Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ

Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ

Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ

“Honhom koro pɛ no ara na edi dwuma yi nyinaa.”—1 KOR. 12:11.

1. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

PENTEKOSTE da no, nsɛm bi a ɛyɛ anigye sisii. (Aso. 2:1-4) Bere a wɔredi saa afahyɛ no wɔ asomafo no bere so no, wohwiee honhon kronkron guu Onyankopɔn asomfo so. Onyankopɔn fii ase de ne honhom kyerɛɛ n’asomfo kwan wɔ ɔkwan foforo so. Adesua a edi eyi anim no, yehuu sɛnea Onyankopɔn honhom boaa anokwafo a wɔtenaa ase tete no ma wɔyɛɛ nnwuma a ɛyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ sɛnea Onyankopɔn honhom yɛɛ adwuma wɔ n’asomfo so ansa na Kristofo bere no reba ne asomafo no bere so? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron boa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ? Yebesusuw ho wɔ adesua yi mu.

“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

2. Dɛn na na Maria ahu afa honhom kronkron ho?

2 Bere a wohwiee honhom kronkron guu Onyankopɔn asomfo so wɔ abansoro dan kɛse bi mu wɔ Yerusalem no, na Maria wɔ hɔ. (Aso. 1:13, 14) Bɛboro mfe 30 a na atwam no, na Maria ahu sɛnea Yehowa honhom tumi yɛ anwonwade. Ná Yehowa ayi ne Ba no nkwa afi soro aba asase so abɛhyɛ Maria awotwaa mu bere a na ɔda so ara yɛ ɔbaabun no. “Honhom kronkron” na ɛma onyinsɛnee.—Mat. 1:20.

3, 4. Su bɛn na Maria daa no adi, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?

3 Dɛn nti na Maria nyaa hokwan a ɛkyɛn so saa? Bere a ɔbɔfo no maa Maria huu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, Maria kae sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea w’asɛm te.” (Luka 1:38) Asɛm a Maria kae no ma yehu su bi a na ɔwɔ, na na Onyankopɔn adi kan ahu saa su no dedaw. Nea ɔkae no kyerɛ sɛ na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ biara. Wamma adwene a nkurɔfo benya wɔ nyinsɛn no ho anhaw no. Saa ara nso na wansuro sɛ Yosef betumi atwa wɔn aware nhyehyɛe no mu. Bere a Maria kae sɛ ɔyɛ Yehowa afenaa no, na ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho nyinaa to Yehowa so sɛ ne Wura.

4 So ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ asɛyɛde a wowɔ wɔ Onyankopɔn som mu dɔɔso dodo? Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mede me ho nyinaa to Yehowa so sɛ obedi nneɛma ho dwuma sɛnea ɔpɛ? So mayɛ krado sɛ mɛyɛ adwuma biara a Yehowa de bɛma me?’ Nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de ne honhom bɛma wɔn a wɔde wɔn ho nyinaa to no so na wogye ne tumidi tom no.—Aso. 5:32.

Honhom Kronkron Boaa Petro

5. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boaa Petro ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. reba?

5 Ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. reba no, na ɔsomafo Petro nso ahu sɛ Onyankopɔn honhom kronkron wɔ tumi sɛnea Maria hui no. Ná Yesu ama ɔne asomafo foforo tumi ma wɔatu adaemone. (Mar. 3:14-16) Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka nea wɔyɛe no ho asɛm nkɔ akyiri de, nanso ɛbɛyɛ sɛ Petro nam honhom kronkron so na ɛyɛɛ saa. Bio nso, bere a Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔnnantew Galilea Po no so mmra ne nkyɛn no, honhom kronkron na ɛboaa Petro ma otumi yɛɛ saa. (Monkenkan Mateo 14:25-29.) Akyinnye biara nni ho sɛ Petro de ne ho too honhom kronkron so ma ɛboaa no ma ɔyɛɛ anwonwade pii. Ná ɛrenkyɛ na saa honhom no ama Petro ne ne mfɛfo asuafo anya tumi de ayɛ nneɛma foforo pii.

