Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nim Sɛnea Obegye Ne Nkurɔfo

Yehowa Nim Sɛnea Obegye Ne Nkurɔfo

Yehowa Nim Sɛnea Obegye Ne Nkurɔfo

“Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.”—2 PET. 2:9.

DƐN NTI NA YEBETUMI ANYA AHOTOSO SƐ YEHOWA:

Wɔ nneɛma so tumi ma enti ɔma n’atirimpɔw bam bere ano pɛpɛɛpɛ?

De ne tumi bedi dwuma de agye ne nkurɔfo?

Nim sɛnea nsɛm besisi wɔ ahohiahia kɛse no mu?

1. Tebea bɛn na “ahohiahia kɛse” no de bɛba?

ATEMMU a Onyankopɔn de reba Satan wiase yi so no bɛba mpofirim, bere a nnipa ani nna. (1 Tes. 5:2, 3) Sɛ “Yehowa da kɛse no” repenpɛn so a, asase so nnipa adwene betu afra a wɔrenhu nea wɔnyɛ. (Sef. 1:14-17) Saa bere no, nnipa bɛkɔ amanehunu ne ahohia mu. Ɛbɛyɛ ahohiahia bere a “efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii.”—Monkenkan Mateo 24:21, 22.

2, 3. (a) Dɛn na ɛbɛto Onyankopɔn nkurɔfo wɔ “ahohiahia kɛse” no mu? (b) Dɛn na ebetumi ama yɛanya ahotoso kɛse sɛ Yehowa begye yɛn?

2 Bere a “ahohiahia kɛse” no adu ne mpɔmpɔnso no, “Gog a ofi Magog asase so” bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Saa bere no, “asraafodɔm bebree” bɛba Onyankopɔn nkurɔfo so “te sɛ omununkum abɛkata asase no so.” (Hes. 38:2, 14-16) Nnipa ahyehyɛde biara ntumi mmoa Yehowa nkurɔfo saa bere no. Onyankopɔn nkutoo na obetumi agye wɔn nkwa. Sɛ atamfo ba sɛ wɔrebɛtɔre Yehowa nkurɔfo ase a, dɛn na wɔbɛyɛ?

3 Sɛ woyɛ Yehowa somfo a, so wugye di sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde begye ne nkurɔfo nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu, na sɛ saa a, ɔbɛyɛ? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu na wakora wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no so ama atemmu da ma wɔatwa wɔn afi hɔ.” (2 Pet. 2:9) Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa gyee n’asomfo nkwa tete no ho a, ɛbɛma yɛanya ahotoso kɛse sɛ obetumi agye yɛn. Momma yɛnhwɛ nhwɛso abiɛsa a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ahotoso sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo.

ONYAA NKWA WƆ NSUYIRI NO MU

4. Dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na Nsuyiri no aba?

4 Momma yenni kan nhwɛ Nsuyiri a ɛbae Noa bere so no. Sɛ Yehowa atirimpɔw bɛbam a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi ansa na Nsuyiri no aba. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ adaka kɛse boaboa mmoa ano kɔ mu ansa na osu no afi ase atɔ. Genesis nhoma no ma yehu sɛ Yehowa amma wɔanyɛ adaka no anwie ansa na ɔresi gyinae wɔ bere a ɔde Nsuyiri no bɛba ho, te sɛ nea gyama gye sɛ wowie adaka no ansa na wahu bere a ɔde Nsuyiri no bɛba. Asɛm no ne sɛ ansa na Onyankopɔn reka akyerɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, na wadi kan ahyɛ bere a Nsuyiri no bɛba ato hɔ dedaadaw. Yɛyɛ dɛn hu saa?

