Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Kristofo Bu Onyankopɔn Asɛm No

Nokware Kristofo Bu Onyankopɔn Asɛm No

“W’asɛm yɛ nokware.”—YOH. 17:17.

1. Bere a edi kan a wo ne Yehowa Adansefo kasae no, ade titiriw bɛn na wuhui a ɛma wɔda nsow wɔ asɔre afoforo ho?

SUSUW bere a edi kan a wo ne Yehowa Adansefo bɔɔ nkɔmmɔ ho hwɛ. Sɛ wɔka sɛ yɛnka nea yɛkae wɔ saa nkɔmmɔ no ho a, ebia yɛn mu pii bɛka sɛ, ‘Ɔkwan a Adansefo no de Bible buaa me nsɛmmisa nyinaa no kaa me koma paa.’ Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yehuu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase, tebea a yewu a yɛkɔ mu, ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma yɛn adɔfo a wɔawuwu!

2. Dɛn na ɛma wugyee Bible toom?

2 Nanso bere a adesua no kɔɔ so no, yebehui sɛ ɛnyɛ asetena, owu, ne daakye ho nsɛmmisa nkutoo na Bible no bua. Yehui sɛ Bible yɛ nhoma a mfaso wɔ so sen nhoma foforo biara wɔ wiase. Emu afotu ntwam da, na ebewie wɔn a wɔde bɔ wɔn bra pɛpɛɛpɛ no yiye na wɔn ani agye. (Monkenkan Dwom 1:1-3.) Efi tete besi nnɛ, nokware Kristofo gye Bible tom “sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa,” na ɛnyɛ “nnipa asɛm.” (1 Tes. 2:13) Ma yɛnkɔ abakɔsɛm mu kakra na yɛnhwɛ nsonsonoe a ɛda wɔn a wogye Onyankopɔn Asɛm tom ankasa ne wɔn a wonnye ntom no ntam.

WOSIESIEE ASƐNNENNEN BI

3. Asɛm bɛn na anka ebetumi asɛe biakoyɛ a na ɛwɔ Kristofo asafo no mu, na dɛn nti na na ɛyɛ asɛnnennen?

3 Bere a wɔde honhom sraa Amanaman muni a odi kan a wɔfrɛ no Kornelio akyi mfe 13 no, asɛm bi sɔree a na ebetumi asɛe biakoyɛ a na ɛwɔ Kristofo asafo no mu no. Ná Amanaman mufo pii abɛyɛ Kristofo. Eyi maa asɛmmisa yi sɔree: So ɛsɛ sɛ wotwa Amanaman mufo mmarima no twetia sɛnea Yudafo amammerɛ te ansa na wɔabɔ asu? Ná ɛnyɛ asɛm a ɛbɛyɛ mmerɛw ama Yudani sɛ obebua. Saa bere no, na Yudafo a wodi Mmara no so no renkɔ Amanaman muni bi fie mpo na kampɛsɛ wafa no sɛ ne nua. Ná wɔretaa Yudafo Kristofo no denneennen sɛ wɔagyae Yudasom. Enti sɛ wɔsan bɔ wɔn ho mmusu gye Amanaman mufo a wontwaa twetia sɛ wɔn nuanom a, ɛnde na ɛbɛma asɛm no asɛe koraa ma wɔataa Kristofo no kɛse.—Gal. 2:11-14.

4. Henanom na wohyiae sɛ wɔrebɛhwɛ asɛm no aka, na nsɛmmisa bɛn na anka ebetumi asɔre wɔ nkurɔfo adwenem?

4 Afe 49 Y.B. mu no, asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem “hyiae sɛ wɔrebɛhwɛ asɛm yi aka.” (Aso. 15:6) Ná mmarima yi yɛ Yudafo a wɔatwa twetia. Ná nhyiam no nyɛ nyamesom mu akyinnyegye bi a mfaso nni so, na mmom na ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a wɔde koma pa resusuw ho. Obiara kyerɛɛ n’adwene wɔ asɛm no ho. Ɛnde, so na obi nsusuwii anaa n’adwenkyerɛ na wobegyina so asi gyinae? So na mpanyimfo no bɛtwɛn akosi sɛ tebea a ɛwɔ Israel no bedwo ansa na wɔasi gyinae? Anaa sɛ wɔn adwene nhyia mpo a, na wɔbɛpene biribiara so kɛkɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba?

5. Nneɛma titiriw bɛn na ɛmaa nhyiam a wɔyɛe wɔ Yerusalem wɔ afe 49 Y.B. mu no yɛ soronko wɔ nea asɔre mpanyimfo bi yɛ ho?

5 Ɛnnɛ, sɛ asɔre mpanyimfo bi hyia na sɛ wɔn adwene nhyia mpo a, wotumi pene biribiara so kɛkɛ. Ɛtɔ da bi a ebinom nso keka nsɛm gu afoforo asom na ama wɔaba wɔn afã. Nanso biribi a ɛte saa ansi wɔ nhyiam a ɛkɔɔ so wɔ Yerusalem no ase. Ne nyinaa akyi no, wɔn nyinaa yɛɛ adwenkoro ma wotumi sii gyinae. Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye saa? Ɛwom sɛ na ɛsono adwene a obiara wɔ de, nanso na wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa gye Onyankopɔn Asɛm no tom, na Kyerɛwnsɛm no na ɛboaa wɔn ma wosiesiee asɛm no.—Monkenkan Dwom 119:97-101.

6, 7. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi de Kyerɛwnsɛm no siesiee twetiatwa ho asɛm no?

6 Asɛm a ɛwɔ Amos 9:11, 12 no na ɛboaa wɔn ma wotumi siesiee asɛm no. Saa asɛm no pue wɔ Asomafo Nnwuma 15:16, 17 sɛ: “Mɛsan aba abesi Dawid sese a ahwe ase no; na mɛsan asi nea adwiriw agu no na mama so asi hɔ bio, na ama nnipa a aka no ne [afei] amanaman mufo a me din da wɔn so no nyinaa ahwehwɛ Yehowa denneennen, Yehowa . . . asɛm ni.”

7 Nanso ebia obi bɛka sɛ kyerɛwsɛm yi nka sɛ, sɛ Amanaman mufo bɛyɛ Kristofo a, enhia sɛ wotwa twetia. Ɛyɛ nokware saa, nanso na Yudafo Kristofo no bɛte ase sɛ ɛho nhia. Dɛn ntia? Efisɛ na wobu Amanaman mufo a wɔatwa twetia no sɛ wɔn nuanom, na ɛnyɛ sɛ nnipa a wofi amanaman mu. (Ex. 12:48, 49) Nhwɛso bi ni: Septuagint Bible a Bagster kyerɛɛ ase no ka wɔ Ester 8:17 sɛ: “Wotwaa Amanaman mufo pii twetia, na wɔbɛyɛɛ Yudafo.” “Nnipa a aka” a Kyerɛwnsɛm no kaa wɔn ho asɛm no yɛ wɔn a na wɔaka wɔ Israel fie. Eyinom yɛ Yudafo ne wɔn a na wɔabegye Yudasom atom ma wɔatwa wɔn twetia. Saafo yi na Kyerɛwnsɛm no ka wɔn ho asɛm sɛ wɔne “amanaman mufo” a wontwaa twetia bɛyɛ nnipa biako a Onyankopɔn din da wɔn so no. Enti na asɛm no mu da hɔ fann sɛ enhia sɛ Amanaman mufo a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo no twa twetia.

8. Ɔkwan bɛn so na na akokoduru ho hia wɔ gyinae a wosii no mu?

8 Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom na ɛboaa Kristofo anokwafo yi ma wɔde “adwenkoro” sii gyinae. (Aso. 15:25) Ná gyinae a wɔasi yi bɛma Yudafo Kristofo no ahyia ɔtaa kɛse, nanso wɔn a na wɔyɛ anokwafo no de akokoduru gyee Bible akwankyerɛ no toom.—Aso. 16:4, 5.

