Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Nnipa Ma ‘Wɔnsɔre Mfi Nna Mu’

Boa Nnipa Ma ‘Wɔnsɔre Mfi Nna Mu’

Boa Nnipa Ma ‘Wɔnsɔre Mfi Nna Mu’

“Munim bere no, sɛ dɔn a ɛsɛ sɛ mufi nna mu sɔre no anya adu.”—ROM. 13:11.

WUBETUMI AKYERƐKYERƐ MU?

Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ wɔ honhom fam?

Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam na yetie nkurɔfo?

Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya nnipa ho abotare?

1, 2. Nna bɛn na ɛsɛ sɛ nnipa pii sɔre fi mu?

AFE biara, nnipa mpempem pii hwere wɔn nkwa efisɛ ahyɛnkafo da anaa wɔn ani wia wɔn. Woyi binom nso adi fi adwumam efisɛ wɔnsɔre ntɛm nkɔ adwuma anaa wɔda wɔ adwumam. Nanso honhom fam nna yɛ hu koraa sen eyi. Enti na Bible ka sɛ: “Anigye ne nea ɔwɛn.”—Adi. 16:14-16.

2 Bere a Yehowa da no rebɛn no, afei na adesamma adeda wɔ honhom fam. Kristoman asɔfo binom mpo taa ka sɛ wɔn asɔre mma adeda. Sɛ wɔka sɛ obi ada wɔ honhom fam a, ɛkyerɛ dɛn? Dɛn nti na ɛho hia sɛ nokware Kristofo ma wɔn ani da hɔ, anaa wɔwɛn? Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa afoforo ma wɔasɔre afi nna mu?

DƐN NE HONHOM FAM NNA?

3. Sɛ yɛka sɛ obi ada wɔ honhom fam a, dɛn na ɛkyerɛ?

3 Sɛ obi da a na wada, ɔnyɛ hwee. Nanso sɛ obi da wɔ honhom fam a, ebetumi aba sɛ ɔyɛ nneɛma pii nanso nneɛma a ɔyɛ no mfa Onyankopɔn som ho. Ebia ɔrebu fa so pɛ asetena mu nneɛma, anigyede, edin anaa ahonyade. Saa nneɛma yi begye n’adwene araa ma ɔrennya bere mma honhom fam nneɛma. Nanso wɔn a wɔn ani da hɔ wɔ honhom fam no nim sɛ yɛte “nna a edi akyiri no” mu, enti wɔyere wɔn ho denneennen yɛ Onyankopɔn apɛde.—2 Pet. 3:3, 4; Luka 21:34-36.

4. Dɛn na asɛm, “mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no” kyerɛ?

4 Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:4-8. Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo gyidifo fo wɔ ha yi sɛ ‘mma wɔnna te sɛ wɔn a aka no.’ Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Ade biako a ebetumi ama ‘yɛada’ ne sɛ yebebu yɛn ani agu Yehowa mmara a ɛfa papa ne bɔne ho so. Sɛ yɛamma antena yɛn adwenem sɛ bere a Yehowa de bɛsɛe abɔnefo no abɛn a, ɛno nso betumi ama ‘yɛada.’ Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansuasua saa abɔnefo no akwan ne wɔn nneyɛe.

5. Adwene bɛn na wɔn a wɔadeda wɔ honhom fam no kura?

5 Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ a obebu wɔn atɛn. (Dw. 53:1) Afoforo te nka sɛ yɛn ho nhia Onyankopɔn, enti ɛho nhia sɛ yɛhaw yɛn ho wɔ Onyankopɔn ho. Ebinom nso susuw sɛ wɔkɔ asɔre a, ɛbɛma Onyankopɔn afa wɔn adamfo. Saafo yi nyinaa adeda wɔ honhom fam, na ɛsɛ sɛ wonyan. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn?

ƐSƐ SƐ YƐN ANKASA NYAN

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yere wɔn ho ma wɔn ani da hɔ?

