Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetenam Nsɛm

Mede Mfe Aduɔson Aso Yudani Atade Mu

Mede Mfe Aduɔson Aso Yudani Atade Mu

Leonard Smith anom asɛm

Bere a meyɛ abarimaa no, Bible mu nsɛm abien bi kaa me koma paa. Mfe 70 atwam, nanso ɛnnɛ meda so ara kae bere a metee Sakaria 8:23 ase no. Ɛhɔ ka sɛ “nnipa du” besuso “Yudani biako atade mu” na wɔaka akyerɛ Yudani no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”

YUDANI no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn, na “nnipa du” no gyina hɔ ma “nguan foforo” no, anaa “Yonadab kuw,” sɛnea na wɔfrɛ wɔn saa bere no. * (Yoh. 10:16) Bere a metee nokware no ase yiye no, mibehui sɛ, sɛ anidaso a mewɔ sɛ mɛtena asase so daa no bɛbam a, ɛsɛ sɛ mede me koma nyinaa taa wɔn a wɔasra wɔn no akyi.

“Nguan” ne “mmirekyi” ho mfatoho a Yesu yɛe a ɛwɔ Mateo 25:31-46 no nso kaa me koma paa. “Nguan” no gyina hɔ ma wɔn a wobegye wɔn nkwa wɔ awiei bere no mu, efisɛ woyi wɔn yam boa Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no. Ná meyɛ aberante a meka Yonadab kuw no ho, na meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Len, wopɛ sɛ Kristo kan wo ka nguan no ho a, ɛnde, ɛsɛ sɛ woboa ne nuanom a wɔasra wɔn no na wugye wɔn akwankyerɛ tom, efisɛ Onyankopɔn ka wɔn ho.’ Saa ntease no aboa me bɛboro mfe aduɔson ni.

‘ƆFA BƐN NA MIGYINA?’

Wɔbɔɔ me maame asu afe 1925 mu wɔ asa bi so wɔ Betel. Ná wɔfrɛ asa no London Ntamadan, na na anuanom a wɔwɔ mpɔtam hɔ behyia hɔ. Wɔwoo me October 15, 1926, na mebɔɔ asu March 1940 wɔ nhyiam bi ase wɔ Dover, kurow bi a ɛda England mpoano. Bere a merenyin no, m’ani begyee Bible mu nokware ho. Ná me maame yɛ Kristoni a wɔasra no, enti sɛ mɛka a, ɔno ne Yudani a odi kan a ‘misoo n’atade mu.’ Saa bere no, na me papa ne me nuabea panyin nsom Yehowa. Ná yɛwɔ Gillingham Asafo mu wɔ England anafo fam, na na wɔn mu dodow no ara yɛ Kristofo a wɔasra wɔn. Ná me maame de nsi yɛ asɛnka adwuma no, na misuaa ne nhwɛso no.

September 1941 mu no, wɔyɛɛ nhyiam bi wɔ Leicester. Ɛhɔ no, wɔmaa ɔkasa bi a wɔato din “Mũdi,” na ɛkyerɛkyerɛɛ amansan tumidi no mu. Ɔkasa no na ɛboaa me ma mibehui sɛ ɔsɛmpɔw bi da Yehowa ne Satan ntam, na ɛfa yɛn ho. Enti ehia sɛ yegyina Yehowa afa na yedi nokware ma no sɛ Amansan Hene.

Wosii akwampae adwuma no so dua paa wɔ nhyiam no ase, na wɔhyɛɛ mmerante ne mmabaa nkuran sɛ wɔmfa akwampae adwuma no nsi wɔn ani so. Wɔmaa ɔkasa bi a na wɔato din “Ɔkwampaefo Afã Wɔ Ahyehyɛde no Mu,” na ɛma mibisaa me ho sɛ, ‘Ɔfa bɛn na migyina?’ Nhyiam no ma mibehui paa sɛ Yonadabni a meyɛ no hwehwɛ sɛ meyɛ nea metumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu de boa wɔn a wɔasra wɔn no. Leicester hɔ ara na mehyehyɛɛ akwampaefo akwammisa krataa.

AKWAMPAE ADWUMA WƆ ƆKO BERE MU

Wɔpaw me ɔkwampaefo titiriw December 1, 1941, bere a na madi mfe 15. Me maame ne ɔkwampaefo a odi kan a me ne no boom yɛɛ adwuma no, nanso bɛyɛ afe biako akyi no, yare nti ɔde akwampae adwuma no too hɔ. Enti London Betel de ɔkwampaefo foforo, Ron Parkin, bɛkaa me ho. Seesei ɔyɛ Baa Boayikuw no muni wɔ Puerto Rico.

Wɔde yɛn kɔɔ Broadstairs ne Ramsgate a egu mpoano wɔ Kent, na yɛhan dan wɔ hɔ. Ná sika a wɔde ma akwampaefo titiriw ma wɔde twitwa wɔn ho ɔsram biara yɛ shilling 40 (bɛyɛ America dollar 8 saa bere no). Enti yebetua yɛn dan ka awie no, na nea aka nnu baabiara, na ɛtɔ da bi a, na yennim nea ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛkɔ yɛn ano. Nanso na Yehowa fa akwan horow so ma yenya nea yehia daa.

Ná yɛtaa soa nneɛma gu sakre so, na sɛ yehyia mframa a ɛrebɔ denneennen fi North Sea no a, na sakre no ka nna fam. Ná ɛyɛ ɔko bere, na na wimhyɛn taa gyaa atopae gu Kent. Bio nso na Germanfo tow V-1 topae fa yɛn apampam pɛɛ kɔ London. Da bi mpo de, topae faa me ti so pɛɛ na ɛpae wɔ wura bi mu wɔ me nkyɛn; mihuruw fii me sakre so tow me ho too amoa bi mu. Eyi mpo no, yɛn ani gyei bere a yɛreyɛ akwampae adwuma wɔ Kent no.

MEBƐYƐƐ “BETEL ABERANTE”

Ná me maame taa ka Betel ho asɛm ma ɛyɛ akɔnnɔ. Ná ɔtaa ka kyerɛ me sɛ: “Me yam paa a, anka woabɛyɛ Betel aberante.” Enti hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a me nsa kaa krataa January 1946 sɛ memmɛboa adwuma wɔ London Betel adapɛn abiɛsa; na m’ani nna so koraa. Bere a adapɛn abiɛsa no soe no, Pryce Hughes a na ɔyɛ Betel sohwɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ mentena Betel. Ntetee a minyae no aboa me me nkwa nna nyinaa.

Saa bere no na nnipa a wɔwɔ London Betel no bɛyɛ 30. Ná wɔn mu dodo no ara yɛ anuanom mmerante a wɔnwaree, nanso na anuanom a wɔasra wɔn pii te sɛ Pryce Hughes, Edgar Clay, ne Jack Barr nso wɔ hɔ. Akyiri yi Onua Barr bɛyɛɛ Sodikuw no muni. Sɛ mehwɛ sɛnea mmarima a wɔyɛ “adum” yi maa me aberantewa yi akwankyerɛ ma mitumi boaa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no a, nokwarem na ɛyɛ akwannya kɛse paa!—Gal. 2:9.

Bere a mewɔ Betel no, da bi onua bi bɛka kyerɛɛ me sɛ onuawa bi gyina aboboano hɔ rehwehwɛ me. Afei menkɔhwɛ a, me maame na wabobɔw biribi hyɛ ne mmɔtoam yi. Ɔkae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛba mu abɛsɛe m’adwuma, enti ɔde ade a wabobɔw no maa me na ɔkɔe. Mibuee mu no, na ɛyɛ atade a emu yɛ duru a wɔde ko awɔw. Ade a me maame de maa me yi kaee me Hanah a ɔde atade rekɔma ne ba Samuel bere a na ɔresom wɔ ntamadan no mu no.—1 Sam. 2:18, 19.

GILEAD—ADE A ME WERƐ REMFI DA

Afe 1947 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn mu baanum fii Betel sɛ yɛnkɔ Gilead Sukuu wɔ United States, na afe a edi hɔ no, yɛkɔkaa adesuakuw a ɛtɔ so 11 ho. Bere a yeduu New York atifi fam a na sukuu no wɔ no, na awɔw gyina mu denneennen. Nea egyee me ne atade a me maame de brɛɛ me no!

