Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn na Wofa so Tu Fo?

Ɔkwan Bɛn na Wofa so Tu Fo?

Ɔkwan Bɛn na Wofa so Tu Fo?

Obi aba wo hɔ abegye afotu pɛn? Ebia obi abisa wo pɛn sɛ: ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ? Menkɔ apontow yi ase? Menyɛ adwuma yi? Me ne onipa yi nyɛ aware nhyehyɛe?’

Ebia obi a ɔpɛ sɛ osi gyinae bi bɛba wo nkyɛn sɛ boa no. Ebia gyinae no bɛka ne nnamfo, n’abusuafo, anaa ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mpo. Ɛba saa a, dɛn na wubegyina so atu no fo? Sɛ obi ba wo nkyɛn saa a, dɛn na wotaa yɛ? Sɛ asɛm no yɛ asɛnkɛse oo, asɛm ketewa oo, kae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 15:28 no. Ɛka sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.” Hwɛ sɛnea Bible mu nsɛm anum yi betumi aboa wo ma woatu fo pa.

1 Hu Asɛm no Ani So Yiye.

“Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.”MMEB. 18:13.

Sɛ yebetumi ama obi afotu pa a, ɛsɛ sɛ yehu tebea no ne asɛm no ani so yiye. Mfatoho bi ni: Sɛ obi ka sɛ kyerɛ no kwan ma ɔmmra wo fie a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi akyerɛ no kwan yiye? Sɛ wunnim baabi a ogyina a, wubetumi akyerɛ no kwan yiye? Dabida! Saa ara na sɛ yebetumi ama obi akwankyerɛ pa a, ɛsɛ sɛ yehu tebea a ɔwom seesei anaa n’adwene wɔ asɛm no ho. Ebia ɛsɛ sɛ yehu nsɛm bi mu yiye na yɛahu nea yɛbɛka. Sɛ yɛanhu asɛm no ani so yiye a, anhwɛ a na afotu a yɛde bɛma onipa no ama n’adwene atu afra mpo.—Luka 6:39.

Hu Nhwehwɛmu a Onipa no Ayɛ. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wubisa nea ɔrehwehwɛ afotu no sɛ: “Bible mu asɛm bɛn na wususuw sɛ ɛbɛboa wo?” “Dɛn na ebetumi afi gyinaesi no mu aba?” “Nhwehwɛmu bɛn na woadi kan ayɛ?” “Mmoa bɛn na asafo mu mpanyimfo anaa w’awofo anaa nea ɔne wo sua ade anaa afoforo de ama wo dedaw?”

Mmuae a onipa no de bɛma no bɛma yɛahu nea ɔno ankasa ayɛ wɔ asɛm no ho. Afei nso sɛ yɛretu no fo a, yebesusuw nea afoforo adi kan aka akyerɛ no ho na yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛka. Ebia yebehu sɛ onipa no ayɛ n’adwene dedaw na mmom nea ɔrehwehwɛ ara ne sɛ obenya obi a ɔbɛka biribi a ɛyɛ ne dɛ de ‘anunu n’asom.’—2 Tim. 4:3.

2 Mpere Wo Ho Mma Mmuae.

“Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.”YAK. 1:19.

Ebia esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa onipa no nti, yɛbɛpere yɛn ho aka biribi. Nanso ɛno renyɛ nea nyansa wom, titiriw bere a yɛnyɛɛ asɛm no ho nhwehwɛmu nkɔɔ akyiri no. Mmebusɛm 29:20 ka sɛ: “Woahu onipa a ɔpere ne ho wɔ kasa mu? Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.”

Tɔ wo bo ase na hwɛ sɛ wode Onyankopɔn adwene bɛyɛ adwuma. Bisa wo ho sɛ, ‘“Wiase honhom” anaa wiase adwene na mede retu fo?’ (1 Kor. 2:12, 13) Ebia wowɔ adwempa, nanso kae sɛ ɛno nkutoo nnɔɔso. Bere a ɔsomafo Petro hui sɛ ade kɛse bi da Yesu anim no, Petro tuu no fo sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so koraa.” Dɛn na yebetumi asua afi nea Petro kae no mu? Nea yesua ne sɛ, sɛ yɛwɔ adwempa mpo na yɛanhwɛ yiye a, yɛrennwen “Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mat. 16:21-23) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm ho yiye ansa na yɛabue yɛn ano, efisɛ yɛn nyansa mmɛn Onyankopɔn de ho hwee!—Hiob 38:1-4; Mmeb. 11:2.

3 Fa Onyankopɔn Asɛm Yɛ Adwuma.

“Memmɔ me tirim nyɛ biribiara; na sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.”YOH. 8:28.

Wobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛ me a, anka . . . ”? Sɛ wunim asɛm no ho mmuae mpo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wusua Yesu na wobrɛ wo ho ase. Ná Yesu wɔ nyansa ne osuahu sen onipa biara, nanso ɔkae sɛ: “Mamfa m’ankasa me pɛ so na mekasae, na mmom Agya . . . no ara na ahyɛ me nea ɛsɛ sɛ meka ankasa.” (Yoh. 12:49, 50) Yesu de ne nkyerɛkyerɛ ne n’afotu gyinaa n’Agya apɛde so bere nyinaa.

Ɛho nhwɛso biako ne asɛm a ɛwɔ Luka 22:49 no. Bere a Yesu asuafo no hui sɛ atamfo rebɛkyere no no, wobisaa no sɛ wɔne atamfo no nko anaa. Osuani biako twee nkrante twaa obi aso. Bere a Mateo rebɔ asɛm no ho amanneɛ wɔ Mateo 26:52-54 no, ɔkae sɛ tebea a emu yɛ den yi mu mpo no, Yesu gyee bere ne n’asuafo no susuw asɛm no ho ma wohuu nea Yehowa pɛ. Ná Yesu nim asɛm a ɛwɔ Genesis 9:6 ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 22 ne Yesaia 53 no. Enti otumi maa akwankyerɛ a ɛsɔ Yehowa ani, na egyee afoforo nkwa.

4 Hwehwɛ Asafo Nhoma Mu.

“Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?”MAT. 24:45.

Yesu apaw akoa kuw bi a ɔwɔ ne mu ahotoso sɛ ɔmfa honhom fam aduan mma yɛn. Sɛ woretu obi fo wɔ asɛnhia bi ho anaa wode akwankyerɛ bi rema a, so wugye bere hwehwɛ asafo no nhoma ahorow mu?

Watch Tower Publications Index ne Watchtower Library * no ma yenya nsɛm pii a yehia ntɛm ara. Sɛ yebu yɛn ani gu saa nsɛm yi so a, ɛbɛyɛ mfomso kɛse! Nsɛm pii wom a wubetumi de aboa obi a ohia afotu. So wutumi boa afoforo ma wɔde saa nneɛma yi hwehwɛ Bible mu nsɛm mu si gyinae pa? Afiri bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no GPS a etumi boa ɔkwantuni ma ohu baabi a wadu na akyerɛ no ɔkwan a ɔmfa so. Saa ara na nhwehwɛmu nso betumi aboa obi ma wahu ɔkwan a ɔnam so ne sɛnea ɔbɛkɔ so anantew nkwa kwan no so.

Asafo mu mpanyimfo pii akyerɛ adawurubɔfo sɛnea wɔde Index anaa Watchtower Library yɛ nhwehwɛmu, na eyi boa wɔn nuanom mmarima ne mmea ma wosusuw Kyerɛwnsɛm no ho. Mmoa a ɛte saa ma adawurubɔfo hu sɛnea wobedi wɔn haw ho dwuma. Ɛsan ma wosua sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu, na wɔde wɔn ho to nneɛma a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no so. Eyi ma ‘wɔde wɔn adwene yɛ adwuma na wɔtete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—Heb. 5:14.

5 Nsi Gyinae Mma Afoforo.

“Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”GAL. 6:5.

Nea yɛbɛka biara akyi no, ɛyɛ onipa no ankasa na obesi ne gyinae akyerɛ afotu anaa akwankyerɛ a ɔpɛ sɛ ɔde yɛ adwuma. Yehowa ama yɛn nyinaa hokwan a yɛde besi gyinae a yɛpɛ, enti yɛde n’akwankyerɛ bɛyɛ adwuma oo, yɛremfa nyɛ adwuma oo, ɛto gye yɛn ara. (Deut. 30:19, 20) Tebea bi wɔ hɔ a yebetumi anya Bible mu nsɛm pii a yɛde bedi ho dwuma, enti ɛyɛ onipa a ɔrehwehwɛ afotu no ankasa na ɔbɛkyerɛ nea ɔde bɛyɛ dwuma. Sɛ yɛhwɛ asɛm a onipa no repɛ ho afotu ne mfe a wadi a, ebia ɛho behia sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mewɔ hokwan anaa tumi a mede bebua asɛm yi?’ Nsɛm bi wɔ hɔ a ɛyɛ asafo mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Sɛ nso abofra na ɔde asɛm bi abɛto yɛn anim a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛma ohu n’awofo.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Seesei wɔayɛ Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so wɔ kasa 39 mu. Wɔatintim Watch Tower Publications Index wɔ kasa bɛboro 45 mu.

[Kratafa 8 adaka/​mfonini]

Abusua Som

Obi abisa wo asɛm bi nnansa yi? Dɛn nti na wonhwɛ sɛ wubetumi ayɛ asɛm no ho nhwehwɛmu? Bible mu asɛm anaa asafo nhoma bɛn na wubetumi de aboa obi a obisaa asɛm no? Fa no sɛ onua anaa onuawa bi aka akyerɛ wo sɛ ɔpɛ sɛ ɔne obi yɛ aware nhyehyɛe. Sɛ wode Index anaa Watchtower Library no reyɛ nhwehwɛmu a, di kan hwɛ nea ɛfa asɛm no ho tẽẽ. Sɛ wohwɛ Index no mu a, wubehu baabi a wɔakyerɛw “Dating” anaa “Marriage.” Afei fa w’ani hwɛ nsɛmti nketewa no mu na hwɛ nea ɛbɛboa. Nsɛmti akɛse bi wɔ hɔ a, wɔakyerɛw ho “See also.” Eyi betumi ama woahu nea worehwehwɛ no ho nsɛm tẽẽ.

[Kratafa 9 adaka]

Yɛda Yehowa ase sɛ ɔnam n’ahyehyɛde no so ama yɛn nneɛma pa pii. Eyi nti yebetumi atu afoforo fo, na afoforo nso betumi ama yɛn afotu pa. Ɔsɛnkafo 12:11 ka sɛ: “Anyansafo nsɛm te sɛ nantwika poma, na nsɛm ano boaboa te sɛ nnadewa a wɔde bobɔ nneɛma mu; efi oguanhwɛfo biako hɔ.” Sɛnea wɔde “nantwika poma” kyerɛ mmoa kwan no, saa ara na afotu pa boa obi ma onya akwankyerɛ pa. Wɔde ‘nnadewa bobɔ’ ɔdan mu ma ɔdan no si hɔ kyɛ. Saa ara na afotu pa tumi boa obi bere tenten. Onyansafo ani gye ho sɛ ‘ɔbɛboaboa nsɛm ano.’ Saa nsɛm yi na ɛda “oguanhwɛfo biako” a ɔne Yehowa no nyansa adi.

Sɛ woretu fo a, ɛyɛ a fa Oguanhwɛfo no nsɛm yɛ adwuma. Ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛyɛ aso atie obi na yɛama no afotu a ɛfata! Sɛ yɛretu obi fo na yɛde gyina Bible so a, ɛbɛyɛ afotu pa na ebetumi aboa onipa no afebɔɔ.