NSONSONOE NO DA ADI PEFEE

9. Ade titiriw bɛn na ɛmaa atoro nkyerɛkyerɛ bɛfraa nokware som, na nkyerɛkyerɛ titiriw bɛn na wokyinkyim no?

9 Ɔsomafo Paulo kae sɛ asomafo no wu akyi no, nkurɔfo de atoro nkyerɛkyerɛ bɛfrafra nokware som. (Monkenkan 2 Tesalonikafo 2:3, 7.) Ná wɔn a wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu bi mpo bɛpo “nkyerɛkyerɛ pa no.” (2 Tim. 4:3) Paulo bɔɔ asafo mu mpanyimfo a na wɔwɔ ne bere so kɔkɔ sɛ: “Mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Aso. 20:30) The New Encyclopædia Britannica ma yehu ade titiriw bi a ɛmaa nkurɔfo kyinkyim nsɛm. Ɛka sɛ Kristofo a na wɔasua Hela nyansapɛ fii ase de saa nimdeɛ no kyerɛkyerɛɛ Kristofo gyidi mu. Wɔhoahoaa wɔn ho wɔ nimdeɛ a wɔanya no ho, na na wosusuw sɛ ebetumi aboa abosonsomfo a wɔyɛ nhomanimfo ma wɔagye Kristosom atom. Nkyerɛkyerɛ titiriw biako a wɔde abosonsomfo adwene frafrae ne onii a Yesu Kristo yɛ. Bible frɛ no Onyankopɔn Ba, nanso wɔn a Hela nyansapɛ adi wɔn ti kyerɛkyerɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn.

10. Dɛn na anka ɛbɛboa asɔre mpanyimfo no ma wɔahu onii a Kristo yɛ?

10 Asɔre mpanyimfo gyee nkyerɛkyerɛ yi ho kyim wɔ wɔn nhyiam ahorow ase. Sɛ wosusuw Kyerɛwnsɛm no ho a, anka wobetumi asiesie asɛm no, nanso wɔn mu dodow no ara anhu sɛ Kyerɛwnsɛm no ho hia wɔ asɛm no mu. Nokwasɛm ne sɛ na wɔn mu dodow no ara asi wɔn gyinae dedaw ansa na wɔrehyia, na bere a wowiei no na wɔda so ara kura adwene a wɔwɔ no mu denneennen. Gyinae a wosii no anka biribi titiriw biara amfa Bible ho.

11. Bere a asɔre mpanyimfo no resi gyinae no, henanom asɛm na na wobu no sɛ tumi wom, na dɛn ntia?

11 Dɛn nti na wɔamma Kyerɛwnsɛm no ammoa wɔn wɔ gyinae a wosii no mu? Nhomanimfo Charles Freeman kae sɛ nea enti a wɔanyɛ saa ne sɛ wobehui sɛ adwene a wokura sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn no ne Bible nhyia, efisɛ Yesu ankasa kaa nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse sen no. Esiane sɛ asɔre mpanyimfo no antumi ammɔ Yesu asɛm yi angu nti, wɔde asɔre no atetesɛm ne nnipa nsusuwii besii Nsɛmpa no ananmu. Ɛnnɛ mpo, asɔfo pii susuw sɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn Asɔre Agyanom nsɛm ho hia sen Onyankopɔn Asɛm! Sɛ wo ne obi a ɔkɔ asɔfodi sukuu abɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho nkɔmmɔ pɛn a, ebia wɔahu sɛ saa na ɛte.

12. Tumi bɛn na ɔhempɔn no nyae?

12 Nnipa a wodii akoten kɛse wɔ nhyiam a wɔyɛe no mu ne Roma ahempɔn no. Nhwɛso biako ne nea Ɔbenfo Richard E. Rubenstein kyerɛw faa Nicaea Bagua ho no. Ɔkyerɛwee sɛ Ɔhempɔn Constantine maa asɔfo no nyaa wɔn ho tam. Ɔbaa so no, afe mpo annu na ɔsan de asɔredan a na wɔagye no nyinaa maa wɔn. Afei ɔsan de wɔn nnwuma ne dibea a na wɔwɔ maa wɔn. Ɔmaa asɔfo no nyaa nidi soronko a kan na wɔde ma abosonsomfo asɔfo no. Eyi maa Constantine nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ Nicaea baguafo no so, na ebia ɔno mpo na ɔkyerɛɛ gyinae a wonsi. Charles Freeman kyerɛw sɛ nhyiam no akyi no, ɔhempɔn no benyaa tumi kɛse wɔ asɔre no mu. Ɔmaa asɔre no nyaa tumi na odii akoten wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.—Monkenkan Yakobo 4:4.