6 Sɛ yebetumi anyan afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nyan. Ɛno kyerɛ dɛn? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ wɔn a wɔada wɔ honhom fam no yɛ “sum mu nnwuma.” Nnwuma no bi ne anigye ntraso, nsawe, nna mu ɔbrasɛe, ahohwi, ntawntawdi, ne ahoɔyaw. (Monkenkan Romafo 13:11-14.) Ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi nneyɛe a ɛte saa ho. Ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Sɛ obi reka kar na n’adwene yɛ no sɛ obetumi ada a, na ne nkwa na ɔde reto asiane mu. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni hu sɛ honhom fam nna betumi adi awu paa!

7. Sɛ yenya nkurɔfo ho adwene a ɛmfata a, ɛbɛka yɛn asɛnka adwuma no dɛn?

7 Ebia Kristoni bi benya adwene sɛ nnipa a wɔwɔ n’asasesin mu nyinaa mpɛ asɛmpa no koraa. (Mmeb. 6:10, 11) Ebia ɔbɛka sɛ, ‘Sɛ obiara asisi n’aso wɔ asɛmpa no ho a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ mesɛe m’ahoɔden hwehwɛ nnipa a mɛka asɛm no akyerɛ wɔn na maboa wɔn?’ Ɛwom sɛ seesei ebia nnipa pii adeda wɔ honhom fam de, nanso wɔn nsɛm tebea ne wɔn nsusuwii betumi asesa. Ebinom betumi asɔre afi nna mu atie asɛmpa no. Enti sɛ yɛn ankasa nyan a, yebetumi aboa wɔn. Nea yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛhwehwɛ akwan foforo a yɛbɛfa so aka Ahenni ho asɛm no ma aka wɔn koma. Ade biako nso a ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ ne sɛ yɛbɛkae nea enti a asɛnka adwuma no ho hia paa.

DƐN NTI NA ASƐNKA ADWUMA NO HO HIA SAA?

8. Dɛn nti na yɛn asɛnka adwuma no ho hia saa?

8 Ma ɛntena w’adwenem sɛ, sɛ nkurɔfo antie asɛm no mpo a, yɛn asɛnka adwuma no hyɛ Yehowa anuonyam, na ɔnam so di n’atirimpɔw ho dwuma. Nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛm a yɛka no ho na wobegyina so abu wɔn atɛn. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wontie asɛmpa no. (2 Tes. 1:8, 9) Bio nso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ Kristoni bi bɛka sɛ esiane sɛ “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu” nti ɛho nhia sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛm no. (Aso. 24:15) Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ wɔn a wobebu wɔn atɛn sɛ “mmirekyi” no bɛkɔ “daa ɔsɛe mu.” Asɛnka adwuma no da no adi sɛ Onyankopɔn wɔ mmɔborɔhunu, efisɛ ɛma nkurɔfo nya hokwan de sesa wɔn suban na wɔanya “daa nkwa.” (Mat. 25:32, 41, 46; Rom. 10:13-15) Sɛ yɛanka asɛm no a, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo ate asɛm a ebetumi agye wɔn nkwa no?

9. Ɔkwan bɛn so na asɛmpa no a woka no aboa wo ne afoforo?

9 Sɛ yɛka asɛmpa no a, ɛboa yɛn ankasa nso. (Monkenkan 1 Timoteo 4:16.) Wunhui sɛ, sɛ woka Yehowa ne Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛhyɛ w’ankasa gyidi den na ɛma wunya ɔdɔ kɛse ma Onyankopɔn? Wunhui sɛ aboa wo ma woayɛ Kristoni pa? Sɛ wokɔ asɛnka a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn, na ɛno ma w’ani gye. Nnipa pii anya hokwan de nokware no akyerɛkyerɛ afoforo, na sɛ wohu sɛ Onyankopɔn de ne honhom reboa asuafo no ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetena mu a, wɔn ani gye paa.

FA W’ANI TO FAM

10, 11. (a) Dɛn na Yesu ne Paulo yɛe de kyerɛe sɛ wɔde wɔn ani too fam na wɔmaa wɔn ani daa hɔ? (b) Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛma yɛn asɛnka atu mpɔn?

