Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Adesua Nyɛ Anika na Nya so Mfaso

Ma Adesua Nyɛ Anika na Nya so Mfaso

Ma Adesua Nyɛ Anika na Nya so Mfaso

Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya anigye kɛse bere a yɛresua Bible no? Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya ade a yesua so mfaso kɛse? Nneɛma titiriw abiɛsa bi wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Bible a yɛn ankasa sua so mfaso kɛse. Ma yensusuw ho tiawa.

1 BƆ MPAE: Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae. (Dw. 42:8) Dɛn ntia? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebesua no ka yɛn som ho. Enti ɛho hia sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛmfa yɛn adwene ne yɛn koma nsi nea yebesua no so, na ɔmma yɛn ne honhom kronkron. (Luka 11:13) Barbara a ɔde mfe pii ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no ka sɛ: “Bere nyinaa mebɔ mpae ansa na masua Bible. Ɛno akyi no, mete nka sɛ Yehowa ka me ho na n’ani sɔ ade a meresua no.” Sɛ yedi kan bɔ mpae ansa na yɛasua ade a, ebue yɛn adwene ne yɛn koma mu ma yegye nea yɛresua no tom.

2 DWINNWEN HO: Esiane sɛ bere nni hɔ nti, ebinom kenkan Onyankopɔn Asɛm no saa ara kɛkɛ. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛmma wonnya Bible a wɔresua no so mfaso. Carlos asom Yehowa bɛboro mfe 50 ni, na wabehu sɛ ɛho hia sɛ oyi bere si hɔ de dwinnwen nea osua no ho sɛnea ɛbɛyɛ a obenya so mfaso kɛse. Ɔka sɛ: “Seesei mekenkan Bible no fã kakraa bi—bɛyɛ kratafa abien da biara da. Afei migye bere pii de dwinnwen nea makenkan no ho sɛnea ɛbɛyɛ a mesua nneɛma pii afi mu.” (Dw. 77:12) Sɛ yegye bere de dwinnwen nea yesua ho a, ɛma yehu Onyankopɔn apɛde yiye, na yɛte ase yiye nso.—Kol. 1:9-11.

3 FA DI DWUMA: Sɛ yehu mfaso a ɛwɔ biribi so a, ɛboa yɛn paa. Saa pɛpɛɛpɛ na Bible a yesua te. Gabriel yɛ onua aberantewa a osua Bible daa. Ɔka sɛ: “Misua ade a, ɛboa me ma midi ɔhaw a mihyia wɔ asetena mu da biara da so, na ɛma mihu sɛnea mɛboa afoforo nso.” Ɔde ka ho sɛ: “Mebɔ mmɔden de biribiara a misua di dwuma wɔ m’asetena mu.” (Deut. 11:18; Yos. 1:8) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn ho nsɛm pii wɔ hɔ a yebetumi asua na yɛde adi dwuma.—Mmeb. 2:1-5.

NTĨMU: Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛtweetwee nimdeɛ a Yehowa a ɔyɛ nyansa nyinaa Wura de ma no mu! (Rom. 11:33) Enti bere foforo a wubesua ade no, di kan bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ ɔmmoa wo na fa w’adwene ne wo koma si nea worebesua no so, na ɔmma wo ne honhom kronkron. Afei sɛ worekenkan ade a, ɛwom ara a gyina na dwinnwen ho. Bio nso, fa nea wusua no di dwuma wɔ w’asetena mu da biara da. Sɛ woyɛ nneɛma a ɛho hia yi a, w’ani begye Bible a wusua no ho na woanya so mfaso kɛse.