. Nanso, yebetumi ako atia. Honhom kronkron ano yɛ den sen no koraa, na ɛbɛboa yɛn!

15 Afeha a edi kan no mu no, nnipa bi fii nokware no mu, na ɔsomafo Petro kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔafi ɔkwan tẽẽ no so ma wɔadaadaa wɔn.” (2 Pet. 2:15) Hwɛ sɛnea yebetumi ama yɛn ani agye sɛ “ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ”! (1 Kor. 2:12) Sɛ yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan, na afei yɛde nneɛma a Yehowa de ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn mma abusuabɔ a yɛne no wɔ nkɔ so nyɛ den no di dwuma yiye a, yebetumi ako atia wiase bɔne yi honhom no.—Gal. 5:16.

Honhom Kronkron Sow Aba Pa

16. Aba bɛn na honhom kronkron ma yɛsow?

16 Ade a ɛto so anan nti a ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan ne sɛ ɛma wɔn a ɛkyerɛ wɔn kwan no sow aba pa. (Monkenkan Galatifo 5:22, 23.) Yɛn mu hena na ɔmpɛ sɛ ɔda ɔdɔ kɛse adi, na onya anigye ne asomdwoe pii? Yɛn mu hena na ɔmpɛ sɛ ɔda abodwokyɛre, ayamye, ne papayɛ adi kɛse? Yɛn mu hena na sɛ onya gyidi a emu yɛ den, na ɔda odwo ne ahosodi adi kɛse a, ɛremmoa no? Onyankopɔn honhom ma yenya su a ɛyɛ fɛ a ɛboa yɛne yɛn abusuafo ne asafo no mufo. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bere nyinaa sɛ yɛbɛda honhom no aba adi, efisɛ yɛrentumi nka sɛ sɛ wunya honhom no aba kodu baabi a na wapem.

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada honhom no aba adi kɛse?

17 Nyansa wom sɛ yebisa yɛn ho asɛm yi: So yɛn kasa ne yɛn nneyɛe da no adi sɛ honhom kronkron na ɛkyerɛ yɛn kwan ma enti yɛresow n’aba anaa? (2 Kor. 13:5a; Gal. 5:25) Sɛ yehu sɛ yɛtɔ sin wɔ honhom no aba no afã bi mu a, yebetumi ama kwan ma honhom kronkron akyerɛ yɛn kwan na yɛanya su a yehia no. Ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yɛde Bible ne Kristofo nhoma ahorow besua honhom no aba no fã biara ho ade. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛnea yebetumi ada honhom no aba no adi wɔ yɛn asetena mu da biara da na yɛayere yɛn ho ada no adi kɛse. * Sɛ yehu nneɛma pa a Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan ma yɛyɛ wɔ yɛn ankasa asetena mu ne yɛn mfɛfo Kristofo asetena mu a, ɛma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan no paa.

So Worema Onyankopɔn Honhom Akyerɛ Wo Kwan?

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu na yɛama Onyankopɔn honhom no akyerɛ yɛn kwan?

18 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn honhom kronkron yɛ tumi a ɛboaa Yesu bere a na ɔwɔ asase so no. Ná ɔpɛ sɛ honhom no kyerɛ no kwan. Biribiara a honhom no bɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔyɛ. (Mar. 1:12, 13; Luka 4:14) So wo nso woma Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan sɛnea Yesu yɛe no?

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama honhom kronkron akyerɛ yɛn kwan?

19 Ɛnnɛ nso, sɛ obi pɛ sɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade no kyerɛ no kwan a, ebetumi akyerɛ no kwan. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama honhom no de wo afa ɔkwan pa so? Bɔ Yehowa mpae bere nyinaa sɛ ɔmfa ne honhom no mma wo na ɔmmoa wo mma ɛnkyerɛ wo kwan. (Monkenkan Efesofo 3:14-16.) Sɛ wobɔ mpae a, yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan. Ɔkwan titiriw a wobɛfa so ne sɛ wubesua Bible a ɔnam ne honhom kronkron so ma wɔkyerɛwee no. (2 Tim. 3:16, 17) Tie akwankyerɛ pa a ɛwɔ Bible mu no na gye akwankyerɛ a honhom kronkron de ma no tom. Sɛ woyɛ eyinom a, ɛkyerɛ sɛ wugye di sɛ Yehowa betumi akyerɛ wo ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so wɔ wiase bɔne yi mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Sɛ wopɛ honhom aba no ho nsɛm pii a, hwɛ w07 7/15 24-25; w03 1/15 11; w02 1/15 17; w95 1/15 16; w01 11/1 14-15; w03 7/1 6; w01 1/1 22; w03 4/1 15, 19-20; w03 10/15 14.

So Wokae Nsɛntitiriw a Ɛwom No?

• Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron betumi aboa yɛn wɔ yɛn asetena mu?

• Nneɛma anan bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan?

• Dɛn na wubetumi ayɛ na ama honhom kronkron de wo afa ɔkwan pa so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛɛ Yesu kwan

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn a wɔpɛ no kwan