Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yɛsrɛ Wo Wuntwa Yɛn Foto?”

“Yɛsrɛ Wo Wuntwa Yɛn Foto?”

“Yɛsrɛ Wo Wuntwa Yɛn Foto?”

Josué a ɔyɛ adwuma wɔ Mexico Betel no kɔɔ ɔmantam nhyiam bi. Da a ɛto so abien a wɔpɔn fii nhyiam no ase no, ɔkɔhwehwɛɛ Querétaro kurow no mu. Ohyiaa Javier ne ne yere Maru a wofi Colombia aba hɔ rebɛhwehwɛ hɔ. Awarefo no srɛɛ Josué sɛ ontwa wɔn foto. Bere a awarefo no hui sɛ Josué ne Adansefo a wɔka ne ho asiesie wɔn ho kama na wɔbobɔ baagye no, wobisaa wɔn sɛ gyama wofi dwumadi titiriw bi ase na ɛreba. Josué ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam, na ɔtoo nsa frɛɛ awarefo no sɛ wommetie Kwasida dwumadi no bi.

Ná awarefo no susuw sɛ wobetom, efisɛ wonni atade a ɛfata a wɔde bɛkɔ dwumadi a ɛte saa ase. Nanso Josué de ne din ne baa dwumadibea a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ no telefon nɔma maa wɔn.

Asram anan akyi no, anwonwasɛm, Josué tee Javier nka. Sɛɛ wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam no, na afei wɔpɛ sɛ Yehowa Adansefo bɛsra wɔn wɔ baabi a wɔte wɔ Mexico City. Ankyɛ na anuanom ne Javier ne Maru suaa Bible, na wofii ase kɔɔ asafo nhyiam ntɛm ara. Asram du akyi wɔbɛyɛɛ adawurubɔfo. Awarefo no tu kɔɔ Toronto, Canada, nanso wonyaa nkɔso wɔ nokware no mu ma wɔbɔɔ wɔn asu.

Akyiri yi Josué nyaa krataa fii Javier hɔ, na ɔkyerɛɛ no nea ɛkaa wɔn ma wobegyee nokware no. Ɔkae wɔ krataa no mu sɛ: “Ansa na yɛrekɔ nhyiam no, na me ne me yere asusuw ho sɛ yehia Onyankopɔn wɔ yɛn asetenam. Bere a yehui sɛ moasiesie mo ho kama saa no, yenyaa adwene sɛ mufi dwumadi titiriw bi ase na ɛreba. Bere a yɛkɔɔ nhyiam no ase no, ade a ɛkaa yɛn koma paa ne sɛnea obi pɛɛ baabi ma yɛtenae, sɛnea afoforo boaa yɛn ma yebuee Bible dii akenkan no akyi, ne sɛnea nkurɔfo yɛɛ wɔn ade wɔ nhyiam no ase. Wɔanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ yɛn ahosiesie no haw wɔn.”

Ɛbɛyɛ sɛ Josué hui paa sɛ Ɔhene Solomon asɛm a edi so yi yɛ nokware! Solomon kyerɛwee sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere, efisɛ wunnim nea ɛbɛyɛ yiye; eyi anaa eyi, anaasɛ abien no nyinaa bɛbom ayɛ yiye.” (Ɔsɛnk. 11:6) Wubetumi de hokwan biara a wubenya aka nhyiam bi a ɛreba anaa baguam ɔkasa bi ho asɛm akyerɛ afoforo? Woyɛ saa a, ɛte sɛ nea woregu aba. Yehowa betumi afa wo so ama wɔn a nokware no ho kɔm ne sukɔm de wɔn ahu nokware no, sɛnea Javier ne Maru hui no.—Yes. 55:1.

[Kratafa 32 mfonini]

Fi benkum kɔ nifa: Alejandro Voeguelin, Maru Pineda, Alejandro Pineda, Javier Pineda, ne Josué Ramírez, wɔ Mexico Betel