Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anibere—Awuduru a Etumi Sɛe Nnipa Adwene

Anibere—Awuduru a Etumi Sɛe Nnipa Adwene

Anibere—Awuduru a Etumi Sɛe Nnipa Adwene

Ná Napoleon Bonaparte wɔ bi. Ná Julius Caesar wɔ bi. Ná Alexander Ɔkɛseɛ no nso wɔ bi. Ɛmfa ho tumi ne anuonyam a na saa mmarima yi wɔ nyinaa no, na awuduru bi wɔ wɔn komam a ebetumi asɛe wɔn adwene. Ná mmarima baasa yi mu biara ani bere obi.

Engiresini nhomanimfo Bertrand Russell kyerɛwee sɛ: “Ná Napoleon ani bere Caesar, na Caesar ani bere Alexander [Ɔkɛseɛ], na sɛ mɛka a, na Alexander ani bere Hercules, nanso Hercules nyɛ obi a ɔtenaa ase mpo.” Anibere betumi afa obiara dommum ɛmfa ho ahode a ɔwɔ, n’abrabɔ pa, anaa nneɛma a watumi ayɛ wɔ n’asetenam.

Obi sika anaa n’ahode, anaa hokwan a ɔwɔ nti sɛ yenya ne ho adwemmɔne a, na ɛyɛ anibere. Bible ho nhoma bi ka sɛ obi a ɔyɛ ahoɔyaw pɛ sɛ onya nea obi wɔ, nanso anibere kɔ akyiri sen saa. Obi a n’ani bere ade de, ɛnyɛ nea obi wɔ na ɛyɛ ne yaw kɛkɛ na mmom ɔbɛfa kwan bi so ma abedi ne nsam.

Nyansa wom sɛ yebehu nea ɛde anibere ba ne nea anibere betumi akowie. Nanso nea ehia paa ne sɛ yebehu nea yɛbɛyɛ na anibere amfa yɛn dommum.

NEA ƐHWANYAN ANIBERE WƆ YƐN MU

Mpɛn dodow a yɛtɔ sin yi de, “anibere” kakra wɔ yɛn mu, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi ahwanyan mu ma ayɛ kɛse. (Yak. 4:5) Ɔsomafo Paulo ma yehu ade biako a ebetumi ahwanyan anibere mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu, nnsi akan, mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.” (Gal. 5:26) Akansi betumi ahwanyan anibere a yenya fii awo mu no. Kristofo baanu bi a wɔfrɛ wɔn Cristina ne José * hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware.

Cristina yɛ daa kwampaefo, na ɔka sɛ: “Sɛ mihu sɛ afoforo wɔ biribi na minni bi a, m’ani bere, na mitumi fekyere m’ani hwɛ wɔn saa.” Da bi, na Cristina ne ɔhwɛfo kwantufo bi ne ne yere redidi. Ná Cristina nim sɛ ɔne ne kunu Eric ne ɔhwɛfo kwantufo no ne ne yere nyinaa bɔ tipɛn, na bere bi a atwam no na wɔn nyinaa wɔ asɛyɛde koro. Cristina kae sɛ: “Me kunu nso yɛ asafo mu panyin! Enti ɛyɛɛ dɛn na mututu akwan kɔsom asafo ahorow na yɛn de yɛte yɛn ananmu yi?” Esiane sɛ ɔde ne ho totoo afoforo ho nti, wanhu adwuma pa a ɔne ne kunu reyɛ, na ɛma ɔtee nka sɛ ɔnsɛ hwee.

Ná José nso pɛ sɛ ɔyɛ asafo mu somfo. Nanso bere a wɔpaw afoforo sɛ asafo mu asomfo a wɔampaw no bi no, ɔfaa mpanyimfo ntam nkitahodifo no ho abufuw. José kaa ɔno ara n’anom asɛm sɛ: “Anibere nti minyaa onua no ho tirimka, na biribiara a ɔbɛyɛ biara na minya ho asɛm ka. Sɛ anibere fa wo dommum a, ɛma woyɛ pɛsɛmenkominya na wuntumi nsusuw nneɛma ho yiye.”

NEA YESUA FI KYERƐWNSƐM NO MU

Bible ka nnipa bi ho asɛm a wɔn nneyɛe yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. (1 Kor. 10:11) Wɔn mu binom nhwɛso ma yehu sɛnea anibere fi ase wɔ obi mu, ne sɛnea ɛsɛe wɔn a wɔma ɛfa wɔn dommum no.

Nhwɛso biako ne Adam ne Hawa ba panyin Kain. Bere a Yehowa gyee ne nua Abel afɔrebɔ toom na n’ani ansɔ ne de no, ne bo fuwii. Anka Kain betumi ayɛ tebea no ho biribi, nanso anibere didii ne mu araa ma okum ne nua no. (Gen. 4:4-8) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible ka sɛ Kain fi “ɔbɔnefo” Satan mu!—1 Yoh. 3:12.

Ná Yosef nuanom ani bere no, efisɛ na wɔn papa dɔ no paa. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wanya anisoadehu bi wɔ dae mu. Ná wɔpɛ sɛ wokum no mpo. Akyiri yi wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa, na wɔka kyerɛɛ wɔn papa sɛ Yosef awu. (Gen. 37:4-11, 23-28, 31-33) Mfe bi akyi no, wogye toom sɛ wɔayɛ bɔne na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ampa ara, yɛn nua no ho asodi da yɛn so, efisɛ yehui sɛ ne kra rebrɛ, nanso bere a ɔsrɛe sɛ yenhu no mmɔbɔ no yɛantie.”—Gen. 42:21; 50:15-19.

Kora, Datan, ne Abiram nso maa anibere didii wɔn mu bere a wɔde asɛyɛde a wɔwɔ totoo Mose ne Aaron de ho no. Wɔkae sɛ Mose pɛ sɛ ‘odi wɔn so bakoma’ na ɔma ne ho so wɔ wɔn mu. (Num. 16:13) Ná sobo yi nyɛ nokware. (Num. 11:14, 15) Yehowa ankasa na ɔpaw Mose, nanso atuatewfo yi ani beree hokwan a na Mose wɔ no. Anibere yi nti, Yehowa sɛee wɔn.—Dw. 106:16, 17.

Ɔhene Solomon hui sɛ anibere betumi ama nnipa ayɛ biribi a ɛyɛ hu. Ɔbea bi wo maa ne ba wui, na ɔdaadaa ne yɔnko sɛ ɔno mmom na ne ba awu. Bere a Solomon redi asɛm no, ɔbea daadaafo no penee so sɛ wonkum abofra a ɔte ase no. Nanso Solomon kae sɛ wɔmfa abofra no mma ne maame ankasa.—1 Ahe. 3:16-27.

Anibere betumi asɛe ade paa. Nhwɛso a yɛasusuw ho wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ma yehu sɛ ebetumi de nitan, ntɛnkyea, ne awudi mpo aba. Nhwɛso a yɛaka yi mu biara mu no, na nea obi ani bere no no nyɛɛ bɔne biribiara. So biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na anibere amfa yɛn dommum? Dɛn na yebetumi ayɛ de adi anibere so?

SƐNEA YEBEDI ANIBERE SO

Dɔ wo nuanom mmarima ne mmea. Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira mo kra a nea afi mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no, mumfi komam nnodɔ mo ho mo ho denneennen.” (1 Pet. 1:22) Dɛn ne ɔdɔ? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia.” (1 Kor. 13:4, 5) Sɛ yenya ɔdɔ kann a ɛte saa ma afoforo a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛn ani bɛbere wɔn. (1 Pet. 2:1) Yonatan ani ammere Dawid na mmom ‘ɔdɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.’—1 Sam. 18:1.

Wo ne nnipa a wɔsom Nyankopɔn mmɔ. Ɔbarima a ɔkyerɛw Dwom 73 no ani beree amumɔyɛfo, efisɛ na osusuw sɛ wodi yiye na hwee nhaw wɔn wɔ asetenam. Nanso bere a ɔkɔɔ “Onyankopɔn kronkronbea kɛse” hɔ no, odii anibere no so. (Dw. 73:3-5, 17) Bere a odwontofo no ne ne mfɛfo asomfo bɔe no, ɛboaa no ma ohuu nhyiraa a ɔwɔ sɛ Onyankopɔn adamfo. (Dw. 73:28) Sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase bere nyinaa a, ebetumi aboa yɛn saa ara.

Yɛ papa. Yehowa hui sɛ anibere ne nitan wɔ Kain komam, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sakra yɛ papa.’ (Gen. 4:7) Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ‘ayɛ papa’? Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa dɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn, na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho.’ (Mat. 22:37-39) Sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si Yehowa som so na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa afoforo a, yɛn ani begye, na yɛn ani remmere obiara. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma ne asuafoyɛ adwuma no mu denneennen a, ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛresom Onyankopɔn na yɛreboa yɛn yɔnko nnipa, na ‘Yehowa behyira’ yɛn.—Mmeb. 10:22.

“Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi.” (Rom. 12:15) Bere a Yesu asuafo no kɔyɛɛ asɛnka adwuma na ɛsow aba no, Yesu ani gyei, na ɔkae sɛ asuafo no bɛyɛ asɛnka adwuma no kɛse mpo asen ɔno ankasa. (Luka 10:17, 21; Yoh. 14:12) Yehowa asomfo yɛ biako; enti sɛ nneɛma kɔ yiye ma biako a, yɛn nyinaa ani gye. (1 Kor. 12:25, 26) Sɛ afoforo nya hokwan bi wɔ Yehowa som mu a, so ɛnsɛ sɛ yedi ahurusi sen sɛ yɛn ani bɛbere wɔn?

EGYE ANIMIA!

Egye animia paa ansa na yɛatumi adi anibere so. Cristina ka sɛ: “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ medi anibere so. Ɛyɛ su a mempɛ, nanso mihu sɛ ɛwɔ hɔ. Enti daa ɛsɛ sɛ meyere me ho sɛ mɛka ahyɛ.” Anyɛ mmerɛw ama José nso. Ɔkae sɛ: “Yehowa boaa me ma mihuu su pa a mpanyimfo ntam nkitahodifo no wɔ. Me ne Onyankopɔn ntam bɛyɛɛ papa, na ɛno na ɛboaa me paa.”

Anibere ka “ɔhonam nnwuma” no ho, enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara ko tia denneennen. (Gal. 5:19-21) Sɛ yɛamma anibere amfa yɛn dommum a, yɛn ani begye wɔ asetenam na yɛbɛsɔ yɛn soro Agya Yehowa ani.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

“Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi”