Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Koma A Edi Mũ Som Yehowa

Fa Koma A Edi Mũ Som Yehowa

Fa Koma A Edi Mũ Som Yehowa

‘Me ba, hu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa koma a edi mũ som no.’​—1 BE. 28:9.

HWEHWƐ NSƐMMISA YI HO MMUAE:

Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no?

Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ahwehwɛ yɛn komam?

Yɛbɛyɛ dɛn de koma a edi mũ asom Yehowa?

1, 2. (a) Nipadua akwaa bɛn na wɔtaa de di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible mu sen nea aka nyinaa? (b) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu nea koma no kyerɛ?

BIBLE taa de nipadua akwaa di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛ nhwɛso no, tete agya Hiob kae sɛ: “Bɔne biara nni me nsam.” Ɔhene Solomon kae sɛ: “Amanneɛbɔ pa ma nnompe yɛ akɛse.” Yehowa maa Hesekiel awerɛhyem sɛ: “Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmo.” Ebinom ka kyerɛɛ ɔsomafo Paulo sɛ: “Woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforo koraa wɔ yɛn asom.”Hiob 16:17; Mmeb. 15:30; Hes. 3:9; Aso. 17:20.

2 Nipadua akwaa bi wɔ hɔ a wɔde di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible mu mpɛn pii sen akwaa biara. Ɛno ne akwaa a ɔnokwafo Hanah bɔɔ din wɔ ne mpaebɔ mu no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Me koma di Yehowa mu ahurusi.” (1 Sam. 2:1) Nokwasɛm ne sɛ Bible akyerɛwfo bɔ koma no din bɛyɛ mpɛn apem, na ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa wɔde di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so. Ɛho hia paa sɛ yehu nea koma no kyerɛ efisɛ Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ koma no ho ban.—Monkenkan Mmebusɛm 4:23.

DƐN NE SƐNKYERƐNNE KWAN SO KOMA NO?

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea koma a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no kyerɛ? Ma mfatoho.

3 Bible nhyɛ da nkyerɛkyerɛ asɛmfua “koma” mu, nanso ɛboa ma yehu nea ɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so? Susuw mfatoho yi ho hwɛ. Fa no sɛ wɔahyehyɛ mmosea pii de ayɛ mfonini fɛfɛɛfɛ bi. Sɛ yepini yɛn akyi hwɛ mfonini no yiye a, yebehu sɛ mmosea no nyinaa ka bom yɛ mfonini biako. Saa ara na sɛ yɛhwɛ mpɛn ahorow a wɔde asɛmfua “koma” adi dwuma wɔ Bible mu a, ebetumi ama yɛahu nea koma no kyerɛ. Enti dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no?

4. (a) “Koma” no gyina hɔ ma dɛn? (b) Dɛn na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 22:37 no kyerɛ?

4 Bible akyerɛwfo de “koma” no kyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu. Ebi ne nea yɛn ani gye ho, yɛn nsusuwii, yɛn suban, nea yetumi yɛ, ne nea yɛde sisi yɛn ani so. (Monkenkan Deuteronomium 15:7; Mmebusɛm 16:9; Asomafo Nnwuma 2:26.) Nhoma bi ka sɛ koma no gyina hɔ ma “nipa mũ no nyinaa, sɛnea yɛte wɔ yɛn mu.” Ɛtɔ mmere bi a “koma” no nkyerɛ saa nneɛma yi nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mat. 22:37) Ɛha yi, “koma” no kyerɛ sɛnea obi te nka wɔ ne mu ne nea n’ani gye ho ankasa. Yesu kaa koma, ɔkra, ne adwene mu biara ho asɛm nko. Yesu yɛɛ saa de sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ sɛnea yɛte nka wɔ yɛn mu, sɛnea yɛbɔ yɛn bra ne sɛnea yesusuw nsɛm ho nyinaa da no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn. (Yoh. 17:3; Efe. 6:6) Nanso sɛ “koma” no nkutoo na wɔreka ho asɛm a, egyina hɔ ma nipa mũ no nyinaa.

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YƐBƆ YƐN KOMA HO BAN

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de koma a edi mũ som Yehowa?

5 Ɔhene Dawid kaee Solomon sɛ: “Me ba Solomon, hu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa koma a edi mũ ne ɔkra mu anigye som no; efisɛ Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu, na ohu emu adwene nyinaa.” (1 Be. 28:9) Ampa, Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu; yɛn koma ka ho. (Mmeb. 17:3; 21:2) Sɛ Yehowa ani gye nea ohu wɔ yɛn komam no ho a, yebetumi ne no anya abusuabɔ na yɛanya daakye a ɛyɛ anigye. Enti yɛpɛ sɛ yetie Dawid afotu a efi honhom mu no na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de koma a edi mũ som Yehowa.

6. Bere a yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Yehowa no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu?

6 Nsi a yɛde yɛ yɛn som adwuma sɛ Yehowa nkurɔfo no da no adi sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛde koma a edi mũ bɛsom Onyankopɔn. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, Satan wiase bɔne mu nhyɛso ne yɛn ankasa sintɔ betumi ama yɛagogow yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. (Yer. 17:9; Efe. 2:2) Nea ɛbɛyɛ na amma saa no, ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn komam bere nyinaa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

7. Dɛn na ɛma yehu sɛnea yɛn koma te ankasa?

7 Onipa biara ntumi nhu nea ɛwɔ dutan mfinimfini, saa ara na onipa biara ntumi nhu sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu. Nanso Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ sɛnea dua aba ma yehu sɛnea dua no te ankasa no, saa ara na nneɛma a yɛyɛ kyerɛ sɛnea yɛn koma te ankasa. (Mat. 7:17-20) Momma yensusuw nneɛma yi mu biako ho.

ƆKWAN BIAKO A YEBETUMI AFA SO AHWEHWƐ YƐN KOMAM

8. Sɛnea Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 kyerɛ no, dɛn na yɛyɛ de kyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam?

8 Saa Bepɔw so Asɛnka no ara mu no, Yesu kaa nea ɛsɛ sɛ n’atiefo no yɛ de kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu som Yehowa. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” (Mat. 6:33) Nokwasɛm ne sɛ nea yɛde di kan wɔ yɛn asetenam na ɛbɛkyerɛ ade a yɛn ani gye ho, nea yedwen ho, ne nea yesusuw ho wɔ yɛn komam tɔnn. Enti ade biako a ɛbɛma yɛahu sɛ yɛde koma a edi mũ resom Onyankopɔn ne sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a yɛde di kan wɔ yɛn asetenam.

9. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ mmarima bi sɛ wɔnyɛ, na dɛn na nea wɔyɛe no ma ɛdaa adi?

9 Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ so nhwehwɛ ahenni no kan’ no, ankyɛ koraa na asɛm bi sii. Ɛma yehu sɛ nea obi de di kan wɔ n’asetenam ma yehu nea ɛwɔ ne komam ankasa. Asɛmpa kyerɛwfo Luka fii asɛm no ase sɛ Yesu de “sii n’ani so denneennen sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem,” ɛmfa ho sɛ na onim nea ɛbɛto no wɔ hɔ no. Bere a Yesu ne n’asomafo no ‘nam kwan so no,’ ohyiaa mmarima bi, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wommedi n’akyi. Ná saa mmarima no ani gye ho sɛ wobedi Yesu akyi nanso na wɔpɛ sɛ wodi kan yɛ nneɛma bi ansa. Ɔbarima biako kae sɛ: “Ma me kwan ma minkosie me papa ansa.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Medi w’akyi, Awurade; nanso ma me kwan ma menkɔkra me fiefo ansa.” (Luka 9:51, 57-61) Sɛ wohwɛ sɛnea na Yesu asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde na wode toto anoyi a ɛntɔ asom a mmarima yi de mae ho a, wuhu nsonsonoe kɛse wom! Saa mmarima no de nea wɔn ankasa pɛ na edii kan, na ɛnyɛ Ahenni no. Nea wɔyɛe yi daa no adi sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔde koma a edi mũ som Onyankopɔn.

10. (a) Dɛn na Kristo akyidifo ayɛ wɔ nsa a Yesu ato afrɛ yɛn no ho? (b) Mfatoho bɛn na Yesu yɛe?

10 Yɛn de, yɛnte sɛ saa mmarima no. Yɛapene so abɛyɛ Yesu akyidifo na yɛsom Yehowa da biara da. Saa a yɛyɛ no ma sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho wɔ yɛn komam da adi. Sɛ yɛyɛ hyew wɔ asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn koma betumi aba asiane mu. Dɛn ne saa asiane no? Yehu saa asiane no wɔ nkɔmmɔ a Yesu ne mmarima a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wommedi n’akyi no bɔe no mu. Ɔkae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔde ne nsa akoso funtumdade mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi a ɔfata Onyankopɔn ahenni no.” (Luka 9:62) Dɛn na yebetumi asua afi saa mfatoho no mu?

‘YƐBATA PAPA HO’ ANAA?

11. Yesu mfatoho no mu no, ɔpaani no adwuma kowiee dɛn, na dɛn ntia?

11 Sɛ yebehu asuade a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu yiye a, momma yɛmmae mfatoho no mu kakra. Fa no sɛ ɔpaani bi refuntum asase, nanso bere a ogu so refuntum asase no nyinaa na n’ani wɔ fie. Ɔredwinnwen ho sɛ ɔwɔ fie a anka ɔne n’abusua ne ne nnamfo te onwini bi mu redwudwo wɔn ho. Anaa ebia anka wɔredidi anaa wɔretie nnwom bɔ nserehehe. Ne yam a anka ɔwɔ hɔ. Bere a ɔpaani no funtum asase no kakra no, n’ani gyinaa nneɛma a ɛyɛ anika yi araa ma otwaa n’ani hwɛɛ “nneɛma a ɛwɔ n’akyi.” Ɛwom sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔpaani no yɛ ansa na wɔagu aba de, nanso ɔma nneɛma twetwe no ma ɔnyɛ adwuma no yiye. Ɔpaani no wura bedi ne ho yaw sɛ wantumi amfa n’ani ansi adwuma a ɔreyɛ no so.

12. Ɔkwan bɛn so na nnɛ nso Kristoni bi betumi ayɛ n’ade te sɛ akoa a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no?

12 Afei yɛnhwɛ sɛnea biribi a ɛte saa ara betumi asi nnɛ. Yebetumi de ɔpaani no atoto Kristoni biara a wohwɛ a ɔrebɔ ne ho mmɔden nanso ne koma wɔ asiane mu ho. Yɛmfa no sɛ onua bi bɔ mmɔden paa wɔ ɔsom adwuma no mu. Nanso sɛ ɔwɔ asafo nhyiam ase anaa asɛnka mu a, odwinnwen wiase mu nneɛma bi a n’ani gye ho ho. Ne yam a anka wanya saa nneɛma no. Bere a onua no de mfe kakra asom Yehowa no, n’ani gyina wiase mu nneɛma bi araa ma otwa n’ani hwɛ “nneɛma a ɛwɔ n’akyi.” Ɔda so ara wɔ pii yɛ wɔ ɔsom adwuma no mu, nanso ‘onso nkwa asɛm no mu denneennen’ na ɔnyɛ ɔsom adwuma no yiye te sɛ kan no. (Filip. 2:16) Sɛ obi ankɔ so amfa n’adwene ansi ɔsom adwuma no so a, Yehowa a ɔne “otwa Wura no” di yaw.—Luka 10:2.

