Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Ma Su Pa Ntena Asafo No Mu

Boa Ma Su Pa Ntena Asafo No Mu

Boa Ma Su Pa Ntena Asafo No Mu

“Awurade Yesu Kristo adom nka honhom a moda no adi no.”—FILIP. 4:23.

ƆKWAN BƐN SO NA YEBETUMI ABOA MA SU PA ATENA ASAFO NO MU . . .

bere a yɛne yɛn nuanom rebɔ?

bere a yɛde ahokeka reyɛ asɛnka adwuma no?

bere a yɛka bɔne a emu yɛ duru ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no?

1. Dɛn nti na Paulo ne Yesu Kristo kamfoo Filipi ne Tiatira asafo no?

NÁ Kristofo a wɔwɔ Filipi no yɛ ahiafo. Nanso na wɔn yam ye, na woyii ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea. (Filip. 1:3-5, 9; 4:15, 16) Enti Paulo de asɛm a edi so yi na ewiee krataa a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no: “Awurade Yesu Kristo adom nka honhom a moda no adi no.” (Filip. 4:23) Esiane sɛ Kristofo a wɔwɔ Tiatira nso daa su a ɛte saa adi nti, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim wo nnwuma, ne wo dɔ ne gyidi ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na nea woyɛ seesei no sen kan de no.”—Adi. 2:19.

2. Ɔkwan bɛn so na yɛn suban ka su a yɛn asafo da no adi?

2 Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no mu biara wɔ honhom anaa su a ɛda nsow. Asafo bi wɔ ayamye ne ɔdɔ paa. Ebi nso de nnamyɛ soronko yɛ asɛnka adwuma no, na wɔn ani gye bere nyinaa som adwuma no ho yiye. Sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho sɛ yebenya su pa a, biakoyɛ bɛtena asafo no mu na asafo no ayɛ den. (1 Kor. 1:10) Nanso sɛ yenni su pa a, ebetumi ama asafo no atɔ nko wɔ honhom mu, ayɛ boturobodwo, na asosɔ bɔne so mpo. (1 Kor. 5:1; Adi. 3:15, 16) Su bɛn na w’asafo da no adi? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa ma su pa atena asafo no mu?

BOA MA ASAFO NO NNYA SU PA

3, 4. Yɛbɛyɛ dɛn ‘akamfo Yehowa wɔ asafo kɛse mu’?

3 Odwontofo no too dwom maa Yehowa sɛ: “Mɛkamfo wo asafo kɛse mu; meyi wo ayɛ nnipa dodow mu.” (Dw. 35:18) Bere a Odwontofo no ne Onyankopɔn asomfo foforo wɔ hɔ no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi Yehowa ayɛ. Asafo nhyiam a yɛyɛ no dapɛn biara, te sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua, ma yenya hokwan da no adi sɛ yɛyɛ nsi na yɛwɔ gyidi nso. Ɔkwan a yɛfa so kyerɛ saa ne mmuae a yɛma. Yɛn nyinaa betumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Meyere me ho ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase? Misiesie me ho yiye na matumi ama mmuae a ɛtɔ asom? Sɛ meyɛ abusua ti a, so meboa me mma ma wodi kan siesie mmuae a wɔbɛma, na mekyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae?’

4 Odwontofo Dawid ma yehu sɛ ɔkwan a yɛfa so to dwom kyerɛ sɛnea yɛn koma atim anaa edi mũ. Ɔkae sɛ: “Me koma atim, O Onyankopɔn, me koma atim. Mɛto ayeyi dwom.” (Dw. 57:7) Nnwom a wɔpaw ma yɛn wɔ asafo nhyiam ase no ma yenya hokwan kɛse de koma mũ ‘to ayeyi dwom’ ma Yehowa. Sɛ yennim nnwom no bi to a, dɛn nti na yensua to bere a yɛreyɛ abusua som? Momma yensi yɛn bo sɛ ‘yɛbɛto dwom ama Yehowa yɛn nkwa nna nyinaa.’—Dw. 104:33.

5, 6. Dɛn na yebetumi ayɛ de ayɛ afoforo adɔe na yɛada ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn, na eyi bɛka asafo no dɛn?

