Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware Yɛ Onyankopɔn Akyɛde—Wokyerɛ Ho Anisɔ?

Aware Yɛ Onyankopɔn Akyɛde—Wokyerɛ Ho Anisɔ?

Aware Yɛ Onyankopɔn Akyɛde—Wokyerɛ Ho Anisɔ?

“Yehowa nhyira mo, na ɔmma munnya homebea wɔ mo kununom fie.”—RUT 1:9.

HWEHWƐ MMUAE NO:

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no bu aware sɛ akyɛde a efi ne hɔ?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ nipa kõ a yɛbɛware no ho asɛm hia Yehowa?

Wohwɛ aware ho afotu a ɛwɔ Bible mu no a, emu nea ɛwɔ he na wopɛ sɛ wode yɛ adwuma?

1. Bere a Adam nyaa yere no, dɛn na ɔyɛe?

“ME NNOMPE mu dompe ne me honam mu nam ni. Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.” (Gen. 2:23) Adam ani gyei sɛ wanya yere na ofii ase woroo anwensɛm! Nea Yehowa yɛe ne sɛ ɔmaa Adam daa hatee, na oyii ne mfe mparow de bɔɔ ɔbea fɛfɛɛfɛ maa no. Akyiri yi, Adam too no din Hawa. Onyankopɔn kaa nnipa baanu no boom sɛ awarefo maa wɔn ani gyei. Esiane sɛ Yehowa de Adam ankasa mfe mparow na ɛbɔɔ Hawa nti, na wɔfam wɔn ho sen okunu ne ɔyere biara a wɔwɔ hɔ nnɛ.

2. Dɛn na ɛtwe ɔbarima ne ɔbea bɛn wɔn ho?

2 Yehowa bɔɔ mmarima ne mmea wɔ ɔkwan bi so a ɛma wonya ɔdɔ soronko ma wɔn ho, na saa ɔdɔ yi na ɛtwe wɔn bɛn wɔn ho. Nhoma bi ka sɛ: “Ɔbarima ware ɔbea a, wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nna mu kyɛfa na wɔn ani agye wɔn ho wɔn ho afebɔɔ.” (The World Book Encyclopedia) Ɔdɔ ne anigye a ɛte saa kɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu bere nyinaa.

WƆKYERƐE SƐ WOBU AWARE SƐ AKYƐDE

3. Ɛyɛɛ dɛn na Isak nyaa ne yere?

3 Ná ɔnokwafo Abraham wɔ obu kɛse ma aware. Enti ɔsomaa n’akoa panyin kɔɔ Mesopotamia sɛ ɔnkɔhwehwɛ yere mma Isak. Akoa no bɔɔ asɛm no ho mpae, na biribi pa fii mu bae. Isak waree Onyankopɔn afenaa Rebeka, na ɔbea no boae ma wɔbɔɔ kwan maa Abraham aseni no, sɛnea na Yehowa ahyehyɛ no. (Gen. 22:18; 24:12-14, 67) Nanso nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ wosɔree ara na worekɔpɛ kunu anaa ɔyere ama obi. Ebia wowɔ adwempa, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ papa saa. Ɛnnɛ, nnipa pii no ara na wɔn ankasa kyin hwehwɛ obi a wɔbɛware no. Ɛwom, wɔnhyehyɛ aware wɔ soro, nanso sɛ Kristoni bɔ ho mpae na ɔma Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan a, Onyankopɔn bɛboa no ma wanya ɔhokafo pa sɛnea ɔboa yɛn wɔ nneɛma foforo mu no.—Gal. 5:18, 25.

4, 5. Dɛn na ɛma wuhu sɛ na Sulamit atɔ oguanhwɛfo bi dɔ mu?

4 Ná ɔbea hoɔfɛfo bi wɔ tete Israel a wɔfrɛ no Sulamit. Ná ɔmpɛ sɛ ne nnamfo bɛhyɛ no ma wakɔtɔ Ɔhene Solomon yerenom pii no so. Ɔkae sɛ: “Yerusalem mmabea, meka ntam gu mo so sɛ monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.” (Nmd. 8:4) Ná Sulamit atɔ oguanhwɛfo bi dɔ mu. Sulamit de ahobrɛase kae sɛ: “Me de, meyɛ nhwiren a misi mpoano tataw so, sukooko a misi bon mu.” Nanso oguanhwɛfo no kae sɛ: “Sɛnea sukooko te wɔ nsɔe mu no, saa ara na me komam hemmaa te wɔ mmabaa mu”! (Nmd. 2:1, 2) Ná wɔdɔ wɔn ho ankasa.

5 Esiane sɛ na Sulamit ne oguanhwɛfo no nyinaa dɔ Onyankopɔn nti, na wɔn aware bɛsɔ paa. Sulamit ka kyerɛɛ ne dɔfo guanhwɛfo no sɛ: “Fa me to wo koma so sɛ nsɔano, na ma minsi wo basa so sɛ nsɔano, efisɛ ɔdɔ ho yɛ den te sɛ owu, na ne nokwaredi mu yɛ duru te sɛ asaman—ɛmpa abaw. Ɛdɛw sɛ ogya, Yah gyaframa. Nsu pii ntumi nnum ɔdɔ, na asubɔnten mpo ntumi nhohoro ngu. Sɛ obi de ne fie agyapade nyinaa mpo ma sɛ ɔde bɛtɔ ɔdɔ a, ɛbɛyɛ adehunu bi wɔ nnipa ani so.” (Nmd. 8:6, 7) Enti sɛ Yehowa somfo bi resusuw aware ho a, adɛn nti na onsua biribi mfi asɛm yi mu na ɔmma ɔdɔ kann nni akoten wɔ aware no mu?

GYINAE A WUBESI HO HIA ONYANKOPƆN

6, 7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nipa kõ a yɛbɛware no ho asɛm hia Yehowa?

6 Hena na wobɛpaw no sɛ wo hokafo? Kae sɛ ɛho asɛm hia Yehowa. Ná Yehowa mpɛ sɛ Israelfo ware Kanaanfo, enti ɔde ahyɛde yi maa wɔn: “Wo ne wɔn mu biara nnni ayeware. Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea mma wo babarima. Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo; na Yehowa abufuw adɛw wɔ mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.” (Deut. 7:3, 4) Mfehaha pii akyi no, ɔsɔfo Esra kae sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware ananafo mmea ne wɔn abɛtena, na moama Israel asodi ayɛ kɛse.” (Esra 10:10) Ɔsomafo Paulo nso ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Bere a ɔbea kunu te ase no, wɔakyekyere no. Nanso sɛ ne kunu da na wansɔre a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, nanso Awurade mu nkutoo na ɔnyɛ saa.”—1 Kor. 7:39.

7 Sɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so ware obi a onnye nni a, na wayɛ Onyankopɔn so asoɔden. Esra bere so no, sɛ Israelfo ne ‘ananafo mmea tena’ a, na ɛnyɛ nokwaredi. Enti ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi bebu n’ani agu Bible mu asɛm yi so na waware obi a ɔnyɛ gyidini. (Esra 10:10; 2 Kor. 6:14, 15) Sɛ Kristoni bi ware obi a onnye nni a, na wannyɛ nhwɛso pa na ɛbɛkyerɛ sɛ n’ani nsɔ aware a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no. Sɛ obi bɔ asu na ɛno akyi ɔware obi a onnye nni a, ɔrennya hokwan ahorow bi wɔ asafo no mu. Sɛ ɔyɛ saa na ɔsan twa ne ho bɔ Yehowa mpae sɛ onhyira no a, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔresrɛ sɛ: ‘O Yehowa, mehyɛɛ da buu w’asɛm so, nanso mesrɛ wo hyira me.’

YƐN SORO AGYA NO NIM NEA EYE MA YƐN

8. Sɛ yɛware a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn akwankyerɛ so?

8 Sɛ obi yɛ afiri a, ɔno na onim sɛnea afiri no yɛ adwuma. Ɔno na ɔkyerɛ sɛnea wɔhyehyɛ afiri no. Sɛ yɛde akwankyerɛ no to baabi na yɛhyehyɛ afiri no sɛnea yɛn ankasa pɛ nso ɛ? Ebia afiri no bɛsɛe anaa ɛrenyɛ adwuma yiye. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn aware mu a, ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ a Yehowa a ɔne aware Hyehyɛfo no de ama no so.

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nim sɛnea ankonamyɛ te ne anigye a ebetumi aba aware mu?

9 Yehowa nim adesamma ne aware ho biribiara. Ɔde nna ho akɔnnɔ hyɛɛ nnipa mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛwo na wɔadɔɔso.’ (Gen. 1:28) Yehowa nim sɛnea ankonamyɛ te, enti ansa na ɔrebɔ ɔbea a odi kan no, ɔkae sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” (Gen. 2:18) Yehowa nim nso sɛ awarefo ani betumi agye.—Monkenkan Mmebusɛm 5:15-18.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo kae bere a wɔpɛ sɛ wohyiam no?

10 Bɔne ne sintɔ a Adam de gyaw adesamma nti, ɛnnɛ aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim koraa. Nanso Yehowa nkoa betumi anya anigye ankasa wɔ aware mu; ɛno ara ne sɛ wobedi Onyankopɔn Asɛm so. Wo de, hwɛ afotu a Paulo de mae wɔ nna mu nkitahodi a ɛkɔ so wɔ awarefo ntam no ho. (Monkenkan 1 Korintofo 7:1-5.) Kyerɛwnsɛm no nkae sɛ, sɛ awarefo repɛ mma nkutoo a na ɛsɛ sɛ wohyiam. Nna mu nkitahodi ma awarefo ani gye na wɔn ho bae wɔn. Nanso nneyɛe a ɛmfata anaa ɛnyɛ ne kwan so nsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ Kristofo awarefo renya nkitahodi a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wɔde obu ne nidi ma wɔn ho na wɔde saa hokwan no kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔbɛkwati nneyɛe biara a Yehowa ani nnye ho.

11. Esiane sɛ Rut yɛɛ n’ade Yehowa kwan so nti, nhyira bɛn na onyae?

11 Ɛsɛ sɛ aware yɛ anigye, na ɛnyɛ awerɛhow ne ateetee. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ sɛ wɔn fie bɛyɛ baabi a asomdwoe ne ahomeka wɔ. Wo de, hwɛ asɛm bi a esii bɛyɛ mfe 3,000 ni. Ná okunafo Naomi ne ne nsenom Orpa ne Rut fi Moab de wɔn ani akyerɛ Yuda asase so. Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom mmabaa no sɛ wɔnsan nkɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn. Nanso Moabni Rut de ne ho fam Naomi ho, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa nokware Nyankopɔn no. Onyaa awerɛhyem sɛ ‘Yehowa, Israel Nyankopɔn a wabɛhyɛ ne ntaban ase no bɛma no akatua pa.’ (Ruth 1:9; 2:12) Rut kyerɛe sɛ obu aware sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɔwaree Yehowa somfo Boas a na ne mfe akɔ anim no. Sɛ wonyan Rut ba Onyankopɔn wiase foforo no mu na obehu sɛ na Yesu Kristo yɛ n’aseni a, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! (Mat. 1:1, 5, 6; Luka 3:23, 32) Rut yɛɛ n’ade Yehowa kwan so, na onyaa nhyira pii!

AFOTU PA A ƐMA AWARE SƆ

12. Ɛhe na obi betumi anya aware ho afotu pa?

12 Aware Hyehyɛfo no ma yehu biribiara a ɛsɛ sɛ yehu na ama yɛn aware asɔ. Onipa biara nni saa nimdeɛ no. Afotu biara a Bible de ma wɔ aware ho yɛ nokware, enti sɛ obi pɛ afotu pa a ɛbɛma n’aware asɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛhwɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no. Ma yɛmfa asɛm a honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee yi sɛ nhwɛso. Ɔkae sɛ: “Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efe. 5:33) Biribiara nni Bible afotu yi mu a Kristoni a ne ho akokwaw ntumi nte ase. Asɛm no ne sɛ, wɔde Yehowa Asɛm bɛyɛ adwuma anaa? Sɛ wobu aware sɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ a, ɛnde wɔde afotu no bɛyɛ adwuma. *

13. Sɛ okunu anni afotu a ɛwɔ 1 Petro 3:7 so a, dɛn na ebetumi aba?

13 Ɛsɛ sɛ Kristoni barima yɛ biribiara de kyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mo okununom, monkɔ so ne wɔn ntena saa ara wɔ nimdeɛ mu, na munni mmea no ni sɛ wɔyɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw sen mo, efisɛ mo ne wɔn nyinaa yɛ nkwa a wɔde adom mo no adedifo, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Pet. 3:7) Sɛ okunu antie Yehowa afotu a, ne mpaebɔ kwan betumi asiw. Ɛba saa a, awarefo baanu no nyinaa ne Yehowa ntam bɛyɛ basaa, na eyi betumi akɔfa ɔhaw, wati-me-waka-me, ne ateetee pii aba.

14. Dɛn na ɔbea pa betumi ayɛ ama n’abusua?

14 Sɛ ɔyere ma Yehowa Asɛm ne honhom kronkron kyerɛ no kwan a, obetumi aboa paa ma asomdwoe ne anigye ahyɛ ne fie ma. Ɔbarima biara a osuro Yehowa te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yere na ɔbɔ ne ho ban na ɔboa no wɔ ne som mu. Ɔbea pɛ sɛ ne kunu dɔ no, enti ɛsɛ sɛ ɔbea no nso ma ɛyɛ mmerɛw ma ɔbarima no sɛ ɔbɛdɔ no. Mmebusɛm 14:1 ka sɛ: “Ɔbea nyansafo si ne fie, na ɔbea kwasea de, ɔde ne nsa dwiriw ne de gu.” Ɔbea nyansafo yɛ nneɛma pii a ɛbɛma anigye aba n’abusua mu ma ayɛ krabɛhwɛ. Ɛba saa a, na ɔno nso rekyerɛ sɛ obu aware sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.

15. Afotu bɛn na ɛwɔ Efesofo 5:22-25?

15 Sɛ okunu ne ɔyere sua sɛnea Yesu ne asafo no di a, ɛbɛkyerɛ sɛ wobu aware sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Monkenkan Efesofo 5:22-25.) Sɛ awarefo dodɔ wɔn ho a, wɔmma ahantan, akayɛ, ne su biara a ɛmfata Kristofo nsɛe wɔn aware no. Yehowa hyira awarefo a wɔte saa!

MMA OBIARA NTETEW WƆN MU

16. Dɛn nti na Kristofo bi di sigya?

16 Nnipa pii pɛ sɛ edu baabi a wɔware, nanso Yehowa asomfo bi da so ara di sigya, efisɛ wonnya nhyiaa obi a wɔpɛ no a wɔne no bɛsom Yehowa. Ebinom wɔ ɔdom akyɛde a ɛma wodi sigya sɛnea wobetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu; wɔmpɛ sɛ aware betwitware wɔn akwan mu. Nanso sɛ asigyafo ani begye a, ɛnsɛ sɛ wɔtra hye a Yehowa ato no.—Mat. 19:10-12; 1 Kor. 7:1, 6, 7, 17.

17. (a) Asɛm bɛn na Yesu kae wɔ aware ho a ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem? (b) Sɛ Kristoni bi hu sɛ n’ani di ne yɔnko yere anaa ne kunu akyi a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ntɛm ara?

17 Sɛ yɛaware oo, yɛnwaree oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma Yesu asɛm yi tena yɛn adwenem: “Monkenkanee sɛ [Onyankopɔn] a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’? Enti wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:4-6) Ɛyɛ bɔne sɛ obi ani bɛbere ne yɔnko yere anaa ne kunu. (Deut. 5:21) Sɛ Kristoni bi hu sɛ n’ani di ne yɔnko yere anaa ne kunu akyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntɛm tu akɔnnɔ bɔne a ɛte saa ase. Sɛ onii no ama kwan ma akɔnnɔ no adidi ne mu a, ɛnde ebegye animia na wadi so, nanso ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho biribi ntɛm. (Mat. 5:27-30) Ehia sɛ ɔteɛ n’adwene na ohu sɛ eyi yɛ akɔnnɔ bɔne a asɔre wɔ ne koma kontomponi no mu, enti ɛsɛ sɛ odi so.—Yer. 17:9.

18. Esiane sɛ aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ dɛn wɔ ho?

18 Nnipa bi wɔ hɔ a wonnim Yehowa Nyankopɔn na wonnim nso sɛ aware yɛ akyɛde a efi ne hɔ, nanso saafo yi mu pii nim sɛ aware yɛ ade a ɛsom bo. Sɛ saa a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn a yɛahyira yɛn so ama “anigye Nyankopɔn” Yehowa no ani gye sɛ wama yɛn nnepa pii. Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yebu aware sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn!—1 Tim. 1:11.

[Ase hɔ asɛm]

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Aware pa hyɛ Yehowa anuonyam, na ebetumi ama abusua no muni biara ani agye

[Kratafa 5 mfonini]

Rut kyerɛe sɛ obu aware sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ

[Kratafa 7 mfonini]

Woda no adi paa sɛ w’ani sɔ aware sɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ?