Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa So​—Ɔno Na Ɔhyɛ “Bere Ne Nna”

Fa Wo Ho To Yehowa So​—Ɔno Na Ɔhyɛ “Bere Ne Nna”

Fa Wo Ho To Yehowa So​—Ɔno Na Ɔhyɛ “Bere Ne Nna”

“Ɔno na ɔsakra bere ne nna, na otu ahene si ahene.”—DAN. 2:21.

WUBEBUA DƐN?

Ɔkwan bɛn so na adebɔ ne nkɔmhyɛ a abam ma yehu sɛ Yehowa di bere so pɛpɛɛpɛ?

Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ “bere ne nna” nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Dɛn nti na nea ɛkɔ so wɔ wiase anaa nea nnipa bɛyɛ biara rentumi nsesa bere a Yehowa ahyɛ no?

1, 2. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa nim nea bere kyerɛ ankasa?

ANSA na Yehowa Nyankopɔn rebɔ nnipa no, na wahyehyɛ ɔkwan a yɛbɛfa so abu bere ato hɔ dedaadaw. Adebɔ da a ɛto so anan no, Onyankopɔn kae sɛ: “Akanea mmra wim wɔ soro na ɛnkyɛ awia ne anadwo mu; na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmere ne nna ne mfe.” (Gen. 1:14, 19, 26) Sɛnea Yehowa pɛ sɛ ɛyɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛyɛe.

2 Nanso besi nnɛ nyinaa nyansahufo ntumi nkyerɛɛ dekode a ɛbere yɛ ankasa. Nhoma bi ka sɛ: “Ade biako a asete yɛ den paa wɔ wiase ne ɛbere. Obiara ntumi nkyerɛ n’adeban.” Nanso Yehowa nim nea bere kyerɛ ankasa. Ɔno na ‘ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe.’ Yehowa na ‘ofi mfiase ka awiei asɛm, na ofi tete ka nea ensii.’ (Yes. 45:18; 46:10) Momma yɛnhwɛ sɛnea adebɔ ne nkɔmhyɛ a anya mmamu ma yehu sɛ Yehowa ne obi a odi bere so pɛpɛɛpɛ, na ɛno bɛma yɛanya gyidi kɛse wɔ Yehowa ne n’Asɛm Bible mu.

ADEBƆ MA YENYA YEHOWA MU GYIDI

3. Nneɛma a edi bere so pɛpɛɛpɛ no bi ne dɛn?

3 Nneɛma a Yehowa abɔ nyinaa di bere so pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, okyinnsoromma, nsoromma, bosome, ne owia nyinaa di bere so pɛpɛɛpɛ ma enti yetumi kyerɛ sɛ ebedu ha saa bere yi, anaa saa bere yi. Ɛno na ɛma yenya osutɔ bere ne ɔpɛ bere, na ɛboa akwantufo ma wohu baabi a wɔde wɔn ani bɛkyerɛ. Esiane sɛ Yehowa na ɔyɛɛ saa nneɛma a edi bere so pɛpɛɛpɛ yi nti, yebetumi aka sɛ ɔwɔ “tumi mmoroso” na ɛfata sɛ yeyi no ayɛ.—Monkenkan Yesaia 40:26.

4. Ɔkwan bɛn so na sɛnea abɔde a nkwa wom di bere so no ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ onyansafo?

4 Sɛ yɛhwɛ abɔde a nkwa wom nso a, yehu sɛ wodi bere so pɛpɛɛpɛ. Afifide ne mmoa pii wɔ hɔ a, wɔde bere adua wɔn mu. Ɛno na ɛma nnomaa bebree hu bere a ɛsɛ sɛ wotu kɔ baabi foforo. (Yer. 8:7) Onyankopɔn de bere adua nnipa nso mu. Eyi nti yɛn nipadua ma yehu sɛ ade akye anaa ade asa. Sɛ obi de wimhyɛn tu kwan kɔ akyirikyiri na ɛsono ɛhɔ bere a, ebegye bere kakra ansa na ne nipadua ne hɔ agye. Nokwasɛm ni, yɛwɔ nhwɛso ahorow pii a ɛkyerɛ sɛ abɔde di bere so, na ɛno ma yehu sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ “bere ne nna,” na ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ tumi. (Monkenkan Dwom 104:24.) Ampa ara, Yehowa nyansa ne ne tumi nni ano. Yebetumi anya ahotoso sɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara, ɔbɛyɛ!

