Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Kristoni betumi ahwɛ aguamansɛm akodu baabi a ebetumi ama wɔatu no afi Kristofo asafo no mu?

▪ Yiw, ebetumi aba saa. Eyi ma yehu nea enti a ehia sɛ yekyi aguamansɛm biara—nea ɛwɔ nhoma mu, sini ne video mu, ne Intanɛt so.

Aguamansɛm abu so wɔ wiase baabiara. Nea asɛe asɛm no koraa ne Intanɛt. Epuw aguamansɛm ho mfonini a ɛyɛ hu bebree, na afa nnipa pii dommum. Mmofra ne mpanyimfo bi tumi kopue aguamansɛm so wɔ Intanɛt so a wɔnhyɛ da. Afoforo nso hyɛ da kɔ mmeae a wobehu aguamansɛm wɔ Intanɛt so, efisɛ wonim sɛ wobetumi akenkan ho nsɛm anaa wobetumi ahwɛ wɔ fie anaa ɔfese a obiara renhu wɔn. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo fa asɛm yi aniberesɛm?

Yehu ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ Yesu kɔkɔbɔ yi mu: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mat. 5:28) Ɛyɛ ne kwan so sɛ okunu ne ɔyere benya nna mu kyɛfa na ama wɔn ani agye. (Mmeb. 5:15-19; 1 Kor. 7:2-5) Nanso ɛnyɛ saa na aguamansɛm te. Mmom no, ɛyɛ ɔbea ne ɔbarima nna a ɛnyɛ ne kwan so a wɔhyɛ da de kanyan akɔnnɔ bɔne a Yesu bɔɔ ho kɔkɔ no. Sɛ obi hwɛ aguamansɛm anaa ɔkenkan ho nsɛm a, na ɔrebu Bible mu akwankyerɛ a edi so yi so pefee. Ɛka sɛ: “Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.”—Kol. 3:5.

Na sɛ Kristoni bi ahwɛ aguamansɛm pɛnkoro anaa mprenu bi nso ɛ? Yebetumi de ne tebea no atoto tebea a ɛyɛ hu a odwontofo Asaf kɔɔ mu no ho. Ɔkae sɛ: “Me de, anka me nan reyɛ aman, na ɛkaa kakraa bi anka m’anammɔn rewatiriw.” Ebia Kristoni no hwɛɛ aguamansɛm mfonini a ɛfa mmarima anaa mmea a wɔapa wɔn ho anaa nnipa baanu a wɔrebɔ aguaman ho. Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔte saa atumi anya ahonim pa ne ɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa? Asaf nso ho yeraw no. Ɔkae sɛ: “Ɛhaw me daa nyinaa, efisɛ anɔpa biara minya animka.”—Dw. 73:2, 14.

Ɛsɛ sɛ Kristoni a wakɔ tebea a ɛte saa mu no ma n’ani ba ne ho so na ɔhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ. Bible ka wɔ eyi ho sɛ: “Sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye odwo honhom mu, bere a mohwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.” (Gal. 6:1) Asafo mu panyin biako anaa mpanyimfo baanu betumi aboa no, na wɔn ‘gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na wɔde ne bɔne afiri no.’ (Yak. 5:13-15) Wɔn a wɔahwɛ aguamansɛm ma agu wɔn ho fĩ no ahwehwɛ mmoa, na eyi ama wɔabɛn Onyankopɔn sɛnea Asaf yɛe no, na aboa wɔn.—Dw. 73:28.

Nanso ɔsomafo Paulo kae sɛ ebinom yɛɛ bɔne a wɔansakra wɔn adwene amfi “wɔn afide ne aguamammɔ ne ahohwisɛm” ho. * (2 Kor. 12:21) Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Marvin R. Vincent kyerɛwee sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “afide” no kyerɛ “atantanne a ɛyɛ abofono.” Aguamansɛm mfonini bi yɛ atantanne sen nnipa a wɔapa wɔn ho anaa ɔbarima ne ɔbea a wɔrebɔ aguaman mpo. Ɛyɛ awerɛhosɛm. Aguamansɛm mfonini te sɛ nea edidi so yi yɛ abofono koraa: Mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, nnipakuw bi a wɔne wɔn ho dedadeda, nnipa a wɔne mmoa da, mmofra a wɔne wɔn da, nnipa dodow bi a wɔtow ɔbea biako mmonnaa, mmea a wɔyɛ wɔn ayayade, mmea a wɔkyekyere wɔn ne wɔn da anaa wɔne wɔn da atirimɔden so. Paulo bere so no, na wɔn a ‘wɔn adwene aduru sum no atoto wɔn ani awe, na wɔde wɔn ho maa ahohwibra yɛɛ afide nyinaa bi anibere so.’Efe. 4:18, 19.

Paulo kaa “afide” ho asɛm nso wɔ Galatifo 5:19. Britainni nhomanimfo bi kae sɛ afide betumi akyerɛ “akɔnnɔ a ɛnyɛ ne kwan so biara.” Kristoni biara begye atom sɛ aguamansɛm mfonini a wɔyɛ atantanne ne adapaade wom a yɛaka ho asɛm wɔ soro hɔ no yɛ “akɔnnɔ a ɛnyɛ ne kwan so,” na ɛyɛ abofonode. Paulo kae wɔ Galatifo 5:19-21 sɛ ‘wɔn a wɔyɛ saa afide no rennya Onyankopɔn ahenni.’ Enti sɛ obi hwɛ aguamansɛm a ɛyɛ adapaade ne abofono, ebia bere tenten bi ma ɛka ne hɔ, na wannu ne ho ansakra n’adwene a, ɛnde ɔrentumi ntena Kristofo asafo no mu. Wobetu no afi asafo no mu de atew ho na abɔ ho ban.—1 Kor. 5:5, 11.

Ebinom wɔ hɔ a na wɔhwɛ aguamansɛm a ɛyɛ abofono saa, nanso akyiri yi wɔn ani baa wɔn ho so, na wɔkɔɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn, na wonyaa mmoa de yɛɛ nsakrae a ɛfata. Yesu ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Sardi asafo no mu sɛ: “Hyɛ nneɛma a aka a na ɛrewu no mu den, . . . kɔ so kae nea woanya ne nea woate, na di so na sakra. Nokwasɛm ni, sɛ woanwɛn a, . . . worenhu dɔn ko a mɛba wo so da.” (Adi. 3:2, 3) Wubetumi anu wo ho ma wɔahwim wo afi ogya mu, sɛnea yɛbɛka no no.—Yuda  22, 23.

Eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ papa paa sɛ yɛn mu biara si ne bo sɛ ɔremmɛn ahude a ɛte saa ho koraa. Ampa ara, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim pɔw sɛ yɛrenhwɛ aguamansɛm biara da!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ nsonsonoe a ɛwɔ “afide ne aguamammɔ ne ahohwisɛm” mu a, hwɛ July 15, 2006, Ɔwɛn-Aban kratafa 29-31.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

Ɛsɛ sɛ Kristoni a wakɔ tebea a ɛte saa mu no ma n’ani ba ne ho so na ɔhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