Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Ka Asɛm No Denneennen

Kɔ So Ka Asɛm No Denneennen

Kɔ So Ka Asɛm No Denneennen

“Ka asɛm no, kɔ so ka no denneennen.”—2 TIM. 4:2.

WUBETUMI AKYERƐKYERƐ MU?

Dɛn nti na Kristofo kaa asɛm no denneennen wɔ asomafo no bere so?

Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no denneennen nnɛ?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm denneennen sen bere biara?

1, 2. Sɛ yɛhwɛ asɛm a Paulo kae sɛ ‘yɛnkɔ so nka asɛm no denneennen’ no a, nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

NNIPA a wogye nkurɔfo nkwa taa de anibere ne ahokeka na ɛyɛ wɔn adwuma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ ogya tɔ baabi a, odumgyafo bɔ hwii kɔ hɔ efisɛ wonim sɛ nkurɔfo nkwa da asiane mu.

2 Yehowa Adansefo adwuma ne sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔanya nkwa. Ɛno nti, yɛfa Ahenni ho asɛmpaka adwuma no aniberesɛm. Nanso eyi nkyerɛ sɛ yɛde tu mmirika hwiihwii. Ɛnde bere a ɔsomafo Paulo de afotu mae sɛ, “ka asɛm no, kɔ so ka no denneennen” no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? (2 Tim. 4:2) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no denneennen? Dɛn nti na yɛn adwuma no ho hia saa?

DƐN NTI NA YƐN ADWUMA NO HO HIA SAA?

3. Sɛ nkurɔfo tie Ahenni ho asɛmpa no a, dɛn na ebefi mu aba, na sɛ wɔantie nso ɛ?

3 Sɛ wohwɛ sɛnea asɛm a yɛreka no tumi gye nkwa a, ebia wubehu sɛ ɛsɛ sɛ woka asɛmpa no anibere so. (Rom. 10:13, 14) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ: ‘Owu na wubewu,’ na ɔsan fi ne bɔne ho na odi asɛntrenee yɛ nea ɛteɛ . . . a, obenya nkwa, ɔrenwu. Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara.” (Hes. 33:14-16) Bible ka kyerɛ obiara a ɔka Ahenni ho asɛmpa no sɛ: “Wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.”—1 Tim. 4:16; Hes. 3:17-21.

4. Dɛn nti na awaefo a na wɔbɛba no maa ɛho hiae sɛ wɔka asɛm no denneennen wɔ asomafo no bere so?

4 Nea ɛbɛyɛ na woahu nea enti a Paulo tuu Timoteo fo sɛ ɔnka asɛm no denneennen no, hwɛ kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ne nsɛm foforo a ɛka ho. Ɛkenkan sɛ: “Ka asɛm no, kɔ so ka no denneennen, mmere pa ne mmere bɔne mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn nyinaa mu. Na bere bi bɛba a wɔrentena nkyerɛkyerɛ pa no mu, na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te; na wobeyi wɔn asõ afi nokware no ho.” (2 Tim. 4:2-4) Ná Yesu aka sɛ ebinom bɛwae afi nokware som ho. (Mat. 13:24, 25, 38) Enti na ɛho hia sɛ Timoteo “ka asɛm no” anibere so wɔ asafo no mu mpo na awaefo no amfa atoro nkyerɛkyerɛ antwetwe Kristofo no. Saa bere no na nnipa nkwa da asiane mu. Ɛnnɛ nso ɛ?

5, 6. Adwene bɛn na nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no pii kura?

5 Ɛnnɛ, nnipa pii awae afi nokware som ho. (2 Tes. 2:3, 8) Nkyerɛkyerɛ bɛn na wɔde nunu nkurɔfo asom nnɛ? Mmeae pii no, nnipa kyerɛkyerɛ adannandi anibere so te sɛ nea wɔkyerɛ nyamesɛm. Ɛwom sɛ wɔde nyansahu na ɛkyerɛkyerɛ adannandi mu de, nanso adannandi abɛyɛ sɛ ɔsom bi, ɔsom a ennye Onyankopɔn nni. Eyi ama ebinom anya Onyankopɔn ne nnipa ho adwene a ɛnteɛ. Nkyerɛkyerɛ foforo a agye ntini ne sɛ yɛn ho nhia Onyankopɔn, enti ɛho nhia sɛ yɛhaw yɛn ho wɔ Onyankopɔn ho. Dɛn nti na nnipa pii ama nkyerɛkyerɛ yi anunu wɔn asom ma wɔadeda wɔ honhom fam? Nkyerɛkyerɛ abien yi nyinaa ma nkurɔfo nya adwene sɛ wobetumi ayɛ nea wɔpɛ efisɛ wɔremmu ho akontaa nkyerɛ obiara. Ampa, eyi yɛ asɛm a anunu nnipa pii asom.—Monkenkan Dwom 10:4.

