Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yesu Asomafo No Na Wɛn

Suasua Yesu Asomafo No Na Wɛn

“Mo ne me nwɛn.”—MAT. 26:38.

1-3. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asomafo no antumi anwɛn anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetenam no, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ wosuaa biribi fii mfomso a wodii no mu?

FA W’ANI kari nea ɛkɔɔ so anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetenam no hwɛ. Ná Yesu aba Getsemane turo a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no; na ɛhɔ yɛ beae a ɔtaa kɔ. Ná ɔne n’asomafo anokwafo no na ɛwɔ hɔ. Esiane sɛ na nneɛma pii ahyɛ Yesu so nti, na ehia sɛ onya beae a ɛhɔ yɛ komm kɔbɔ mpae.—Mat. 26:36; Yoh. 18:1, 2.

2 Asomafo no mu baasa—Petro, Yakobo, ne Yohane—kaa Yesu ho kɔɔ turo no mfinimfini. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena ha na mo ne me nwɛn,” na ofii hɔ kɔbɔɔ mpae. Ɔsan bae no, na ne nnamfonom no adeda hatee. Enti ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” Nanso wɔsan dae! Saa anadwo no, asomafo no nyinaa antumi anwɛn. Na mpo wogyaw Yesu hɔ guanee!—Mat. 26:38, 41, 56.

3 Akyinnye biara nni ho sɛ akyiri yi ɛhaw asomafo no sɛ wɔantumi anwɛn. Ankyɛ na mmarima anokwafo yi suaa biribi fii mfomso a wodii no mu. Bible nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no ma yehu sɛ akyiri yi wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa a wotumi wɛn. Nhwɛso a wɔyɛe no kaa wɔn mfɛfo Kristofo ma wɔyɛɛ saa ara. Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛwɛn. (Mat. 24:42) Momma yɛnhwɛ nneɛma abiɛsa a yebetumi asua afi Asomafo nhoma no mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn.

WƆMAA WƆN ANI DAA HƆ HUU BAABI A WƆBƐKA ASƐM NO

4, 5. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron kyerɛɛ Paulo ne n’ahokafo no kwan?

4 Nea edi kan no, asomafo no maa wɔn ani daa hɔ sɛ wobehu baabi a ɛsɛ sɛ wɔka asɛm no. Bible ma yehu sɛnea Yesu de honhom kronkron a Yehowa de maa no no kyerɛɛ ɔsomafo Paulo ne wɔn a wɔka ne ho no kwan wɔ wɔn akwantu bi mu. (Aso. 2:33) Momma yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ akwantu no mu.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 16:6-10.

5 Ná Paulo, Silas, ne Timoteo afi Listra a ɛwɔ Galatia anafo no. Nna bi akyi no, wokopuee Roma kwantempɔn a ani hwɛ atɔe fam a ɛkɔ Asia mantam no; na ɛyɛ beae a nnipa ahyɛ hɔ mã. Ná wɔpɛ sɛ wɔfa saa kwan no so kɔka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa mpempem a na wɔwɔ saa nkurow no so no. Nanso biribi siw wɔn kwan. Asomafo Nnwuma 16:6 ka sɛ: “Wɔkɔfaa Frigia ne Galatia asase so, efisɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu.” Biribi nti honhom kronkron no siw akwantufo yi kwan ma wɔanka asɛm no wɔ Asia mantam mu. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔde Onyankopɔn honhom kyerɛ Paulo ne n’ahokafo no kwan kɔ baabi foforo.

6, 7. (a) Bere a Paulo ne n’ahokafo no reyɛ adu Bitinia no, dɛn na esii? (b) Gyinae bɛn na asuafo no sii, na dɛn na efii mu bae?

6 Ɛhe na akwantufo no kɔe? Asomafo Nnwuma 16:7 ka sɛ: “Bere a woduu Misia no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan.” Esiane sɛ wɔamma Paulo ne n’ahokafo no kwan ma wɔanka asɛm no wɔ Asia nti, wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifi fam yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔrekɔka asɛm no wɔ Bitinia nkurow mu. Nanso bere a wɔreyɛ adu Bitinia no, Yesu san de honhom kronkron no siw wɔn kwan. Ɛbaa saa no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn adwene tu frae. Ná wonim asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka ne ɔkwan a wɔbɛfa so aka no, nanso na wonnim baabi a wɔbɛka asɛm no. Yebetumi aka no saa kwan yi so sɛ: Wɔkɔbɔɔ Asia pon mu, nanso ankosi hwee. Afei wɔkɔbɔɔ Bitinia pon mu; ɛno nso ankosi hwee. Wogyaee apon no mu bɔ anaa? Dabi, na eyi nyɛ biribi a ebetumi abu asɛmpakafo a wɔyɛ nsi yi abam!

7 Saa bere yi, mmarima no sii gyinae bi a ɛte sɛ nea ntease nnim. Asomafo Nnwuma 16:8 ka sɛ: “Wotwaam wɔ Misia kɔɔ Troa.” Enti akwantufo no de wɔn ani kyerɛɛ atɔe fam nantewee akwansin 350 (kilomita 563), na wotwaa nkurow pii gyae kosii sɛ woduu Troa hyɛn gyinabea, beae a na wobetumi afa hɔ akɔ Makedonia. Afei Paulo ne n’ahokafo no bɔɔ pon a ɛto so abiɛsa mu, na ɛno de, ebuee kɛse maa wɔn! Asomafo Nnwuma 16:9 ma yehu nea esii. Ɛka sɛ: “Eduu anadwo no, Paulo nyaa anisoadehu bi: na ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: ‘Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.’” Afei de, na Paulo ahu baabi a ɔbɛka asɛm no. Mmarima no antwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Makedonia.

8, 9. Dɛn na yebetumi asua afi nsɛm a esisii Paulo akwantu no mu?

8 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Kae sɛ Paulo de n’ani kyerɛɛ Asia ansa na Onyankopɔn de ne honhom gyee asɛm no mu. Afei, Paulo bɛn Bitinia ansa na Yesu rema no akwankyerɛ. Awiei koraa no, Paulo duu Troa ansa na Yesu reka akyerɛ no sɛ ɔnkɔ Makedonia. Yesu ne asafo no Ti, enti ɛnnɛ nso obetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so ama yɛn akwankyerɛ. (Kol. 1:18) Sɛ nhwɛso no, ebia na wopɛ sɛ woyɛ akwampae adwuma anaa wutu kɔ baabi kɔboa ɔsom adwuma no. Nanso gye sɛ wutu anammɔn pɔtee bi a ɛbɛma woadu wo botae no ho ansa na Yesu de Onyankopɔn honhom akyerɛ wo kwan. Susuw mfatoho yi ho: Sɛ ɔhyɛnkafo betumi de ne kar ani akyerɛ benkum anaa nifa a, ɛsɛ sɛ otu kar no; ɛnsɛ sɛ ogyina faako. Saa ara na sɛ Yesu bɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no pii a, ehia sɛ yetu anammɔn bi sɛ yebedu yɛn botae ho.

9 Nanso sɛ anim-anim yi ara woanhu sɛ biribi pa bi afi wo mmɔdenbɔ no mu aba nso ɛ? Ɛsɛ sɛ woma w’abam bu na woka sɛ Onyankopɔn amfa ne honhom no ankyerɛ wo kwan? Kae sɛ Paulo nso hyiaa akwanside. Nanso ɔkɔɔ so hwehwɛe, na ɔkɔɔ so bɔɔ mu kosii sɛ ɔpon bi bue maa no. Wo nso sɛ wumia w’ani hwehwɛ “dwumadi kɛse bi pon” a, Yehowa behyira wo.—1 Kor. 16:9.

WƆMAA WƆN ANI DAA HƆ MAA MPAEBƆ

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi betumi akɔ so awɛn a, ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ ma mpaebɔ?

10 Ma yɛnhwɛ ade a ɛto so abien a yebetumi asua afi yɛn nuanom Kristofo a wɔtenaa ase tete no hɔ na yɛawɛn: Wɔmaa wɔn ani daa hɔ maa mpaebɔ. (1 Pet. 4:7) Mpaebɔ ho hia na yɛatumi akɔ so awɛn. Kae sɛ ansa na wɔrekyere Yesu wɔ Getsemane turom no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no mu baasa sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae.”Mat. 26:41.

11, 12. Dɛn nti na Herode tan Petro ne Kristofo a wɔaka no ani, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa?

11 Ná Petro wɔ hɔ saa bere no, na akyiri yi obehui sɛ mpaebɔ wɔ tumi paa. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 12:1-6.) Asomafo Nnwuma ti 12 mfiase no, yehu sɛ na Herode pɛ Yudafo no anim dom, enti ofii ase tan Kristofo no ani. Ebetumi aba sɛ na Herode nim sɛ Yakobo yɛ ɔsomafo a na ɔbɛn Yesu paa. Nkyekyɛm 2 no ma yehu sɛ Herode “de nkrante kum” Yakobo. Eyi maa asafo no hweree ɔsomafo a anuanom dɔ no. Ná eyi yɛ sɔhwɛ kɛse ma anuanom!

12 Dɛn bio na Herode yɛe? Asomafo Nnwuma 12:3 ka sɛ: “Bere a ohui sɛ Yudafo no ani agye ho no, ɔtoaa so kɔkyeree Petro nso.” Nanso ebia na Herode nim sɛ wɔde Petro ne asomafo bi ato afiase pɛn ma ankosi hwee. (Aso. 5:17-20) Nanso na ɔmanyɔfo a n’ani atew yi rennyae nsɛm mu saa. Ɔdan Petro “maa akuw anan a asraafo baanan wɔ emu biara mu sɛ wɔnwɛn no nnidiso nnidiso, a na wayɛ n’adwene sɛ twam afahyɛ no akyi no, ɔde no bɛma nkurɔfo no.” (Aso. 12:4) Wo de susuw ho hwɛ! Herode ma wɔde Petro too asraafo baanu ntam a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no; ɔmaa asraafo akuw anan a asraafo baanan wɔ emu biara mu wɛn no awia ne anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenguan. Ná Herode adwene nyinaa ne sɛ Twam afahyɛ no akyi no, ɔde Petro bɛma nkurɔfo no ma wɔakum no de asɔ wɔn ani. Ná anibere aba, enti na dɛn na Petro mfɛfo Kristofo no betumi ayɛ wɔ tebea a ɛte saa mu?

13, 14. (a) Bere a wɔde Petro too afiase no, dɛn na asafo no yɛe wɔ ho? (b) Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Petro mfɛfo Kristofo bɔɔ mpae no mu?

13 Ná asafo no nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Asomafo Nnwuma 12:5 ka sɛ: “Na Petro da afiase, na asafo no kɔɔ so bɔɔ Onyankopɔn mpae denneennen maa no.” Wofi wɔn komam bɔɔ mpae denneennen maa wɔn nua dɔfo no. Eyi kyerɛ sɛ Yakobo wu no amma wɔn abam ammu, na saa ara nso na wɔanka sɛ mfaso nni mpaebɔ so. Mmom no, na wonim sɛ anokwafo mpaebɔ som bo ma Yehowa. Sɛ mpaebɔ a ɛte saa ne n’apɛde hyia a, otie.—Heb. 13:18, 19; Yak. 5:16.

14 Dɛn na yebetumi asua afi nea Petro mfɛfo Kristofo no yɛe mu? Sɛ yebetumi awɛn a, ehia sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn ho na yɛbɔ bi ma yɛn nuanom nso. (Efe. 6:18) So wunim wo nuanom gyidifo bi a wɔrehyia sɔhwɛ? Ebetumi aba sɛ ebinom rehyia ɔtaa anaa asiane, anaa aban de ne nsa ato asɛnka adwuma no so wɔ baabi a wɔwɔ. Dɛn nti na wommɔ mpae mma saafo no? Ebia wunim ebinom nso a wɔn haw nna adi kɛse. Ebetumi aba sɛ wɔrehyia nsɛnnennen bi wɔ wɔn abusua mu anaa wɔn abam abu anaa yare bi reteetee wɔn. Dɛn nti na wunsusuw nnipa pɔtee bi ho mmɔ wɔn din bere a wo ne Yehowa a ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo” no rekasa no?—Dw. 65:2.

