Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Honhom Kyerɛɛ Tete Anokwafo No Kwan

Onyankopɔn Honhom Kyerɛɛ Tete Anokwafo No Kwan

Onyankopɔn Honhom Kyerɛɛ Tete Anokwafo No Kwan

“Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa asoma me, wasoma ne honhom.”—YES. 48:16.

1, 2. Dɛn na yehia na ama yɛanya gyidi, na sɛ yesusuw anokwafo a wɔtenaa ase tete no ho a, nkuranhyɛ bɛn na yebenya?

EFI Habel bere so tɔnn na nnipa pii anya Onyankopɔn mu gyidi, nanso Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tes. 3:2) Ɛnde dɛn na ɛma obi nya gyidi, na dɛn na ɛboa no ma ɔyɛ ɔnokwafo? Ade titiriw a ɛboa ma obi nya gyidi ne nea ɔte fi Onyankopɔn Asɛm mu. (Rom. 10:17) Gyidi yɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba no fã. (Gal. 5:22, 23) Enti yehia honhom kronkron na ama yɛanya gyidi a emu yɛ den.

2 Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ wɔde gyidi woo yɛn anaa ɛyɛ biribi a ɛba ara kwa. Mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no yɛ nnipa a na wɔwɔ “nkate te sɛ yɛn ara.” (Yak. 5:17) Ná ɛnyɛ nneɛma nyinaa na wɔte ase; na wɔwɔ mmerɛwyɛ, na na wɔte nka sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a wontumi nyɛ. Nanso, Onyankopɔn honhom ma ‘wonyaa ahoɔden’ de gyinaa nsɛnnennen ano. (Heb. 11:34) Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa honhom boaa wɔn no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nkuran ma yɛakɔ so de nokwaredi asom Yehowa. Ɛnnɛ ne bere a nneɛma pii betumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, enti saa bere yi paa na yehia saa nkuranhyɛ no.

Onyankopɔn Honhom Hyɛɛ Mose Den

3-5. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ honhom kronkron boaa Mose ma odii n’asɛyɛde ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na Mose asɛm no ma yehu sɛnea Yehowa de ne honhom ma?

3 Sɛ yɛhwɛ nnipa a na wɔte ase wɔ afe 1513 A.Y.B. mu a, na Mose ‘dwo sen obiara.’ (Num. 12:3) Ná Mose dwo, nanso Yehowa de asɛyɛde kɛse hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ Israel man no so. Onyankopɔn honhom hyɛɛ Mose den ma ɔhyɛɛ nkɔm, obuu atɛn, ɔkyerɛw nsɛm, odii nneɛma anim, na ɔyɛɛ anwonwade pii. (Monkenkan Yesaia 63:11-14.) Nanso, bere bi Mose kae sɛ adwuma no sõ dodo ma no. (Num. 11:14, 15) Enti Yehowa ‘yii honhom’ a ɛwɔ Mose so no bi maa nnipa 70 bi sɛ wɔmmoa no. (Num. 11:16, 17) Ɛwom sɛ na Mose susuw sɛ adwuma no sõ dodo ma no de, nanso nokwasɛm ne sɛ na ɛnyɛ ɔno nkutoo na ɔreyɛ adwuma no. Saa ara na nnipa 70 a Mose paw wɔn sɛ wɔmmoa no no nkutoo anyɛ adwuma no.

4 Ná Yehowa ama Mose honhom kronkron a obetumi de ayɛ adwuma no. Bere a Yehowa yii honhom a na ɛwɔ Mose so no bi maa nnipa 70 no mpo no, na Mose da so ara wɔ honhom a ohia. Ná honhom a aka wɔ Mose so no nsua dodo, na saa ara na mpanyimfo 70 no anya ammoro so. Yehowa hwɛ yɛn tebea na wama yɛn honhom a yehia. “Ɔnkari honhom no na ɔde ama,” na mmom “adom a ahyɛ no mã” mu na ofi de ma.—Yoh. 1:16; 3:34.