13. Wohwɛ a, dɛn nti na asɔre mpanyimfo no annye Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ fann no antom?

13 Bere a na ayɛ den ama asɔre mpanyimfo no sɛ wobegye atom sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba no, na ɛnyɛ den mma nnipa pii a wobu wɔn mpapahwekwaa no. Esiane sɛ na ɛnyɛ sika anaa dibea a mpapahwekwa no benya afi ɔhempɔn no hɔ na ehia wɔn nti, wogyee nea wɔkenkan fii Kyerɛwnsɛm mu no toom. Nyamekyerɛfo bi a na ɔwɔ hɔ saa bere no ne Gregory a ofi Nyssa. Odii ntamatɔnfo ne sikasesafo ne aduantɔnfo ne nkoa ho fɛw sɛ wɔn nyinaa adan nyamesom akyerɛkyerɛfo. Nea na ɛhaw Gregory ne sɛ saa mpapahwekwaa yi mu pii kae sɛ ɛsono Ɔba no ɛnna ɛsono Agya no, Agya no yɛ kɛse sen Ɔba no, na wɔbɔɔ Ɔba no. Mpapahwekwaa no de wɔn asɛm no gyinaa Onyankopɔn Asɛm so. Eyi ne ade a Gregory ne asɔre mpanyimfo no anyɛ. Ɛsɛ sɛ anka Gregory ne ne mfɛfo no tie mpapahwekwaa no!

“AWI” NE “NWURA BƆNE” BOM NYIN

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ efi asomafo no bere so reba no, na wobenya nokware Kristofo a wɔasra wɔn wɔ asase so bere nyinaa?

14 Yesu kae wɔ ɛbɛ bi a obui mu sɛ efi asomafo no bere so reba no, wobenya nokware Kristofo a wɔasra wɔn wɔ asase so bere nyinaa. Ɔkae sɛ wɔte sɛ “awi” a ɛrenyin wɔ “nwura bɔne” mu. (Mat. 13:30) Yennim nnipa anaa akuw pɔtee bi a na wɔka “awi” no ho, nanso yebetumi aka sɛ efi tete besi nnɛ nnipa bi de akokoduru agyina Onyankopɔn Asɛm no akyi na wɔakasa atia atoro nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ asɔre no mu no. Momma yensusuw wɔn mu kakra ho.

15, 16. Nnipa bɛn saa na wɔkyerɛɛ obu maa Onyankopɔn Asɛm no?

15 Ɔsɔfopɔn Agobard a ofi Lyons, France, a ɔtenaa ase wɔ afe 779 kosi afe 840 Y.B. mu no kasa tiaa ahonisom, asɔre a wohyira so ma ahotefo, ne amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so. Ɔsɔfo Claudius a ɔtenaa ase wɔ Ɔsɔfo Agobard bere so nso poo asɔre mu amanne, na ɔkasa tiaa mpae a wɔbɔ ahotefo ne asɔre mu nneɛma a wɔsom. Afeha a ɛto so 11 no, wotuu Ɔsɔfo Berengarius a ofi Tours, France, fii Katolek asɔre no mu efisɛ ɔpoo Katolek nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade adidi ase abodoo ne bobesa no dan Kristo nipadua ne ne mogya ankasa no. Ɔkae nso sɛ Bible korɔn sen asɔre atetesɛm.

16 Peter a ofi Bruys ne Henry a ofi Lausanne a wɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 12 mu no nso yɛ mmarima a na wɔn ani gye Bible mu nokware ho. Peter gyaee asɔfodi efisɛ na onnye Katolek nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ntom. Ebi ne nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu, abodoo ne bobesa a wose ɛdan Kristo nipadua ne ne mogya ankasa no, mpae a wɔbɔ ma awufo, ne mmeamudua a wɔsom. Peter gyidi nti, wɔhyew no animono wɔ afe 1140 mu. Ná Henry yɛ otitiriw wɔ asɔre no mu, na ɔkasa tiaa nneyɛe bɔne ne asɔre no mu amanneɛ ahorow a ɛne Bible nhyia no. Wɔkyeree no wɔ afe 1148 mu na odii ne nna a aka nyinaa wɔ afiase.

