Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhwɛ “Nneɛma A Ɛwɔ Akyi” No

Nhwɛ “Nneɛma A Ɛwɔ Akyi” No

Nhwɛ “Nneɛma A Ɛwɔ Akyi” No

“Obiara nni hɔ a ɔde ne nsa akoso funtumdade mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi a ɔfata Onyankopɔn ahenni no.”—LUKA 9:62.

WUBEBUA DƐN?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkae Lot yere no’?

Nneɛma abiɛsa bɛn na ɛnsɛ sɛ egye yɛn adwene?

Yɛbɛyɛ dɛn ne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan anantew?

1. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae, na asɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

“MONKAE Lot yere no.” (Luka 17:32) Yesu Kristo de kɔkɔbɔ yi mae bɛyɛ mfe 2,000 ni. Saa kɔkɔbɔ no ho hia nnɛ koraa sen bere biara. Bere a Yesu de saa kɔkɔbɔ no mae no, na dɛn na ɔrepɛ akyerɛ? Yudafo a na ɔne wɔn rekasa no de, na wonhia nkyerɛkyerɛmu biara. Ná wonim asɛm a ɛtoo Lot yere no. Bere a na ɔne n’abusua reguan afi Sodom no, ɔyɛɛ asoɔden twaa n’ani hwɛɛ n’akyi, na ɔdan nkyene siw.—Monkenkan Genesis 19:17, 26.

2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Lot yere hwɛɛ n’akyi, na n’asoɔden no nti, dɛn na ɛtoo no?

2 Dɛn nti na Lot yere hwɛɛ n’akyi? So ebetumi aba sɛ na ɔyɛ ɔsɛmpɛfo a ɔpɛ sɛ ɔhwɛ nea ɛrekɔ so? Anaa na onnye nni sɛ kurow no bɛsɛe? Ná ne gyidi na ayɛ mmerɛw? Anaasɛ ebia na n’ani da so ara di nneɛma a wagyaw wɔ Sodom no akyi? (Luka 17:31) Ɛmfa ho nea ɛma ɔyɛɛ asoɔden hwɛɛ n’akyi no, ɔde ne nkwa twaa so. Wo de, susuw ho hwɛ, ɔne abɔnefo a na wɔwɔ Sodom ne Gomora no nyinaa wui da koro! Enti Yesu ka sɛ ‘yɛnkae Lot yere no’ a, odi ka!

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn akyi?

3 Bere a yɛwom yi, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yiye na yɛammɔ yɛn ho mmusu antwa yɛn ani anhwɛ nneɛma a ɛwɔ yɛn akyi. Yesu sii saa asɛm yi so dua bere a na ɔne ɔbarima bi a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ne suani rekasa no. Ná ɔbarima no pɛ sɛ ɔkɔkra ne fiefo ansa na wabedi n’akyi. Yesu kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔde ne nsa akoso funtumdade mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi a ɔfata Onyankopɔn ahenni no.” (Luka 9:62) So na Yesu asɛm no ano yɛ hyew dodo anaa n’asɛm na na ɛyɛ den? Ɛnte saa. Ná Yesu nim sɛ ɔbarima no pɛ biribi ayi ne ho ano kɛkɛ na wammɛyɛ ne suani. Yesu buu obi a ɔtwetwe ne ho saa sɛ ɔrehwɛ “nneɛma a ɛwɔ n’akyi.” Sɛ obi refuntum asase na sɛ ɔhwɛ n’akyi bere tiaa bi oo, sɛ nso ɔde funtumdade no to hɔ koraa na ɔhwɛ n’akyi oo, ne nyinaa yɛ asɛm koro no ara. Ɛbɛma n’adwene afi n’adwuma no so, na ebetumi asɛe nea ɔreyɛ no.

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so?

4 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si nea ɛwɔ yɛn anim so, na ɛnyɛ nea atwam. Bible ka no pefee wɔ Mmebusɛm 4:25 sɛ: “Ma w’aniwa nhwɛ tẽẽ na gyen w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.”

5. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ yɛn akyi?

5 Biribi nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ yɛn akyi no. Ɛyɛ dɛn? Asɛm no ne sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri mu.” (2 Tim. 3:1) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛsɛe wiase bɔne yi nyinaa, na ɛnyɛ nkurow abien bi a abɔnefosɛm ahyɛ mu ma pɛ. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛanyɛ yɛn ade te sɛ Lot yere no wɔ biribiara mu? Ɛsɛ sɛ yehu nneɛma a ebetumi ama yɛahwɛ yɛn akyi no bi. (2 Kor. 2:11) Ɛnde, momma yɛnhwɛ saa nneɛma no na yenhu nea yɛbɛyɛ na annye yɛn adwene.

NEA WƆFRƐ NO MMERE PA

6. Dɛn nti na sɛ yɛkaakae nneɛma a atwam a, yebetumi adi mfomso?

6 Yɛanhwɛ a yebedi mfomso asusuw sɛ mmere a atwam no yɛ mmere pa. Sɛ yɛkaakae nneɛma a atwam a, ɛnyɛ nea ɛkɔɔ so nyinaa na yɛbɛkae no pɛpɛɛpɛ. Ebia yɛn ani bɛpa nsɛnnennen bi a yehyiae tete no so na yɛanya adwene sɛ na nneɛma kɔ yiye paa. Sɛ yedi saa mfomso no a, ɛbɛma yɛn kɔn adɔ mmere a atwam no. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nka sɛ: ‘Dɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?’ na nyansa nnim sɛ wubebisa saa.” (Ɔsɛnk. 7:10) Dɛn nti na nsusuwii a ɛte saa yɛ hu paa?

7-9. (a) Tebea bɛn na Israelfo no faa mu wɔ Egypt? (b) Dɛn na ɛmaa Israelfo no ani gyei? (d) Dɛn ho na Israelfo no fii ase nnwiinwii?

7 Wo de, hwɛ nea ɛtoo Israelfo wɔ Mose bere so. Bere a Israelfo kɔɔ Egypt mfiase no, wogyee wɔn sɛ ahɔho. Nanso Yosef wu akyi no, Egyptfo no de “adwuma so ahwɛfo sisii [Israelfo] so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so.” (Ex. 1:11) Akyiri yi Farao hyɛe sɛ wonkum mmarima a Israelfo bɛwo wɔn, efisɛ na ɔmpɛ sɛ Israelfo no bɛdɔɔso. (Ex. 1:15, 16, 22) Eyi nti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nokwarem no mahu me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wosi bere a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Minim wɔn brɛ nyinaa.”—Ex. 3:7.

8 Yɛrentumi mfa yɛn ani mmu sɛnea Israelfo no ani gyei bere a wonyaa wɔn ho tetewee na wofii Egypt asase so no! Wohuu sɛnea Yehowa daa ne tumi adi bere a ɔde Ɔhaw Du no baa ɔhantanfo Farao ne ne manfo so no. (Monkenkan Exodus 6:1, 6, 7.) Akyiri yi Egyptfo no maa Israelfo no kwan sɛ wɔnkɔ, na wogyinaa wɔn so sɛ wɔnyɛ no ntɛm mfi hɔ. Bere a Israelfo no rekɔ no, wɔmaa wɔn sika ne dwetɛ pii ma Bible ka sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘werɛw Egyptfo ho.’ (Ex. 12:33-36) Bere a Israelfo no hui sɛ Yehowa asɛe Farao ne ne dɔm wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, wodii ahurusi. (Ex. 14:30, 31) Bere a wohuu nea Yehowa ayɛ ama wɔn nyinaa no, hwɛ sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn gyidi den!

9 Nanso anwonwade yi nyinaa akyi no, anni da bi na Israelfo koro yi ara fii ase nnwiinwii. Dɛn ho na wonwiinwii? Ɛnyɛ hwee sɛ aduan ho! Wɔn ani ansɔ nea Yehowa de ama wɔn no, na wɔkae sɛ: “Hwɛ sɛnea yɛakae nsunam a yɛwee no kwa wɔ Egypt ne ɛfere ne anamuna ne nnuadewa ne gyeene ne galik! Yɛn kra mu nsu atwe. Baabiara a wobɛfa biara mana yi ara na wuhu.” (Num. 11:5, 6) Wɔannye bere ansusuw nsɛm ho yiye, enti na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛsan akɔ Egypt, ɔman a na wɔayɛ nkoa wɔ hɔ no! (Num. 14:2-4) Israelfo no hwɛɛ nneɛma a ɛwɔ akyi, na wɔhweree Yehowa anim dom.—Num. 11:10.

10. Dɛn na yesua fi nea ɛtoo Israelfo no mu?

10 Dɛn na yebetumi asua afi mu nnɛ? Sɛ yehyia nsɛnnennen bi a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma bi a atwam a yesusuw sɛ na ɛma yɛn ani gye so. Ebia yɛde yɛn adwene besi bere a na yennya mmehuu nokware no mpo so. Ɛnyɛ mfomso sɛ obi bedwen nneɛma bi a atwam ho na wasua biribi afi mu, anaa mpo wakaakae mmere pa bi a atwam. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ma ɛtra so. Anyɛ saa a, yɛn ani rensɔ tebea a yɛwom seesei, na anhwɛ mpo a, yɛn kɔn bɛdɔ asetena a na yɛwom kan no.—Monkenkan 2 Petro 2:20-22.

NNEƐMA BI A YƐDE BƆƆ AFƆRE

11. Ebinom te nka dɛn wɔ afɔre a wɔbɔe ho?

11 Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ ebinom bu kɔmpɔ hwɛ nneɛma a wɔde abɔ afɔre a, wɔte nka sɛ wɔahwere ade kɛse paa. Ebia wunyaa hokwan sɛ wobɛkɔ sukuu akɔ akyiri anaa wobɛyɛ biribi a anka ɛbɛma woanya din anaa sika pii, nanso wopoo eyinom nyinaa. Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii agyaw dibea kɛse a na wɔwɔ wɔ nnwuma ahorow anaa sukuu mu. Ná ebinom nso nya sika pii fi agodie ne nneɛma a wɔde gyigye ɔmanfo ani mu, nanso wɔde ne nyinaa too hɔ. Mfe pii abɛsen kɔ, nanso awiei no mmae. Ɛyɛ a wotaa dwinnwen ho sɛ, sɛ woamfa nneɛma yi nyinaa ammɔ afɔre a, anka asetena bɛkɔ yiye paa ama wo?

12. Paulo tee nka dɛn wɔ nneɛma a na wagyaw wɔ akyi no ho?

12 Ansa na ɔsomafo Paulo rebɛyɛ Kristo kyidini no, ɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre. (Filip. 3:4-6) Ná ɔte nka dɛn wɔ nneɛma a wagyaw wɔ akyi no ho? Ɔkae sɛ: “Nneɛma a na ɛyɛ mfaso ma me no, mabu no sɛ adehwere, Kristo nti.” Adɛn nti na ɔkaa saa? Ɔtoaa so sɛ: “Nokwarem no, mibu nneɛma nyinaa sɛ adehwere m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so no nti. Ɔno nti na mibu nneɛma nyinaa adehwere na mibu no sɛ nwura dodow, na matumi anya Kristo.” * (Filip. 3:7, 8) Sɛnea obi kɔtow nwura gu sumina so a ɛnhaw no sɛ wɔahwere biribi no, saa ara na anhaw Paulo sɛ ɔde nneɛma bi abɔ afɔre wɔ wiase no mu. Ohui sɛ ɛso nni mfaso bio.

13, 14. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Paulo?