5 Sɔhwɛ bi ato wo anaa? So w’asɛyɛde dɔɔso araa ma ɛregye wo bere nyinaa? So nneɛma a wobɔ ho ka seesei redɔɔso na w’apɔwmuden nso nyɛ papa ma enti ayɛ den ama wo sɛ wobɛma w’abusua anya honhom fam ne honam fam nneɛma a wohia? W’asɛyɛde dɔɔso wɔ asafo no mu anaa? Ɛmfa ho tebea biara a wubehyia no, nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn nam ne honhom so betumi ama wo ahoɔden a wuhia.—Rom. 15:13.

Honhom Kronkron Boaa Besalel

6-8. (a) Dɛn na Onyankopɔn honhom maa Besalel ne Oholiab tumi yɛe? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom na ɛboaa Besalel ne Oholiab? (d) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Besalel asɛm no hyɛ nkuran paa?

6 Ɔbarima foforo a ne nhwɛso ma yehu sɛnea Onyankopɔn de ne honhom di dwuma ne Besalel. Ɔtenaa ase wɔ Mose bere so. (Monkenkan Exodus 35:30-35.) Yehowa paw Besalel ma odii anim ma wɔyɛɛ ntamadan no ho adwuma nyinaa. Bere a wɔde adwuma kɛse yi hyɛɛ Besalel nsa no, so na ɔwɔ adwuma no ho nimdeɛ dedaw? Ebetumi aba saa, nanso sɛ saa mpo a, ebia adwuma a etwa to a ɔyɛe ne birikisi a na otwa ma Egyptfo no. (Ex. 1:13, 14) Enti na ɛbɛyɛ dɛn na Besalel atumi ayɛ adwuma kɛse yi? Yehowa ‘de ne honhom hyɛɛ no mã, na ɔmaa no nyansa ne ntease ne nimdeɛ a ebetumi ama ɔde ahokokwaw ayɛ adwuma biara, na ɔbɛyɛɛ odwumfo a otumi yɛ adwuma biara.’ Sɛ na Besalel wɔ nimdeɛ bi dedaw mpo a, honhom kronkron buee n’adwenem kɛse. Honhom no boaa Oholiab nso. Yebetumi aka sɛ Besalel ne Oholiab huu adwuma no yiye, efisɛ wotumi yɛe na wɔkyerɛɛ afoforo nso. Ampa, Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔnkyerɛ afoforo.

7 Adanse foforo a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛɛ Besalel ne Oholiab kwan ne sɛ na adwuma a wɔyɛe no di mũ paa. Mfe 500 akyi no, na wɔda so ara de nneɛma a wɔyɛe no di dwuma. (2 Be. 1:2-6) Ɛnnɛ sɛ nnipa tumi yɛ biribi a, wɔde pɛ din anaa anuonyam ma wɔn ho, nanso ɛnyɛ saa na Besalel ne Oholiab yɛe. Wɔde adwuma a wɔyɛe no ho anuonyam nyinaa maa Yehowa.—Ex. 36:1, 2.

8 Ɛnnɛ nso yebetumi anya dwumadi bi a ɛhwehwɛ sɛ yenya nimdeɛ soronko. Ebi ne adansi, nhomatintim, nhyiam ho ntotoe, mmoa a yɛde ma wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu, ne nkitaho a yɛne nnuruyɛfo di wɔ nea Bible ka wɔ mogya ho. Ɛtɔ da bi a anuanom a wɔwɔ saa nneɛma yi ho nimdeɛ na wɔde wɔn yɛ adwuma, nanso mpɛn pii no, anuanom a wonni ho nimdeɛ pii na wotu wɔn ho yɛ saa nnwuma no. Onyankopɔn honhom na ɛboa wɔn ma wotumi yɛ nneɛma a ɛte saa. So wɔama wo dwumadi bi wɔ asafo no mu a na wusuro sɛ wubegye? Ná wususuw sɛ afoforo betumi ayɛ no yiye asen wo? Kae sɛ Yehowa honhom kronkron betumi abue w’adwenem na ama woanya ahoɔden a wode bɛyɛ adwuma biara a ɔde bɛma wo.