NKƆMHYƐ BAM BERE ANO, ƐHYƐ YƐN GYIDI DEN

5. (a) Dɛn nkutoo na ebetumi ama yɛahu adesamma daakye? (b) Dɛn nti na Yehowa tumi kyerɛ nneɛma a ebesi daakye ne bere a ebesi?

5 Nneɛma a Yehowa abɔ ma yesua nneɛma pii fa ne “su horow a wonhu” ho, nanso asɛmmisa titiriw bi wɔ hɔ a enyi ano. Ɛno ne, ‘Ebewie adesamma dɛn daakye?’ (Rom. 1:20) Sɛ yɛpɛ ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm Bible mu. Sɛ yesua Bible a, yebehu sɛ nkɔmhyɛ pii baa mu bere ano pɛpɛɛpɛ! Yehowa betumi ama yɛahu nea ebesi daakye efisɛ onim daakye asɛm. Bio nso, Yehowa Nyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu ma Bible nkɔmhyɛ bam bere a wahyɛ pɛpɛɛpɛ ma ɛne n’atirimpɔw hyia.

6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛte Bible mu nkɔmhyɛ ase?

6 Onyankopɔn mmu bere sɛnea yebu bere, nanso sɛ ɔka sɛ asɛm bi besi bere pɔtee bi a, ɔka no sɛnea yɛbɛte ase. Yehowa yɛ saa na ama n’asomfo ate Bible mu nkɔmhyɛ ase na wɔanya so mfaso. (Monkenkan Dwom 90:4.) Sɛ nhwɛso no, Adiyisɛm nhoma no ka “abɔfo baanan” bi ho asɛm sɛ “wɔasiesie wɔn ama dɔn ne da ne ɔsram ne afe.” Sɛ yɛka dɔn, da, ɔsram, ne afe a, nnipa te ase. (Adi. 9:14, 15) Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn maa nkɔmhyɛ baa mu bere a wahyɛ pɛpɛɛpɛ a, yenya ne mu ahotoso kɛse paa sɛ ɔne Onyankopɔn a ɔhyɛ “bere ne nna.” Bio nso ɛma yɛde yɛn ho nyinaa to Bible so. Ɛnde momma yensusuw nhwɛso kakra ho.

7. Ɔkwan bɛn so na nkɔm a Yeremia hyɛ faa Yerusalem ne Yuda ho a ɛbaa mu no ma yehu sɛ Yehowa di bere so pɛpɛɛpɛ?

7 Momma yenni kan nhwɛ nneɛma a esii bɛyɛ mfe ahanson ansa na Kristo reba. “Yuda hene Yehoiakim, Yosia ba no afe a ɛto so anan” no, Yehowa a ɔhyɛ bere no kaa Yuda man no nyinaa ho asɛm kyerɛɛ Yeremia. (Yer. 25:1) Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ Babilonfo bɛsɛe Yerusalem na wɔde Yudafo no akɔ Babilon. Ná ‘wɔbɛsom Babilon hene mfirihyia aduɔson’ wɔ hɔ. Babilon asraafo sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. mu, na ampa-ne-ampa ara wɔde Yudafo kɔɔ Babilon. Ná dɛn na ebesi wɔ mfe 70 no awiei? Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mfe aduɔson no ba awiei wɔ Babilon a, mɛdan m’ani abɛhwɛ mo, na asɛmpa a mekae wɔ mo ho no, mɛma aba mu na masan ama moaba ha.’” (Yer. 25:11, 12; 29:10) Saa nkɔmhyɛ yi baam bere ano pɛpɛɛpɛ afe 537 A.Y.B. Saa bere no na Mediafo ne Persiafo gyee Yudafo fii Babilonfo nsam.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no mmae ne ɔsoro Ahenni a wɔde asi hɔ ho no ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ “bere ne nna”?

8 Momma yɛnhwɛ nkɔmhyɛ foforo a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no ho. Aka bɛyɛ mfe abien ma Yudafo afi Babilon no, Onyankopɔn nam odiyifo Daniel so hyɛɛ nkɔm. Ɔkae sɛ, sɛ wɔde ahyɛde ma sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem a, mfe 483 akyi na Mesia no bɛba. Media ne Persia hene de saa ahyɛde no mae wɔ afe 455 A.Y.B. mu. Mfe 483 akyi pɛpɛɛpɛ wɔ afe 29 Y.B. mu no, wɔbɔɔ Yesu a ofi Nasaret no asu de honhom kronkron sraa no ma ɔbɛyɛɛ Mesia no. *Neh. 2:1, 5-8; Dan. 9:24, 25; Luka 3:1, 2, 21, 22.