10 Yebetumi afa akwan horow so ama nkurɔfo ani agye asɛmpa no ho. Enti sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam. Yesu yɛɛ ho nhwɛso. Ná Yesu yɛ pɛ, enti otumi hui sɛ Farisini bi bo afuw wɔ ne komam, ohui nso sɛ ɔbea debɔneyɛfo bi anu ne ho, na ohui sɛ okunafo bi de nea ɔwɔ nyinaa mae. (Luka 7:37-50; 21:1-4) Yesu tumi boaa nkurɔfo efisɛ na onim nea wohia. Yɛnyɛ pɛ de, nanso yebetumi de yɛn ani ato fam ahu nea afoforo hia. Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi ho nhwɛso. Ɔfaa akwan pii so dii nnipa ahorow adanse ma ɛkaa wɔn koma.—Aso. 17:22, 23, 34; 1 Kor. 9:19-23.

11 Sɛ yɛde yɛn ani to fam na yɛma yɛn ani da hɔ sɛnea Yesu ne Paulo yɛe no a, yebetumi ahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so aka asɛm no ma nkurɔfo ani agye ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ worebɛn obi ne no akasa a, hwɛ sɛ wubehu biribi a ɛkyerɛ baabi a ofi, nneɛma a n’ani gye ho, anaa nea ɛkyerɛ sɛ w’aware anaa ɔnwaree, ɔwɔ mma anaa onni mma. Bio nso wubetumi ahwɛ nea ɔreyɛ saa bere no na woakamfo no, na eyi bɛma woanya biribi a wubegyina so ne no abɔ nkɔmmɔ.

12. Sɛ yɛnam asɛnka mu na yɛrebɔ nkɔmmɔ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye?

12 Sɛ obi ani da hɔ a, ɔmma biribiara ntwetwe n’adwene. Sɛ yɛne onua bi nam asɛnka mu a, yebetumi abɔ nkɔmmɔ de ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nea enti a yɛreyɛ asɛnka adwuma no ne sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ afoforo. (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nkɔmmɔ annye yɛn adwene ma yɛn werɛ amfi nea enti a yɛnam asɛnka mu no. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɔkwan biako a yebetumi de yɛn adwene asi adwuma no so ne sɛ yebesusuw nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo ho. Ɛwom, telefon betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ansɛe nkɔmmɔ a yɛne ofiewura bi rebɔ no.

SUSUW NNIPA HO

13, 14. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea onipa bi ani gye ho? (b) Dɛn na ebetumi ama nkurɔfo ani agye Onyankopɔn asɛm ho?

13 Sɛ yɛkɔ asɛnka na yɛne obi rebɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie no yiye. Sɛ wuhyia obi wɔ w’asasesin mu na wopɛ sɛ ɔkyerɛ n’adwene a, nsɛm bɛn na wubetumi abisa no? So ɛhaw no sɛ asɔre pii wɔ hɔ, anaa basabasayɛ rekɔ so wɔ baabi a ɔte, anaa nnipa aban ntumi nyɛ nea ɔmanfo pɛ mma wɔn? Wubetumi aka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ no ma wahu nneɛma fɛfɛ a wabɔ anaa sɛnea Bible mu afotu tumi boa nnipa? Eyi betumi ama n’ani agye asɛm no ho. Ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye mpaebɔ ho; wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo ani gye ho. Nanso nnipa pii bisa sɛ: Obi wɔ hɔ a otie mpaebɔ? Ebia afoforo nso bebisa sɛ: Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa anaa? Sɛ ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na Onyankopɔn tie a, ɛnde dɛn na yɛbɛyɛ na watie yɛn mpaebɔ?

14 Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yebefi nkɔmmɔbɔ ase a, yebetumi ahwɛ ɔkwan a adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw fa so yɛ no. Wubehu sɛ, sɛ wobisa nkurɔfo nsɛm a, wɔmfeefee wɔn nsɛm mu. Ɔkwan bɛn so na wɔn nne ne wɔn anim yɛbea ma wuhu sɛ wɔpɛ sɛ wɔte ofiewura no ase?—Mmeb. 15:13.