5 Sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi kyerɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a, ɛno nso yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so ma ɔdɔ tena asafo no mu. Paulo kae wɔ Hebrifo nhoma no ti a etwa to mu sɛ: “Momma mo nuadɔ nkɔ so. Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ.” (Heb. 13:1, 2) Ɔkwan titiriw biako a yebetumi afa so ada ahɔhoyɛ adi ne sɛ yɛbɛyɛ aduan ama ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom anaa bere nyinaa asomfo a wɔwɔ asafo no mu. Yebetumi nso ato nsa afrɛ akunafo, ɔbaatankoro mmusua, anaa afoforo ma wɔne yɛn adidi anaa wɔabɛka yɛn ho ayɛ abusua som.

6 Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ontu afoforo fo ma “wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam, na wɔnkyɛ ade, na wɔnto fapem pa nsie yiye mma daakye, na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.” (1 Tim. 6:17-19) Ná Paulo rehyɛ ne mfɛfo asomfo nkuran sɛ wɔnyɛ ayɛ. Sɛ asetenam yɛ den mpo a, yebetumi ayɛ adɔe. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ yɛde yɛn kar bɛfa ebinom akɔ asɛnka anaa asafo nhyiam. Sɛ afoforo yɛ yɛn adɔe a ɛte saa a, dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ na ama su pa atena asafo no mu? Yebetumi akyerɛ anisɔ; ebia yɛbɛma wɔn biribi kakra de atew wɔn pɛtro ka so. Bio nso, sɛ yenya bere pii ne yɛn nuanom bɔ a, ɛbɛma wɔahu sɛ yɛdɔ wɔn na wɔn ho hia yɛn. Sɛ yɛyɛ nneɛma pa ma “wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no,” na yenya wɔn ho bere, na yebue yɛn nsam ma wɔn a, ɛbɛma yɛanya wɔn ho dɔ kɛse na atrɛw aka asafo no nyinaa na su pa atena mu.—Gal. 6:10.

7. Sɛ yɛanyi afoforo kokoam nsɛm adi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa ma su pa atena asafo no mu?

7 Ade foforo a ɛma yenya ɔdɔ kɛse ma yɛn mfɛfo gyidifo ne sɛ yɛbɛfa yɛn ho nnamfo a yenyi wɔn kokoam nsɛm adi. (Monkenkan Mmebusɛm 18:24.) Adamfo pa nnyi ne yɔnko kokoam nsɛm adi. Sɛ yɛn nua bi ka ne kokoam asɛm kyerɛ yɛn na ogye yɛn di sɛ yɛremmɔ no dawuru a, ɛbɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne no ntam ayɛ den. Momma yɛn mu biara nna ne ho adi sɛ adamfo a onyi afoforo kokoam nsɛm adi. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma asafo no ayɛ sɛ abusua biako a ɔdɔ wom.—Mmeb. 20:19.

FA AHOKEKA YƐ ASƐNKA ADWUMA NO

8. Afotu bɛn na Yesu de maa Laodikeafo no, na dɛn ntia?

8 Yesu ka kyerɛɛ Laodikea asafo no sɛ: “Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na saa ara na wonyɛ hyew. Me yam a anka woyɛ nwini anaa nso woyɛ hyew. Enti esiane sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, mɛfe wo afi m’anom.” (Adi. 3:15, 16) Ná Laodikeafo no mfa ahokeka nyɛ Kristofo som adwuma no. Ɛbɛyɛ sɛ saa su no kaa abusuabɔ a na wɔne wɔn nuanom wɔ. Enti Yesu tuu wɔn fo sɛ: “Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so. Enti yɛ nnam na sakra.”—Adi. 3:19.

9. Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no ka asafo no?