9 Afei hwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka faa Onyankopɔn Ahenni ho. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ wɔde Mesia Ahenni no besi soro wɔ afe 1914 mu. Ɔkwan biako ne sɛ Bible ma yehu Yesu mmae ho “sɛnkyerɛnne,” na ɛda no adi sɛ wɔbɛtow Satan afi soro aba asase so ma asase so ayɛ bagyabagya. (Mat. 24:3-14; Adi. 12:9, 12) Bio nso, Bible nkɔmhyɛ kyerɛɛ bere pɔtee a “amanaman mmere a wɔahyɛ no bewie du” na Kristo afi ase adi hene wɔ soro. Eyi sii afe 1914.—Luka 21:24; Dan. 4:10-17. *

10. Nneɛma bɛn na ɛwɔ yɛn anim a yɛhwɛ kwan sɛ ebesisi bere ano pɛpɛɛpɛ?

10 Ɛrenkyɛ “ahohiahia kɛse” a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no bɛba. Ɛno akyi no, Yesu bedi hene mfirihyia apem. Eyinom nyinaa bɛbam bere a wɔahyɛ pɛpɛɛpɛ; biribiara ntumi nsiw kwan. Bere a Yesu wɔ asase so no, na Yehowa ahyɛ “da no ne dɔn” a eyinom bɛba ato hɔ dedaadaw.—Mat. 24:21, 36; Adi. 20:6.

‘TƆ BERE A WUBENYA BIARA’

11. Sɛ yegye di paa sɛ yɛte awiei bere mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

11 Esiane sɛ yɛte “awiei bere” mu na yenim sɛ Kristo afi ase redi ade dedaw nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Dan. 12:4) Nnipa pii hu sɛ sɛe ara na nneɛma resɛe wɔ wiase, nanso wonnim sɛ eyinom nyinaa yɛ Bible nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu. Ebinom hwɛ kwan sɛ da koro bi nneɛma bɛdan abutuw, na afoforo nso susuw sɛ nnipa betumi ama “asomdwoe ne dwoodwoo” aba. (1 Tes. 5:3) Na yɛn nso ɛ? So yegye di paa sɛ aka kakraa bi ma Satan wiase yi aba awiei? Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de bere a aka no som Onyankopɔn a ɔhyɛ “bere ne nna” no, na yɛboa afoforo ma wobehu no. (2 Tim. 3:1) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade nyansam na yɛde yɛn bere di dwuma yiye.—Monkenkan Efesofo 5:15-17.

12. Sɛ yɛhwɛ nea Yesu ka faa Noa nna no ho a, dɛn na yebetumi asua?

12 Nneɛma pii twetwe yɛn adwene wɔ wiase, enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma yiye. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.” Ná Noa nna no te dɛn? Ná Onyankopɔn aka akyerɛ Noa sɛ saa wiase no bɛba awiei ma abɔnefo awuwu wɔ nsuyiri a ɛbɛba wiase nyinaa no mu. Ná Noa yɛ “trenee sɛnkafo,” enti ɔde nokwaredi kaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ ne bere sofo. (Mat. 24:37; 2 Pet. 2:5) Nanso “wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware . . . na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.” Enti Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ: “Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a mo ani nna so mu na onipa Ba no bɛba.” (Mat. 24:38, 39, 44) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Noa, na ɛnsɛ sɛ yesuasua nnipa a na wɔwɔ ne bere so no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ krado bere nyinaa?

13, 14. Bere a yɛretwɛn onipa Ba no mmae no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae fa Yehowa ho na aboa yɛn ma yɛakɔ so asom no?

13 Onipa Ba no bɛba dɔn a yɛnhwɛ kwan de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa di bere so pɛpɛɛpɛ. Nea ɛbɛkɔ so wɔ wiase anaa nea nnipa bɛyɛ biara rentumi nsesa bere a Yehowa ahyɛ no. Yehowa betumi de ne ho agye nsɛm mu ma n’apɛde ayɛ hɔ bere biara a ɔpɛ. (Monkenkan Daniel 2:21.) Mmebusɛm 21:1 ka sɛ: “Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam. Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.”