13 Sɛ yehu sɛ yɛtaa dwinnwen nneɛma a yɛde abɔ afɔre ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo. Ɔkwan bɛn so? Susuw nea wowɔ seesei ho, na hwɛ sɛnea ɛsom bo fa! Wo ne Yehowa ntam yɛ papa na onim wo sɛ ne somfo nokwafo. (Heb. 6:10) Dɛn paa na wiase yi de bɛma yɛn a yebetumi de atoto nea Yehowa de ma yɛn seesei ne nea ɔde bɛma yɛn daakye no ho?—Monkenkan Marko 10:28-30.

14 Afei Paulo kaa biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom Yehowa nokwarem. Ɔkae sɛ ‘ɔmaa ne werɛ fii nneɛma a ɛwɔ akyi no, na ɔtwee ne mu duu nneɛma a ɛwɔ anim no ho.’ (Filip. 3:13) Hyɛ no nsow sɛ Paulo kyerɛɛ nneɛma abien bi a ehia sɛ yɛyɛ. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nneɛma a yɛagyaw wɔ akyi, na ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere ne yɛn ahoɔden dwinnwen ho. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ mmirikatufo a aka kakraa bi ma watu mmirika no awie; ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn mu na yɛde yɛn ani si nea ɛwɔ yɛn anim no so.

15. Yesusuw nhwɛso a Onyankopɔn asomfo anokwafo yɛe ho a, mfaso bɛn na yenya?

15 Sɛ yegye bere susuw nhwɛso a Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete yɛe ne nea wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ ho a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛahwɛ yɛn anim sen sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ akyi. Sɛ Abraham ne Sara de wɔn adwene sii Ur so daa a, “anka wobenya hokwan asan akɔ hɔ.” (Heb. 11:13-15) Nanso wɔansan wɔn akyi. Bere a edi kan a Mose fii Egypt no, ogyaw nneɛma pii wɔ akyi sen nea Israelfo a wɔaka gyaw no akyiri yi. Nanso Bible nka no baabiara sɛ ne kɔn dɔɔ nneɛma a ogyaw wɔ akyi no. Mmom no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ “obuu Nea Wɔasra No no ahohorabɔ sɛ ahonyade kɛse sen Egypt ademude; efisɛ ogyen n’ani hwɛɛ akatua no.”—Heb. 11:26.

OSUAHU A ƐYƐ YAW A YENYAE

16. Ɔkwan bɛn so na osuahu a yenyae bere bi a atwam no betumi aka yɛn?

16 Ɛnyɛ osuahu a yɛanya wɔ asetenam nyinaa na ɛyɛ anigye. Ebia bɔne anaa mfomso bi a yɛayɛ atwam taa haw yɛn. (Dw. 51:3) Ebi nso a, obi maa yɛn afotu a emu yɛ den bere bi a atwam, na da biara a yɛbɛkae no, na ɛyɛ yɛn yaw anaa yɛn bo afuw. (Heb. 12:11) Ebia yɛbɛte nka sɛ ebinom sisii yɛn anaa wɔne yɛn anni no yiye, na ɛda so ara wɔ yɛn adwenem. (Dw. 55:2) Dɛn na yɛbɛyɛ na osuahu a ɛte saa amma yɛanhwɛ nneɛma a ɛwɔ akyi no? Yɛbɛhwɛ nhwɛso abiɛsa.

17. (a) Dɛn nti na Paulo kae sɛ ɔba “fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu”? (b) Dɛn na ɛboaa Paulo a enti afobu ammunkam no so?

17 Mfomso a atwam. Ɔsomafo Paulo kae sɛ ɔba “fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu.” (Efe. 3:8) Dɛn nti na ɔtee nka saa? ‘Efisɛ ɔtaa Onyankopɔn asafo no.’ (1 Kor. 15:9) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Paulo hyiaa anuanom a bere bi ɔtaa wɔn no, ɔyɛɛ basaa. Nanso wamma afobu ammunkam ne so; mmom ɔde n’adwene sii adom a ne nsa aka no so. (1 Tim. 1:12-16) Eyi maa n’ani sɔɔ nea Yehowa ayɛ ama no, na ɛhyɛɛ no den ma ɔkɔɔ so yɛɛ ɔsom adwuma no. Nneɛma a na Paulo pɛ sɛ ne werɛ fi no bi ne mfomso a na wayɛ atwam. Yɛn nso, sɛ yɛde yɛn adwene si Yehowa mmɔborɔhunu so a, yɛrennwinnwen nneɛma a atwam ho mfa nhaw yɛn ho, efisɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden yɛ adwuma a ɔde ama yɛn no.

18. (a) Sɛ yɛma afotu a obi de maa yɛn bere bi hyɛ yɛn abufuw a, dɛn na ebetumi aba? (b) Ɔkwan bɛn so na Solomon asɛm no bɛboa yɛn ma yɛagye afotu atom?

18 Afotu bi a ɛyɛɛ yɛn yaw. Ebia bere bi obi tuu yɛn fo, na da biara a yɛbɛkae afotu no, na yɛn bo afuw. Ebetumi ama yɛadi yaw na ‘yɛapa abaw.’ (Heb. 12:5) Sɛ yebuu afotu no “adewa” na yɛpoe oo, sɛ nso yegye toom na akyiri yi ‘yɛpaa abaw’ oo, ne nyinaa kosi hɔ ara—ɛkyerɛ sɛ yɛamma afotu no ansiesie yɛn. Ɛbɛyɛ papa mmom sɛ yɛbɛyɛ aso atie Solomon asɛm yi: “So nteɛso mu; nnyae mu. Kora so, na ɛne wo nkwa.” (Mmeb. 4:13) Momma yɛnyɛ yɛn ade te sɛ ɔhyɛnkafo a ɔde ahyɛnsode a esisi kwan ho di dwuma: yennye afotu ntom, yɛmfa nyɛ adwuma, na yɛnkɔ yɛn anim.—Mmeb. 4:26, 27; monkenkan Hebrifo 12:12, 13.

19. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Habakuk ne Yeremia gyidi no?

19 Bere a yesusuw sɛ obi asisi yɛn anaa ɔne yɛn anni no yiye. Ɛtɔ da bi a, yɛbɛte nka te sɛ odiyifo Habakuk. Osu frɛɛ Yehowa efisɛ na ɔnte ase sɛ Yehowa ama kwan ma nnebɔne rekɔ so. (Hab. 1:2, 3) Nanso ɔkae sɛ: “Me de, medi ahurusi wɔ Yehowa mu na m’ani agye me nkwagye Nyankopɔn mu.” Ɛho hia sɛ yenya gyidi a na odiyifo no wɔ no bi. (Hab. 3:18) Onipa foforo a yebetumi asuasua ne gyidi ne Yeremia a ‘ɔde ntoboase twɛnee no.’ Sɛ yesuasua no na yenya Yehowa a ɔne atɛntrenee Nyankopɔn no mu gyidi a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ obesiesie nneɛma bere pa mu.—Kwa. 3:19-24.

20. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ‘yɛkae Lot yere no’?

20 Bere a yɛwom yi yɛ anika bere. Nneɛma akɛse resisi, na yɛhwɛ kwan sɛ pii besisi daakye. Momma yɛn mu biara ne Yehowa ahyehyɛde no mmɔ anan nnantew. Momma yentie afotu a Kyerɛwnsɛm no de ma yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ akyi no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ‘yɛkae Lot yere no’!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nwura” wɔ ha no betumi akyerɛ biribi a “wɔde ma nkraman,” anaa “tiafi.” Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ asɛmfua a Paulo de yɛɛ adwuma no kyerɛ “biribi a mfaso nni so anaa ɛyɛ abofono a obi mpɛ sɛ n’ani bɔ so koraa.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]