Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Wɔ Bi Ka

‘Ɛmaa Nkurɔfo Hwɛɛ Me’

‘Ɛmaa Nkurɔfo Hwɛɛ Me’

Da bi Charlotte White a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no kɔɔ Louisville, Kentucky, U.S.A. Bere a okoduu hɔ no, na ɔretwe potomanto bi a wɔde kɔba ahyɛ ase, enti ɛmaa nkurɔfo ho dwiriw wɔn.

AFE 1908 na Onuawa White kɔɔ hɔ. Teaseɛnam foforo a wɔfrɛ no “Millennial Dawn Teaseɛnam” a onuawa no de kopuee hɔ no maa kurom hɔfo puw bɛhwɛɛ no. Ɔkae sɛ, “Nkurɔfo kaa ho asɛm na ɛmaa wɔhwɛɛ me.”

Saa bere no na wɔfrɛ Yehowa Adansefo Bible Asuafo, na wohui sɛ ɛho hia sɛ wɔka nokware a wɔahu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho asɛm kyerɛ afoforo. Nnipa pii suaa Millennial Dawn nhoma a ɛba toatoaa so no nyaa Bible mu nimdeɛ. Akyiri yi wɔfrɛɛ saa nhoma no Studies in the Scriptures. Kristofo a na wɔn ani gye ho sɛ wobetu kwan akɔ akyirikyiri no twaa kwan kɔɔ nkurow ne nkuraa ase. Wɔde nhoma yi a wɔtoo din “Bible Asuafo Boafo” no kɔmaa afoforo a na wɔpɛ sɛ wɔkenkan.

Afe 1908 mu no, na Onuawa White ne Ahenni adawurubɔfo foforo a wɔyɛ nsi de Millennial Dawn nhoma a ɛyɛ po asia a wɔde ntama adura ho no gye Amerika dɔla 1.65. Ná wɔmfa nhoma no nkura nkɔ asɛnka, mmom na wɔhyɛ da kra ma wɔn a wohia bi na wɔde abrɛ wɔn akyiri yi. Ná wɔtaa de kɔ ɛda a wotua adwumayɛfo ka. Sika a wɔde tintim nhoma no ara na na wɔma wotua. Obi a na ɔmpɛ Bible Asuafo no asɛm kae sɛ sika a na nkurɔfo tua wɔ nhoma no ho sua dodo!

Malinda Keefer kae sɛ na ɛsɛ sɛ ɔde nhoma ahanu kosi ahasa kɔma nkurɔfo wɔ nnawɔtwe biako mu. Nanso bere a nkurɔfo pii ani gyee nhoma no ho no, na ɔhaw bi nam kwan so reba. Ná nhoma no po a ɛto so asia no nkutoo kura nkratafa 740! Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, “Nhoma no 50 mu duru yɛ nkaribo 40” (kilogram 18), enti ɛmaa ne kyekyɛ yɛɛ “adesoa kɛse,” na anuanom mmea de, na ɛyɛ den ma wɔn paa.

Nea ɛbɛyɛ na anuanom atumi akyekyɛ Dawn nhoma no, Onua James Cole yɛɛ teaseɛnam ketewaa bi a kɔba abien hyehyɛ ase a wobetumi de potomanto asi so. Ná wotumi bobɔw. Afei de na ɛho nhia sɛ obi soa nhoma gu potomanto mu de kyin bio, enti nea ɔyɛɛ saa teaseɛnam no kae sɛ: “Me nsa renhwan bio.” Ɔde “teaseɛnam” foforo a wayɛ yi kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ Bible Asuafo nhyiam a wɔyɛe 1908 wɔ Cincinnati, Ohio, no ase. Esiane sɛ na wɔde teaseɛnam no fa Millennial Dawn nhoma no nti, na wɔakyerɛw ho “Dawn-Mobile.” Nkakrankakra, afei de, na ɛnyɛ den sɛ obi de ne nsa biako pɛ bɛtwe potomanto a nhoma ahyɛ no ma no. Ná wotumi twe teaseɛnam no kɔ soro ba fam, na na etumi fa mfutukwan so. Sɛ wɔpɔn asɛnka a, na wotumi ka kɔba no fam potomanto no ho de nantew kɔ fie anaa wɔde foro kar.

Ná anuanom mmea a wɔyɛ bere nyinaa asomfo no betumi anya “Millennial Dawn Teaseɛnam” no bi kwa. Ná ne bo yɛ Amerika dɔla 2.50. Ná Onuawa Keefer a ne mfonini wɔ ha no nim sɛnea wɔtwe “Dawn-Mobile” no yiye. Enti na otumi de ne nsa biako twe potomanto a nhoma ahyɛ mu ma na ɔde ne nsa biako nso kura bag foforo a nhoma wom. Onyaa nkurɔfo pii ma wotie asɛm no wɔ Pennsylvania, U.S.A., wɔ kurow bi a na wotu biriw wɔ hɔ. Enti ɛda a wɔkyekyɛ nhoma no, na odi akɔneaba fa ɛtwene bi so kɔ kurow no mu mprɛnsa anaa mpɛn anan.

Afe 1987 mu no, obi a ɔka wimhyɛn yɛɛ biribi a kɔba hyehyɛ ase a wɔde twe nneɛma. Ɛno na seesei yehu wɔ wimhyɛn gyinabea ne nkurow akɛse bi mu no. Nanso bɛyɛ mfe ɔha ni na Bible Asuafo a wɔyɛ nsi de “Millennial Dawn Teaseɛnam” no dii dwuma de petee Bible mu nokware no kɔɔ mmeae ahorow. Akyinnye biara nni ho sɛ saa bere no ɔmanfo taa wɔn anom hwɛɛ wɔn hãã bere a wɔde teaseɛnam no redi akɔneaba no.

[Asɛm a wɔafa wɔ kratafa 32]

Ná Onuawa Keefer di akɔneaba mprɛnsa anaa mpɛn anan fa ɛtwene bi so kɔkyekyɛ nhoma

[Asɛm a wɔafa wɔ kratafa 32]

Ɛboa maa anuanom tumi kyekyɛɛ “Dawn” nhoma pii