14 Yehowa tumi sakra nneɛma ma n’atirimpɔw bam bere ano. Nsakrae akɛse akɛse pii aba wiase ma Bible nkɔmhyɛ abam. Nkɔmhyɛ biako a nsakrae yi aka no paa ne nea ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛreka wɔ wiase nyinaa ho no. Wo de, hwɛ nea ɛbae bere a Soviet Union nniso gui no. Obiara anna annwene ho da sɛ aban ahorow bɛdan abutuw prɛko pɛ saa. Nanso nsakrae yi nti, aman pii a kan no na wɔabara asɛnka adwuma no wɔ so no, ɛnnɛ wɔreka asɛmpa no wɔ hɔ. Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa ntɔ bere a yebenya biara mfa nsom Onyankopɔn a ɔhyɛ “bere ne nna” no.

NYA GYIDI SƐ YEHOWA BERE MPA HO

15. Sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nsakrae a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi?

15 Sɛ yegye di sɛ Yehowa bedi ne bere so pɛpɛɛpɛ a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so aka Ahenni ho asɛmpa no wɔ nna a edi akyiri yi mu. Esiane sɛ nneɛma resesa wɔ wiase nti, ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛtɔ da bi a Yehowa ahyehyɛde no bɛyɛ nsakrae a ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no yiye. Sɛ yegye di paa sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ “bere ne nna” a, ɛnde yebegye nsakrae a ɛte saa atom na yɛabrɛ yɛn ho ase ahyɛ ne Ba no a ɔyɛ “asafo no ti” no ase.—Efe. 5:23.

16. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu?

16 Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ no mpae bere biara na yenya ahotoso koraa sɛ ɔbɛboa yɛn “bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:16) So eyi nkyerɛ sɛ odwen yɛn mu biara ho? (Mat. 6:8; 10:29-31) Sɛ yɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae daa hwehwɛ ne mmoa na yɛde n’akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛbɛbɔ mpae ama yɛn mfɛfo gyidifo.

17, 18. (a) Dɛn na Yehowa de bɛyɛ n’atamfo nnansa yi ara? (b) Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya?

17 Ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛn gyidi hinhim; ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den na yenya ahoɔden de yɛ Onyankopɔn apɛde. (Rom. 4:20) Satan ne ne nkurɔfo yɛ Onyankopɔn atamfo, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesiw adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no kwan. (Mat. 28:19, 20) Ɔbonsam haw yɛn, nanso yenim sɛ Yehowa yɛ ‘Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa, titiriw anokwafo.’ Onim “sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.”—1 Tim. 4:10; 2 Pet. 2:9.

18 Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsɛe wiase bɔne yi. Yennim ɔkwan pɔtee ne bere a eyi besi de, nanso yenim sɛ, sɛ bere no nya so a, Kristo bɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa. Afei obiara behu sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛfata. Enti hwɛ awerɛhosɛm a ɛbɛyɛ sɛ yebebu yɛn ani agu “bere ne nna” a yɛwom yi so! Momma yɛnhwɛ yiye na yɛannya adwene sɛ “biribiara te sɛ nea ɛte fi abɔde mfiase.”—1 Tes. 5:1; 2 Pet. 3:3, 4.

‘FA NTOBOASE TWƐN’

19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ntoboase twɛn Yehowa?

19 Bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa no, na n’adwene ne sɛ nnipa bɛtena ase daa na wɔasua ne ho ade ne nneɛma fɛfɛ a wabɔ no. Ɔsɛnkafo 3:11 ka sɛ: “[Yehowa ayɛ] ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam, sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma renhu nneɛma a nokware Nyankopɔn ayɛ no mu fi mfiase kosi awiei.”

20 Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye efisɛ Yehowa nsesaa adwene a ɔde bɔɔ nnipa no. (Mal. 3:6) Bible ka sɛ “sunsuma a ɛsakra na ɛdannan” nni Onyankopɔn mu. (Yak. 1:17) Esiane sɛ asase twa ne ho nti, sunsuma sakrasakra, nanso Yehowa de, bere nsesa no. Yehowa ne “mmeresanten Hene,” ɔwɔ hɔ daa. (1 Tim. 1:17) Enti momma yɛmfa ‘ntoboase ntwɛn yɛn nkwagye Nyankopɔn no.’ (Mika 7:7) “Munnya akokoduru, na mo bo nyɛ duru, mo a moretwɛn Yehowa nyinaa.”—Dw. 31:24.

[Ase hɔ nsɛm]

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 19 mfonini]

Ná Daniel gye di sɛ nkɔm a Onyankopɔn ahyɛ bɛbam

[Kratafa 21 mfonini]

Wode wo bere di dwuma yiye de yɛ Yehowa apɛde?