NTOBOASE NE ANIFERE

15. Dɛn nti na sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ehia sɛ yenya ntoboase?

15 Sɛ woada hatee na obi nyan wo a, ɛbɛyɛ wo dɛ? Sɛ obi da a, ɔmpɛ sɛ yenyan no prɛko pɛ. Ɔpɛ sɛ yenyan no brɛoo. Wɔn a wɔada wɔ honhom fam no nso pɛ sɛ yenyan wɔn brɛoo. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi de abufuw hyia wo wɔ asɛnka mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nya ntoboase na ma onhu sɛ wubu no. Afei da no ase sɛ wama woahu sɛnea ɔte nka, na fi hɔ bɔkɔɔ. (Mmeb. 15:1; 17:14; 2 Tim. 2:24) Sɛ wunya ntoboase ma no a, ebetumi aka no na sɛ bere foforo Ɔdansefo bi kɔ ne nkyɛn a watie no.

16, 17. Yɛbɛyɛ dɛn de anifere ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu?

16 Ɛtɔ da bi na sɛ obi ani nnye asɛm no ho mpo a, yebetumi afa ɔkwan bi so adi no adanse. Ebia obi bɛka sɛ, “Eye, me nso mekɔ asɔre” anaa ɔbɛka sɛ “M’ani nnye ho.” Ebia ɔbɛka saa de atwa nkɔmmɔbɔ no so. Nanso sɛ wunya ntoboase na woyɛ anifere a, wubetumi abisa asɛm bi a ɛbɛma ofiewura no ani agye Bible mu asɛm no ho.—Monkenkan Kolosefo 4:6.

17 Sɛ yehyia nkurɔfo na wɔka sɛ wonni adagyew korakora a, eye sɛ yebegye atom na yɛafi hɔ akɔ. Nanso ɛtɔ bere bi na wohwɛ tebea no a, wubetumi aka asɛm tiawa bi a ɛtɔ asom. Anuanom bi tumi bue Bible kenkan emu asɛm bi kyerɛ ofiewura no na wobisa asɛm bi a wɔne no besusuw ho da foforo. Wotumi de bɛyɛ simma biako yɛ eyi nyinaa. Ɛtɔ bere bi a ofiewura no ani gye nkɔmmɔ tiawa yi ho araa ma ɔnkae bio sɛ onni adagyew. Adɛn na wonsɔ eyi nhwɛ bere biara a wubenya hokwan no?

18. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛatu mpɔn wɔ bɔnnɔ so adansedi mu?

18 Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yebedi adanse bɔnnɔ so a, yebetumi asiesie yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛboa nnipa a yehyia wɔn da biara da no ma wɔn ani agye asɛmpa no ho. Anuanom mmarima ne mmea pii fa nhoma kakra hyɛ wɔn bɔtɔ mu anaa wɔn bag mu. Ebia wɔwɔ kyerɛwsɛm bi wɔ wɔn adwenem a sɛ hokwan no ba a wɔne afoforo besusuw ho. Wubetumi abisa ɔsom adwuma sohwɛfo anaa akwampaefo a wɔwɔ w’asafo mu ma wɔakyerɛ wo sɛnea wubetumi asiesie wo ho adi adanse bɔnnɔ so.

TƆ WO BO ASE NYAN W’ABUSUAFO

19. Sɛ yɛreboa yɛn abusuafo a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?

19 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛboa yɛn abusuafo ma wogye asɛmpa no. (Yos. 2:13; Aso. 10:24, 48; 16:31, 32) Sɛ mfiase no wɔantie asɛm no a, ebetumi abu yɛn abam. Ebia yebesusuw sɛ biribiara nni hɔ a yɛbɛyɛ anaa yɛbɛka a ɛbɛsesa wɔn adwene. Nanso asɛm bi betumi asi ma wo busuani no asesa n’adwene. Ebia w’ankasa mpo woanya nkɔso ma wutumi kyerɛkyerɛ nokware no mu yiye, enti ebia seesei biribi pa betumi afi mu aba.