13. Koma a edi mũ a yɛde bɛsom Yehowa no kyerɛ dɛn?

13 Yehu asuade a ɛwom no pefee. Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ nnwuma a ɛfata na ɛma akomatɔyam te sɛ asafo nhyiam ne asɛnka a yɛbɛkɔ daa. Nanso ɛnyɛ eyi nko na ɛkyerɛ sɛ yɛde koma a edi mũ resom Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii ka ho. (2 Be. 25:1, 2, 27) Sɛ Kristoni bi kɔ so nya “nneɛma a ɛwɔ n’akyi” anaa akwan a wiase no fa so yɛ wɔn nneɛma bi ho akɔnnɔ wɔ ne komam a, ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. (Luka 17:32) Sɛ ‘yɛbɛfata Onyankopɔn ahenni no’ a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ ‘yebekyi bɔne na yɛabata papa ho.’ (Rom. 12:9; Luka 9:62) Satan wiase no mu nneɛma bi betumi ayɛ anika anaa ɛbɛyɛ te sɛ nea mfaso wɔ so mpo, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na wiase mu biribiara amma yɛanhwɛ yɛn akyi amfa koma fã ansom Yehowa.—2 Kor. 11:14; monkenkan Filipifo 3:13, 14.

MA W’ANI NNA HƆ!

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn na Satan fa so brɛ nsi a yɛde som Yehowa no ase? (b) Fa mfatoho kyerɛ nea enti a ɔkwan a Satan fa so no yɛ hu paa.

14 Yehowa ho dɔ na ɛma yehyiraa yɛn ho so maa no. Efi saa bere no, yɛn mu bebree de mfe pii akyerɛ sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛde koma a edi mũ bɛsom Yehowa. Satan nnyae yɛn akyi di. N’ani da so ara wɔ yɛn koma so. (Efe. 6:12) Onim sɛ ɛnyɛ ade a yebegyae Yehowa som prɛko pɛ. Enti ɔde “wiase yi” didi yɛn ase nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a nsi a yɛde som Onyankopɔn no ano bɛbrɛ ase. (Monkenkan Marko 4:18, 19.) Dɛn nti na Satan nam saa kwan yi so nya nnipa pii?

15 Mfatoho yi betumi aboa yɛn ma yɛanya mmuae no. Fa no sɛ wode bɔlb a ano den yɛ watt 100 rekenkan nhoma bi, na ɛhɔ ara na kanea no dumii. Ɛhɔ yɛɛ sum, na ntɛm ara na wuhui sɛ bɔlb no ahyew. Enti wode foforo hyɛɛ mu ma ɔdan no mu san yɛɛ hann. Ɛda a edi hɔ no, wode kanea koro no ara kenkan ade. Nanso sɛɛ na obi asesa bɔlb no de nea ano den yɛ watt 95 ahyem a wunnim. So wubehu sɛ obi asesa no? Ebia worenhu. Na sɛ ade kye na obi kɔsesa bɔlb no de nea ano den yɛ watt 90 hyem a, wubehu? Ebia eyi nso worenhu. Dɛn ntia? Efisɛ bɔlb no ano den rebrɛ ase nkakrankakra a wunhu. Saa ara na Satan wiase mu nneɛma betumi ama nsi a yɛde som Yehowa no ano abrɛ ase nkakrankakra. Sɛ Kristoni bi amma n’ani anna hɔ a, ɔrenhu sɛ nsi a ɔde resom no ano rebrɛ ase nkakrankakra. Ɛba saa a, na Satan anya no awie.—Mat. 24:42; 1 Pet. 5:8.

MPAEBƆ HO HIA

16. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban na Satan nnɛɛdɛe anya yɛn?

16 Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afi Satan nnɛɛdɛe a ɛte saa ho na yɛakɔ so de koma a edi mũ asom Yehowa? (2 Kor. 2:11) Mpaebɔ ho hia. Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ ‘wonnyina pintinn nko ntia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.’ Afei otuu wɔn fo sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae bere biara.”—Efe. 6:11, 18; 1 Pet. 4:7.

