Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi “Nokware No Suban” Mu

Sua Biribi Fi “Nokware No Suban” Mu

“Wowɔ Mmara no mu nimdeɛ ne nokware no suban.”—ROM. 2:20.

1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛte Mose Mmara no mu nneɛma titiriw ase?

NSƐM a Paulo kyerɛw wɔ Bible mu no na ɛboa yɛn ma yɛte Mose Mmara no mu nneɛma titiriw pii ase. Sɛ nhwɛso no, Paulo maa emu daa hɔ wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu sɛ Yesu ne ‘ɔsɔfo panyin nokwafo’ no, na ɔbɔɔ “mpata afɔre” prɛko. Ɛno bɛma wɔn a wonya ne mu gyidi no atumi anya “daa ogye.” (Heb. 2:17; 9:11, 12) Paulo kyerɛkyerɛɛ mu nso sɛ na ntamadan no yɛ ‘ɔsoro nneɛma ho sunsuma’ kɛkɛ, na ɔkae sɛ Yesu yɛ Ntamgyinafo ma “apam a ɛkyɛn” Mose Mmara no. (Heb. 7:22; 8:1-5) Mmara no a Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no boaa Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no paa, na ɛda so ara boa yɛn. Ɛboa yɛn ma yɛte nneɛma a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ase yiye.

2. Dɛn na na Yudafo Kristofo no nim a na wɔn a wɔnyɛ Yudafo no nnim?

2 Bere a Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Roma no, na ne nsɛm no bi fa asafo no mufo a wɔyɛ Yudafo a na wɔde Mose Mmara no akyerɛkyerɛ wɔn no ho. Ɔkae sɛ esiane sɛ na Yudafo no nim Mmara no nti, na wɔwɔ Yehowa ne ne mmara a ɛteɛ no ho “nimdeɛ ne nokware no suban” dedaw. Yudafo Kristofo no tee “nokware no suban” anaa Mmara no ho nokwasɛm titiriw ase, na wogye toom. Enti wotumi de saa nokwasɛm titiriw no kyerɛkyerɛɛ afoforo sɛnea Yudafo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no.—Monkenkan Romafo 2:17-20.

YESU AFƆREBƆ NO HO SUNSUMA

3. Sɛ yesua afɔre a na tete Yudafo bɔ no ho nsɛm a, mfaso bɛn na yenya?

3 Mose Mmara no ho nokwasɛm titiriw a Paulo kaa ho asɛm no ho hia na yɛate Yehowa atirimpɔw ase. Nneɛma titiriw a ɛwɔ Mmara no mu no da so ara hia yɛn nnɛ. Enti momma yensusuw Mmara no mu ade titiriw biako ho. Eyi ne afɔrebɔ ne ayɛyɛde ahorow a ɛkyerɛɛ Yudafo ahobrɛasefo kwan kɔɔ Kristo so a ɛboaa wɔn ma wohuu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ. Nea Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ nsesa da, enti yebehu sɛ mmara a ɛfa afɔrebɔ ne ayɛyɛde ho a Onyankopɔn de maa Israelfo no betumi aboa yɛn nso ma yɛahwehwɛ ɔkwan a yɛfa so som no no mu.—Mal. 3:6.

4, 5. (a) Dɛn na Mose Mmara no kaee Onyankopɔn nkurɔfo? (b) Afɔrebɔ ho mmara a Onyankopɔn de mae no twee adwene sii dɛn so?

4 Mose Mmara no afã pii kaee Yudafo no sɛ wɔyɛ abɔnefo. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi de ne nsa ka funu a, na ɛsɛ sɛ odwira ne ho. Ná ehia sɛ ɔsɔfo no kum nantwi kɔkɔɔ a ɔte apɔw na wɔhyew no, na wɔde ne nsõ no yɛ “ahodwira nsu.” Ná ɔde nsu no petepete onii a ne ho agu fĩ no so ɛda a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no na ama ne ho atew. (Num. 19:1-13) Afei nso sɛ ɔbea bi wo a, na ne ho begu fĩ nna dodow bi, na ɛno akyi no na ɛsɛ sɛ ɔkɔbɔ mpata afɔre; na eyi bɛkae no sɛ wɔde sintɔ ne bɔne wo nnipa nyinaa.—Lev. 12:1-8.

