Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ɔba No Pɛ Sɛ Ɔda Agya No Adi Kyerɛ’

‘Ɔba No Pɛ Sɛ Ɔda Agya No Adi Kyerɛ’

‘Ɔba No Pɛ Sɛ Ɔda Agya No Adi Kyerɛ’

“Obiara nnim onii a Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.”—LUKA 10:22.

WUBEBUA DƐN?

Dɛn nti na na Yesu fata paa sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ afoforo?

Ɔkwan bɛn na Yesu faa so daa n’Agya adi kyerɛɛ afoforo?

Dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Yesu na woada Agya no adi akyerɛ afoforo?

1, 2. Asɛmmisa bɛn na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobebua, na dɛn ntia?

‘HENA ne Onyankopɔn?’ Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobebua asɛmmisa yi. Momma yɛmfa Baasakoro nkyerɛkyerɛ nyɛ nhwɛso. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo pii gye di sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, nanso wɔka sɛ ɛyɛ den sɛ obi bɛte ase. Ɔsɔfo bi a ɔyɛ nhomakyerɛwfo kae sɛ: “Eyi yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ den sɛ nnipa bɛte ase, efisɛ ɛboro nnipa adwene so.” Afoforo nso gye adannandi nkyerɛkyerɛ no tom, na wɔka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Wɔka sɛ abɔde nyinaa bae ara kwa. Ná Charles Darwin di adannandi nkyerɛkyerɛ mu ntimtimman, nanso ɔno mpo anka koraa sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Mmom ɔkae sɛ, nnipa ntumi nte Onyankopɔn ho asɛm ase nwie.

2 Ɛmfa ho nea nnipa dodow no ara gye di no, wɔwɔ nsɛmmisa pii a ɛfa Onyankopɔn ho. Nanso sɛ wɔannya mmuae a ɛtɔ asom a, na wɔapɛ wɔn baabi atena; wɔnhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bio. Satan “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” (2 Kor. 4:4) Enti sɛ nnipa dodow no ara adwene atu afra na wonnim Agya a ɔbɔɔ amansan no ho nokwasɛm biara a, ɛnyɛ nwonwa!—Yes. 45:18.

3. (a) Hena na wada Ɔbɔadeɛ no adi akyerɛ yɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Ɛho hia paa sɛ nkurɔfo sua Onyankopɔn ho nokwasɛm. Dɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ wɔn a ‘wɔbɔ Yehowa din frɛ no’ na wobegye wɔn nkwa. (Rom. 10:13) Sɛ yebetumi abɔ Onyankopɔn din a, ɛsɛ sɛ yehu Yehowa ne sɛnea ɔte ankasa. Nokwasɛm titiriw yi na Yesu Kristo kyerɛɛ n’asuafo no. Ɔdaa Agya no adi kyerɛɛ wɔn. (Monkenkan Luka 10:22.) Dɛn nti na Yesu nkutoo ne obi a na obetumi ada Agya no adi asen onipa foforo biara? Ɔkwan bɛn na Yesu faa so daa Onyankopɔn adi? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu na yɛada Agya no adi akyerɛ afoforo? Momma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho.

YESU KRISTO—ƆNO NA ƆFATA

4, 5. Dɛn nti na na Yesu fata paa sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ afoforo?

4 Ná Yesu ne obi a ɔfata paa sɛ ɔda n’Agya no adi. Dɛn ntia? Efisɛ na Yesu yɛ honhom abɔde wɔ soro dedaadaw ansa na Onyankopɔn rebɔ biribiara a nkwa wom. Ná ɔyɛ “Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro.” (Yoh. 1:14; 3:18) Ná eyi yɛ hokwan soronko! Ansa na Yehowa rebɔ biribi foforo biara no, na Yesu nkutoo ne n’Agya na ɛwɔ hɔ, enti Agya no de ne bere nyinaa maa no, na ɔno nso suaa nneɛma pii faa n’Agya ho huu ne su ahorow yiye. Yebetumi aka sɛ Yesu ne n’Agya dii nkitaho mfe deɛ enni hɔ, na ɛno maa ɔdɔ ne abusuabɔ a ɛwɔ wɔn ntam mu yɛɛ den paa. (Yoh. 5:20; 14:31) Ampa ara, Ɔba no huu n’Agya su ahorow yiye!—Monkenkan Kolosefo 1:15-17.

5 Agya no paw Ɔba no sɛ “Onyankopɔn Asɛm,” anaa ne kasamafo. (Adi. 19:13) Eyi nti, na Yesu na ɔfata paa sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ afoforo. Enti Asɛmpa kyerɛwfo Yohane kae sɛ Yesu a ɔne “Asɛm no” da “Agya no kokom.” (Yoh. 1:1, 18) Eyi yɛ kasakoa, na ɛbɛyɛ sɛ nea na ɛwɔ Yohane adwenem ne biribi a na ne beresofo taa yɛ bere a wɔredidi. Sɛ wɔredidi a, na wɔtena bemmɛn wɔn ho; enti na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. Esiane sɛ na Ɔba no da Agya no “kokom” nti, otumi ne Agya no kaa atirimsɛm.