Onyankopɔn Honhom Boaa Yosua Ma Odii Nkonim

9. Bere a Israelfo fii Egypt no, tebea bɛn na wohyiae, na asɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔree?

9 Onyankopɔn honhom boaa ɔbarima foforo a ɔtenaa ase wɔ Mose ne Besalel bere so. Bere a Onyankopɔn nkurɔfo fii Egypt no, ankyɛ koraa na Amalekfo de ntɔkwaw bɛtaataa wɔn. Ná ebehia sɛ Israelfo no ne wɔn de si ani. Bere a wogyee Israelfo fii Egypt no, na wɔne ɔman biara nkoo da, nanso afei de na ɛsɛ sɛ wɔkɔ ɔko a edi kan. (Ex. 13:17; 17:8) Ná ɛho abehia sɛ wonya obi a obedi wɔn anim akɔ ɔko no. Hena na na obedi wɔn anim?

10. Dɛn nti na Yosua ne Israelfo no dii nkonim wɔ ɔko no mu?

10 Yehowa paw Yosua. Nanso sɛ wɔkae sɛ Yosua nkyerɛ osuahu a ɔwɔ a ɛbɛma watumi adi Israel asraafo no anim a, dɛn na anka ɔbɛka? Ná ɔyɛ akoa a wɔde no twa birikisi wɔ Egypt. Ná ɔsesaw manna wɔ sare so. Ɛyɛ nokware sɛ na Yosua nanabarima Elisama yɛ Efraim abusuapanyin, na ɛbɛyɛ sɛ Elisama na na ɔda mmusua abiɛsa a wɔaka wɔn abom ayɛ asafo biako a wɔn dodow yɛ 108,100 no ano. (Num. 2:18, 24; 1 Be. 7:26, 27) Nanso, Yehowa anka ankyerɛ Mose sɛ ɔmpaw Elisama anaa Elisama ba Nun sɛ onni asraafo no anim nkɔ wɔn atamfo no so, na mmom ɔpaw Yosua. Ɛkame ayɛ sɛ wɔkoe da mu nyinaa. Esiane sɛ Yosua tiee Onyankopɔn na ɔmaa Onyankopɔn honhom kyerɛɛ no kwan nti, Israelfo no dii nkonim.—Ex. 17:9-13.

11. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Onyankopɔn som adwuma no yiye sɛnea Yosua yɛe no?

11 Akyiri yi, Yosua a na ‘nyansa ahyɛ no mã’ no besii Mose ananmu. (Deut. 34:9) Honhom kronkron amma Yosua anhyɛ nkɔm anaasɛ wanyɛ anwonwade sɛnea Mose yɛe no. Nanso ɛboaa no ma odii Israelfo no anim ne Kanaanfo koe, na wodii wɔn so nkonim. Ɛnnɛ, ebia yɛbɛte nka sɛ yenni osuahu anaa ahoɔden a yɛde bɛyɛ nneɛma bi wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso sɛ yetie akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma yɛn no yiye a, ɔbɛboa yɛn ma yɛayɛ adwuma a ɛhyɛ yɛn nsa no sɛnea ɔboaa Yosua no.—Yos. 1:7-9.

“Yehowa Honhom Beduraa Gideon Ho”

12-14. (a) Sɛ yɛhwɛ sɛnea asraafo 300 dii Midian asraafodɔm no so nkonim a, dɛn na ɛma yehu? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de hyɛɛ Gideon gyidi den? (d) Mmoa bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de bɛma yɛn nnɛ?

12 Bere a Yosua wui akyi no, Yehowa kɔɔ so de ne honhom hyɛɛ ne nkurɔfo a wodi nokware no den. Atemmufo nhoma no ma yehu nnipa pii a ‘wonyaa ahoɔden bere a wɔayɛ mmerɛw’ mpo. (Heb. 11:34) Onyankopɔn de ne honhom kronkron boaa Gideon ma ɔko maa Israelfo no. (Atem. 6:34) Ná Midian asraafo no boro Gideon asraafo no so koraa. Sɛ yɛkyekyɛ mu a, yɛbɛka sɛ na Israel sraani biako ne Midian asraafo baanan na ɛbɛko. Ɛno mpo no, Yehowa hui sɛ na ɛsɛ sɛ wɔtew Israel asraafo no so. Ɔka kyerɛɛ Gideon mprenu sɛ ɔmma asraafo no bi nsan nkɔ fie. Awiei koraa no, wɔn so tewee araa ma sɛ yɛbɛka a, na Israel sraani biako biara ne Midian asraafo 450 na ɛbɛko. (Atem. 7:2-8; 8:10) Nnipa kakra yi na Yehowa penee so sɛ wɔnkɔ ɔko no. Sɛ Israelfo kakra yi tumi di nkonim wɔ asraafodɔm no so a, na hena na obetumi ahoahoa ne ho sɛ ɛyɛ wɔn ankasa ahoɔden anaa wɔn nyansa na ɛma wodii nkonim?

