Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Yare Nsɛe W’anigye

Mma Yare Nsɛe W’anigye

Mma Yare Nsɛe W’anigye

FA NO sɛ woasɔre anɔpa, na wo yam a anka ade ankye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ade akye bio ma wo honam rebetutu wo anaasɛ worebedi yaw. Ebia wobɛte nka sɛ Hiob a ɔkae sɛ: “Mepɛ owu mmom sen m’amanehunu nyinaa” no. (Hiob 7:15, The New English Bible) Na sɛ yare no annyae na ɛkɔ so haw wo mfe pii nso ɛ?

Saa na ɛtoo Mefiboset a na ɔyɛ Ɔhene Dawid adamfo Yonatan babarima no. Bere a Mefiboset dii mfe anum no, ‘ɔhwee fam, na obubui.’ (2 Sam. 4:4) Esiane sɛ na wadi dɛm dedaw nti, ɛbɛyɛ sɛ bere a wotwaa atoro too no so sɛ wayi ɔhene no ama na n’agyapade fii ne nsa no, awerɛhow menee no. Nanso, ɔkɔɔ so daa ne ho adi sɛ obi a ɔyɛ nhwɛso pa wɔ sɛnea wogyina ahoɔmmerɛw, dinsɛe, ne abasamtu ano a wamma nneɛma a ɛte saa ansɛe n’anigye ho.—2 Sam. 9:6-10; 16:1-4; 19:24-30.

Onipa foforo a ɔno nso huu amane ne ɔsomafo Paulo. Bere bi, ɔkyerɛw “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛsɛ sɛ ogyina ano ho asɛm. (2 Kor. 12:7) Ɛbɛyɛ sɛ nsɔe a ɔkaa ho asɛm no yɛ yare bi a ɛhaw no bere tenteenten, anaasɛ ebetumi aba sɛ na efi nkurɔfo a wɔkasa tiaa no sɛ ɔnyɛ ɔsomafo no. Sɛnea ɛte biara no, ɔhaw no amfi no so, na ɔtee yaw wɔ ne nipadua mu anaasɛ ɛma ɔteetee.—2 Kor. 12:9, 10.

Ɛnnɛ yare a ne ko yɛ den a ɛma obi yɛ mmerɛw ka Onyankopɔn asomfo binom anaa wɔfa ateetee mu. Bere a Magdalena dii mfe 18 no, wɔyɛɛ ne nipadua mu nhwehwɛmu hui sɛ nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia yare reko tia n’ankasa nipadua. Ɔkae sɛ, “Me koma tui. Bere rekɔ so no, me yare no mu yɛɛ den, na nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, sɛ mididi a na me nipadua ntumi nyam aduan no, m’anom yɛɛ kuru, na minyaa menewa mu yare nso.” Izabela nso refa tebea bi a ɛyɛ den sɛ wobehu nea ɛreyɛ no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Minyaa adwenemhaw fi me mmofraase. Eyi ma mebɔ birimbirim, mehome a ensi so, na me yam nso tumi kaw me. Sɛ ɛba saa a, na mayɛ hodwoo.”

Gye Wo Tebea no Tom

Yare ne ahoɔmmerɛw betumi ama w’asetena ayɛ basaa. Sɛ ɛba saa a, eye sɛ wobɛtena ase asusuw wo tebea no ho yiye. Ebetumi ayɛ den sɛ wubegye wo tebea no atom. Magdalena kae sɛ: “Me yare no mu kɔ so yɛ den. Metaa yɛ hodwoo ma enti ɛyɛ den ma me sɛ mɛsɔre afi mpa so. Esiane sɛ me yare no tumi ba bere biara nti, ɛyɛ den ma me paa sɛ mɛyɛ nhyehyɛe ato hɔ. Ade a ɛhaw me paa ne sɛ, mintumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu sɛnea na meyɛ kan no.”

Zbigniew kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere rekɔ so no, ɔkwaha ma meyɛ mmerɛw, na ɛsɛe m’apɔw so. Ɛtɔ mmere bi na sɛ etutu me a, mintumi nyɛ nnwuma nketenkete mpo. Ɛba saa a, na mayɛ basaa.”

Mfe bi a atwam no, wɔyɛɛ Barbara nipadua mu nhwehwɛmu hui sɛ biribi ahon n’amemene mu a yɛ ara na ɛreyɛ kɛse. Ɔkae sɛ: “Me nipadua asakra prɛko pɛ. Ɛyɛ a meyɛ mmerɛw, me ti taa pae me, na mintumi mfa m’adwene nsi nneɛma so. Esiane sɛ mintumi nyɛ nneɛma pii nti, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae pii wɔ m’asetena mu.”

Saa nnipa yi nyinaa yɛ nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Wɔ wɔn fam no, ade a ehia wɔn paa ne sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so koraa, na ɔboa wɔn.—Mmeb. 3:5, 6.

Ɔkwan Bɛn na Yehowa Fa so Boa Yɛn?