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔfo yii Petro fii afiase? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ ase ha no.) (b) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa gyee Petro no a, ɔkwan bɛn so na ɛkyekye yɛn werɛ?

15 Afei momma yɛnsan nkɔ Petro asɛm no so na yɛnhwɛ nea esii. Anadwo a etwa to no, na Petro ada hatee wɔ asraafo baanu a na wɔrewɛn no no ntam. Petro huu anwonwade pii. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 12:7-11.) Twa nea esii ho mfonini hwɛ: Hann bi hyerɛn afiase hɔ mpofirim. Afei ɔbɔfo bi begyinaa hɔ, nanso ebia awɛmfo no anhu no. Onyanee Petro ntɛm ara, na nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam! Afei ɔbɔfo no maa Petro dii n’akyi, na wɔfaa awɛmfo no anim pɛɛ fii afiase hɔ, na wokoduu dade pon kɛse no ho ma ‘ɛno ankasa buei.’ Bere a wopue duu abɔnten no, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe. Afei de, na Petro anya ne ti adidi mu!

16 So ɛnhyɛ yɛn gyidi den sɛ yebehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde gye n’asomfo? Ɛyɛ nokware sɛ yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban anwonwakwan so nnɛ. Nanso yegye di paa sɛ ɔde ne tumi di boa ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ. (2 Be. 16:9) Obetumi de ne honhom kronkron a ano yɛ den no aboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano. (2 Kor. 4:7; 2 Pet. 2:9) Ɛrenkyɛ Yehowa bɛma ne Ba no tumi ma wagye nnipa ɔpepem pii afi owu tirimɔdenfo no afiase. (Yoh. 5:28, 29) Gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano nnɛ.

WODII ADANSE FEFEEFE, ƐMFA HO AKWANSIDE A WOHYIAE

17. Ɔkwan bɛn so na Paulo de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no a yebetumi asua?

17 Ade a ɛto so abiɛsa a yebetumi asua afi asomafo no hɔ na yɛawɛn ni: Wɔkɔɔ so dii adanse fefeefe ɛmfa ho akwanside a wohyiae. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so awɛn ne sɛ yɛde nsi ne ahokeka bɛka asɛm no. Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi ho nhwɛso fɛfɛ maa yɛn. Okum ne ho maa ɔsom adwuma no, na otutuu akwan pii hyehyɛɛ asafo horow. Ɔfaa tebea a ɛyɛ den pii mu nanso ɔkɔɔ so de nsi ne ahokeka yɛɛ adwuma no.—2 Kor. 11:23-29.

18. Bere a Paulo da afiase wɔ Roma no, ɔkwan bɛn na ɔfaa so dii adanse?

18 Momma yɛnhwɛ Paulo ho asɛm a etwa to wɔ Asomafo Nnwuma no mu. Yebehu wɔ ti 28. Paulo baa Roma, na na wɔde no bɛkɔ Nero anim wɔ hɔ. Wɔde no too afiase, na ebetumi aba sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de soo ɔwɛmfo no nsa. Nanso nkɔnsɔnkɔnsɔn biara nni hɔ a na ebetumi ama ɔsomafo mmɔdenbɔfo yi aka n’ano atom! Paulo kɔɔ so hwehwɛɛ akwan a ɔde bedi adanse. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 28:17, 23, 24.) Nnansa akyi no, ɔfrɛɛ Yudafo no mu atitiriw dii wɔn adanse. Afei wɔpaw da foforo hyiae, na Paulo san dii wɔn adanse kɔɔ akyiri. Asomafo Nnwuma 28:23 ka sɛ: “Afei [Yudafo no hyɛɛ] da a wobehyia, na nnipa pii baa baabi a ɔte no. Na ɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ wɔn dii Onyankopɔn ahenni ho adanse fefeefe, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifo no so kaa Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asom, fi anɔpa kosi anwummere.”