6. Dɛn na Onyankopɔn honhom boaa Petro ma otumi yɛe Pentekoste afe 33 Y.B. mu ne ɛno akyi?

6 Pentekoste afe 33 Y.B. mu afahyɛ no ase no, honhom kronkron boaa Petro ne afoforo ma wotumi ne ahɔho a na wɔaba Yerusalem no dii nkitaho wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɛno akyi no, Petro sɔre gyinaa nnipadɔm no anim kasa kyerɛɛ wɔn. (Aso. 2:14-36) Bere bi a atwam no, na Petro yɛ ohufo na na ɔpere ne ho wɔ nneɛma ho. Nanso bere a onyaa honhom kronkron no, ɔde akokoduru dii adanse ɛmfa ho ahunahuna ne ɔtaa a wɔde baa no so no. (Aso. 4:18-20, 31) Onyankopɔn nam ne honhom so maa Petro nyaa nimdeɛ soronko. (Aso. 5:8, 9) Honhom no maa no tumi ma onyanee obi a wawu mpo.—Aso. 9:40.

7. Yesu nkyerɛkyerɛ bɛn na Petro bɛtee ase bere a wɔde honhom sraa no akyi?

7 Ansa na Pentekoste da no reba mpo no, na Petro te nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no pii ase. (Mat. 16:16, 17; Yoh. 6:68) Nanso Yesu nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a Petro ante ase kosii Pentekoste da no akyi. Sɛ nhwɛso no, na Petro nnim sɛ wobenyan Kristo sɛ honhom wɔ da a ɛto so abiɛsa no, na saa ara nso na na onnim sɛ wɔde Ahenni no besi hɔ wɔ soro. (Yoh. 20:6-10; Aso. 1:6) Afei nso, na Petro nnim sɛ nnipa betumi abɛyɛ ahonhom na wɔadi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Nanso bere a wɔde honhom kronkron bɔɔ no asu na onyaa anidaso sɛ ɔbɛkɔ soro no, otumi tee Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no ase.

8. Nimdeɛ bɛn na wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no nyinaa betumi anya?

8 Bere a Yesu asuafo no nyaa honhom kronkron akyi no, wobehuu nneɛma pii a kan no na wonnim. Honhom kronkron kaa wɔn a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ma wɔkyerɛkyerɛɛ Yehowa atirimpɔw mu kɔɔ akyiri. (Efe. 3:8-11, 18) Ɛnnɛ, wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no nyinaa tumi sua saa nokwasɛm ahorow yi ho ade te ase. (Yoh. 10:16) So w’ani sɔ nimdeɛ ne ntease a honhom kronkron boa wo ma wunya fi Onyankopɔn Asɛm mu no?

‘Honhom Kronkron Hyɛɛ Paulo Mã’

9. Dɛn na Paulo nam honhom kronkron so tumi yɛe?

9 Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi bɛyɛ afe biako no, wɔde Onyankopɔn honhom kronkron sraa ɔbarima foforo. Saa ɔbarima no ne Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paulo no. Honhom no maa Paulo yɛɛ nneɛma bi a yenya so mfaso nnɛ. Honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw Bible mu nhoma 14. Sɛnea Onyankopɔn honhom boaa Petro no, ɛboaa Paulo nso ma ohui sɛ nnipa bi bɛkɔ soro, na wobenya nkwa a owu nnim ne nipadua a ɛmporɔw. Paulo nam honhom kronkron so saa yare, otuu adaemone, na onyan obi a wawu mpo! Nanso honhom kronkron a onyae no boaa no ma ɔyɛɛ nneɛma a ɛho hia sen saa mpo. Saa ade no ara na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nya tumi de yɛ, nanso wɔnyɛ anwonwade.

10. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boaa Paulo ma otumi kasae?

10 Paulo a na ‘honhom kronkron ahyɛ no mã’ no de akokoduru kaa osumanni bi anim. Amrado a na ɔwɔ Kipro no tiee asɛm a Paulo kae no nyinaa, na ɛkaa ne koma ma ogyee nokware no. Bible ka sɛ ‘Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa amrado no ho dwiriw no.’ (Aso. 13:8-12) Ɛda adi pefee sɛ na Paulo nim sɛ Onyankopɔn honhom nkutoo na ebetumi ama ɔde akokoduru aka nokware no ho asɛm. (Mat. 10:20) Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ Efeso asafo no sɛ wɔnsrɛ mma no na ama ‘watumi akasa.’—Efe. 6:18-20.

11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kyerɛɛ Paulo kwan?

11 Honhom kronkron boaa Paulo ma ɔkaa asɛm no, nanso ɛtɔ mmere bi a na ɛmma no kwan mma ɔnkɔka asɛm no wɔ mmeae bi. Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛɛ Paulo kwan wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. (Aso. 13:2; monkenkan Asomafo Nnwuma 16:6-10.) Yehowa da so ara de ne honhom boa asɛnka adwuma no. Yehowa asomfo anokwafo nyinaa yɛ osetie ma no, na wɔyere wɔn ho de akokoduru ne nsi ka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea Paulo yɛe no. Ɛwom sɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so de ne honhom boa yɛn no yɛ soronko wɔ sɛnea ɔde boaa Paulo no ho de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ne honhom redi dwuma na ama wɔn a wɔwɔ koma pa ahu nokware no.—Yoh. 6:44.

Honhom no “Dwumadi Gu Ahorow”

12-14. So Onyankopɔn honhom yɛ adwuma wɔ n’asomfo so wɔ ɔkwan koro so? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Ɛnnɛ, sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so kenkan sɛnea Yehowa hyiraa Kristofo a wɔasra wɔn asafo a na ɛwɔ hɔ tete no ho nsɛm a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa. Bere a Paulo rekyerɛw Korintofo asafo no, ɔkaa honhom kronkron akyɛde ho asɛm sɛ: “Akyɛde no gu ahorow, nanso honhom koro no ara na ɛwɔ hɔ; na ɔsom adwuma gu ahorow, nanso Awurade koro na ɔwɔ hɔ; na dwumadi gu ahorow, nanso Onyankopɔn koro no ara na odi dwuma no nyinaa wɔ nnipa nyinaa mu.” (1 Kor. 12:4-6, 11) Nokwasɛm ne sɛ honhom kronkron betumi ayɛ adwuma wɔ akwan horow so wɔ Onyankopɔn somfo biara so de adi atirimpɔw bi ho dwuma. Honhom kronkron boa Kristo “nguankuw ketewa” ne ne “nguan foforo” no nyinaa. (Luka 12:32; Yoh. 10:16) Nanso ɛsono sɛnea honhom no yɛ adwuma wɔ asafo no muni biara so.

13 Sɛ nhwɛso no, wɔde honhom kronkron na ɛpaw asafo mu mpanyimfo. (Aso. 20:28) Nanso, ɛnyɛ wɔn a wɔde honhom asra wɔn no nyinaa na wɔyɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu. Eyi kyerɛ dɛn? Ne tiatwa mu ara ne sɛ Onyankopɔn honhom yɛ adwuma wɔ akwan horow so wɔ asafo no mufo so.

14 Honhom no a ɛma wɔn a wɔasra wɔn no gye tom sɛ Onyankopɔn ‘agye wɔn ayɛ mma’ no, ɛno ara na Yehowa de nyanee ne Ba a ɔwoo no koro no fii awufo mu kɔɔ ɔsoro a owu nni no so tumi. (Monkenkan Romafo 8:11, 15.) Ɛyɛ saa honhom koro no ara na Yehowa de bɔɔ wiase ne emu nneɛma nyinaa. (Gen. 1:1-3) Yehowa de honhom koro no ara na ɛboaa Besalel ma ɔyɛɛ adwuma titiriw bi wɔ ntamadan no ho, na ɛno ara nso na ɛhyɛɛ Samson den ma ɔyɛɛ nnwuma bi a na ɛhwehwɛ ahoɔden soronko, na ɛboaa Petro nso ma ɔnantew po so. Enti ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, sɛ Onyankopɔn honhom wɔ obi so a, na ɛkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn honhom asra no. Onyankopɔn honhom a wɔde sra obi no yɛ akwan titiriw a honhom no fa so yɛ adwuma no mu biako pɛ. Onyankopɔn na ɔpaw wɔn a ɔde ne honhom sra wɔn no.

15. So wɔde honhom kronkron bɛbɔ asu afebɔɔ? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Onyankopɔn honhom kronkron ayɛ adwuma wɔ n’asomfo anokwafo so wɔ akwan horow pii so fi bere tenteenten ni. Honhom no yɛɛ saa mpo ansa na wɔrefi ase de asra ebinom. Pentekoste afe 33 Y.B. mu na wofii ase de honhom no sraa ebinom, nanso ɛrenkɔ so daa. Bere bi bɛba a wɔremfa honhom no mmɔ asu anaa wɔremfa nsra obiara bio, nanso honhom kronkron bɛkɔ so ayɛ adwuma wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so ma wɔayɛ n’apɛde daa.

16. Dɛn na Onyankopɔn asomfo nam ne honhom so reyɛ nnɛ?

16 Ade titiriw bɛn na wɔnam Yehowa honhom kronkron so reyɛ wɔ asase so nnɛ? Adiyisɛm 22:17 ma yehu mmuae no. Ɛhɔ ka sɛ: “Honhom no ne ayeforo no kɔ so ara ka sɛ: ‘Bra!’ Na ma nea ɔte biara nka sɛ: ‘Bra!’ Na ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.” Onyankopɔn honhom boa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔto nsa frɛ “nea ɔpɛ biara” sɛ ommegye nkwa nsu a Yehowa de ma no. Kristofo a wɔasra wɔn no na wodi anim reyɛ adwuma yi, na nguan foforo no boa wɔn. Honhom kronkron koro no ara na ɛboa akuw abien yi nyinaa ma wotumi yɛ adwuma no. Wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no ahyira wɔn ho so ama Yehowa ma wɔabɔ wɔn asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Mat. 28:19) Wɔn nyinaa ma Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan, na wɔsow honhom no aba wɔ wɔn asetenam. (Gal. 5:22, 23) Nguan foforo no ma Onyankopɔn honhom boa wɔn sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no ma ɛboa wɔn no. Honhom no boa wɔn ma wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛbɔ bra a ɛho tew wɔ Yehowa ani so.—2 Kor. 7:1; Adi. 7:9, 14.

Monkɔ so Mmisa Honhom Kronkron

17. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn honhom?

17 Enti sɛ anidaso a Onyankopɔn de ama wo ne sɛ wobɛtena ase daa wɔ soro anaa asase so a, Yehowa betumi ama wo “tumi a ɛboro onipa de so” na aboa wo ma woakɔ so akura wo mũdi mu, na wo nsa aka w’akatua no. (2 Kor. 4:7) Ebia bere a woreka Ahenni no ho asɛmpa no nkurɔfo bedi wo ho fɛw. Nanso kae sɛ, “sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a, ɛyɛ anigye ma mo, efisɛ anuonyam honhom, Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.”—1 Pet. 4:14.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom kronkron bɛboa wo, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Sɛ obi fi ne komam hwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron no a, ɔde ma no kwa. Honhom no betumi abue w’adwenem na aka wo koma nso ma woayɛ nea wubetumi nyinaa wɔ ne som mu. “Onyankopɔn na esiane nea ɛsɔ n’ani nti, ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ no na moayɛ nso.” Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebeso nkwa asɛm no mu denneennen’ a, honhom kronkron bɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so de osuro ne ahopopo ayɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’—Filip. 2:12, 13, 16.

19 Fa wo ho nyinaa to Onyankopɔn honhom so na yi wo yam yɛ adwuma biara a ɔde bɛma wo no yiye, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. (Yak. 1:5) Ɔbɛboa wo ma woate n’Asɛm ase, na wagyina asetena mu nsɛnnennen ano, na woaka asɛmpa no nso. Bible ka sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom na wobebue mo.” Nea yebetumi abisa no bi ne honhom kronkron. (Luka 11:9, 13) Enti kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wuntumi nsuasua anokwafo a wɔtenaa ase tete ne ɛnnɛ bere yi mu a wɔmaa Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Su bɛn na Maria daa no adi a yebetumi asua na yɛanya nhyira?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom boaa Paulo?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kyerɛ n’asomfo kwan nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Onyankopɔn honhom boaa Paulo ma odii ahonhommɔne so

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛnnɛ, honhom kronkron boa Kristofo ɛmfa ho anidaso a wɔwɔ