5. Dɛn na Yehowa kae wɔ Genesis 6:3? Bere bɛn na ɔkaa saa asɛm no?

5 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa de amanneɛbɔ bi too gua wɔ soro. Sɛnea Genesis 6:3 ma yehu no, Yehowa kae sɛ: “Me honhom renhwɛ onipa nkosi daa efisɛ ɔyɛ honam. Enti ne mfe bɛyɛ ɔha aduonu.” Ná saa asɛm no mfa nnipa nkwa nna ho. Mmom na Yehowa rekyerɛ bere a ɔde abɔnefosɛm nyinaa bɛba awiei wɔ asase so. * Esiane sɛ Nsuyiri no bae afe 2370 A.Y.B. mu nti, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn kaa saa asɛm no wɔ afe 2490 A.Y.B. mu. Saa bere no, na Noa adi mfe 480. (Gen. 7:6) Bere a Onyankopɔn kaa saa asɛm no akyi bɛyɛ mfe 20 wɔ afe 2470 A.Y.B. no, Noa fii ase woo ne mma. (Gen. 5:32) Ná aka bɛyɛ mfe 100 ansa na Nsuyiri no aba, nanso na Yehowa nkaa adwuma titiriw a ɔpɛ sɛ Noa yɛ de gye nnipa nkwa no nkyerɛɛ no. Ná Onyankopɔn bɛtwɛn akosi bere bɛn ansa na waka akyerɛ Noa?

6. Bere bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no?

6 Sɛ yɛhwɛ a, yebetumi aka sɛ Yehowa twɛn mfe bebree ansa na ɔreka nea ɔbɛyɛ akyerɛ Noa. Dɛn nti na yɛka saa? Bible ma yehu sɛ bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, na ne mmabarima no anyinyin awareware dedaw. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ne wo ayɛ apam; na wobɛkɔ adaka no mu, wo ne wo mma ne wo yere ne wo mma yerenom.” (Gen. 6:9-18) Enti, yebetumi aka sɛ bere a Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, na aka bɛyɛ mfe 40 anaa mfe 50 pɛ ma Nsuyiri no aba.

7. (a) Dɛn na Noa ne n’abusua yɛe de kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi? (b) Bere bɛn na Yehowa kyerɛɛ Noa da pɔtee a Nsuyiri no befi ase?

7 Bere a Noa ne ne n’abusua gu so reyɛ adaka no, yebetumi aka sɛ na wonnim ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ama Nsuyiri no aba ne bere a ebefi ase. Nanso eyi amma wɔannyae adaka no yɛ. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.” (Gen. 6:22) Aka nnanson ma osu no afi ase atɔ no na Yehowa maa Noa huu da pɔtee a Nsuyiri no befi ase. Eyi maa Noa ne n’abusua nyaa bere boaboaa mmoa ano kɔɔ adaka no mu. Enti bere a osubran no fii ase sɛ ɛretɔ wɔ “Noa asetena mu afe a ɛto so ahansia, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no,” na biribiara da ne kwan mu pɛpɛɛpɛ.—Gen. 7:1-5, 11.

8. Ɔkwan bɛn so na Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa nim bere a obegye ne nkurɔfo?

8 Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ ma yehu sɛ Yehowa nim bere a eye sɛ ogye ne nkurɔfo ne ɔkwan pa a ɔbɛfa so agye wɔn. Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam ‘da ne dɔn’ a wahyɛ pɛpɛɛpɛ.—Mat. 24:36; monkenkan Habakuk 2:3.

WOGYEE WƆN WƆ PO KƆKƆƆ NO MU

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne nkurɔfo sum Egypt asraafodɔm no afiri?

9 Ebesi ha yi, yɛahu sɛ Yehowa wɔ nneɛma so tumi ma enti ɔma n’atirimpɔw bam bere ano pɛpɛɛpɛ. Nhwɛso a ɛto so abien a yɛrebesusuw ho no bɛma yɛahu sɛ yebetumi anya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔde ne tumi a enni ano begye ne nkurɔfo na wama n’apɛde ayɛ hɔ. Ɛtɔ da bi a, Yehowa de ne nkurɔfo sum n’atamfo afiri mpo efisɛ onim sɛ obetumi agye wɔn. Saa na ɔyɛe bere a ogyee Israelfo fii Egypt nkoasom mu no.

10 Israelfo bɛyɛ ɔpepem abiɛsa na wofii Egypt. Yehowa maa Mose dii wɔn anim na sɛnea nneɛma yɛe no, Farao nyaa adwene sɛ Israelfo no ani so atan wɔn. (Monkenkan Exodus 14:1-4.) Farao ne n’asraafodɔm susuw sɛ wɔanya Israelfo no awie, enti wotiw wɔn koduu Ɛpo Kɔkɔɔ no ano. Afei na Israelfo no kɔ a ɛnkɔ, wɔba a ɛmma. Ná ɛte sɛ nea anidaso asa koraa. (Ex. 14:5-10) Nanso nokwasɛm ne sɛ na Israelfo no nni asiane biara mu. Dɛn ntia? Efisɛ na Yehowa rebegye wɔn.

11, 12. (a) Dɛn na Yehowa yɛe de boaa ne nkurɔfo? (b) Bere a Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm mu no, dɛn na ɛbae, na dɛn na eyi ma yehu fa Yehowa ho?

11 “Omununkum dum” a na ɛrekyerɛ Israelfo no kwan no bedii wɔn akyi, na esiw Farao asraafo no kwan, na ɛmaa baabi a Egyptfo wɔ no yɛɛ sum. Nanso Israelfo no de, omununkum dum no maa wɔn hann anadwo. (Monkenkan Exodus 14:19, 20.) Yehowa maa apuei mframa bɔɔ denneennen na epiaa nsu no kɔɔ nifa ne benkum “maa po no ase dan asase kesee.” Ɛda adi sɛ eyi gyee bere efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ mframa no bɔe “anadwo no nyinaa,” na ɛno akyi no, “Israelfo no faa asase a awo no so wɔ po no mfinimfini.” Sɛ wohwɛ mmirika a na Farao ne n’asraafo dɔm de reba a, na ɛte sɛ nea Israelfo no reweawea koraa. Nanso Egyptfo no anto Israelfo no efisɛ na Yehowa reko ma ne nkurɔfo. Bible ka sɛ Yehowa hwɛɛ “Egyptfo dɔm no na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn. Afei otutuu wɔn nteaseɛnam no anan na ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛkɔ.”—Ex. 14:21-25.

12 Bere a afei Israelfo no nyinaa koduu po no agya dwoodwoo no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ po no so na nsu no mmu mfa Egyptfo ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo nyinaa so.” Afei bere a nsu no reba a Egypt asraafo no yɛe sɛ wɔreguan no, “Yehowa kaa wɔn guu po no mfinimfini.” Ná baabiara nni hɔ a wɔbɛbɔ wɔn ho aguaa. Nokwasɛm ne sɛ “wɔn mu biako mpo anka.” (Ex. 14:26-28) Enti Yehowa kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi a ɔde gye ne nkurɔfo fi tebea biara mu.

WONYAA WƆN TI DIDII MU WƆ YERUSALEM SƐE NO MU

13. Akwankyerɛ bɛn na Yesu de mae, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na n’akyidifo no resusuw ho?

13 Nhwɛso a ɛto so abiɛsa a yɛrebesusuw ho ne nea esii bere a Roma asraafo tow hyɛɛ Yerusalem so wɔ afeha a edi kan mu no. Ɛma yehu sɛ Yehowa nim sɛnea nsɛm besisi ma n’atirimpɔw abam. Ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. no, na Yehowa nam ne Ba no so akyerɛ Kristofo a na wɔte Yerusalem ne Yudea no nea wɔnyɛ na wɔanya wɔn ti adidi mu. Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a wɔnam odiyifo Daniel so kaa ho asɛm no sɛ egyina kronkronbea hɔ a, . . . momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.” (Mat. 24:15, 16) Ná Yesu akyidifo no bɛyɛ dɛn ahu sɛ saa nkɔmhyɛ no renya mmamu?

14. Nsɛm bɛn na esisii a ɛma wohuu nea Yesu asɛm no kyerɛ?

14 Mfe kakra twaam ansa na wɔrehu nea Yesu asɛm no kyerɛ. Afe 66 Y.B. no, na Yudafo atuatewfo bi asɔre agyina, na Cestius Gallus dii Roma asraafo anim kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekosiw atuatew no ano. Bere a Yudafo atuatewfo kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ asɔrefie hɔ no, Roma asraafo no fii ase sɛee asɔrefie no. Kristofo a na wɔn ani da hɔ no huu nea ɛkyerɛ. Wohui sɛ Roma asraafo abosonsomfo no de wɔn ahyɛnsode a Bible frɛ no “akyide” no akɔ asɔrefie a ɛyɛ “kronkronbea” no ho. Afei na bere aso sɛ Yesu akyidifo ‘fi ase guan kɔ mmepɔw so.’ Nanso na atamfo atwa kurow no ho ahyia, enti ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi aguan afi mu? Ná biribi a wɔnhwɛ kwan rebesi.

15, 16. (a) Akwankyerɛ pɔtee bɛn na Yesu de maa n’akyidifo, na dɛn nti na na ɛho hia sɛ wodi so? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na wɔagye yɛn?