Sɛ yare bi bɔ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa ani nsɔ yɛn. (Kwa. 3:33) Wo de, susuw nea ɛtoo Hiob ɛmfa ho sɛ na “ne ho nni asɛm na ɔteɛ” no ho hwɛ. (Hiob 1:8) Onyankopɔn mfa nnebɔne nsɔ obiara nhwɛ. (Yak. 1:13) Yare nyinaa, a yare a ne kõ yɛ den ne ɛyaw di ka ho, yɛ adebɔne a yenya fii yɛn awofo a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa hɔ.—Rom. 5:12.

Nanso, Yehowa ne Yesu rennyaw treneefo a wɔremmoa wɔn. (Dw. 34:15) Bere a yehyia nsɛnnennen wɔ yɛn asetena mu titiriw na yehu sɛ Onyankopɔn yɛ ‘yɛn guankɔbea ne yɛn abannennen’ ampa. (Dw. 91:2) Enti sɛ worefa tebea bi a ɛyɛ den sɛ wubegyina ano mu a, dɛn na ebetumi aboa wo na woakɔ so anya anigye?

Mpaebɔ: Wubetumi asuasua nhwɛso a Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no na wode w’adesoa ato yɛn soro Agya no anim wɔ mpaebɔ mu. (Dw. 55:22) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” Saa asomdwoe no ‘bɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban.’ (Filip. 4:6, 7) Esiane sɛ Magdalena bɔ mpae de ne ho to Onyankopɔn so nti, otumi gyina ne yare a ɛma ɔyɛ mmerɛw no ano. Ɔka sɛ: “Me komam a mifi bɔ Yehowa mpae no ma minya ahotɔ, na ɛma mesan nya anigye. Afei na mahu nea to a obi de ne ho bɛto Onyankopɔn so da biara da no kyerɛ ankasa.”—2 Kor. 1:3, 4.

Yehowa betumi afa ne honhom kronkron, n’Asɛm, ne wo nuanom Kristofo so ahyɛ wo den de abua wo mpaebɔ. Worenhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛfa anwonwakwan so asa wo yare. Nanso, wubetumi de wo ho ato no so ma wama wo nyansa ne akokoduru a wode begyina amanehunu biara ano. (Mmeb. 2:7) Obetumi ahyɛ wo den na wama wo “tumi a ɛboro onipa de so.”—2 Kor. 4:7.

Abusua: Wo fiefo da ɔdɔ ne tema adi wɔ fie a, ebetumi aboa wo ma woagyina yare ano. Nanso ma ɛntena w’adwenem sɛ w’adɔfo nso hu amane. Wɔn nso abam betumi abu te sɛ wo ara. Nanso wɔbɛboa wo, wɔ mmere a emu yɛ den mu mpo. Sɛ mobom bɔ mpae a, ɛbɛboa wo ma woanya akomatɔyam.—Mmeb. 14:30.

Barbara ka ne babea ne mmabaa foforo a wɔwɔ asafo no mu ho asɛm sɛ: “Wɔboa me wɔ asɛnka mu. Sɛnea wɔyɛ nsi no hyɛ me nkuran, na ɛma m’ani gye.” Zbigniew ani sɔ mmoa a ne yere de ma no no paa. Ɔka sɛ: “Ɔno na ɔyɛ ofie nnwuma dodow no ara. Ɔsan nso boa me ma misiesie me ho, na mpɛn pii no sɛ yɛrekɔ Kristofo nhyiam anaa asɛnka a, ɔno na okura me bag.”

Mfɛfo gyidifo: Sɛ yɛwɔ yɛn mfɛfo gyidifo mu a, yenya nkuranhyɛ ne awerɛkyekye. Nanso sɛ woyare no mma wuntumi nkɔ asafo nhyiam ahorow nso ɛ? Magdalena ka sɛ: “Asafo no ma minya nhyiam no so mfaso denam nsɛm a wɔkyere gu kasɛt so brɛ me no so. Me mfɛfo asomfo taa frɛ me bisa me nneɛma foforo a wobetumi ayɛ de aboa me. Wɔkyerɛw nkrataa bɛhyɛ me nkuran nso. Nim a minim sɛ wɔkae me na wodwen me ho no boa me ma mitumi gyina yare no ano.”

Izabela a ɔwɔ adwenemhaw no ka sɛ: “Mewɔ ‘agyanom’ ne ‘ɛnanom’ pii wɔ asafo no mu a wotie m’asɛm na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte mase. M’abusua ne asafo no, emu na minya asomdwoe ne anigye.”

Wɔn a wohyia sɔhwɛ ahorow no bɔ mmɔden sɛ ‘wɔrentew wɔn ho.’ Mmom no, wɔn ani sɔ fekuw a wɔne asafo no mufo bɔ no paa. (Mmeb. 18:1) Enti wɔbɛyɛ nnipa a wɔhyɛ afoforo nkuran paa. Ebia mfiase no w’ani rennye ho papa sɛ wobɛma wo nuanom mmarima ne mmea ahu nea wuhia. Nanso wo mfɛfo gyidifo ani begye ho sɛ wobɛma wɔahu nea wuhia biara. Ɛbɛma wɔanya hokwan ada “onuadɔ a nyaatwom nnim” adi akyerɛ wo. (1 Pet. 1:22) Dɛn nti na womma wonhu sɛ wubehia kar a wode bɛkɔ asafo nhyiam, w’ani begye ho sɛ wo ne wɔn bɛkɔ asɛnka, anaa wopɛ sɛ wo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ na woka wo kokoam nsɛm kyerɛ wɔn? Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nhyɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea wɔyɛ ma yɛn no ho anisɔ.

Nya adwempa: Mpɛn pii no, ade titiriw a ɛboa obi ma ogyina yare a ne kõ yɛ den ano a ɛrensɛe n’anigye no gyina onipa no ankasa so. Sɛ obi yɛ ne ho mmɔbɔmmɔbɔ na ɔma n’abam bu a, ebetumi ama wanya adwene a ɛmfata wɔ ne tebea no ho. Bible ka sɛ: “Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a ɛyare de, hena na obetumi asoa?”—Mmeb. 18:14.

Magdalena ka sɛ: “Mebɔ mmɔden paa sɛ meremfa m’adwene nsi me haw no so. Ɛda a mete nka sɛ me ho ye no, mebɔ mmɔden sɛ mɛma m’ani agye. Mekenkan wɔn a wɔakɔ so adi nokware ɛmfa ho sɛ wɔyare yare a ne kõ yɛ den no asetena mu nsɛm ma ɛhyɛ me nkuran.” Izabela nim sɛ Yehowa dɔ no na ɔsom bo ma no, na eyi hyɛ no den. Ɔka sɛ: “Minim sɛ Yehowa ani sɔ nea meyɛ wɔ ne som mu, na mfaso wɔ m’asetena so. Mewɔ anidaso nso sɛ menya nneɛma pa bi daakye.”

Zbigniew ka sɛ: “Me yare no ma misua ahobrɛase ne osetie. Ɛma mihu sɛ ɛsɛ sɛ meda nhumu ne atɛmpa adi, na mifi me komam de bɔne firi nso. Masua sɛ mede anigye bɛsom Yehowa a merensu me ho mmɔbɔ. Nokwarem no, manya nkuranhyɛ a ɛbɛma manya nkɔso wɔ Yehowa som mu.”

Kae sɛ Yehowa hu boasetɔ a woda no adi no yiye. Ɔte nka ma wo wɔ amane a worehu no ho, na odwen wo ho. Ne ‘werɛ remfi w’adwuma ne ɔdɔ a wodaa no adi wɔ ne din ho’ no. (Heb. 6:10) Nya ahotoso wɔ bɔ a wahyɛ wɔn a wosuro no nyinaa no mu. Ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”—Heb. 13:5.

Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ w’abam bu a, fa w’adwene si anidaso a ɛyɛ anigye a ɛnewiase foforo no mu asetena no so. Ɛrenkyɛ koraa na w’ankasa wode w’ani ahu nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba asase so no!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

Wɔkɔ so Ka Asɛm no Ɛmfa Ho sɛ Yare a ne Kõ Yɛ Dɛn Ayɛ Wɔn

“Me nkutoo ntumi nnantew bio, enti me yere anaa anuanom mmarima ne mmea ka me ho wɔ asɛnka mu. Mekyere nsɛm a mɛka ne kyerɛw nsɛm gu me tirim.”—Jerzy, n’ani nhu ade yiye.

“Telefon so adanse a midi akyi no, mekyerɛw nkrataa, na me ne nnipa a wɔn ani gye asɛm no ho di nkitaho bere nyinaa. Sɛ meda ayaresabea a, mede Bible ne nhoma ahorow gu me mpa ho bere nyinaa. Ɛno aboa me ma mitumi ne afoforo fi ase bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye pii.”—Magdalena, nkwammoaa a ɛko tia yare ko tia ne nipadua.

“M’ani gye afie afie asɛnka ho, nanso sɛ mantumi ankɔ a, mede telefon di adanse.”—Izabela, ɔwɔ adwenem haw.

“M’ani gye ho sɛ mɛyɛ sankɔhwɛ na maka afoforo ho ne wɔn akɔyɛ Bible adesua. Ɛda a me ho ye no, m’ani gye ho sɛ medi adanse wɔ afie afie.”—Barbara a biribi ahon n’amemene mu no.

“Mikura bag a nsɛmma nhoma kakraa bi wom. Mekɔ asɛnka kosi bere a m’apɔw so a ɛyɛ me yaw no bɛma me kwan.”—Zbigniew, ɔyare ɔkwaha.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Mmofra ne mpanyin nyinaa betumi ahyɛ afoforo nkuran