5 Ná tebea foforo pii nso wɔ hɔ a ɛho behia sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre de pata bɔne. Sɛ nea ɔrekɔbɔ afɔre no nim oo, sɛ onnim oo, nokwasɛm ne sɛ na afɔre a wɔbɔ wɔ ntamadan no mu no ne nea akyiri yi wɔbɔe wɔ Yehowa asɔrefie no nyinaa yɛ Yesu afɔre a ɛyɛ pɛ no ho “sunsuma.”—Heb. 10:1-10.

ADWENE A ƐWƆ AFƆREBƆ NO AKYI

6, 7. (a) Sɛ Israelni bi rekɔbɔ afɔre a, dɛn na na ehia sɛ osusuw ho? Ná afɔre a edi mũ gyina hɔ ma dɛn? (b) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

6 Ná Yehowa hwehwɛ sɛ Israelfo no de mmoa a ‘wɔte apɔw’ bɔ afɔre. Enti na wɔrentumi mfa aboa a n’ani abɔ, wapira, ɔyare, anaa wadi dɛm biara mmɔ afɔre. (Lev. 22:20-22) Sɛ Israelfo de nnuaba anaa awi rekɔbɔ afɔre ama Yehowa a, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nnɔbae mu “aba a edi kan” anaa “nea eye paa” bɔ afɔre no. (Num. 18:12, 29) Ná Yehowa ani nsɔ afɔrebɔde a enni mũ. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no de mmoa a wodi mũ bɔ afɔre efisɛ na eyi gyina hɔ ma Yesu afɔre a na dɛm ne nkekae biara nni ho no. Ná Yehowa ankasa de nea eye paa na ɛda ne koma so bɛbɔ afɔre de agye adesamma.—1 Pet. 1:18, 19.

7 Sɛ na onipa a ɔrebɔ afɔre no ani sɔ Yehowa papayɛ nyinaa a, ɛnde so na ɛbɛyɛ den sɛ ɔde ne nneɛma mu nea eye paa bɛbɔ afɔre ama no? Ná ade ko a onii no de bɛbɔ afɔre no gyina n’ankasa so. Nanso na onim sɛ Onyankopɔn ani rensɔ afɔrebɔde a ɛho atɔ kyima efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ onii no mmu afɔre no sɛ ade a ɛho hia biara; ebia obebu no adesoa mpo. (Monkenkan Malaki 1:6-8, 13.) Ɛsɛ sɛ eyi ma yedwen ɔkwan a yɛfa so som Onyankopɔn ho. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Adwene bɛn na mede som Yehowa? So ɛho hia sɛ mesan hwɛ ɔkwan a mefa so som Yehowa ne adwene a mede som no no?’

8, 9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw adwene a Israelfo de bɔɔ afɔre no ho?

8 Ná Israelni betumi afi ne pɛ mu abɔ afɔre ama Yehowa de akyerɛ nea wayɛ ama no ho anisɔ, anaasɛ na obetumi abɔ ɔhyew afɔre de ahwehwɛ Yehowa anim dom. Sɛ saa a, ɛnde na ɛrenyɛ den mma no sɛ ɔde aboa a odi mũ bɛbɔ afɔre no. N’ani begye ho sɛ ɔde nea eye paa bɛma Yehowa. Ɛnnɛ, Kristofo mmɔ afɔre a na Mose Mmara no hwehwɛ no, nanso wɔbɔ afɔre ara. Wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode som Yehowa. Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani no bi ne sɛ yɛbɛka anidaso a yɛwɔ ho asɛm wɔ “baguam” na ‘yɛayɛ afoforo papa na yɛne wɔn akyɛ nneɛma.’ (Heb. 13:15, 16) Sɛ Yehowa nkurɔfo ani sɔ nea wayɛ ama wɔn nyinaa ampa a, eyi bɛda adi wɔ ɔkwan a wɔfa so som no no mu. Enti sɛnea Israelfo no yɛe no, ɛho hia sɛ yɛn nso yɛhwehwɛ adwene a yɛde som Yehowa ne ɔkwan a yɛfa so som no no mu.

9 Ɛtɔ mmere bi a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Israelni a wadi mfomso bɔ bɔne anaa asodi afɔre. Esiane sɛ na ɛyɛ ahyɛde sɛ wɔbɔ saa afɔre yi nti, wususuw sɛ na obeyi ne yam abɔ afɔre no anaa ɔde amemenemfe na ɛbɛyɛ saa? (Lev. 4:27, 28) Sɛ na onipa no pɛ paa sɛ ɔne Yehowa nya abusuabɔ pa a, ɛnde na obeyi ne yam ayɛ.