6 Nsɛm foforo nso wɔ hɔ a atoro akyerɛkyerɛfo de nunu nkurɔfo asom. Wɔn a wɔda so kɔ asɔre no ani gye ho sɛ wɔn akyerɛkyerɛfo bɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea wobɛyɛ biara, Onyankopɔn dɔ wo.’ Asɔfo no nunu afoforo asom ma wogye di sɛ afahyɛ ahorow, Awurade adidi, asɔre mu amanne, ne ahoni bɛma wɔanya Onyankopɔn nhyira. Ebia asɔrekɔfo yi nhu sɛ wɔn tebea yɛ hu. (Dw. 115:4-8) Nanso sɛ yetumi ma wɔsɔre fi honhom fam nna mu ma wɔte Bible mu nokware ase a, Onyankopɔn Ahenni no betumi aboa wɔn.

DƐN NA ƐBƐKYERƐ SƐ YƐREKA ASƐM NO DENNEENNEN?

7. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ asɛnka adwuma no ho hia yɛn paa?

7 Sɛ dɔkota bi reyɛ oprehyɛn a, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene nyinaa si so, anyɛ saa a ɔyarefo no betumi ahwere ne nkwa. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, yebetumi de yɛn adwene asi nsɛm a nnipa ani begye ho so. Eyi bɛkyerɛ sɛ asɛnka adwuma no ho hia yɛn paa. Afei nso, sɛ yebu adwuma yi sɛ ehia paa a, ɛnde yɛbɛyɛ nsakrae biara a ehia na ama yɛatumi akɔ nkurɔfo nkyɛn ɛbere a eye ma wɔn.—Rom. 1:15, 16; 1 Tim. 4:16.

8. Sɛ yebu biribi sɛ asɛnhia a, dɛn na yɛyɛ wɔ ho?

8 Bio nso sɛ yebu biribi sɛ ɛho hia a, yɛbɛfa no aniberesɛm na yɛremma biribi foforo biara ntwitware mu. (Monkenkan Genesis 19:15.) Fa no sɛ wokɔɔ ayaresabea kɔyɛɛ wo nipaduam nhwehwɛmu, ɛnna dɔkota no frɛɛ wo kɔɔ ne ɔfese ka kyerɛɛ wo anibere so sɛ: “Hwɛ! Wo tebea no yɛ hu. Sɛ ebedu ɔsram biako na wonyɛɛ ho hwee a, ɛrenyɛ asɛm papa.” Dɛn na anka wobɛyɛ? Ebia worennye bum mfi ɔfese hɔ te sɛ odumgyafo a wɔrekodum ogya. Nanso wobɛfa asɛm no aniberesɛm na woatie nyansahyɛ a ɔde bɛma wo no yiye, na woakɔ fie akosusuw ho ahu nea wobɛyɛ.

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ bere a Paulo wɔ Efeso no, ɔyɛɛ asɛnka adwuma no anibere so?

9 Sɛ yɛhwɛ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Efeso asafo mu mpanyimfo fa asɛmpa no a ɔkae wɔ Asia mantam mu no ho a, yebetumi ahu sɛ na asɛnka adwuma no ho hia no paa. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:18-21.) Ɛda a edi kan a oduu hɔ no ara na ofii ase kɔɔ nkurɔfo afie kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Bio nso, na wayɛ nhyehyɛe a “daa na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu.” Ɔyɛɛ saa mfe abien. (Aso. 19:1, 8-10) Sɛ Paulo bɛkɔ oo, sɛ ɔbɛba oo, na asɛnka adwuma no na ɛkyerɛ no nea ɔnyɛ. Sɛ wɔka sɛ ‘yɛnka asɛm no denneennen’ a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ wɔde adwuma no repuapua yɛn a yennya yɛn ho twabere koraa. Mmom ɛsɛ sɛ yɛde asɛnka adwuma no di kan wɔ yɛn asetenam.

10. Dɛn nti na ahokeka a Kristofo de yɛɛ asɛnka adwuma no bɛyɛ mfe 100 atwam ni no ma yɛn ani gye?

10 Ansa na afe 1914 reba no, Bible Asuafo kakra fii ase kaa asɛmpa no. Wɔn nhwɛso no ma yehu sɛnea asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ. Saa bere no na wɔnnɔɔso, nanso wɔkaa Ahenni ho asɛmpa no anibere so efisɛ wohui sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ. Wɔma wotintim Bible mu nsɛm wɔ atesɛm nkrataa pii mu, na woyii sini fɛfɛ bi a wɔato din “Photo-Drama of Creation.” Eyi maa nnipa mpempem pii tee asɛmpa no. Sɛ wɔanhu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ a, anka yɛn mu ahe na yɛbɛte Ahenni ho asɛmpa no?—Monkenkan Dwom 119:60.

HWƐ NA WOANTE ANNA

11. Dɛn na ama ebinom ate ada?

11 Sɛ yɛma nneɛma twetwe yɛn adwene a, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa. Satan atirimpɔw ne sɛ ɔde wiase yi bɛtwetwe yɛn ma yɛde yɛn adwene nyinaa asi nneɛma a yɛn ani gye ho anaa nneɛma hunu mpo so. (1 Pet. 5:8; 1 Yoh. 2:15-17) Ebinom wɔ hɔ a kan no na Yehowa som ho hia wɔn paa, nanso seesei wɔate ada. Ɛho nhwɛso biako ne Dema a bere bi na ɔyɛ Paulo yɔnko dwumayɛni no. Akyiri yi ɔbarima yi maa wiase bɔne no twetwee no. Bere bi a na Paulo ho akyere no no, Dema antena ne nkyɛn anhyɛ no den; ogyaw ne hɔ.—Filem. 23, 24; 2 Tim. 4:10.

12. Hokwan bɛn na yɛwɔ seesei, na hokwan bɛn na yebenya daakye?

12 Sɛ yebetumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no denneennen a, ɛnsɛ sɛ yetu di wiase no akyi. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi “aso nkwa ankasa no mu denneennen.” (1 Tim. 6:18, 19) Wunim pefee sɛ daa nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu bɛma yɛanya hokwan agye yɛn ani afebɔɔ. Nanso seesei de, nea ehia ne sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔatwa Harmagedon; yɛrenya saa hokwan no bio.

13. Afei a yɛabɛyɛ Kristofo no, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛante anna?

13 Esiane sɛ nnipa dodow no ara a wɔwɔ wiase adeda wɔ honhom fam nti, dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛante anna? Ehia sɛ yɛkae sɛ bere bi a atwam no, sɛ yɛbɛka a, na yɛada wɔ sum mu. Nanso sɛnea Paulo kae no, wonyanee yɛn na Kristo ahyerɛn wɔ yɛn so. Enti seesei yɛanya hokwan sɛ yɛbɛma afoforo nso ahu hann no. (Monkenkan Efesofo 5:14.) Bere a Paulo kaa saa no, ɔtoaa so sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” (Efe. 5:15, 16) Bere a yɛte wiase bɔne yi mu no, momma ‘yɛntɔ bere’ mfa nyɛ nnwuma a ɛbɛma yɛakɔ so awɛn.

ƐNNƐ NE BERE NO!

14-16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm denneennen sen bere biara?

14 Efi tete nyinaa Kristofo de nsi ayɛ asɛnka adwuma no, nanso ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛm no denneennen. Efi afe 1914 reba no, yɛahu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no pii renya mmamu. (Mat. 24:3-51) Nneɛma pii resisi a ebetumi de adesamma nkwa ato asiane mu sen bere biara. Aman a wɔwɔ tumi paa wɔ wiase ayɛ asomdwoe apam, nanso wɔda so ara wɔ nuklea topae kodiawuo bɛyɛ 2,000 hyehyɛ wɔn ho a wobetumi ato no bere biara. Aban mpanyimfo taa bɔ amanneɛ sɛ nuklea ho nneɛma bi ayera. So ebetumi aba sɛ saa nneɛma no bi akodi amammɔfo bi nsam? Nnipa bi ka sɛ ammamɔfo betumi akɔfa ɔko aba ma atɔre nnipa nyinaa ase. Nanso ɛnyɛ ɔko nkutoo ne ade a nnipa suro sɛ ebetumi atɔre wɔn ase.

15 Amanneɛbɔ bi a ɛbae afe 2009 ka sɛ: “Ade a ebetumi de yɛn akwahosan ato asiane mu sen biribi foforo biara wɔ yɛn bere so ne wim a ɛresakrasakra no.” Amanneɛbɔ no toaa so sɛ: “Wim nsakrae betumi ama nnipa pii ayare, na ɛde nnipa ɔpepem pii nkwa bɛto asiane mu wɔ mfe a ɛwɔ yɛn anim no mu.” (The Lancet ne University College London) Wim nsakrae yi betumi ama ɛpo ayiri atra hye, na ɛde ɔpɛ kataban, nsuyiri, ɔyaredɔm, ne mframa gyampanturudu aba wiase afanan nyinaa. Afei nso ɛbɛma nnipa apere asase so nneɛma a ɛresa ho. Ampa, adesamma suro sɛ akodi ne atoyerɛnkyɛm betumi atɔre wɔn ase.

16 Ebia ebinom besusuw sɛ nuklea ko na ɛbɛkɔ akɔfa “sɛnkyerɛnne” a Yesu kaa ho asɛm no aba. Nanso nnipa dodow no ara nte nea sɛnkyerɛnne no kyerɛ ankasa ase. Yɛahu Kristo mmae no ho sɛnkyerɛnne mfe bebree ni, na ɛno kyerɛ sɛ wiase yi awiei abɛn paa. (Mat. 24:3) Ɛnnɛ, nkɔm a Yesu hyɛe no bebree abam pefee. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ nnipa sɔre fi honhom fam nna mu. Asɛnka adwuma no na ebetumi aboa wɔn ma wɔasɔre.

17, 18. (a) Ɛsɛ sɛ “bere” a yɛwom no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn? (b) Dɛn na ebetumi aka nkurɔfo ma wɔn ani abegye Ahenni asɛm no ho?

17 Bere a aka no sua, enti saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no, na yewie asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa wɔ nna a edi akyiri yi mu no. Asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Roma no ho hia paa nnɛ. Ɔkae sɛ: “Munim bere no, sɛ dɔn a ɛsɛ sɛ mufi nna mu sɔre no anya adu, efisɛ seesei yɛn nkwagye abɛn kyɛn bere a yɛbɛyɛɛ gyidifo no.”—Rom. 13:11.

18 Nneɛma a wɔkae sɛ ebesisi nna a edi akyiri mu no betumi ama nkurɔfo ani aba wɔn ho so na wɔahwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Ebinom ahu sɛ adesamma hia mmoa efisɛ nnipa nniso adi nkurɔfo huammɔ: sikasɛm agye agu, nnipa suro sɛ nuklea ko betumi aba, amumɔyɛ ahyɛ asase so ma, na nnipa da so resɛe asase no. Ebinom nso fi ase hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bere a wɔn busuani bi yare anaa wawu anaa bere a awaregyae aba. Enti sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, yenya hokwan boa nnipa a wɔte saa.

EBINOM AKEKA WƆN HO

19, 20. Nsakrae bɛn na Kristofo pii ayɛ wɔ wɔn asetena mu de akyerɛ sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ?

19 Esiane sɛ Kristofo pii ahu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ nti, wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetena mu ma wɔde ahokeka reyɛ asɛnka adwuma no pii. Ɛho nhwɛso ne awarefo bi a wɔwɔ Ecuador. Bere a wɔkɔɔ afe 2006 da koro nhyiam titiriw a na n’asɛmti ne “Ma W’aniwa Nhwɛ Tee” no, wosii gyinae sɛ wobetwitwa nneɛma so ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Wɔkyerɛkyerɛw nneɛma a wonhia nyinaa, na asram abiɛsa ntam no, wotu fii ofie kɛse a na wɔte mu kɔpɛɛ ofie korokorowa bi mu tenae, na wɔtɔn wɔn nneɛma no bi de tuatuaa wɔn ho aka nyinaa. Ankyɛ na wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu. Akyiri yi ɔmansin sohwɛfo maa wɔn nyansahyɛ sɛ wɔnkɔboa asafo bi a wohia mmoa, na wɔkɔe.

20 Onua bi a ɔwɔ Amerika nso kyerɛwee sɛ: “Bere a me ne me yere kɔɔ nhyiam bi wɔ afe 2006 mu no, na yɛabɔ asu ma mfe 30 atwam. Ɔkasa no biako tuu yɛn fo sɛ yɛnyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ, enti bere a yɛpɔn nhyiam no a yɛrekɔ fie no, na yɛrehwɛ sɛnea yebetumi de saa afotu no ayɛ adwuma. (Mat. 6:19-22) Ná yɛwɔ afie abiɛsa, asase, kar ahorow a ne bo yɛ den, hyɛmma, ne kar bi a ɛsan yɛ fie. Yehui sɛ yɛresɛe yɛn bere wɔ nneɛma hunu ho, enti yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Afe 2008 no, yɛbɛkaa yɛn babea ho ne no yɛɛ daa akwampae adwuma no. Hwɛ anigye ara a yɛanya sɛ yɛne anuanom bom yɛ adwuma! Yɛatumi asom wɔ baabi a wohia mmoa. Afei nso, ɔsom adwuma no a yɛyɛ no pii no ama yɛabɛn Yehowa kɛse. Sɛ yehu sɛ nkurɔfo te Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ase ma wɔn ani gye a, yɛn koma tɔ yɛn yam paa.”

21. Nimdeɛ bɛn na ɛka yɛn ma yɛde ahokeka ka asɛm no?

21 Yenim sɛ ɛrenkyɛ koraa “atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da” no bɛba abeyi wiase bɔne yi afi hɔ. (2 Pet. 3:7) Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛde nsi ka ahohiahia kɛse no ne wiase foforo a ɛreba no ho asɛm. Yɛda so ara te nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka ka asɛm no ma nkurɔfo nya anidaso ankasa. Sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa yɛ adwuma a ɛho hia yi a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ampa.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]