19, 20. (a) Dɛn na ɛmaa Paulo tuu mpɔn wɔ adansedi adwuma no mu? (b) Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na otiee asɛmpa no de, nanso dɛn na Paulo yɛe?

19 Dɛn na ɛmaa Paulo tuu mpɔn wɔ n’asɛnka adwuma no mu? Asomafo Nnwuma 28:23 ma yehu nea ɛboaa no. (1) Ɔde n’adwene sii Onyankopɔn Ahenni ne Yesu Kristo so. (2) Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde nsɛm a “ɛtɔ asom” bedi dwuma ma aka n’atiefo koma. (3) Ɔde ne nkɔmmɔ gyinaa Kyerɛwnsɛm no so. (4) Ná ɔwɔ ahofama, efisɛ odii adanse ‘fi anɔpa kosii anwummere.’ Paulo de akokoduru dii adanse, nanso ɛnyɛ obiara na otiei. Asomafo Nnwuma 28:24 ka sɛ: “Ebinom gyee nea ɔkae no dii; ebinom nso annye anni.” Esiane sɛ wɔn adwene anhyia nti, wofii hɔ kɔe.

20 So Paulo abam bui sɛ nnipa no nyinaa antie asɛmpa no? Ɛnte saa koraa! Asomafo Nnwuma 28:30, 31 ka sɛ: “Odii mfe abien wɔ ofie a n’ankasa agye tua ho ka mu, na ogyee wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa fɛw so, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm de nnamyɛ kɛse kyerɛkyerɛɛ wɔn Awurade Yesu Kristo ho ade a biribiara ansiw ho kwan.” Anigyesɛm yi na wɔde wiee Asomafo Nnwuma no.

21. Bere a na Paulo da afiase no dɛn na ɔyɛe, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

21 Dɛn na yebetumi asua afi Paulo nhwɛso no mu? Esiane sɛ na Paulo da afiase nti, na ontumi nka asɛm no wɔ afie afie. Nanso, wampa abaw, na odii obiara a ɔbaa ne nkyɛn adanse. Saa ara na nnɛ nso Onyankopɔn asomfo pii de anigye yɛ asɛnka adwuma no bere mpo a wɔn gyidi nti wɔde wɔn ato afiase no. Esiane onyin ne nyarewa nti, yɛn nuanom binom aka dan mu anaa wɔwɔ nkwakoraa ne mmerewa atenae. Sɛnea wɔn ahoɔden bɛma wɔn kwan biara no, wotumi di nnuruyɛfo ne wɔn a wɔba hɔ adanse. Nea ɛda wɔn koma so ne sɛ wobedi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse fefeefe. Yɛn ani sɔ nhwɛso a wɔyɛ no paa!

22. (a) Dɛn na wɔde ama yɛn a ɛbɛboa yɛn na yɛanya Asomafo Nnwuma no so mfaso? (Hwɛ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no.) (b) Bere a woretwɛn nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

22 Sɛ yɛkenkan asomafo no ne tete Kristofo no ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma no mu a, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ na yɛawɛn. Bere a yɛretwɛn nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei no, momma yensi yɛn bo sɛ yebesuasua tete Kristofo no, na yɛde akokoduru ne nsi adi adanse. Hokwan biara nni hɔ a ɛsen sɛ yebedi Onyankopɔn Ahenni no ho “adanse fefeefe”!—Aso. 28:23.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 13]

“ASOMAFO NNWUMA NO AYƐ NHOMA FOFORO KORAA WƆ M’ANI SO”

Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi kenkanee ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’ nhoma no, ɔkae sɛ: “Asomafo Nnwuma no ayɛ nhoma foforo koraa wɔ m’ani so. M’akenkan Asomafo Nnwuma no mu mpɛn pii nanso ɛyɛɛ te sɛ nea mikura kyɛnere nam sum mu na ahwehwɛniwa a mehyɛ no nso ani ayɛ fĩ. Nanso seesei de, ayɛ te sɛ nea owia hann apue wɔ Asomafo nhoma no so ma mete ase yiye.”

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔbɔfo bi de Petro faa dade pon kɛse no mu