Asram asia a midii wɔ Gilead no yɛ biribi a me werɛ remfi da. Hokwan a minyae ne anuanom a wofi aman 16 so bɔe wɔ sukuu no mu no buee m’adwenem paa. Sɛ mede honhom fam nneɛma a minya fii sukuu no ankasa mu no to nkyɛn a, minyaa hokwan nso ne Kristofo a wɔn ho akokwaw bɔe. Sukuufo no mu biako, Lloyd Barry; akyerɛkyerɛfo no mu biako, Albert Schroeder; ne John Booth a na ɔhwɛ Kingdom Farm (baabi a na Gilead Sukuu wɔ) so no nyinaa bɛyɛɛ Sodikuw no mufo. M’ani sɔ afotu a anuanom yi de maa me no, na masua nneɛma pii afi nokware a wodii Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu.

ƆMANSIN NE BETEL ADWUMA

Bere a mifii Gilead no, wɔma mekɔyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ Ohio, U.S.A. Saa bere no na meyɛ aberante a m’adi mfe 21 pɛ, nanso anuanom gyee me kama. Misuaa nneɛma pii fii anuanom mpanyimfo a wɔwɔ suahu hɔ wɔ saa mansin no mu.

Asram kakra akyi no, wɔfrɛɛ me sɛ mensan mmra Brooklyn Betel mmegye ntetee foforo. Saa bere no, mibehuu mmarima a wɔyɛ adum te sɛ Milton Henschel, Karl Klein, Nathan Knorr, T. J. (Bud) Sullivan, ne Lyman Swingle. Akyiri yi, mmarima yi nyinaa bɛyɛɛ Sodikuw no mufo. Sɛnea na wɔyɛ wɔn adwuma ne sɛnea wɔbɔɔ wɔn bra sɛ Kristofo no kaa me paa. Ahotoso a na mewɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no bu bɔɔ ho pii. Afei wɔde me san kɔɔ Europa sɛ menkɔtoa me som adwuma so wɔ hɔ.

Me maame wui February 1950. N’ayi akyi no, me ne me papa ne me nuabea Dora tenaa ase susuw nsɛm ho paa. Mibisaa wɔn sɛ seesei a Maame afi mu na me nso minni fie yi, dɛn na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔ nokware no ho. Ná wonim onua panyin bi a wɔasra no a ɔde Harry Browning. Ná wɔfɛre onua no, na wɔpenee so sɛ wɔne no besua nokware no. Afe biako ntam no, me papa ne Dora bɔɔ asu. Akyiri yi wɔpaw me papa sɛ ɔpanyin wɔ Gillingham Asafo mu. Me papa wui akyi no, Dora waree ɔpanyin nokwafo bi a ɔde Roy Moreton. Dora yii ne yam som Yehowa kosii sɛ owui 2010 mu.

MEKƆƆ FRANCE KƆBOAE

Bere a mekɔ sukuu no, misuaa French, German, ne Latin kasa, na kasa abiɛsa yi nyinaa mu no, French na na enni mmoa me koraa. Enti bere a wɔkaa sɛ menkɔboa adwuma no wɔ Paris Betel wɔ France no, na ɛyɛ asɛmdɛ nanso egyaw me adwinnwen. Mekɔɔ hɔ no, minyaa hokwan ne Henri Geiger a na ɔyɛ Betel sohwɛfo no yɛɛ adwuma. Ná ɔyɛ obi a n’ani afi, na na ɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho. Nokwasɛm ni, ɛtɔ da bi a na adwuma no gye animia, na metumi aka sɛ midii mfomso pii, nanso ɛboaa me ma mihuu sɛnea me ne nnipa bɛbɔ.

Afei wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam wɔ Paris 1951. Ɔko no akyi no, na eyi ne nea edi kan a wɔrebɛyɛ wɔ Paris, na na meka wɔn a wɔhwɛ totoo nhyiam no ho nneɛma no ho. Wɔde onua aberante bi a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo a wɔfrɛ no Léopold Jontès baa Betel bɛboaa me. Akyiri yi, wɔmaa Léopold bɛyɛɛ Betel sohwɛfo. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Palais des sports a ɛbɛn Eiffel Tower. Anuanom fi aman 28 so na ɛbaa nhyiam no. Ɛda a etwa to no, Adansefo 6,000 a wɔwɔ France no ani gyei sɛ wohuu nnipa 10,456 wɔ nhyiam no ase!

Bere a mekɔɔ France foforo no, na me French nka papa. Ade biako a ammoa me koraa ne sɛ na misuro sɛ medi mfomso, enti ansa na mebue m’ano aka biribi no, na migye di paa sɛ saa na wɔka no French mu. Nanso sɛ wanni mfomso a, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ateɛteɛ wo ma woate kasa no yiye?

