Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Anigye Wɔ Wo Nifa So Daa”

“Anigye Wɔ Wo Nifa So Daa”

Asetenam Nsɛm

“Anigye Wɔ Wo Nifa So Daa”

Lois Didur anom asɛm

‘Mihui a anka mansi saa gyinae no.’ Mpɛn ahe na woaka asɛm bi a ɛte saa? Mede mfe 50 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no, nanso minhuu adebɔne biara a aba m’akwan mu wɔ Yehowa nifa so. Ma menkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo.

WƆWOO me 1939 wɔ akuraa bi ase wɔ Saskatchewan, Canada. Ɛhɔ na me ne me nuabeanom baanan ne me nuabarima nyinii. Ná yɛte sare so baabi a ɛhɔ yɛ anigye. Da bi, Yehowa Adansefo baa me papa hɔ, na mibisaa wɔn sɛ Onyankopɔn wɔ din anaa. Wobuee Dwom 83:18 de edin Yehowa kyerɛɛ yɛn. Ɛno maa m’ani gyee ho sɛ mesua Onyankopɔn ne n’Asɛm ho ade pii.

Saa bere no, na wɔde mmofra a wɔwɔ nkuraase gu ɔdan biako mu kyerɛ wɔn ade kosi sɛ wobedu ntoaso sukuu. Ná wɔtena apɔnkɔ so anaa wɔnantew twa kwantenten kɔ sukuu. Ná mmusua a wɔwɔ mpɔtam hɔ na wɔhwɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Afe biako bi, eduu m’awofo so sɛ wɔma ɔkyerɛkyerɛfo foforo a waba hɔ no baabi tena. Ná wɔfrɛ no John Didur.

Ná minnim sɛ aberante yi nso ani gye Onyankopɔn Asɛm ho. Saa bere no na me papa ani gye komunis amammu ho, na da bi na me nso merekamfo komunis amammu. John kaa no bɔkɔɔ kyerɛ me sɛ: “Onipa biara nni hokwan sɛ odi ne yɔnko nipa so. Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ saa hokwan no.” Ɛno ma yɛbɔɔ nkɔmmɔ pii.

Wɔwoo John 1931, enti na wɔate amanehunu a akodi de ba ho nsɛm. Bere a Korea Ko no pae gui wɔ 1950 mu no, obisaa asɔfo pii nea enti a wɔde wɔn ho hyɛ ɔko mu. Nea obiara kae ne sɛ mfomso biara nni ho sɛ Kristofo bɛtwe atuo akɔ ɔko. Akyiri yi obisaa Yehowa Adansefo asɛm koro no ara. Wɔde no kɔɔ Bible mu ma ohuu nea tete Kristofo no yɛe wɔ akodi ho. Wɔbɔɔ John asu 1955. Afe a edi hɔ no, me nso mebɔɔ asu. Ná yɛn baanu nyinaa pɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa som Yehowa. (Dw. 37:3, 4) Me ne John waree July 1957.

Ɛkame ayɛ sɛ afe biara na yɛn ayeforohyia da taa hyia nhyiam bere. Yɛn ani gyei sɛ yehyiaa anuanom mpempem pii a wobu aware. Yɛkɔɔ amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ 1958 mu. Ná yɛyɛ nnipa baanum na yɛde kar siim fi Saskatchewan kɔɔ New York City. Nnawɔtwe biako na yɛde twaa kwan no, na anadwo biara na yesi ntamadan da mu. Bere a yeduu Bethlehem, Pennsylvania no, yehyiaa onua bi, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛda ne fie anadwo no. Ná yɛnhwɛ kwan koraa! Papa a ɔyɛɛ yɛn nti, yetumi siesiee yɛn ho kama ansa na yɛrekodu New York City. Saa nhyiam kɛse no ma yehui sɛ sɛ wosom Yehowa a, w’ani gye boro so! Odwontofo no kyerɛwee sɛ, “anigye wɔ wo nifa so daa.”—Dw. 16:11.

AKWAMPAE ADWUMA

Yefii akwampae adwuma ase 1959 no, na yɛn fie yɛ ɔdan ketewa bi a esi bepɔw so wɔ Saskatchewan. Ná ɛyɛ ofie a wɔde kar twe. Sɛ wowɔ hɔ na woto w’ani a, wuhu sɛ asase no da hɔ yantam, na na ɛhɔ baabi na yɛkɔ asɛnka.

