Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsakrae A Meyɛe Ama Manya Nhyira Pii

Nsakrae A Meyɛe Ama Manya Nhyira Pii

Nsakrae A Meyɛe Ama Manya Nhyira Pii

Sɛnea James A. Thompson ka kyerɛe

Wɔwoo me afe 1928 wɔ United States anafo fam. Saa bere no, na mmara mma kwan sɛ abibifo ne aborɔfo bɛbom ayɛ biribiara. Sɛ obi bu mmara yi so a, wotumi de no to afiase anaa wɔyɛ no nea ɛkyɛn saa mpo.

SAA bere no, sɛ wokɔ United States mmeae pii a, na ɛsono Yehowa Adansefo a wɔyɛ aborɔfo no asafo, wɔn amansin ne wɔn amantam, ɛnna ɛsono wɔn a wɔyɛ abibifo no nso de. Afe 1937 mu no, me papa bɛyɛɛ asafo somfo (nea seesei yɛfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no) wɔ abibifo asafo a ɛwɔ Chattanooga, Tennessee no mu. Henry Nichols na na ɔyɛ asafo somfo wɔ aborɔfo asafo no mu.

Bere a misua no, na metaa tena Paapa ne Onua Nichols nkyɛn wɔ yɛn fie abrannaa so bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ anadwo no. Sɛ mekae a, ɛma m’ani gye paa. Ɛwom sɛ ɛnyɛ biribiara a wɔkae na metee ase de, nanso na m’ani gye ho sɛ mete Paapa nkyɛn na wɔn baanu no resusuw ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no wɔ tebea a emu yɛ den no mu.

Asɛnkɛse bi too yɛn abusua no wɔ afe 1930 mu. Maame wui bere a na wadi mfe 20 pɛ. Ná aka Paapa nkutoo, enti ɔno na na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ me ne me nuabea Doris. Saa bere no na madi mfe abien pɛ, na na Doris nso adi mfe anan. Ɛwom sɛ na Paapa bɔɔ asu nkyɛe pii de, nanso na wanya nkɔso pii wɔ asafo no mu.

Nhwɛso Pa a Ɛboaa Me

Afe 1933 mu no, Paapa hyiaa onuawa mmɔdenbɔfo bi a wɔfrɛ no Lillie Mae Gwendolyn Thomas; ankyɛ na wɔwaree. Me papa ne me maame yɛɛ nhwɛso pa maa me ne Doris, efisɛ wɔde nokwaredi som Yehowa.

Afe 1938 mu no, wɔde too Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa anim sɛ afei de wɔrentow aba mpaw asafo mu mpanyimfo bio, mmom wɔbɛpaw mpanyimfo no afi asafo ti wɔ Brooklyn, New York. Ɛyɛɛ den maa Chattanooga asafo no mufo binom sɛ wobegye nsakrae yi atom, nanso Paapa de, ogyee nsakrae a wɔyɛe no toom. Sɛnea odii nokware maa asafo no ne sɛnea Maame de ne koma nyinaa taa n’akyi no aboa me abesi nnɛ da yi.

M’asubɔ ne Bere Nyinaa Som Adwuma

Yɛn asafo mufo pii faa bɔs kɔɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Detroit, Michigan afe 1940 mu no bi. Wɔn a yɛne wɔn tenaa bɔs mu no binom bɔɔ asu wɔ hɔ. Ɛyɛɛ ebinom nwonwa sɛ mammɔ asu, efisɛ midii mfe anum na mifii asɛnka ase, na na memfa m’asɛnka nni agoru koraa.

Bere a wobisaa me nea enti a mammɔ asu no, mekae sɛ, “Mente asubɔ ase papa.” Paapa tee nea mekae no, na ɛyɛɛ no nwonwa. Efi saa da no, ɔmaa n’ani kuu me ho boaa me ma metee asubɔ ase na mibehui sɛ ɛho hia paa. Ɛno akyi asram anan no, wɔbɔɔ me asu da bi a na awɔw wom wɔ ɔtare bi mu wɔ Chattanooga kurotia; na ɛyɛ October 1, 1940.

Midii mfe 14 no, mifii ase de akwamma bere yɛɛ akwampae adwuma. Meyɛɛ asɛnka adwuma wɔ Tennessee nkuraa ase ne Georgia mantam a ɛbɛn hɔ no mu. Ná mesɔre anɔpa paa fa aduan a medi awiabere na mafa keteke anaa bɔs a etu anɔpa nnɔnsia no kɔ asasesin no mu. Mɛsan aba no, na abɔ bɛyɛ anwummere nnɔnsia. Awia dumien bɛbɔ no, na aduan no asa dedaadaw. Ɛwom sɛ na sika wɔ me ho de, nanso na mintumi nkɔ sotɔɔ biara mu nkɔtɔ aduan biara bio efisɛ na meyɛ bibini. Ɛda bi mekɔɔ sotɔɔ bi mu sɛ merekɔtɔ ice-cream, nanso wɔpamoo me. Borɔnibea bi na ɔyɛɛ me adom de bi brɛɛ me abɔnten hɔ.

Bere a mekɔɔ ntoaso sukuu no, na nnipa a wɔkasa tia aborɔfo ne abibifo ntam mpaapaemu no redɔɔso wɔ Anafo fam hɔ. Wɔtetew akuw bi te sɛ NAACP (Abibifo Nkɔso Kuw), na wɔhyɛɛ sukuufo nkuran sɛ wɔnkeka wɔn ho. Wɔkae sɛ obiara nnɔm akuw a ɛtete saa no bi. Abibifo sukuu a na ɛwowɔ hɔ no bebree ne nea na mewɔ mu no de yɛɛ wɔn botae sɛ wɔbɛma sukuuni biara adɔm saa akuw no. Wɔhyɛɛ me sɛ minnyina me nkurɔfo akyi, nanso manyɛ, na mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na ommu nnipa bi nkyɛn bi. Enti minim sɛ Onyankopɔn na obetumi ama saa nsisi no nyinaa agyae.—Yoh. 17:14; Aso. 10:34, 35.

Bere a miwiee ntoaso sukuu no, ankyɛ koraa na meyɛɛ m’adwene sɛ metu akɔtena New York City. Merekɔ no, misii Philadelphia a ɛwɔ Pennsylvania sɛ merekɔsra me nnamfo bi a mihyiaa wɔn nhyiam ase bere bi. Saa asafo no ne nea edi kan a mihui sɛ Abibifo ne Aborɔfo nyinaa wom. Ɔhwɛfo kwantufo bɛsraa asafo no, na ɔde me gyinaa nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ dwumadi wɔ asafo nhyiam a ɛreba no ase. Ɛboaa me paa ma misii gyinae sɛ mɛtena hɔ.

Nnamfo a minyae wɔ Philadelphia no biako ne onuawa ababaa bi a ne din de Geraldine White, a akyiri yi na mefrɛ no Gerri no. Ná onim Bible mu paa, na na ne ho akokwaw wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu. Nea na mepɛ wɔ ne ho paa ne sɛ na ɔno nso de ayɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo. Yɛwaree April 23, 1949.

Wɔfrɛɛ Yɛn Kɔɔ Gilead

Botae a yɛde sii yɛn ani so mfiase ne sɛ yɛbɛkɔ Gilead Sukuu na sɛ yewie a, yɛakɔsom wɔ amannɔne sɛ asɛmpatrɛwfo. Yɛde anigye yɛɛ nsakrae wɔ yɛn asetena mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ Gilead. Ankyɛ koraa na wɔkae sɛ yɛnkɔ Lawnside, New Jersey; wɔsan ma yɛkɔɔ Chester, Pennsylvania; na ne korakora no, wɔma yɛkɔɔ Atlantic City, New Jersey. Bere a yɛkɔɔ Atlantic City no, esiane sɛ na yɛaware mfe abien nti yɛkyerɛw kɔe sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ Gilead. Nanso wɔamfrɛ yɛn saa bere no. Adɛn ntia?

Efi afe 1950 rekɔ no, wɔtwee mmerante bebree kɔɔ sraadi mu sɛ wɔnkɔboa ɔko a na ɛrekɔ so wɔ Korea no. Philadelphia agyinatukuw a wɔde nkurɔfo kɔ sraadi no de wɔn ani sii Yehowa Adansefo so, efisɛ na Adansefo no nni obiara afã. Nea asɛm no kowiei ne sɛ, ɔtemmufo bi ka kyerɛɛ me sɛ aban mpanyimfo (FBI) afa m’akyi ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ minnyina ɔfã biara akyi ampa. Enti January 11, 1952 no, Aban Agyinatukuw a wɔhwehwɛ nsɛm mu no maa me tumi krataa a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔsɛmpakafo.

August 1952 mu na wɔtoo nsa frɛɛ me ne Gerri sɛ yɛmmra Gilead adesuakuw a ɛto so 20 no bi; sukuu no fii ase September mu. Adesua no rekɔ so no, yɛn adwene yɛɛ yɛn sɛ wɔbɛma yɛakɔsom wɔ amannɔne. Ná me nuabea Doris awie Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 13 ma ɔresom wɔ Brazil. Enti bere a me ne Gerri nsa kaa krataa sɛ yɛnkɔyɛ ɔmansin adwuma, nkɔsom Alabama anafo fam asafo ahorow a abibifo na wowom no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa papaapa! Ɛhaw yɛn kakra, efisɛ na yɛn koma wɔ amannɔne adwuma no mu.

Asafo a edi kan a yɛkɔsom wɔn no, na ɛwɔ Huntsville. Yekoduu hɔ no, yɛkɔɔ onuawa a yɛrekɔsoɛ no no fie. Bere a yɛreyi yɛn nneɛma no, yɛtee sɛ ɔreka akyerɛ obi wɔ telefon so sɛ, “Mmofra no aba.” Ná yɛn mu biara adi mfe 24 pɛ, na na yɛn anim nso sɛ mmofra. Wɔfrɛɛ yɛn Mmofra araa kosii sɛ yefii ɔmansin no mu.

Ná wɔtaa frɛ Anafo fam hɔ sɛ Bible Nkurow, efisɛ na ɛhɔfo dodow no ara ani gye Bible ho. Enti saa kwan yi na na yɛtaa fa so fi nkɔmmɔbɔ ase:

(1) Yɛka tebea a ɛwɔ wiase ho asɛm kakra.

(2) Yɛkyerɛ ano aduru a ɛwɔ Bible mu.

(3) Yɛkenkan nea Bible ka sɛ yɛnyɛ no kyerɛ wɔn.

Sɛ yewie a, yɛde Bible ho nhoma a ɛfata ma wɔn. Esiane sɛ ɔkwan a yɛfaa so dii adanse yi sow aba nti, wɔmaa me dwumadi wɔ 1953 Wiase Foforo Asafo Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York no ase. Ɛhɔ na wɔma meyɛɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa ɔkwan a na yɛfa so fi nkɔmmɔbɔ ase yi ho.

Ankyɛ koraa na wɔpaw me ɔmantam sohwɛfo wɔ 1953 mu sɛ menkɔsom Anafo fam amansin a abibifo na wɔwom no. Ná beae a yɛrekɔsom no fi Virginia kɔfa Florida kɔ atɔe fam nohoa kɔka Alabama ne Tennessee nyinaa. Ampa, na ɛsɛ sɛ ahwɛfo akwantufo tumi tena tebea biara mu. Ɛtɔ da bi a, sɛnea fie a yɛte mu no te nti, gye sɛ yegyina ade mu guare wɔ gyaade no akyi. Nanso nea eye wom ne sɛ na ɛhɔ yɛ hyew, enti sɛ yeguare wɔ hɔ a yɛnte awɔw.

Ɔhaw a Nnipa mu Mpaapaemu De Bae

Ná ɛsɛ sɛ yɛfa nyansakwan so na ama yɛatumi akɔ so asom wɔ Anafo fam. Ná wɔmma abibifo kwan mma wonsi wɔn nneɛma wɔ baabi a aborɔfo si wɔn nneɛma. Enti Gerri kɔ hɔ a ɔka sɛ nneɛma no yɛ “Owurayere Thompson” de. Gerri ka saa a, nkurɔfo fa no sɛ ɔyɛ “Owurayere Thompson” abaawa. Bere a amantam so ahwɛfo reyi The New World Society in Action sini no, na mede telefon frɛ baabi a menya ntama kɛse ayi sini no wɔ so ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa bi nto hɔ mma “Owura Thompson.” Akyiri yi na makɔfa. Esiane sɛ na yebu ade nti, yetumi yɛɛ ɔsom adwuma no a yɛanhyia ɔhaw pii.

Ná mpaapaemu foforo bi nso wɔ hɔ. Na ɛhɔfo no mmu wɔn a wofi Atifi fam no. Bere bi, ɛbaa atesɛm krataa mu sɛ Owura James A. Thompson, Jr., a ɔyɛ Watchtower Bible and Tract Society of New York no nanmusini no rebɛkasa wɔ nhyiam bi ase. Ebinom faa no sɛ mifi New York, enti sukuudan a wɔde maa yɛn no, wɔsan gyee. Ɛma mekɔɔ sukuu mpanyimfo no nkyɛn kɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ Chattanooga na mekɔɔ sukuu. Wɔtee saa no, wɔmaa yɛn kwan ma yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam no.

Afe 1950 akyi hɔ baabi no, na nnipa mu mpaapaemu no reyɛ kɛse, na ɛtɔ mmere bi mpo a, na ekowie basabasayɛ mu. Afe 1954 mu no, wɔyɛɛ amantam nhyiam, na Adansefo no bi bo fuwii sɛ obibini biara annya dwumadi wɔ nhyiam no biara ase. Yɛka kyerɛɛ yɛn nuanom abibifo no sɛ wonnya koma. Wɔmaa me dwumadi wɔ ɔmantam nhyiam a edi hɔ no ase. Efi hɔ no, wɔmaa anuanom abibifo a wofi Anafo fam no pii dwumadi.

Akyiri yi, aborɔfo ne abibifo ntam ntɔkwaw no ano brɛɛ ase wɔ Anafo fam, na nkakrankakra, aborɔfo ne abibifo dii afra wɔ asafo ahorow no mu. Ɛma woyii adawurubɔfo bi kɔɔ asafo foforo mu na wɔkyekyɛɛ nsasesin no nso foforo. Wɔyɛɛ nsakrae nso wɔ anuanom a wodi nneɛma anim wɔ asafo ahorow mu no mu. Aborɔfo ne abibifo no bi ani annye nhyehyɛe foforo yi ho. Nanso anuanom dodow no ara suasuaa yɛn soro Agya a ɔnhwɛ nnipa anim no, na wogyee nsakrae no toom. Ná aborɔfo ne abibifo no bi mpo yɛ nnamfo pa. Efi 1930 kosi 1949 ntam hɔ a na meyɛ abofra no, na yɛn abusua no wɔ nnamfo bi a wɔyɛ aborɔfo.

Wɔmaa Me Dwumadi Foforo

January 1969 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Gerri sɛ yɛnkɔ Guyana, South America, na yɛde anigye gye toom sɛ yɛbɛkɔ. Yedii kan kɔɔ Brooklyn, New York, na wɔmaa me akwankyerɛ a mede bɛhwɛ asɛnka adwuma no so wɔ Guyana. Yekoduu Guyana July 1969. Ná yɛayɛ akwantu adwuma no mfe 16, enti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ afei yɛrekɔtena faako. Gerri de ne bere dodow no ara yɛɛ asɛnka adwuma sɛ ɔsɛmpatrɛwfo, na me nso meyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ.

Ná m’adwuma dɔɔso. Ná mede bere no bi twa nsensan so de bi nso hwɛ ma asafo 28 no nsa ka nhoma a wohia, na mede bi nso ne asafo ti a ɛwɔ Brooklyn no di nkitaho. Nnɔnhwerew 14 kosi 15 na mede yɛɛ adwuma da biara. Ná adwuma no yɛ den ma yɛn baanu nyinaa, nanso yɛde anigye yɛe. Yɛkɔɔ hɔ foforo no, na adawurubɔfo 950 na wɔwɔ Guyana nanso ɛnnɛ wɔboro 2,500.

Ná yɛpɛ sɛnea ɔhyew ne awɔw nnim pii no, na afei nso na yɛn ani gye nnuaba ne nhabamma papa a ɛwɔ hɔ no ho. Nanso nea ɛmaa yɛn ani gyei kɛse ne sɛ na ahobrɛasefo pii pɛ sɛ wohu Bible mu nokware na wosua Onyankopɔn Ahenni no ho ade. Ná Gerri tumi yɛ Bible adesua 20 dapɛn biara, na nnipa a yɛne wɔn suaa ade no pii nyaa nkɔso ma wɔbɔɔ asu. Akyiri yi, wɔn mu binom bɛyɛɛ akwampaefo ne asafo mu mpanyimfo, na ebinom mpo akɔ Gilead abɛyɛ asɛmpatrɛwfo.

Nsɛnnennen a Mihyiae, Titiriw M’akwahosan

M’awofo a na wɔwɔ United States no yɛɛ mmerɛw wɔ afe 1983 mu, enti na ɛsɛ sɛ obi tena wɔn ho. Me ne Gerri ne Doris hyia susuw ho. Doris a na wayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Brazil mfe 35 no kae sɛ ɔbɛkɔ akɔtena wɔn ho ahwɛ wɔn. Asɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ onipa biako betumi ahwɛ wɔn a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma asɛmpatrɛwfo baanu gyae adwuma no? Yɛn awofo wui no, Doris tenaa Chattanooga, na seesei ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ hɔ.

Minyaa yare bi a wɔfrɛ no prostate cancer wɔ 1995 mu ma yɛsan kɔɔ United States. Yɛkɔtenaa Goldsboro, North Carolina, efisɛ na ɛbɛn m’abusuafo a wɔwɔ Tennessee no kakra, na na ɛbɛn Gerri nso abusuafo a wɔwɔ Pennsylvania no kakra. Me yare no kɔ fam seesei, na yɛyɛ akwampaefo titiriw a yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi wɔ Goldsboro.

Sɛ mehwɛ mfe 65 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma yi a, minya anisɔ kɛse ma Yehowa sɛ wahyira me ne Gerri wɔ nsakrae a yɛayɛ de asom no no ho. Hwɛ sɛnea Dawid asɛm yi yɛ nokware: “Ɔnokwafo na [Yehowa] ne no bedi no nokwaredi mu”!—2 Sam. 22:26.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Me papa ne Onua Nichols yɛɛ nhwɛso pa maa me

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Me ne Gerri; afe 1952 a yɛrebɛkɔ Gilead

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yewiee Gilead no, wɔma yɛkɔyɛɛ akwantu adwuma wɔ Anafo fam

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom a wɔreyɛ ahoboa akɔ ɔmantam nhyiam a aborɔfo ne abibifo adi afra, 1966

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Asɛmpatrɛw adwuma a yɛyɛe wɔ Guyana no maa yɛn ani gyei