Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Ɔkwan bɛn so na nea Solomon yɛe no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn?

Onyankopɔn hyiraa Ɔhene Solomon na ɔde no dii dwuma. Nanso bere a Solomon yɛ ɔhene no, ɔman fii Onyankopɔn ahyɛde ho. Ɔwaree Farao babea ɔbosonsonni ne mmea foforo pii, na ɔmaa mmea ananafo twetwee no kɔɔ atoro som mu nkakrankakra. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na nkakrankakra yɛannya adwene a ɛmfata na yɛamman. (Deut. 7:1-4; 17:17; 1 Ahe. 11:4-8)​—12/15, kratafa 10-12.

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Sara yɛ ɔyere pa a otie Onyankopɔn asɛm?

Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ womfi Ur no, na wobegyaw abusuafo ne nnamfo ne asetena pa hɔ akɔ baabi a wonnim hɔ. Nanso Sara tiei na onyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn behyira no. Onyaa obu maa Abraham, na ɔdaa su a ɛyɛ fɛ adi.​—1/1, kratafa 8.

Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba a ɔdɔ no mmɔ afɔre?

Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn amma Abraham amfa Isak ammɔ afɔre ankasa. Ná Onyankopɔn de eyi rekyerɛ sɛnea ɔde ne Ba Yesu bɛbɔ afɔre, ne sɛnea ɛbɛyɛ no yaw afa.​—1/1, kratafa 23.

Dɛn na ɛma yehu sɛ efi asomafo no bere so reba no, na wobenya nokware Kristofo a wɔasra wɔn wɔ asase so bere nyinaa?

Yesu maa mfatoho bi a ɛfa “awi” ne “nwura bɔne” ho. Ná “aba pa” no gyina hɔ ma “ahenni mma no.” (Mat. 13:24-30, 38) Ná nwura bɔne no ne awi no bɛbom anyin akosi otwabere. Enti, ɛwom sɛ yennim nnipa a na wɔka “awi” no ho de, nanso yebetumi aka sɛ efi tete besi nnɛ, wonya nokware Kristofo a wɔasra wɔn wɔ asase so bere nyinaa.​—1/15, kratafa 7.

Nsɛm bɛn na ebesisi de akɔfa Harmagedon aba?

Bible ka sɛ amanaman no de “asomdwoe ne dwoodwoo” ho amanneɛbɔ kɛse bi bɛto gua. (1 Tes. 5:3) Wiase atumfoɔ bɛtow ahyɛ nyamesom akuw a ɛwɔ wiase nyinaa so. (Adi. 17:15-18) Amanaman no bɛtow ahyɛ nokware asomfo so. Ɛno akyi no, awiei no bɛba.​—2/1, kratafa 9.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi adi anibere so?

Nneɛma a ebetumi aboa yɛn na edidi so yi: Yere wo ho dɔ wo nuanom mmarima ne mmea, wo ne nnipa a wɔsom Nyankopɔn mmɔ, yɛ papa, ‘wo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi.’ (Rom. 12:15)​—2/15, kratafa 16-17.

Henanom na wɔka Nahuatl kasa, na dɛn na wɔreyɛ de aboa wɔn?

Ná tete Aztecfo na wɔka saa kasa yi, na nnipa ɔpepem 1.5 da so ara ka saa kasa no wɔ Mexico. Adansefo no reka asɛm no wɔ Nahuatl kasa mu, na wɔakyerɛ yɛn nhoma no bi ase wɔ saa kasa no mu.​—3/1, kratafa 13-14.

Sɛ yɛretu obi fo a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

Hu asɛm no ani so yiye. Mpere wo ho mma mmuae. Fa Onyankopɔn Asɛm yɛ adwuma. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, hwehwɛ asafo nhoma mu. Nsi gyinae mma afoforo.​—3/15, kratafa 7-9.

Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ wɔnkɔ akwansin abien. (Mat. 5:41) Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

Romafo na na wodi Israelfo so saa bere no, enti na wotumi hyɛ nnipa ma wɔyɛ adwuma. Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ wɔnkɔ akwansin abien no, na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nnwuma a ɛfata mma atumfoɔ no a wonwiinwii.​—4/1, kratafa 9.