20. Dɛn nti na sɛ yɛne yɛn abusuafo rekasa a, ɛho hia sɛ yɛyɛ anifere?

20 Ɛsɛ sɛ yebu yɛn abusuafo na yɛte wɔn ase. (Rom. 2:4) Sɛnea sɛ yehyia nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, yɛtɔ yɛn bo ase ne wɔn kasa no, ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusuafo kasa anaa? Wo ne wɔn nkasa odwo ne obu so. Ma w’abusuafo nhu sɛnea nokware no aboa wo, nanso hwɛ na woamfa asɛm no ampuapua wɔn. (Efe. 4:23, 24) Ma wonhu sɛ Yehowa na wama wo bra asi wo yiye, efisɛ ɔno na “ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.” (Yes. 48:17) Bɔ bra pa ma w’abusuafo nhu sɛ woyɛ Kristoni.

21, 22. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛnea ehia sɛ yemia yɛn ani boa yɛn abusuafo ma wosua Yehowa ho ade.

21 Nnansa yi onuawa bi kyerɛwee sɛ: “Mabɔ mmɔden biara sɛ mede me kasa ne me nneyɛe bedi me nuanom mmarima ne mmea 13 adanse. Memma afe biako mpo ntwam a menkyerɛw wɔn mu biara. Nanso mfe 30 twaam a na me busuani biara mmɛyɛɛ Ɔdansefo.”

22 Onuawa no toaa so sɛ: “Da bi, mefrɛɛ me nuabea biako a ɔwɔ akyirikyiri wɔ telefon so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ na ɔpɛ sɛ ne sɔfo ne no sua Bible, nanso ɔsɔfo no ne no ansua da. Bere a meka kyerɛɛ me nuabea no sɛ mepɛ sɛ meboa no no, ɔkae sɛ: ‘Mate, nanso mepɛ sɛ wote ase sɛ meremmɛyɛ Yehowa Dansefo da.’ Mede Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no menaa no, na ɛno akyi no, na metaa frɛ no. Nanso na ommuee nhoma no mu mpo. Enti da bi mefrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne nhoma no, na yɛde bɛyɛ simma 15 kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no bi susuw ho. Mekɔɔ so frɛɛ no wɔ telefon so, na afei de na ɔpɛ sɛ yesua ade boro simma 15. Ewiee ase no, ɔno na na ɔfrɛ me ma yɛyɛ adesua no. Ɛtɔ da bi a na ɔfrɛ me mpo ansa na masɔre afi mpa so, na ebi wɔ hɔ a na ɔfrɛ mprenu da koro. Afe akyi no, ɔbɔɔ asu, na afe a edi hɔ no, ofii akwampae adwuma ase.”

23. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw bere a yɛreboa nkurɔfo ma wɔasɔre afi honhom fam nna mu no?

23 Sɛ yebetumi ama nkurɔfo asɔre afi honhom fam nna mu a, ehia sɛ yɛyɛ anifere na yɛkɔ so ara boa wɔn a yɛmpa abaw. Ahobrɛasefo pii gu so ara retie asɛmpa no. Ɛkame ayɛ sɛ ɔsram biara nnipa bɛboro 20,000 bɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo. Enti momma yentie afotu a Paulo de maa Arkipo no: “Hwɛ ɔsom adwuma a wugyee no Awurade mu no so, na wie.” (Kol. 4:17) Adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn nyinaa ma yɛahu sɛnea yɛde ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 13 adaka]

NEA WOBƐYƐ A WONNA

▪ Yere wo ho yɛ Onyankopɔn apɛde

▪ Nnyɛ sum mu nnwuma

▪ Kae sɛ honhom fam nna tumi di awu

▪ Nya nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu ho adwempa

▪ Hwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so aka asɛm no

▪ Kae sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa