Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm!

Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm!

Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm!

Ɔsɔretia nyinaa akyi no, wɔdaa akokoduru adi. Akokoduru yɛ nokware Kristofo su, na yehu eyi wɔ nhoma te sɛ ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’ ne Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom mu. Yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmfa ne honhom no mmoa yɛn mma yɛnkasa akokoduru so sɛnea tete Kristofo no yɛe no.—Aso. 4:23-31.

Onua bi kaa asɛnka adwuma a wɔyɛe wɔ wiase ko a edi kan no mu ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn asomfo de ahokeka kyekyɛɛ Studies in the Scriptures, po a ɛto so ason a wɔtoo din The Finished Mystery no. Ná wɔnkyekyɛɛ nhoma biara saa da. Afe 1918 mu no, woyii Ahenni Asɛm nɔma 1 adi. Afei woyii Ahenni Asɛm nɔma 2 adi de kyerɛɛ nea enti a aban de ne nsa too The Finished Mystery no so. Ɛno akyi no, woyii Ahenni Asɛm nɔma 3 adi. Anokwafo a wɔasra wɔn no kyekyɛɛ nhoma ahorow yi wɔ mmeae pii. Ná egye gyidi ne akokoduru na wɔayi Ahenni Asɛm yi adi.”

Ɛnnɛ, wɔtete Ahenni no ho adawurubɔfo foforo wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso na ɛnyɛ saa na ɛte saa bere no. Onuabarima bi a ofi Poland a ɔte United States kyerɛw osuahu a onyae bere a edi kan a ɔkɔɔ asɛnka wɔ 1922 mu ho asɛm sɛ: “Ná minnim ɔkwan a mɛfa so de nhoma ama, na na mente Borɔfo papa, nanso me nkutoo mikogyinaa dɔkota bi pon ano bɔɔ pon no mu. Nɛɛse bi buee pon no. Me werɛ remfi nea ɛtoo me no da, efisɛ na mayɛ basaa na na ehu nso aka me. Merebue me bag no, nhoma a ɛwom nyinaa hwiee guu nɛɛse no nan ase. Minnim asɛm a mekae nanso memaa no nhoma. Bere a mifii hɔ no na manya akokoduru na metee nka sɛ Yehowa ahyira me. Saa da no, memaa nhomawa pii wɔ mpɔtam hɔ.”

Onuawa bi kae sɛ: “Afe 1933 mu hɔ baabi no, na anuanom de kar a akasam si so na ɛtrɛw Ahenni asɛm no mu.” Bere bi onuawa yi ne onuabarima bi ne ne yere kɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ bepɔw bi so wɔ California, U.S.A. Ɔtoaa so sɛ: “Onua no de kar no kosii bepɔw no atifi baabi, ɛnna yɛn nso yɛtwɛn wɔ kurow no mu. Afei ofii ase bɔɔ asɛm a wɔakyere agu apaawa so no, na ɛyɛɛ te sɛ nea asɛm no fi ɔsoro ankasa na ɛreba. Kurom hɔfo bɔɔ mmɔden biara sɛ wobehu baabi a onua no hyɛ, nanso wanhu no. Apaawa no sii no, yɛkɔɔ nkurɔfo no nkyɛn kodii wɔn adanse. Me ne anuanom foforo de kar kodii adanse wɔ mmeae ahorow, nanso mereka paa a, na nnipa dodow no ara mpɛ sɛ wotie asɛm no. Nanso na wɔrentumi nyɛ ho hwee efisɛ na apaawa a yɛrebɔ wɔ kar no mu no gyigye gu wɔn fie. Yehui sɛ tebea biara mu no na Yehowa ma yehu ɔkwan pa a yɛbɛfa so aka asɛm no. Ná ɛhwehwɛ akokoduru kɛse na yɛatumi ayɛ saa nanso yetumi duu yɛn botae ho, na ɛhyɛɛ Yehowa din anuonyam.”

Afe 1930 kosi afe 1940 mu hɔ baabi no, na yɛde gramafon ne apaawa a Bible mu kasa wɔ so na ɛyɛ asɛnka adwuma no. Kristoni bea bi kae sɛ: “Da bi, na onuawa kumaa bi de gramafon redi adanse wɔ afie fie. Bere a ofii ase sɛ ɔrebɔ gramafon no wɔ obi pon ano no, ofiewura no bo fuwii na ɔde ne nan bɔɔ gramafon no too baabi. Nanso apaawa no biako mpo ammu. Ná mmarima baasa bi te kar mu redidi, na wohuu nea ɛkɔɔ so no. Wɔfrɛɛ onuawa no sɛ ɔmmɛbɔ apaawa no mma wɔn, na wogyee nhoma. Kaamaa ɔde eyi bɛkyekyee ne werɛ.” Ná egye akokoduru na obi atumi agyina sɔhwɛ a ɛte saa ano.

Onuawa koro no ara de kaa ho sɛ: “Mekae bere a yefii ase kyekyɛɛ nsɛmma nhoma wɔ mmɔnten so wɔ 1940 mu no. Bere bi a atwam no, na yɛkyerɛkyerɛw nsɛm gu nkrataa so fa mmɔnten so. Ná anuanom mmarima ne mmea to santen de nkrataa no fa kurom. Nsɛm a na ɛwɔ nkrataa no bi so ne ‘Nyamesom yɛ Afiri ne Nnaadaa,’ na ebi nso ne ‘Som Onyankopɔn ne Ɔhene Kristo.’ Saa bere no nyinaa na wɔrekyekyɛ nkratawa nso ma nkurɔfo. Ná ehia akokoduru na anuanom afa saa kwan yi so adi adanse, nanso ɛboa maa ɔmanfo huu Yehowa din ne ne nkurɔfo.”

Onuawa foforo nso kae sɛ: “Ná ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛkyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ nkurow nketewa mu. Saa bere no na nkurɔfo kyi Adansefo no kɔkɔɔkɔ. . . . Enti na egye akokoduru na obi de nsɛmma nhoma agyina kwan ho aka ho asɛm. Nanso yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛremma Memeneda bi mpa yɛn ti so. Ɛtɔ mmere bi a na nkurɔfo tew wɔn anim ma yɛn. Ɛtɔ da bi nso a na atuntunafo bi ba yɛn so. Ɛba saa a, yɛfa kwan bi so fi hɔ na wɔanyɛ yɛn basabasa.”

Ɛmfa ho ɔsɔretia a Yehowa Adansefo hyiae wɔ Wiase Ko II mu no, wɔde akokoduru yɛɛ asɛnka adwuma no. Wɔde nnafua 43 yɛɛ ɔsatu titiriw bi wɔ United States. Ɔsatu no fii ase December 1, 1940 kosii January 12, 1941. Adawurubɔfo bɛyɛ 50,000 kyekyɛɛ nhomawa bɛyɛ ɔpepem awotwe, na wɔtoo saa ɔsatu no din “Akokoduru” Adansedi Bere.

Anuanom pii a wɔn ani afi a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu kae sɛ tete no wohyiaa tebea ahorow bi a na egye akokoduru. Wɔn mu binom da so ara kae nsɛm a na wɔtaa ka saa bere no: “Ko kɔ ɔpon no ano!” Ansa na wiase bɔne yi bɛkɔ awiei no, yennim ɔkwan foforo a yɛbɛfa so aka asɛm a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no; daakye na ɛbɛkyerɛ. Nanso Yehowa bɛboa yɛn ma yɛakɔ so de gyidi ne akokoduru aka N’asɛm no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Efi tete besi nnɛ nyinaa yɛde akokoduru na ɛka Ahenni no ho asɛm