Meyɛe sɛ mɛkɔ sukuu a wɔkyerɛ ahɔho French kasa. Anwummere a yɛnkɔ asafo nhyiam no na na mekɔ sukuu no. M’ani begyee French kasa no ho, na seesei ne ka yɛ me dɛ paa. Eyi so aba mfaso efisɛ matumi aboa nkyerɛase adwuma a wɔyɛ wɔ France Betel no. Akyiri yi, m’ankasa nso kyerɛɛ nhoma ase fi Borɔfo kasa mu kɔɔ French kasa mu. Enti minyaa akwannya sɛ mɛboa ma wɔakyerɛ honhom fam aduan a akoa kuw no de ma yɛn no ase ama anuanom a wɔka French kasa wɔ wiase nyinaa.—Mat. 24:45-47.

AWARE NE AKWANNYA FOFORO

Mihyiaa ɔbea bi a ofi Switzerland a ɔde Esther, na mfe kakra akyi no, yɛwaree wɔ 1956 mu. Yɛwaree wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn London Betel no (London Ntamadan a wɔbɔɔ me maame asu wɔ hɔ no). Onua Hughes na ɔmaa yɛn aware kasa. Ná Esther maame wɔ hɔ, na na ɔno nso wɔ anidaso sɛ ɔbɛkɔ soro. Minyaa ɔhokafo nokwafo a medɔ no, na ɛsan ma minyaa hokwan ne m’ase bea a ɔdɔ Yehowa no bɔe paa kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asase so wɔ 2000 mu.

Yɛn ayeforohyia akyi no, me ne Esther fii Betel, nanso na meda so ara ba Betel bɛboa ma wɔkyerɛ nhoma ase. Ná Esther nso yɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Paris mpɔtam bi. Otumi boaa nkurɔfo pii ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo. Afe 1964 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔtena Betel. Afei 1976 mu, bere a edi kan a wɔtetew Baa Boayikuw ahorow no, wɔpaw me sɛ boayikuw no muni. Esther akɔ so ayi ne yam aboa me mfe bebree ni.

“ƐNYƐ DAA NA MUBENYA ME”

Manya hokwan akɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no mpɛn pii. Sɛ mekɔ hɔ a, minya afotu pa fi Sodikuw no mufo hɔ. Da bi meka kyerɛɛ Onua Knorr sɛ ɛyɛ a mintumi nwie nnwuma bi bere a ɛsɛ mu. Ɔserewee na ɔkae sɛ: “Mma nhaw wo. Wo de, kɔ so yɛ adwuma!” Efi saa bere no, sɛ mihu sɛ nnwuma gu me so a, minhaahaa. Mmom nea meyɛ ne sɛ mefa biako a, na mede akogu, mefa foforo nso a, na mede ɛno nso akogu. Mede no saa ara na mawie ne nyinaa bere ano.

Aka kakra ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Ɛnyɛ daa na mubenya me.” (Mat. 26:11) Yɛn a yɛyɛ nguan foforo no nso nim sɛ ɛnyɛ daa na yebenya Kristo nuanom a wɔasra wɔn no wɔ yɛn nkyɛn wɔ asase so. Enti mibu no akwannya kɛse sɛ me ne wɔn a wɔasra wɔn pii abom ayɛ adwuma bɛboro mfe 70 ni. Mede anigye asɔ Yudani atade mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ sɛ wuhu edin “Yonadab” ho nsɛm pii a, hwɛ February 15, 2010 Ɔwɛn-Aban, kratafa 16-17, nkyekyɛm 8 ne 10.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Onua Knorr serewee na ɔkae sɛ: “Mma nhaw wo. Wo de, kɔ so yɛ adwuma!”

[Kratafa 19 mfonini]

(Benkum) Me maame ne me papa

(Nifa) Mewɔ Gilead sukuu wɔ 1948; mehyɛ atade a wɔde ko awɔw a Maame de maa me no

[Kratafa 20 mfonini]

Merekyerɛ Onua Lloyd Barry kasa ase bere a yɛrehyira France Betel so, 1997

[Kratafa 21 mfonini]

(Benkum) Me ne Esther ayeforohyia da

(Nifa) Yɛrekɔ asɛnka