17. Nneɛma titiriw bɛn na Waldo ne n’akyidifo yɛe?

17 Afe a wɔhyew Peter a ofi Bruys mu hɔ baabi no, wɔwoo obi foforo a akyiri yi ɔboa maa nnipa pii tee Bible mu nokware no. Ná ne din de Valdès, anaa Waldo. * Ná ɔnyɛ ɔsɔfo te sɛ Peter a ofi Bruys ne Henry a ofi Lausanne no, nanso esiane sɛ na obu Onyankopɔn Asɛm no paa nti, ɔde n’agyapade mae na ɔma wɔkyerɛɛ Bible no afã bi ase kɔɔ kasa a na nnipa pii ka wɔ France anafo fam baabi mu. Ebinom ani gyee ho paa sɛ wɔtee Bible mu asɛm wɔ wɔn ankasa kasa mu ma enti wɔn nso de wɔn ho nneɛma mae, na wotuu wɔn ho sii hɔ sɛ wɔbɛma nkurɔfo ahu nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no. Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ mmarima ne mmea a wɔyɛ nsi yi Waldenfo. Asɔre no ani annye nea na wɔreyɛ no ho koraa. Enti afe 1184 mu no, pope no tuu wɔn fii asɔre no mu, na ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ no amma wɔansan ankɔ wɔn afie bio. Nanso eyi mmom boa maa Bible mu asɛm duu mmeae foforo pii. Bere bi akyi no, na Waldo ne Peter a ofi Bruys ne Henry a ofi Lausanne akyidifo ne afoforo a wɔtwee wɔn ho fii asɔre no ho abu so wɔ Europa mmeae pii. Mfe bi akyi no, afoforo nso bae a wɔde akokoduru gyinaa Bible no akyi. Wɔn mu bi ne: John Wycliffe (a ɔtenaa ase fi bɛyɛ afe 1330 kosi afe 1384), William Tyndale (a ɔtenaa ase fi bɛyɛ afe 1494 kosi afe 1536), Henry Grew (a ɔtenaa ase fi afe 1781 kosi afe 1862), ne George Storrs (a ɔtenaa ase fi afe 1796 kosi afe 1879).

“ONYANKOPƆN ASƐM DE, WƆNKYEKYEREE”

18. Ɔkwan bɛn na na Bible asuafo a wɔwɔ koma pa no fa so sua Bible fi afe 1870 reba? Dɛn nti na na ɛyɛ ɔkwampa?

18 Atamfo fa kwan biara so sɛ wɔbɛka Bible mu nokware no ahyɛ, nanso enkosi hwee. Bible ka wɔ 2 Timoteo 2:9 sɛ: “Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyekyeree.” Bible asuafo bi a wɔwɔ koma pa fii ase hwehwɛɛ nokware no wɔ afe 1870 mu. Ɔkwan bɛn na na wɔfa so sua ade? Nea edi kan no, na obi bisa asɛm na afei wɔasusuw ho. Ɛno akyi no, wɔkenkan kyerɛw nsɛm a ɛfa asɛm no ho nyinaa, na sɛ wohu sɛnea kyerɛwsɛm ahorow no hyia a, wosi ho gyinae yɛ ho kyerɛwtohɔ. Ná eyi yɛ ɔkwampa a wɔfa so sua ade efisɛ saa kwan no ara na asomafo no ne mpanyimfo no faa so wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ mmarima anokwafo yi a wofii Yehowa Adansefo abakɔsɛm ase no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn gyidi begyina Onyankopɔn Asɛm no so pintinn.

19. Dɛn ne 2012 afe asɛm no, na dɛn nti na ɛfata?

19 Yɛn gyidi da so ara gyina Bible no so. Eyi nti, Yehowa Adansefo Sodikuw no afa Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 17:17 no sɛ 2012 afe asɛm: “W’asɛm yɛ nokware.” Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom de nokware no bɔ ne bra. Enti momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm no akyerɛ yɛn kwan.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Ɛtɔ da bi a na wɔfrɛ Valdès sɛ Pierre Valdès anaa Peter Waldo, nanso sɛ na edin foforo bi ka ho a, yennim.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

2012 afe asɛm no ne: “W’asɛm yɛ nokware.”—Yoh. 17:17

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Waldo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wycliffe

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Tyndale

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Grew

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Storrs