Da bi, yɛn nsa kaa krataa bi fi baa dwumadibea. Mede mmirika pue kɔɔ John hɔ wɔ abɔnten. Saa bere no na ɔreyɛ trata bi ho adwuma. Anigyesɛm a na ɛwɔ krataa no mu ne sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ akwampaefo titiriw wɔ Red Lake, Ontario. Ná yennim baabi a saa kurow no wɔ, enti yɛfaa asase mfonini hwɛɛ baabi a ɛwɔ.

Ná ɛsono sɛnea ɛhɔ te koraa! Ná ɛhɔ nte sɛ sare no so. Ná ɛhɔ yɛ kwaebirentuw ne nkurow nketewa a wotu sika kɔkɔɔ wɔ hɔ. Da a yekoduu hɔ a yɛrehwehwɛ baabi atena no, abeawa bi tee sɛ yɛne ne fipamfo bi redi ho nkɔmmɔ. Abeawa no tuu mmirika kɔɔ ne maame hɔ kɔka kyerɛɛ no, na maame no maa yɛn baabi dae anadwo no. Ná mpa no si dɔtedan bi mu. Ade kyee no, yenyaa nnuadan bi, na na nnankora abien na ɛwom. Ná nsu ne akongua nni mu gye ogya a ɛma hɔ yɛ hyew. Yɛkɔɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn oburoniwawu mu kɔtotɔɔ nneɛma kakra, na ankyɛ na yenyaa nea yehia.

Ná asafo nni mpɔtam hɔ baabiara; na wutumi twa kwan bɛyɛ kwansin 130 (kilomita 209) nanso wunhu asafo biara. Ná wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wotu sika kɔkɔɔ no pii fi Europa, enti wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmrɛ wɔn Bible wɔ wɔn kasa mu. Ankyɛ koraa na yenyaa nnipa 30 ne wɔn suaa Bible. Eduu asram asia no, na yɛanya asafo ketewa bi wɔ hɔ.

Ná yɛne ɔbea bi sua ade, na da bi ne kunu frɛɛ ne sɔfo wɔ telefon so sɛ ɔmmra mmɛkasa nkyerɛ ne yere no. Ɔsɔfo no bae no, ɔkae sɛ biribi te sɛ Baasakoro no na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ. Ɔbea no faa wɔn Katolek Bible na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ ɔnkyerɛ no baabi a asɛm a ɔreka no wɔ. Ɔsɔfo no tow Bible no kyenee ɔpon bi so, na ɔkae sɛ ɛho nhia sɛ ɔkyerɛ biribiara. Bere a ɔsɔfo no refi hɔ no, ɔkae wɔ Ukraine kasa mu sɛ wɔmpam yɛn mfi fie hɔ na wɔmma yensi hɔ bio. Ná onnim sɛ John te Ukraine kasa!

Ɛno akyi bere tiaa bi no, yefii Red Lake efisɛ na wɔrekɔtete John ma wakɔyɛ ɔmansin adwuma. Nanso bɛyɛ afe akyi no, bere a na John rema asubɔ kasa wɔ ɔmantam nhyiam bi ase no, na ɔbea no kunu no ka asubɔfo no ho! Nea ɔsɔfo no bɛyɛe wɔ hɔ no ma ofii ase hwehwɛɛ Bible mu.

AKWANTU ADWUMA

Bere a yɛreyɛ ɔmansin adwuma no, yenyaa hokwan soronko ne mmusua pii tenae. Yɛne wɔn a wogyee yɛn kɔɔ wɔn fie no bɛyɛɛ nnamfo paa. Awɔw bere bi, na yɛwɔ abansoro dan bi mu, na na biribiara nni hɔ a ɛbɛma dan no mu ayɛ hyew. Ná onuawa aberewa bi sɔre anɔpatutu ba yɛn dan mu dinn bɛsɔ sutof ketewa bi a esi hɔ. Ɔkɔ a ɛnkyɛ na ɔde hweaseammɔ ne nsuhyew abrɛ yɛn na yɛatumi aguare asiesie yɛn ho. Ná onuawa no tɔ ne bo ase yɛ n’ade bɔkɔɔ, na misuaa nneɛma pii fii ne hɔ.

Ɔmansin adwuma no boaa me ma mebɛn Yehowa paa. Ná yɛsom ɔmansin bi wɔ Alberta, na na kurow bi wɔ n’atifi fam nohoa a wotu fagude wɔ hɔ. Ná onuawa biako pɛ na ɔwɔ hɔ. Yehowa ahyehyɛde no buu saa onuawa a na ɔte akyirikyiri yi dɛn? Asram asia biara na yɛfa wimhyɛn kɔ hɔ kɔsom no dapɛn no mu ne no yɛ asafo nhyiam te sɛ nea anka yɛbɛyɛ wɔ asafo kɛse biara mu no. Ɛkaee yɛn sɛ Yehowa dwen ne guan biara ho.