6, 7. Ɛyɛɛ dɛn na abusuabɔ a ɛwɔ Agya ne Ɔba no ntam no mu kɔɔ so yɛɛ den?

6 Ná Ɔba no yɛ ‘obi a Onyankopɔn pɛ n’asɛm yiye daa nyinaa.’ (Monkenkan Mmebusɛm 8:22, 23, 30, 31.) Enti abusuabɔ a ɛwɔ Agya ne Ɔba no ntam no mu kɔɔ so yɛ den. Bere a Agya no ne Ɔba no boom yɛɛ adwuma na Ɔba no suasuaa n’Agya su ahorow no, ɛmaa ayɔnkofa a ɛwɔ wɔn ntam no mu yɛɛ den. Bere a Yehowa bɔɔ abɔde foforo a wotumi dwen no, Ɔba no huu sɛnea ɔne wɔn mu biara dii, na ɛma onyaa ɔdɔ ne obu kɛse maa Onyankopɔn.

7 Akyiri yi Satan kae sɛ Yehowa tumidi mfata. Ɛno mpo no, Ɔba no nyaa hokwan suaa sɛnea Yehowa da ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi adi wɔ tebea a emu yɛ den mu. Eyi boaa Ɔba no ma ohuu sɛnea obegyina nsɛnnennen a akyiri yi n’ankasa behyia wɔ ne som adwuma mu wɔ asase so no ano.—Yoh. 5:19.

8. Dɛn nti na Bible boa yɛn ma yesua Agya no su ahorow ho ade pii?

8 Esiane abusuabɔ a emu yɛ den a na Ɔba no ne Yehowa wɔ nti, otumi kyerɛkyerɛɛ Agya no ho asɛm kɔɔ akyiri sen obi foforo biara. Ɔkwampa a yebetumi afa so asua Agya no ho ade ne sɛ yebesusuw nea ne Ba a ɔwoo no koro no yɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe ho. Ma yɛmfa “ɔdɔ” nyɛ mfatoho. Sɛ obi hwɛ nsɛm asekyerɛ nhoma nkutoo mu a, so obetumi ate nea “ɔdɔ” kyerɛ ase yiye? Ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛte ase. Nanso sɛ yɛhwɛ nea Bible ka fa Yesu som adwuma ne tema a onya maa afoforo ho a, yebetumi ate ase sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8, 16) Yebetumi nso ahu Onyankopɔn su foforo a Yesu daa no adi kyerɛɛ n’asuafo bere a ɔwɔ asase so no.

ƆKWAN A YESU FAA SO DAA N’AGYA ADI

9. (a) Akwan abien bɛn na Yesu faa so daa n’Agya no adi? (b) Mfatoho bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ so daa n’Agya no adi?

9 Ɔkwan bɛn na Yesu faa so daa Agya no adi kyerɛɛ n’asuafo ne n’akyidifo a wɔbaa akyiri yi? Ɔfaa akwan abien so na ɛyɛɛ saa: ne nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe. Momma yenni kan nsusuw Yesu nkyerɛkyerɛ ho. Nea Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no ma yehu n’Agya no akwan ne n’adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, Yesu de n’Agya totoo owura bi a ɔwɔ nguan bebree ho. Nguan no biako yerae ma ɔkɔhwehwɛɛ no. Yesu kae sɛ bere a owura no huu oguan a wayera no, odii “ne ho ahurusi sen aduɔkron akron a wɔnyerae no.” Asɛm bɛn na na Yesu resi so dua wɔ mfatoho yi mu? Ɔkae sɛ: “M’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.” (Mat. 18:12-14) Dɛn na mfatoho yi ma yesua fa Yehowa ho? Ɛtɔ bere bi na wote nka sɛ wo ho nhia anaa obiara nnwen wo ho a, kae sɛ wo ho hia wo soro Agya no, na odwen wo ho. N’ani so no, woyɛ “nkumaa yi” mu biako.

10. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔnam ne nneyɛe so daa n’Agya no adi?

10 Ɔkwan a ɛto so abien a Yesu faa so daa n’Agya no adi kyerɛɛ n’asuafo ni: ɔnam ne nneyɛe so. Eyi nti na bere a ɔsomafo Filipo ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn Agya no,” Yesu kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:8, 9) Momma yɛnhwɛ nneɛma bi a Yesu yɛe de daa n’Agya su ahorow adi. Bere a ɔbarima bi a “kwata aguare no” srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare no, Yesu soo ne mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Bere a Yesu saa ɔkwatani no yare no, ɔkwatani no hui sɛ Yehowa nsa wom. (Luka 5:12, 13) Bio, bere a Lasaro wui no, Yesu sii “apini na ne ho yeraw no”; ‘osui’ mpo. Yebetumi aka sɛ eyi maa asuafo no hui sɛ Agya no wɔ ayamhyehye. Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ ɔrebenyan Lasaro, nanso awerɛhow a na akisa Lasaro abusuafo ne ne nnamfo no kaa no. (Yoh. 11:32-35, 40-43) Ebia Bible mu asɛm foforo bi wɔ hɔ a w’ani gye ho a ɛma wuhu sɛnea Yesu daa Agya no mmɔborɔhunu adi.

11. (a) Bere a Yesu tew asɔrefie no ho no, n’Agya no ho ade bɛn na ɔdaa no adi? (b) Dɛn nti na asɔrefie a Yesu tew ho no kyekye yɛn werɛ?

11 Sɛ wohwɛ sɛnea Yesu tew asɔrefie no ho a, dɛn na wusua? Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini hwɛ: Yesu de nhama yɛɛ mpire pam wɔn a wɔretɔn nguan ne anantwi fii asɔrefie hɔ. Afei ohwiee sikasesafo no sika gui na ɔkaa wɔn apon butubutuwii. (Yoh. 2:13-17) Ahokeka a Yesu de yɛɛ ade no maa asuafo no kaee Ɔhene Dawid nkɔmhyɛ yi: “Wo fie ho nnamyɛ nko na amene me.” (Dw. 69:9) Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛ na ɔpɛ paa sɛ ogyina nokware som akyi. Saa asɛm no mma wunhu biribi mfa Agya no ho? Ɛkae yɛn sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a enni ano a ɔde bɛpopa abɔnefo afi asase so. Nokwasɛm ne sɛ ɔno ankasa pɛ sɛ ɔyɛ saa. Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛnea Agya no te nka bere a ohu abɔnefosɛm a ahyɛ asase so ma nnɛ no. Sɛ yehu amane a, yebetumi de eyi akyekye yɛn werɛ.

12, 13. Sɛ wohwɛ sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii a, dɛn na ɛma wusua fa Yehowa ho?

12 Momma yensusuw ade foforo a Yesu yɛe ho. Ɛno ne sɛnea ɔne n’asuafo no dii. Ná asuafo no taa gye nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye. (Mar. 9:33-35; 10:43; Luka 9:46) Ná Yesu ne n’Agya atena bere tenten ma wabehu sɛ Yehowa ani nnye ahantan ho. (2 Sam. 22:28; Dw. 138:6) Ná Yesu ahu nso sɛ Satan Ɔbonsam yɛ ahantan. Ná anuonyampɛ ne dibea adidi pɛsɛmenkominyafo yi ti dodo. Enti bere a Yesu hui sɛ n’asuafo a watete wɔn no da so ara pere tumidi ho no, ne werɛ how paa! Asomafo a Yesu hyɛɛ da paw wɔn no mpo daa saa su yi adi! Wɔperee tumidi ho kosii ɛda a Yesu rebewu mpo. (Luka 22:24-27) Nanso, Yesu kɔɔ so teɛteɛɛ wɔn odwo so. Yesu ampa abaw, efisɛ na onim sɛ da bi bɛba a asuafo no besua n’ahobrɛase no.—Filip. 2:5-8.

13 Sɛ wohwɛ sɛnea Yesu tɔɔ ne bo ase teɛɛ adwene a ɛmfata a na n’asuafo wɔ no a, ɛkae wo Agya no su bi? So nea Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkae no mma wunhu sɛ Agya no nnyaw ne nkurɔfo, ɛmfa ho sɛ wɔtaa di mfomso? Sɛ Onyankopɔn su ahorow yi wɔ yɛn adwenem a, bere biara a yebedi mfomso no, ɛbɛka yɛn ma yɛanu yɛn ho na yɛasrɛ no bɔne fafiri.

ƆBA NO ANKASA NA ƆDAA AGYA NO ADI

14. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ ɔda n’Agya adi?

14 Sodifo pii wɔ hɔ a, wɔde nneɛma bi sie wɔn a wodi wɔn so no na wɔatumi ahyɛ wɔn so. Nanso, Yesu anyɛ saa. Ɔkaa nea onim wɔ Agya no ho kyerɛɛ afoforo, na biribiara a ɛsɛ sɛ wohu wɔ Agya no ho no, ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn. (Monkenkan Mateo 11:27.) Bio nso, Yesu maa n’asuafo no adwene a wobetumi de anya Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ “ɔnokwafo no ho nimdeɛ.” (1 Yoh. 5:20) Dɛn na ɛkyerɛ? Yesu buee n’akyidifo no adwenem sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nea ɔkyerɛkyerɛ faa Agya no ho ase. Wamfa nkyerɛkyerɛ huhuuhu bi te sɛ Baasakoro amfura wɔn ani; mmom ɔma wohuu n’Agya no yiye.