17. Dɛn na yesua fi Yesu mpaebɔ no mu?

17 Sɛ yebetumi agyina pintinn ako atia Satan a, ɛyɛ papa sɛ yesuasua sɛnea na Yesu bɔ mpae no. Ná ne mpaebɔ kyerɛ sɛ ɔpɛ paa sɛ ɔde koma a edi mũ som Yehowa. Luka kaa mpae a Yesu bɔe anadwo a ade rebɛkye ma wawu no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a ne ho yeraw no no, ɔbɔɔ mpae denneennen.” (Luka 22:44) Ná Yesu abɔ mpae a emu yɛ den pɛn, nanso saa bere yi de, esiane sɛ na ɔrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara wɔ asase so nti, ɔbɔɔ mpae “denneennen,” na Yehowa tiee ne mpaebɔ. Nea Yesu yɛe no ma yehu sɛ mpae bi mu betumi ayɛ den asen foforo. Bere a yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa na Satan nso amia ne nnɛɛdɛe mu no, saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae “denneennen” hwehwɛ n’ahobammɔ.

18. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho fa yɛn mpae ho, na dɛn ntia? (b) Nneɛma bɛn na ɛka yɛn koma, na ɛka no wɔ ɔkwan bɛn so? (Hwɛ  adaka a ɛwɔ kratafa 16.)

18 Yɛbɔ mpae saa a, ɛbɛboa yɛn dɛn? Paulo kae sɛ: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban.” (Filip. 4:6, 7) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde koma a edi mũ som Yehowa a, ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae denneennen bere nyinaa. (Luka 6:12) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Metaa bɔ mpae? Mebɔ mpae denneennen?’ (Mat. 7:7; Rom. 12:12) Mmuae a wode bɛma wɔ nsɛmmisa yi ho na ɛbɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wufi wo koma nyinaa mu som Onyankopɔn anaa.

19. Dɛn na wobɛyɛ na woakɔ so de koma a edi mũ asom Yehowa?

19 Sɛnea yɛahu no, nneɛma a yɛde di kan wɔ asetena mu betumi ama yɛahu pii afa sɛnea yɛn koma te ho. Bere a yɛasi yɛn bo sɛ yɛde koma a edi mũ bɛsom Yehowa no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nneɛma a yɛagyaw wɔ akyi anaa Satan nnɛɛdɛe amma yɛangow yɛn ho. (Monkenkan Luka 21:19, 34-36.) Enti momma yɛnkɔ so nsrɛ Yehowa sɛ ‘ɔmma yɛn koma nyɛ koro’ sɛnea Dawid yɛe no.—Dw. 86:11.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 16 adaka]

NNEƐMA ABIƐSA A ƐKA YƐN KOMA

Sɛnea yebetumi ayɛ nneɛma bi ma yɛn koma ankasa a ɛda yɛn mu anya ahoɔden no, saa ara na yebetumi ayɛ nneɛma bi a ɛbɛboa yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ma adi mũ. Hwɛ nneɛma atitiriw abiɛsa yi:

1 Aduan a Ahoɔden Wom: Yɛn koma hia aduan a ahoɔden wom daa. Saa ara na ɛsɛ sɛ yenya honhom fam aduan a ɛfata daa. Ɔkwan a yɛbɛfa so anya honhom fam aduan yi ne sɛ yɛbɛyɛ kokoam adesua, yebegye bere asusuw nea yɛasua ho, na yɛakɔ asafo nhyiam daa.—Dw. 1:1, 2; Mmeb. 15:28; Heb. 10:24, 25.

 2 Apɔwmuteɛteɛ: Ade biako a ɛboa ma yɛn koma yɛ adwuma yiye ne sɛ, bere ne bere mu, ɛsɛ sɛ etumi bɔ denneennen. Saa ara na sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no denneennen a, ɛbɛma yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no adi mũ.—Luka 13:24; Filip. 3:12.

3 Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia: Nneɛma bɔne a atwa yɛn ho ahyia no betumi ahaw yɛn koma a ɛda yɛn mu no ne yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no paa. Nanso sɛ yɛtaa ne yɛn nuanom Kristofo a wɔdɔ yɛn na wɔde koma a edi mũ som Yehowa bɔ a, ɛbɛtew ɔhaw no so.—Dw. 119:63; Mmeb. 13:20.