Yɛne wɔn a wɔmaa yɛn baabi tenae no mu pii dii nkitaho. Eyi kae me nneɛma a edi kan a John de kyɛɛ me no bi. Ná ɛyɛ adaka fɛfɛ a nkrataa pii wom a mede bɛkyerɛw lɛtɛ. Yɛde saa nkrataa yi kyerɛw yɛn nnamfonom pii. Saa adaka no da so ara som bo ma me.

Bere a yɛreyɛ ɔmansin adwuma wɔ Toronto no, onua bi a ɔwɔ Canada Betel frɛɛ yɛn bisaa yɛn sɛ yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛba Betel anaa. Bere bɛn na na ɔpɛ sɛ yɛma no mmuae? “Ɛbɛyɛ yiye a, anka ade kyee ara!” Ade kyee nso, yɛmaa no mmuae.

BETEL ADWUMA

Dwumadi biara a yenyae ma yehuu sɛnea anigye wɔ Yehowa nifa so wɔ akwan pii so. Bere a yɛkɔɔ Betel 1977 no, yenyaa anigye saa ara. Yɛne wɔn a wɔasra wɔn no bi bɔe, na ɛma yehuu sɛnea wɔte ne sɛnea wobu Onyankopɔn Asɛm no fa.

Ná yɛn ani ka Betel. Sɛ nhwɛso no, na yɛmfa yɛn ntade ngu adaka mu nkyinkyin bio; na yɛwɔ drɔɔ a yɛde gu mu. Afei nso, na yenkyinkyin asafo ahorow mu, na mmom na yɛwɔ asafo biako mu. Adwuma a meyɛ no daa da nkyɛn a, na mesan de anuanom a wɔrebɛhwɛ Betel no kyinkyin hɔ, na na ɛma m’ani gye. Sɛ mede wɔn rekɔ a, na mema wohu nea yɛyɛ wɔ Betel, na me nso mitie nsɛm a wɔka. Afei na minya hokwan yi wɔn nsɛmmisa ano.

Bere kɔɔ ntɛmntɛm, na 1997 mu no, wɔmaa John kɔɔ Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo wɔ Patterson, New York. Ɛno akyi no, wobisaa yɛn sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛkɔ Ukraine anaa. Wɔkae sɛ yensusuw ho yiye na yɛmmɔ ho mpae. Eduu anwummere no, na yenim nea yɛbɛka. Yɛbɛkɔ Ukraine.

YƐDE YƐN ANI KYERƐƐ UKRAINE

Ná yɛakɔ amanaman ntam nhyiam kɛse bi a wɔyɛe wɔ St. Petersburg, Russia, 1992, ne nea wɔyɛe wɔ Kiev, Ukraine, wɔ 1993 mu. Saa nhyiam no maa yɛn ani begyee yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei fam no ho. Bere a yekoduu Ukraine no, wɔde yɛn kɔtenaa ofie dedaw bi mu wɔ abansoro bi mu wɔ Lviv. Sɛ yɛhwɛ yɛn mpoma mu a, ade a yehu ne turo ketewa bi, akokɔnini kɔkɔɔ kɛse bi ne nkokɔbere pii. Mehwɛ hɔ a, na ɛyɛ me sɛ nea mewɔ Saskatchewan akuraa bi ase. Ná nnipa 12 na yɛte ofie no mu. Anɔpa biara na yetwa kwan fa kurow no mu kɔ Betel kɔyɛ adwuma.

Ebia wubebisa sɛ, na yɛte nka dɛn wɔ Ukraine? Anuanom a yɛne wɔn bɔe no mu pii yɛ wɔn a bere bi wɔfaa sɔhwɛ mu anaa aban de ne nsa too wɔn dwumadi so anaa wɔkɔdaa afiase. Wɔn suahu no kaa yɛn koma paa. Eyi nyinaa akyi no, na wɔn gyidi da so ara yɛ den. Sɛ yɛkamfo wɔn a, na wɔka sɛ, “Yɛyɛ maa Yehowa.” Wɔante nka da sɛ Yehowa agyaw wɔn nkutoo. Ɛnnɛ mpo, sɛ obi yɛ biribi ma wo na woda no ase a, nea ɔbɛka ne sɛ “Da Yehowa ase,” na eyi kyerɛ sɛ wonim sɛ adepa biara fi Yehowa hɔ.

Nnipa pii taa nantew na wɔakɔ asafo nhyiam wɔ Ukraine, enti wonya bere bɔ nkɔmmɔ wɔ kwan so hyehyɛ wɔn ho nkuran. Ebinom nantew bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa. Asafo bɛboro 50 na ɛwɔ Lviv, na emu 21 hyia wɔ ɔdan kɛse bi a Ahenni Asa pii wom mu. Edu Kwasida a, sɛ́ anuanom redi hɔ ahyɛmfiri ara ni; sɛ wohwɛ a na ɛyɛ anika kwa.

Anuanom ho dwo na wɔpɛ nnipa, enti ankyɛ koraa na yɛn ani kaa wɔn anim. Sɛ wɔka asɛm bi wɔ wɔn kasa mu na mente ase a, wonya me ho abotare paa. Ɛnnɛ nyinaa ɛte saa. Sɛ wommuee wɔn ano mpo a, wɔn anim kɛkɛ ma wo koma tɔ wo yam.

Asɛm bi a esii wɔ amanaman ntam nhyiam a yɛyɛe 2003 wɔ Kiev no ma yehuu ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn nuanom mu. Ná yɛrekɔ nhyiam, na yeduu baabi a yɛfa bɔs no, abeawa ketewa bi baa yɛn nkyɛn bɛka kyerɛɛ yɛn bɔkɔɔ sɛ, “Mayera. Merehwehwɛ me nanabea.” Abeawa no hui sɛ yɛbɔ baagye, enti na onim sɛ yɛyɛ Adansefo. Onyaa akokoduru na wansu. Ná ɔmansin sohwɛfo bi yere ka yɛn ho, enti ɔde abeawa no kɔɔ beae a wɔde nneɛma a ayera kɔ wɔ nhyiam no ase. Ankyɛ koraa na abeawa no huu ne nana no. Sɛ wohwɛ sɛnea na nnipa ayɛ manyamanya nanso abeawa no wɔ ahotoso sɛ yebetumi aboa no no a, na ɛka koma paa.

Bere a yɛrehyira yɛn Betel foforo so wɔ Ukraine May 2001 no, anuanom fi aman pii so baa bi. Kwasida anɔpa no wɔmaa ɔkasa titiriw wɔ agoprama bi so, na ɛno akyi no anuanom boom yuu baa Betel bɛhwehwɛɛ hɔ. Eyi yɛ biribi a me werɛ remfi da! Ná anuanom yi dwo, na na wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ, na eyi kaa me koma paa. Ɛma mihui paa sɛ Onyankopɔn som yɛ dɛ.

NSAKRAE KƐSE BI

Awerɛhosɛm ne sɛ 2004 mu no, wohui sɛ John anya kokoram. Enti yɛkɔɔ Canada ma ɔkɔsaa ne ho yare. Ná nnuru a wɔde sa no yare no ano yɛ den paa, na ewiee ase no na ontumi nkasa, na na onhu ade nso. Enti ɔdaa ayaresabea adapɛn dodow bi. Anigyesɛm ne sɛ n’ani so tetew no. Ɛwom sɛ na ontumi nkasa de, nanso sɛ nkurɔfo bɛsra no a, na n’anim kyerɛ sɛ n’ani sɔ.

Nanso ne ho antɔ no, na saa afe no ara mu, owui. Ná ɛte sɛ nea me fã bi ayera. Ná me ne John abom de anigye asom Yehowa. Afei de, na dɛn na mɛyɛ? Misii gyinae sɛ mɛsan akɔ Ukraine. Betel abusua no ne asafo no da onuadɔ adi kyerɛ me, na m’ani sɔ paa.

Sɛ mehwɛ nea yɛayɛ wɔ Yehowa som mu a, biribiara nni hɔ a metumi aka sɛ ɛma yenuu yɛn ho. Manya anigye wɔ asetenam, na manya nnamfo pa nso. Minim sɛ metumi akɔ so asua Yehowa papayɛ ho ade, na mehwɛ kwan sɛ mɛkɔ so asom no daa efisɛ manya ‘anigye wɔ Yehowa nifa so.’

[Kratafa 6 mfonini]

“Sɛ mehwɛ nea yɛayɛ wɔ Yehowa som mu a, biribiara nni hɔ a metumi aka sɛ ɛma yenuu yɛn ho”

[Kratafa 3 mfonini]

Bere a mewaree John

[Kratafa 4 mfonini]

Bere a meyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Red Lake, Ontario

[Kratafa 5 mfonini]

Me ne John wɔ Ukraine, 2002