Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Wɔ Bi Ka

“Ade Rekye a Ade Resa Nyinaa na M’ani Regye Colporteur Adwuma no Ho”

“Ade Rekye a Ade Resa Nyinaa na M’ani Regye Colporteur Adwuma no Ho”

AFE 1886 mu no, wɔtwee Millennial Dawn nhoma no Po I mfuamfua ɔha fii Bible House a ɛwɔ Allegheny, Pennsylvania, U.S.A., kɔɔ Chicago, Illinois. Ná Charles Taze Russell adwene ne sɛ ɔde nhoma foforo yi bɛkɔ mmeae a wɔtɔn nhoma. Nnwumakuw akɛse a ɛwɔ United States a wɔtɔn nyamesom nhoma no mu biako penee so sɛ wobegye nhoma no bi atɔn. Nanso, nnawɔtwe abien akyi no, wɔde nhoma no nyinaa san baa Bible House hɔ.

Ná ɔsɛmpakafo bi a wagye din de ne nhoma akogu nhomatɔnbea hɔ, na bere a ohuu Millennial Dawn no wɔ hɔ no, ne koko paee. Ɔkae sɛ, sɛ wɔanyi nhoma no amfi nhomatɔnbea hɔ a, ɔne ne nnamfo asɛmpakafo no nyinaa beyi wɔn nhoma afi hɔ de adwuma no ama nnipa foforo. Ɛbaa saa no, adwumakuw no de amemenemfe san de nhoma no nyinaa bae. Afei nso, na wɔbɔ Dawn nhoma no ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu. Nanso atamfo yɛe ara ma wogyaee saa dawurubɔ no. Ɛnde, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔrepɛ nokware no nsa aka nhoma foforo yi?

Wofii ase de bere nyinaa asɛmpakafo a wɔfrɛ wɔn colporteurfo dii dwuma. * Zion’s Watch Tower no de too gua wɔ 1881 mu sɛ wɔrepɛ asɛmpakafo 1,000 a wobetumi de wɔn bere nyinaa akyekyɛ Bible ho nhoma. Ná colporteurfo yi nnɔɔso de, nanso wɔnam nhoma no so petee nokware no kɔɔ akyirikyiri. Eduu 1897 no, na wɔakyekyɛ Dawn nhoma no bɛyɛ ɔpepem biako. Colporteurfo no titiriw na wɔyɛɛ no kɛse. Sɛ wɔkra Ɔwɛn-Aban ma obi anaa wɔma obi nhoma a, na wonya sika kakra; eyi na wɔn mu dodow no ara de twitwaa wɔn ho.

Ná henanom ne saa colporteurfo akokodurufo yi? Ná ebinom yɛ mmabun, na afoforo nso anyinyin kakra. Ná wɔn mu pii yɛ asigyafo ne awarefo a wonni mma. Mmusua pii nso yɛɛ bi. Ná colportuerfo binom de wɔn bere nyinaa ka asɛm no da biara. Ná ebinom nso yɛ wɔn aboafo, na na wɔde dɔnhwerew biako anaa abien ka asɛm no da biara. Ɛnyɛ obiara na n’ahoɔden anaa ne tebea maa no kwan ma ɔyɛɛ colporteur adwuma yi bi. Nanso bere a wɔyɛɛ nhyiam bi wɔ 1906 mu no, wɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ bi no sɛ ɛnyɛ “nnipa a wonim nhoma, anaa wɔwɔ ɔdom akyɛde soronko bi, anaa wɔkasa te sɛ abɔfo” na wobetumi ayɛ bi.

Ná nnipa yi nhyɛ da nni ɔdom akyɛde titiriw biara nanso ɛkame ayɛ sɛ wiase fã baabiara no, wotumi yɛɛ adwuma no ma ɛyɛɛ nwonwa. Onua biako kae sɛ ɔmaa nhoma 15,000 wɔ mfe ason ntam. Nanso ɔkae sɛ, “Ɛnyɛ adwene a mede kɔyɛɛ colporteur adwuma no ne sɛ mɛtɔn nhoma, na mmom sɛ mɛka Yehowa ho asɛm na madi nokware no ho adanse.” Baabiara a colporteurfo yi guu nokware aba no, enyinii na Bible Asuafo no bu bɔɔ ho.

Asɔfo dii colportuerfo no ho fɛw frɛɛ wɔn nhomatɔnfo. Afe 1892 Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Nnipa bebree nnye wɔn ntom sɛ wɔyɛ Awurade ananmusifo ankasa, na sɛnea Awurade bu wɔn sɛ wɔwɔ ahobrɛase ne ahofama no, wɔn de wɔmfa nidi a ɛte saa mma wɔn.” Nokwasɛm ne sɛ, colporteur bi kae sɛ na colporteurfo asetena nyɛ “ahogono.” Ná wohia mpaboa pa ne sakre na wɔatumi ayɛ adwuma no. Baabi a sika ho yɛ den no, na wɔde nhoma no ma nkurɔfo gye aduan. Ná asɛmpakafo no de da mũ yɛ asɛnka adwuma no, enti wɔbɛpɔn no na wɔabrɛ, nanso wɔde anigye san ba wɔn ntamadan ne adan a wɔahan mu. Akyiri yi wɔyɛɛ teaseɛnam bi too din Colporteur Wagon. Wɔyɛɛ no sɛ ofie; na ɛmma wɔnsɛe bere ne sika pii. *

Wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Chicago 1893 mu, na ɛhɔ na wofii ase yɛɛ dwumadi soronko bi maa colporteurfo no. Saa dwumadi no ase no, wɔkaa osuahu ahorow, wɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛm no, na wɔmaa wɔn afotu a ɛbɛboa wɔn. Bere bi Onua Russell ka kyerɛɛ asɛmpakafo mmɔdenbɔfo no sɛ, ɛyɛ a anɔpa wonnidi yiye, anɔpawia mu hɔ nso wɔnnom nufusu, na ɛda a owia abɔ paa no, wonni ice-cream.

Sɛ na colporteur bi repɛ colporteur foforo a ɔne no bɛyɛ asɛnka adwuma no a, na ɔde ntamasin bi a ɛte sɛ akokɔsrade bɔ n’atade mu. Ná wɔn a afei na wɔafi ase no ne wɔn a wɔn ho akokwaw na ɛnantew. Ná ntetee a ɛte saa ho hia, efisɛ da bi ehu kaa obi a na ofii colporteur adwuma yi ase nkyɛe ma bere a ɔde nhoma rema obi no, ɔkae sɛ, “Sɛ́ wompɛ nhoma yi, anaa wopɛ?” Anigyesɛm ne sɛ ofiewura no gyee nhoma no na akyiri yi ɔbɛyɛɛ onuawa.

Onua bi bisae sɛ, ‘Menkɔ so nyɛ m’adwuma a sika wom yi na memfa Amerika dɔla 1,000 mmoa adwuma no afe biara, anaa minnyae mmɛyɛ colporteur adwuma no bi?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ Awurade ani begye emu biara ho, nanso sɛ ɔde ne bere ankasa ma Awurade a, obenya nhyira pii. Mary Hinds hui sɛ colporteur adwuma no ne “ɔkwan a eye sen biara a obi betumi afa so aboa nnipa bebree.” Alberta Crosby a ɔfɛre ade no nso kae sɛ: “Ade rekye a ade resa nyinaa na m’ani regye Colporteur adwuma no ho.”

Ɛnnɛ colporteurfo mmɔdenbɔfo yi asefo pii da so ara kura honhom fam agyapade yi mu denneennen. Saa ara na wɔn a colporteurfo no boaa wɔn nso aboa afoforo pii. Sɛ colporteur anaa ɔkwampaefo nni w’abusua mu a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wubefi ase na woanya bi wɔ w’abusua mu? Sɛ woyɛ saa a, wo nso wubehu biribi a ɛbɛma w’ani agye bere nyinaa asɛmpaka adwuma no ho da biara.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Afe 1931 akyi no, wɔbɛfrɛɛ “colporteurfo” no “akwampaefo.”

^ nky. 8 Teaseanam a wɔayɛ no sɛ ofie yi ho nsɛm bɛba Ɔwɛn-Aban mu akyiri yi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 32]

Ɛnyɛ “nnipa a wonim nhoma, anaa wɔwɔ ɔdom akyɛde soronko bi, anaa wɔkasa te sɛ abɔfo” na wobetumi ayɛ bi

[Kratafa 31 mfonini]

Colporteur A. W. Osei, Ghana, bɛyɛ 1930

[Kratafa 32 mfonini]

Atifi: Edith Keen ne Gertrude Morris a wɔyɛ colporteurfo wɔ England, bɛyɛ 1918; ase: Stanley Cossaboom ne Henry Nonkes, United States; nnakato a na nhoma no wom na esisi wɔn nkyɛn no