15. Dɛn nti na Yesu anka biribiara a ɛfa n’Agya ho ankyerɛ n’asuafo no?

15 Ɛnde, biribiara a Yesu nim fa n’Agya ho na ɔdaa no adi anaa? Dabi, ɔde nyansa yɛɛ adwuma, enti nneɛma pii wɔ hɔ a na onim nanso wanka ankyerɛ wɔn. (Monkenkan Yohane 16:12.) Dɛn ntia? Efisɛ saa bere no, na n’asuafo no ‘rentumi nsoa’ nsɛm a ɛte saa nyinaa. Yesu kyerɛe sɛ, sɛ honhom kronkron a ɛne “ɔboafo no” ba a, wobenya nimdeɛ pii na akyerɛ wɔn kwan “akɔ nokware no nyinaa mu.” (Yoh. 16:7, 13) Sɛnea awofo a wɔn ani da hɔ nka nsɛm bi nkyerɛ wɔn mma kosi sɛ wobenyin adu baabi a wɔbɛte ase no, saa ara na Yesu nso yɛe. Ɔtwɛn kosii sɛ n’asuafo no ho kokwawee na woduu baabi a wobetumi ate Agya no ho nsɛm bi ase ansa na ɔreda no adi akyerɛ wɔn. Ná Yesu dwen wɔn ho, na ɔkaee sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na wɔbɛte ase ntɛm.

SUASUA YESU NA BOA AFOFORO MA WONHU YEHOWA

16, 17. Dɛn nti na wubetumi ada Agya no adi akyerɛ afoforo?

16 Sɛ wubehu obi yiye na ne suban yɛ wo fɛ a, ɛnka wo mma wonka ne ho asɛm nkyerɛ afoforo anaa? Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa n’Agya ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (Yoh. 17:25, 26) So yebetumi asuasua Yesu na yɛada Yehowa adi akyerɛ afoforo?

17 Sɛnea yɛahu no, na Yesu nim n’Agya no yiye sen obiara. Nanso na ɔpɛ sɛ ɔma nkurɔfo hu nea onim no bi, enti ɔboaa n’akyidifo no ma wɔtee Onyankopɔn ho nsɛm a emu dɔ mpo ase. Sɛ ɛnyɛ Yesu a, anka yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Agya no asen nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ? Yɛda Yesu ase paa sɛ ɔnam ne nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe so ada n’Agya no adi akyerɛ yɛn! Nokwasɛm ni, yebetumi ahoahoa yɛn ho sɛ yɛahu Agya no. (Yer. 9:24; 1 Kor. 1:31) Yɛayere yɛn ho abɛn Yehowa enti ɔno nso abɛn yɛn. (Yak. 4:8) Nea yɛahu afa Yehowa ho no, yɛn nso yebetumi de akyerɛkyerɛ afoforo. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

18, 19. Akwan bɛn na wubetumi afa so ayi Agya no adi akyerɛ afoforo? Kyerɛkyerɛ mu.

18 Ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yɛde yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe da Agya no adi kyerɛ afoforo. Momma yɛnkae sɛ nnipa a yehyia wɔn asɛnka mu no pii nnim Onyankopɔn. Ebia atoro nkyerɛkyerɛ nti wonhu Onyankopɔn yiye. Yebetumi de Bible akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔahu Onyankopɔn din, nea enti a ɔbɔɔ nnipa, ne ne su ahorow. Bio, Bible mu nsɛm bi betumi ama yɛahu Onyankopɔn su ahorow bi a yensusuw ho da, na yebetumi ne yɛn mfɛfo gyidifo abɔ ho nkɔmmɔ. Yɛyɛ saa a, wɔn nso benya so mfaso.

19 Wobɛyɛ dɛn asuasua Yesu na wode wo nneyɛe ada Agya no adi? Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛda ɔdɔ a Kristo wɔ no bi adi a, ɛbɛma wɔabɛn Yesu ne n’Agya. (Efe. 5:1, 2) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua no sɛnea ɔno nso suasuaa Kristo no.’ (1 Kor. 11:1) Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛnam yɛn abrabɔ so bɛboa nkurɔfo ma wɔahu sɛnea Yehowa te! Momma yɛn nyinaa nkɔ so nsuasua Yesu na yɛnna Agya no adi nkyerɛ afoforo.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]