15 Obiara anhu nea ɛyɛe, Cestius Gallus ne n’asraafo fii Yerusalem kɔe. Yudafo atuatewfo no tiw wɔn. Bere a afei Romafo ne Yudafo atuatewfo no afi kurow no mu no, na Yesu akyidifo no anya kwan a wɔde beguan. Ná Yesu aka akyerɛ n’akyidifo pefee sɛ wonnyaw wɔn ahode hɔ na wonguan ntɛm. (Monkenkan Mateo 24:17, 18.) Adɛn nti na na ɛho hia sɛ wofi hɔ ntɛm? Wohuu mmuae no ntɛm ara, efisɛ Yudafo atuatewfo no san bae na wɔhyɛɛ Yerusalem ne Yudeafo sɛ wɔmmɛka wɔn atuatew no ho. Yudafo no mu paapaee maa akuw ahorow sɔree a na wɔrepere tumi, na ɛmaa kurow no dan butuwii. Afei de ɛbɛyɛɛ den sɛ obi beguan afi Yerusalem. Bere a Romafo no san bae wɔ afe 70 Y.B. no de, asɛm no sɛee koraa; na tokuru nna baabiara a obi betumi afa mu aguan. (Luka 19:43) Wɔn a wɔtwetwee wɔn ho a wɔanguan ntɛm no ho kaa mu! Nanso Kristofo a wotiee Yesu asɛm a woguan kɔɔ mmepɔw so no nyaa wɔn ti didii mu. Wɔn ankasa de wɔn ani hui sɛ Yehowa nim sɛnea ogye ne nkurɔfo. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?

16 Ahohiahia kɛse no mu no, ɛho behia sɛ Kristofo tie akwankyerɛ a efi Bible mu ne nea Onyankopɔn ahyehyɛde no de bɛma yɛn. Sɛ nhwɛso no, ahyɛde a Yesu de maa n’asuafo sɛ ‘wonguan nkɔ mmepɔw so’ no fa yɛn ho nnɛ. Seesei de, yennim ɔkwan pɔtee a yɛbɛfa so aguan. * Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ bere no so a, Yehowa bɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so aguan. Sɛ yebenya nkwa a, yɛn de ara ne sɛ yɛbɛyɛ osetie. Enti ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ Yehowa de akwankyerɛ ma ne nkurɔfo nnɛ a, dɛn na meyɛ wɔ ho? Mitie de yɛ adwuma ntɛm ara, anaa ɛyɛ a metwentwɛn me nan ase?’—Yak. 3:17.

WƆAHYƐ YƐN DEN AMA DAAKYE

17. Habakuk nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ, sɛ Gog tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, tebea no bɛyɛ dɛn?

17 Yɛadi kan ahu sɛ Gog bɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so. Afei momma yɛnka ho asɛm nkɔ akyiri kakra. Nea Hesekiel kae wɔ ho akyi no, odiyifo Habakuk nso kae sɛ: “Metee no, me yam hyehyee me, na nnyigyei no maa m’ano popoe; me nnompe mu hodwowee, na me ho wosowee. Na meyɛɛ dinn twɛn ahohia da a [Onyankopɔn bɛba] abɛtow ahyɛ ɔman [anaa atamfo] no so no.” (Hab. 3:16) Bere a odiyifo Habakuk tee sɛ atamfo bɛba abɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, ne yam nunuu no, n’ano popoe, na ɔyɛɛ mmerɛw. Tebea a Habakuk kɔɔ mu no ma yehu sɛ, sɛ Gog ne ne dɔm tow hyɛ yɛn so a, ɛbɛyɛ hu paa. Nanso odiyifo no yɛɛ komm twɛn Yehowa da kɛse no, efisɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa begye ne nkurɔfo. Yɛn nso yebetumi anya ahotoso saa ara.—Hab. 3:18, 19.

18. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro nea atamfo de bɛba yɛn so biara? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Nhwɛso abiɛsa a yɛasusuw ho no ama yɛahu pefee sɛ Yehowa nim sɛnea ogye ne nkurɔfo. Nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam ɔkwan biara so; ɛrenyɛ kwa da. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yehu Yehowa nkonimdi kɛse no na yɛn nso yedi ho ahurusi a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware kosi awiei. Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yekura yɛn mũdi mu nnɛ? Yebesusuw asɛm yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 16 Hwɛ May 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 24 mfonini]

So Farao asraafo no nyaa Israelfo no?