9 Sɛ yɛpɛ sɛ su pa tena asafo no mu a, ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Nea enti a asafo no wɔ hɔ ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nnipa a wɔwɔ koma pa wɔ asasesin no mu na yɛakyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Enti ɛho hia sɛ yɛde ahokeka yɛ asɛnka adwuma no sɛnea Yesu yɛe no. (Mat. 28:19, 20; Luka 4:43) Bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no denneennen no, na biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam sɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no nso reyɛ kɛse. (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛne afoforo kɔ asɛnka na yɛhwɛ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu ne sɛnea wɔn ani gye nokware no ho a, ɛma yɛbɛpɛ wɔn asɛm na yebu wɔn paa. Bio nso, sɛ yɛne yɛn nuanom de “mmati koro” yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma biakoyɛ tena asafo no mu.—Monkenkan Sefania 3:9.

10. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no yiye a, ɛbɛka asafo no mufo dɛn?

10 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no yiye a, ɛno nso nya afoforo so nkɛntɛnso pa. Sɛ yɛma nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ho hia yɛn paa, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm no ma aka wɔn koma a, ɛbɛma asɛnka adwuma no ayɛ yɛn dɛ. (Mat. 9:36, 37) Sɛ yɛde ahokeka yɛ asɛnka adwuma no a, ɛbɛka wɔn a yɛne wɔn nam no ma wɔn nso ayɛ saa. Yesu ansoma n’asuafo no mmiako mmiako, na mmom ɔsomaa wɔn baanu baanu ma wɔkɔkaa asɛm no. (Luka 10:1) Ná obiara besua biribi afi ne yɔnko hɔ na ahyɛ wɔn den, na wɔde ahokeka ayɛ asɛnka adwuma no. Sɛ yɛne adawurubɔfo a wɔyɛ hyew reyɛ asɛnka adwuma no a, yɛn ani nnye anaa? Wɔn ahokeka no hyɛ yɛn nkuran na epia yɛn ma yɛyere yɛn ho ka asɛm no.—Rom. 1:12.

NNWIINWII NA ƐNKATA BƆNE SO

11. Su bɛn na Israelfo bi daa no adi wɔ Mose bere so, na dɛn na ɛma wɔyɛe?

11 Bere a Israelfo bɛyɛɛ ɔman no, adapɛn kakra bi akyi na wofii ase nwiinwii, na na wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ. Eyi maa wɔtew Yehowa ne n’ananmusifo so atua. (Ex. 16:1, 2) Eyi nti Israelfo a wofii Egypt no mu kakraa bi pɛ na wɔkɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Mose mpo annya kwan ankɔ Bɔhyɛ Asase no so esiane sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ Israel man no subammɔne ho nti. (Deut. 32:48-52) Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ na yɛansuasua subammɔne a ɛte saa?

12. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na anwiinwii anyɛ yɛn su?

12 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma anwiinwii anyɛ yɛn su. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yenya obu ma tumidi a, ɛbɛma yɛakwati anwiinwii. Ade foforo nso a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ayɔnkofa yiye. Sɛ yɛde nneɛma a ɛmfata gye yɛn ani anaasɛ yɛne yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo a wommu Yehowa mmara bɔ pii a, nea ebefi mu aba nye koraa. Nyansa nnim sɛ yɛbɛfa nkurɔfo a wonwiinwii anaa wɔtew atua nnamfo.—Mmeb. 13:20.

13. Ɔhaw bɛn na anwiinwii betumi ama asɔre wɔ asafo no mu?

13 Anwiinwii betumi asɛe ade wɔ asafo no mu. Sɛ nhwɛso no, anwiinwii betumi asɛe asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no. Bio nso, sɛ yɛkeka yɛn mfɛfo gyidifo ho nsɛm a, ebetumi ama wɔadi yaw. Na yɛanhwɛ yiye a, nsɛnkeka a ɛte saa betumi akowie dinsɛe anaa nsopa mu. (Lev. 19:16; 1 Kor. 5:11) Asomafo no bere so no, na asafo no mufo binom nwiinwii tia “tumidi na wɔkasa tia anuonyamfo.” (Yuda 8, 16) Onyankopɔn ani annye ho koraa sɛ wonwiinwii tiaa wɔn a na wodi asafo no anim no.

14, 15. (a) Sɛ yɛma bɔne tena asafo no mu a, ebetumi aka asafo no dɛn? (b) Sɛ yenim sɛ obi ayɛ bɔne asie a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Na sɛ yenim sɛ obi yɛ bɔne sie, sɛ ebia ɔnom nsa tra so, ɔhwɛ aguamansɛm, anaa obu brabɔne bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Efe. 5:11, 12) Sɛ yebu yɛn ani gu bɔne a emu yɛ duru so a, ɛremma Yehowa honhom mma asafo no so na ɛbɛsɛe asafo mũ no nyinaa asomdwoe. (Gal. 5:19-23) Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ ‘wonyi mmɔkaw dedaw no ngu.’ Saa ara na ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ yeyi porɔwee biara fi asafo no mu na ama asafo no ayɛ den. Dɛn na wubetumi ayɛ na asomdwoe atena asafo no mu?

15 Sɛnea yɛadi kan aka no, nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛka kokoam, titiriw bere a afoforo ne yɛn di atirimsɛm. Enye koraa sɛ yɛbɛbɔ obi kokoam nsɛm ho dawuru na ɛnkyerɛ ɔdɔ nso! Nanso sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo te efisɛ wɔn na Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ wɔka ho asɛm. (Monkenkan Leviticus 5:1.) Enti sɛ yenim sɛ onua anaa onuawa bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran na ɔkɔ mpanyimfo no nkyɛn ma wɔboa no. (Yak. 5:13-15) Nanso sɛ bere kakra twam na onii no nyɛɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kɔbɔ wɔn amanneɛ.

16. Sɛ yɛka bɔne a emu yɛ duru ho asɛm a, ɔkwan bɛn so na ɛbɔ asafo no ho ban?

16 Kristofo asafo no yɛ baabi a ahobammɔ wɔ, enti sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yɛka na yɛde bɔ asafo no ho ban. Sɛ mpanyimfo no boa nea wayɛ bɔne no ma n’ani ba ne ho so na onu ne ho, na ogye nteɛso tom a, ɛrenyɛ asiane mma asafo no bio. Na sɛ nea wayɛ bɔne a emu yɛ duru no annu ne ho na wannye afotu a mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ de ma no no antom nso ɛ? Ɛnde wobetu no afi asafo no mu. Wɔyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ‘wɔasɛe’ subammɔne a ebetumi aka afoforo no. Eyi bɛbɔ asafo no ho ban. (Monkenkan 1 Korintofo 5:5.) Enti ɛyɛ yɛn mu biara asɛyɛde sɛ, sɛ yehu biribi a ebetumi ayɛ asiane ama asafo no a, ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm, na yedi mpanyimfo no akwankyerɛ so, na yɛbɔ yɛn nuanom ho ban. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreboa ma asafo no ho atew.

‘MONTENA ASE HONHOM BIAKOYƐ MU’

17, 18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde ‘asomdwoe koroyɛ hama atena ase’?

17 Yesu akyidifo a wɔtenaa ase tete no tuu “wɔn ho sii hɔ maa asomafo no nkyerɛkyerɛ,” na ɛno maa biakoyɛ tenaa asafo no mu. (Aso. 2:42) Wogyee afotu ne akwankyerɛ a efi Kyerɛwnsɛm mu a mpanyimfo no de maa wɔn no toom. Ɛnnɛ nso, asafo mu mpanyimfo gye akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no akwankyerɛ tom, na eyi hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran ma wɔyɛ biako. (1 Kor. 1:10) Sɛ yetie akwankyerɛ a egyina Bible so a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn na yegye mpanyimfo no afotu tom a, yɛda no adi sɛ ‘yɛreyere yɛn ho denneennen de asomdwoe koroyɛ hama atena ase honhom biakoyɛ mu.’—Efe. 4:3.

18 Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma su pa ntena asafo no mu. Yɛyɛ saa a, yebenya awerɛhyem sɛ ‘Awurade Yesu Kristo adom bɛka honhom a yɛda no adi no.’—Filip. 4:23.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 19 mfonini]

Wusiesie wo ho ma mmuae de hyɛ anuanom nkuran?

[Kratafa 20 mfonini]

Sua yɛn nnwom no to na wode aboa ma asafo no ayɛ den