10. Sɛ yedi mfomso a, ‘afɔre’ bɛn na ebia ɛsɛ sɛ yɛbɔ?

10 Ɛnnɛ nso ebia wobɛka asɛm bi a wonnwen ho anaa wobɛyɛ biribi ma ahaw onua bi a wonhyɛ da. Ebia w’ahonim bɛka akyerɛ wo sɛ ade a woyɛe no nye. So obi a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no renyɛ nea obetumi biara mfa nsiesie asɛm no? Nea obetumi ayɛ ne sɛ ɔbɛpa onii a wafom no no kyɛw. Sɛ nso wayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɔbɛhwehwɛ mmoa afi Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no hɔ. (Mat. 5:23, 24; Yak. 5:14, 15) Enti sɛ yebetumi asiesie bɔne a yɛayɛ yɛn nua anaa Onyankopɔn ankasa a, ebehia sɛ yɛyɛ ho biribi. Ɛte sɛ nea yɛrebɔ afɔre. Sɛ yɛbɔ ‘afɔre’ a ɛte saa a, yesiesie yɛne Yehowa ntam na yɛne yɛn nua nso ntam yɛ papa. Eyi ma yenya ahonim pa, na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa na onim nea eye ma yɛn.

11, 12. (a) Dɛn ne asomdwoe afɔre? (b) Dɛn na yebetumi asua afi asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no mu?

11 Afɔre a wɔaka ho asɛm wɔ Mose Mmara no mu bi nso yɛ asomdwoe afɔre. Obi bɔ afɔre a ɛte saa a, na ɛkyerɛ sɛ asomdwoe wɔ ɔne Yehowa ntam. Ná onipa a ɔrebɔ saa afɔre no ne n’abusua bɛwe aboa a ɔde abɔ afɔre no nam; ebia wɔbɛwe wɔ asɔrefie no adididan bi mu. Wɔde nam no bi ma ɔsɔfo a ɔbɔ afɔre no ne asɔfo a wɔaka a wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no. (Lev. 3:1; 7:31-33) Nea ɛma obi bɔ afɔre a ɛte saa ne sɛ ɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa. Ɛte sɛ nea onipa a ɔrebɔ afɔre no ne n’abusua ne asɔfo ne Yehowa nyinaa de anigye reto nsa adidi wɔ asomdwoe mu.

12 Hokwan bɛn na ɛkyɛn sɛ obi bɛto nsa afrɛ Yehowa sɛ ɔne no mmedidi na Yehowa apene so? Ná nea ɔrebɔ afɔre no de nea eye paa bɛma ɔhɔho kɛse a ɔte saa. Asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no ka Mose Mmara no ho nokwasɛm titiriw no ho. Eyi daa no adi sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔne ne Bɔfo no nya abusuabɔ a emu yɛ den na asomdwoe tena wɔn ntam no betumi afa Yesu afɔrebɔ kɛse no so ayɛ saa. Ɛnnɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de yɛn ahode ne yɛn ahoɔden bɔ afɔre wɔ Yehowa som mu a, yebetumi ne no afa adamfo.

AFƆRE A ONYANKOPƆN ANNYE ANTOM

13, 14. Dɛn nti na Yehowa ani annye afɔre a na Ɔhene Saul pɛ sɛ ɔbɔ no no ho?

13 Sɛ Yehowa begye afɔre bi atom a, na ɛsɛ sɛ nea ɔrebɔ afɔre no de adwempa ne koma pa bɔ. Nanso Bible ma yehu sɛ afɔre no bi wɔ hɔ a Onyankopɔn annye antom. Dɛn nti na ɔpoe? Ma yensusuw tebea ahorow abien bi ho nhwɛ.

14 Bere bi odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ bere adu sɛ Yehowa sɛe Amalekfo. Ɔkae sɛ Saul ntɔre atamfo yi ne wɔn mmoa nyinaa ase. Saul dii nkonim nanso wamma n’asraafo no ankum Amalek hene Agag. Saul de wɔn mmoa mu nea eye paa nso bae sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre ama Yehowa. (1 Sam. 15:2, 3, 21) Dɛn na Yehowa yɛe? Ɔpoo Saul sɛ wayɛ no so asoɔden. (Monkenkan 1 Samuel 15:22, 23.) Dɛn na yesua fi eyi mu? Yehu sɛ, sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ afɔre a yɛbɔ a, ɛsɛ sɛ yedi n’ahyɛde so.

15. Bere a Israelfo bɔɔ afɔre na bere koro no ara wɔyɛɛ bɔne no, na ɛkyerɛ dɛn?

15 Nhwɛso foforo wɔ Yesaia nhoma no mu. Yesaia bere so no, na Israelfo bɔ afɔre ma Yehowa nanso bere koro no ara na wɔkɔ so yɛ bɔne. Eyi maa wɔn afɔre no bɛyɛɛ adehunu bi. Yehowa kae sɛ: “Mfaso bɛn na menya afi mo afɔre bebrebe no so? Adwennini ɔhyew afɔre ne mmoa srade no afono me. Na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya nso, m’ani nsɔ. . . . Monnkɔ so mmfa aduan mmmɛbɔ afɔre hunu wɔ m’anim bio. Aduhuam nso, mikyi koraa.” Dɛn nti na ɔpoo wɔn afɔrebɔ no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mpae dodow no nyinaa mintie, efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã. Monhohoro mo ho, montew mo ho, munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim, na munnyae bɔneyɛ.”—Yes. 1:11-16.

16. Dɛn na ɛbɛma Onyankopɔn ani asɔ afɔre bi?

16 Ná Yehowa ani nsɔ abɔnefo a wɔannu wɔn ho no afɔre. Nanso wɔn a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn ahyɛde so no de, otiee wɔn mpaebɔ na n’ani sɔɔ wɔn afɔrebɔ. Ade titiriw a Mose Mmara no ma wohui ne sɛ na wɔyɛ abɔnefo a wohia bɔne fafiri. (Gal. 3:19) Sɛ Israelni bi hu saa a, na ebetumi aboa no ma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho ma Yehowa de afiri no. Ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ yehu sɛ Kristo afɔre no nkutoo na ebetumi apata yɛn bɔne. Sɛ yɛte eyi ase na yɛkyerɛ ho anisɔ a, Yehowa ‘ani begye’ biribiara a yɛyɛ ma no wɔ ne som mu ho.—Monkenkan Dwom 51:17, 19.

NYA YESU AFƆRE NO MU GYIDI!

17-19. (a) Dɛn na yɛde bɛkyerɛ Yehowa sɛ yɛn ani sɔ Yesu agyede afɔre no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Israelfo no huu Onyankopɔn atirimpɔw ho “sunsuma” kɛkɛ, nanso yɛn de, yɛanya papa no ankasa. (Heb. 10:1) Afɔrebɔ ho mmara no hyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ wonnya su a ɛbɛboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa. Ɛno ne anisɔ a wobenya ama no, wɔn yam a wobeyi de nea eye paa ama no, na wɔagye atom sɛ wohia ogye. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yehu sɛ Yehowa nam agyede no so beyi bɔne ne owu afi hɔ korakora. Na ɛnnɛ mpo, ɔma yenya ahonim pa wɔ n’anim. Yesu agyede afɔre no yɛ akyɛde nwonwaso ampa!—Gal. 3:13; Heb. 9:9, 14.

18 Sɛ yɛte agyede afɔre no ase a, na ɛnsae; ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii ka ho na yɛanya so mfaso. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mmara no abɛyɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so, na wɔnam gyidi so abu yɛn bem.” (Gal. 3:24) Nanso ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka gyidi a ɛte saa ho. (Yak. 2:26) Enti Paulo hyɛɛ tete Kristofo no nkuran sɛ wɔmfa Mose Mmara no ho nimdeɛ a wɔwɔ no nyɛ adwuma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde nokware a wɔkyerɛkyerɛ afoforo no rebɔ wɔn bra.—Monkenkan Romafo 2:21-23.

19 Ɛwom sɛ ɛnnɛ Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara bɔ afɔre a ɛsɔ Yehowa ani. Yebesusuw ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Nea Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ no nsesa da

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mmoa yi mu nea ɛwɔ he na anka wode bɛbɔ afɔre ama Yehowa?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Wɔn a wɔbɔ afɔre a ɛsɔ Yehowa ani no nya n’anim dom