Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Wɔ Bi Ka

Yɛn Abakɔsɛm a Yɛbɛkora So

Yɛn Abakɔsɛm a Yɛbɛkora So

YEHOWA nkurɔfo wɔ abakɔsɛm pii a ɛyɛ anigye. Sɛ yɛde yɛn nhoma ahorow no to nkyɛn a, yehu yɛn abakɔsɛm no bi nso wɔ foto ahorow mu, nkrataa mu, ebinom ho nsɛm mu, ne nneɛma ahorow a yɛde di dwuma wɔ yɛn som ne yɛn asɛnka adwuma mu. Nanso mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛbɛkora nneɛma a ɛte saa so de ahwehwɛ yɛn abakɔsɛm mu? Tete no, na ɛsɛ sɛ mmusua ti a wɔwɔ Israel no ma wɔn mma hu Yehowa mmara ne n’anwonwade na ama “wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so.”—Dw. 78:1-7.

Efi tete nyinaa nnipa hwehwɛ abakɔsɛm mu de hu sɛnea Yehowa atirimpɔw nya mmamu. Bere a na atamfo bi pɛ sɛ wɔbara Yerusalem asɔrefie no ho adwuma no, wɔhwehwɛɛ kyerɛwtohɔ ahorow mu wɔ Media kuropɔn Ekbatana mu. Eyi ma wohuu krataa bi a na Ɔhene Kores aka wom sɛ wonsi ɔdan no. (Esra 6:1-4, 12) Enti wosii asɔrefie no sɛnea na Onyankopɔn akyerɛ no. Bere a Luka rekyerɛw n’Asɛmpa no, ɔno nso de tete kyerɛwtohɔ ahorow dii dwuma, efisɛ Bible ka sɛ ‘ɔhwehwɛɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fii mfiase.’—Luka 1:1-4.

Sodikuw no ani kũ yɛn abakɔsɛm ho paa. Bere a Sodikuw no muni bi reka nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkora yɛn som ho kyerɛwtohɔ so ma nkyirimma no, ɔkae sɛ: “Sɛ yebehu baabi a yɛrekɔ a, ɛsɛ sɛ yehu baabi a yefi bae.” Eyi nti, wɔatew dwumadibea foforo bi nnansa yi wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, a wɔfrɛ no Nhomakyerɛw Akorae. Dwumadibea yi hyɛ Nhomakyerɛw Boayikuw no ase.

YƐN “ABUSUA FOTO” NE “APƐGYADE”

Ɛtɔ mmere bi a nneɛma a ɛfa yɛn abusua ho twam ansa na yɛaka sɛ yehui a anka yɛkyerɛw too hɔ. Anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Nhomakyerɛw Akorae no reyɛ adwumaden akora yɛn abakɔsɛm pii so na wɔahyehyɛ no kama. Wobetumi abu foto ahorow a wɔde sie Akorae hɔ no sɛ ɛka yɛn “abusua foto” ho. Yɛn nhoma ahorow a wɔyɛe tete, anuanom ho nsɛm, ne nkaede ahorow nyinaa ka nneɛma a wɔde asie wɔ Akorae hɔ no ho. Saa nneɛma no nyinaa ayɛ te sɛ “apɛgyade” a ɛma yɛte yɛn abakɔsɛm ase, na ɛboa yɛn ma yɛde ahotoso hwɛ yɛn abusua no daakye kwan.

Nneɛma a wɔde asie Nhomakyerɛw Akorae no ho nsɛm bi bɛba nsɛmma nhoma yi fã foforo a wɔato din “Tete Wɔ Bi Ka.” Wɔde eyi bɛba Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no bi mu. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn-Aban bi bɛba a ɛbɛma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Dɛn ne “Millennial Dawn Teaseɛnam” no? Henanom na na wɔde di dwuma? Bere bɛn na wɔde dii dwuma, na dwuma bɛn na na wɔde di?

Akorae no te sɛ nhoma bi a ɛma abusua kae wɔn abakɔsɛm. Nneɛma a wɔaboaboa ano wɔ Akorae hɔ no ma yehu yɛne anuanom a wɔtenaa ase tete no ho nsɛm—wɔn gyidi ne wɔn akokoduru, anigye a wonyae ne nsɛnnennen a wohyiae bere a wɔresom yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, ne sɛnea Onyankopɔn kyerɛ n’asomfo kwan na ɔboa wɔn daa no. (Deut. 33:27) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛkora yɛn abakɔsɛm so sɛnea ɛbɛka yɛn abom na ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ n’apɛde daa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]

Wɔn Dwumadi

Sɛ yɛrekyerɛw yɛn nhoma horow anaa yɛreyɛ video anaa Bible ho nneɛma foforo biara a, akyerɛwfo no ne mfoniniyɛfo ne nhwehwɛmufo no nya nsɛm pii fi nneɛma a wɔde asie mu. Enti wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Nhomakyerɛw Akorae no gye abakɔsɛm ho nneɛma fi Betel dwumadibea ahorow, asafo ahorow, ankorankoro, ne wiase nnwumakuw hɔ, na wɔtɔ wɔn bo ase kora saa nneɛma no so yiye. Ma yɛnhwɛ wɔn adwuma no ani so kakra:

Wogyigye Nneɛma na Wɔpɛɛpɛɛ Mu: Bere biara a wobenya nneɛma titiriw bi no, wɔde ka nea ɛwɔ Akorae hɔ no ho. Nneɛma no pii wɔ hɔ a anuanom a wɔn abusuafo de mfe pii asom Yehowa na wɔde kyɛ yɛn, na ebi nso wɔ hɔ a wɔde fɛm yɛn. Wɔpɛɛpɛɛ saa nneɛma no mu de bi toto bi ho, na ɛboa ma yehu yɛn abakɔsɛm ne wɔn a ɛfa wɔn ho.

Wɔyɛ Ho Kyerɛwtohɔ: Nhomakyerɛw Akorae no wɔ nneɛma mpempem pii, na ebi adi boro mfe ɔha. Nneɛma a wonya no gu ahorow, na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bedi dwuma daakye.

Wosiesie Kora So: Wɔfa akwan horow so de siesie nhoma ne nneɛma dedaw na wɔkora so. Wɔde kyerɛwtohɔ, foto ne mfonini ahorow, atesɛm nkrataa mu nsɛm, ne nsɛm a wɔakyere agu apaawa so nyinaa gu kɔmputa so. Ɛno nti wubetumi anya saa nneɛma yi wɔ kɔmputa so. Eyi bɛboa ma wɔakora nhoma ne nneɛma dedaw no so na nnipa anwɔbere no ma ansɛe.

Wɔde Sie, Ehia a na Wɔakɔfa: Nea ɛbɛyɛ na hann a ano yɛ den rensɛe nneɛma a wɔde gu akorae hɔ anaa ɛmmɔ ntuw no, wɔhyehyɛ no pɛpɛɛpɛ de sie yiye. Wɔafi ase de yɛn som ho nneɛma a atwam ho nsɛm rehyɛ kɔmputa so sɛnea ɛbɛyɛ mmerɛw ama obi ahu de ayɛ nhwehwɛmu.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

1. “Photo-Drama of Creation” ho nkrataa. 2. Nhomakra ho kyerɛwtohɔ. 3. Kar a akasam si so. 4. April 15, 1912, Ɔwɛn-Aban anim. 5. J. F. Rutherford afiase krataa. 6. WBBR akasam. 7. Gramafon. 8. Nhoma adaka. 9. Obi krataa. 10. Telegram a wɔde kɔmaa J. F. Rutherford.