13 Afei de, na Gideon ne n’asraafo no ayɛ krado sɛ wɔbɛkɔ ɔko no. Sɛ na woka asraafo kakra no ho a, anka wo koma bɛtɔ wo yam sɛ wɔama nnipa pii a wɔyɛ ahufo na wɔn ani nna hɔ no asan kɔ fie? Anaasɛ sɛ wohwɛ sɛnea nsɛm betumi akowie a, anka wo koma betu anaa? Yebetumi aka paa sɛ Gideon de ne ho too Onyankopɔn so. Ɔyɛɛ biribiara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ! (Monkenkan Atemmufo 7:9-14.) Bere a Gideon bisaa Yehowa sɛ ɔmma wɔn sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔka wɔn ho no, Yehowa anka n’anim. (Atem. 6:36-40) Mmom no, ɔhyɛɛ Gideon gyidi den.

14 Yehowa tumi a ɔde gye nkwa nni ano. Obetumi agye ne nkurɔfo afi tebea a emu yɛ den biara mu. Obetumi mpo afa nnipa a wonni ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw so ayɛ saa. Ɛtɔ mmere bi a, yɛbɛte nka sɛ yɛn atamfo abunkam yɛn so anaa ebia yɛbɛkɔ tebea bi mu ma yɛn ani ayɛ yɛn totɔtotɔ. Nanso mma yɛnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛyɛ anwonwade bi ama yɛn sɛnea ɔyɛ maa Gideon no. Mmom no, obetumi afa Bible ne asafo no a ne honhom kyerɛ no kwan so ama yɛn akwankyerɛ ne awerɛkyekye. (Rom. 8:31, 32) Yehowa bɔhyɛ ahorow hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma yenya ahotoso sɛ ɔyɛ yɛn Boafo ampa!

“Yehowa Honhom Baa Yefta So”

15, 16. Dɛn nti na na Yefta babea no pɛ sɛ ɔde ne ho bɔ afɔre, na nkuranhyɛsɛm bɛn na awofo nya fi eyi mu?

15 Onipa foforo nso wɔ hɔ a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ no kwan. Bere a ɛho behiae sɛ Israelfo ne Ammonfo di ako no, Yehowa honhom “baa Yefta so.” Esiane sɛ na Yefta pɛ sɛ odi nkonim de hyɛ Yehowa anuonyam nti, ɔhyɛɛ bɔ bi a na ɛbɛhwehwɛ sɛ ɔde biribi a ɛsom bo paa bɔ afɔre. Yefta hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ Onyankopɔn de Ammonfo hyɛ ne nsa, na sɛ ɔresan aba fie a, obiara a obefi ne fie abehyia no no bɛyɛ Yehowa dea. Bere a Yefta dii Ammonfo so nkonim na ɔresan aba no, ne babea na otuu mmirika kohyiaa no. (Atem. 11:29-31, 34) So eyi yɛɛ Yefta nwonwa? Ebetumi aba sɛ anyɛ no nwonwa efisɛ na ɔwɔ ba biako pɛ. Ɔmaa ne babea no kɔsom wɔ Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Silo de tuaa bɔ a ɔhyɛe no. Esiane sɛ na Yefta babea no yɛ Yehowa somfo nokwafo nti, na ogye di sɛ ɛsɛ sɛ ne papa di ɛbɔ a wahyɛ no so. (Monkenkan Atemmufo 11:36.) Yehowa honhom hyɛɛ wɔn baanu nyinaa den.

16 Ɛyɛɛ dɛn na Yefta babea no gye toom sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre? Akyinnye biara nni ho sɛ na ne papa yɛ nsi na ɔmfa ne som nni agoru, na ɛno na ɛboaa no. Awofo, mo mma hu nea moyɛ. Gyinae a musisi no ma wohu sɛ mugye nea moka no di. Mo mma tie mpae a mufi mo komam bɔ, wɔhwɛ ɔkwan a mofa so kyerɛkyerɛ, na wohu mmɔden a mufi mo koma nyinaa mu bɔ de som Yehowa no. Eyi nyinaa betumi aboa mo mma ma wɔn ani agye Yehowa som ho paa. Eyi bɛma mo nso mo ani agye paa.

‘Yehowa Honhom Baa Samson So’

17. Dɛn na Onyankopɔn honhom boaa Samson ma ɔyɛe?

17 Onipa foforo a Onyankopɔn honhom boaa no ne Samson. Bere a Filistifo ko dii Israelfo so no, Yehowa ‘honhom baa Samson so’ ma ogyee Israelfo no. (Atem. 13:24, 25) Onyankopɔn maa Samson ahoɔden a ɛso bi nni ma ɔde yɛɛ anwonwade pii. Bere a Filistifo no maa Israelfo foforo kɔkyeree Samson no, “Yehowa honhom baa ne so, na ntampehama a wɔde akyekyere n’abasa no yɛe sɛ asaawa a wɔde ogya afa ho, enti nhama no tetew fii ne nsa ho.” (Atem. 15:14) Akyiri yi, Samson sii gyinae bi a na ɛnyɛ papa maa n’ahoɔden fii ne nsa. Nanso bere a na Samson ayɛ mmerɛw mpo no, ‘ɔnam gyidi so’ nyaa ahoɔden bio. (Heb. 11:32-34; Atem. 16:18-21, 28-30) Esiane tebea a na ɛwɔ hɔ nti, Yehowa honhom yɛɛ adwuma wɔ Samson so wɔ ɔkwan soronko so. Nanso, abakɔsɛm a ɛfa Samson ho no hyɛ yɛn nkuran paa. Ɔkwan bɛn so?

18, 19. (a) Nkuranhyɛsɛm bɛn na yenya fi Samson asɛm no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ adesua yi mu no nhwɛso betumi aboa wo?

18 Yɛwɔ ahotoso sɛ honhom kronkron a ɛboaa Samson no ara bɛboa yɛn nso. Yɛwɔ ahotoso sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no. Adwuma yi ne sɛ ‘yɛbɛka asɛm akyerɛ nnipa na yɛadi adanse fefeefe.’ (Aso. 10:42) Saa adwuma yi hwehwɛ sɛ yenya su bi a wɔamfa anwo yɛn. Enti ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa de ne honhom boa yɛn ma yetumi yɛ adwuma biara a ɔde hyɛ yɛn nsa no! Bere a yɛreyɛ adwuma a ɔde ama yɛn no, yebetumi aka asɛm a odiyifo Yesaia kae yi bi sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa asoma me, wasoma ne honhom.” (Yes. 48:16) Nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn honhom na asoma yɛn! Yeyi yɛn yam yɛ adwuma no, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayɛ no yiye sɛnea ɔboaa Mose, Besalel, ne Yosua no. Yɛde “honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no” yɛ adwuma, na yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den sɛnea ɔhyɛɛ Gideon, Yefta, ne Samson den no. (Efe. 6:17, 18) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmmoa yɛn a, ɔbɛma yɛn ahoɔden de ayɛ n’adwuma sɛnea ɔmaa Samson ahoɔden no.

19 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira n’asomfo a wɔde akokoduru gyina nokware som akyi no. Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Nnipa foforo nso wɔ hɔ a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ wɔn kwan, na yɛn ani begye ho sɛ yebehu saafo no. Adesua a edi hɔ mu no, yebehu sɛnea Yehowa de ne honhom boaa n’asomfo anokwafo wɔ afeha a edi kan no mu ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. reba ne ɛno akyi.

Ɔkwan bɛn so na sɛnea Onyankopɔn honhom yɛɛ adwuma wɔ nnipa a wodidi so yi so no ahyɛ wo nkuran?

• Mose

• Besalel

• Yosua

• Gideon

• Yefta

• Samson

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Onyankopɔn honhom betumi ama yɛn ahoɔden de ayɛ n’adwuma sɛnea ɔmaa Samson ahoɔden no

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Awofo, mo nhwɛso pa boa mo mma ma wɔsom Yehowa