Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetenam Nsɛm

Me ne Anyansafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Bɔe

Me ne Anyansafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Bɔe

Elva Gjerde anom asɛm

Bɛyɛ mfe 70 ni, obi baa yɛn fie na ɔmaa me papa nyansahyɛ bi a ɛsesaa m’asetena koraa. Efi saa da no, nnipa pii nso aboa me paa wɔ m’asetenam. Mibenyaa adamfo bi a ɔsom bo ma me sen obiara. Ma menkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo.

WƆWOO me wɔ Sydney, Australia, 1932 mu. Ná m’awofo gye Onyankopɔn di nanso na wɔnkɔ asɔre. Me maame ka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn ani di m’akyi daa, enti meyɛ bɔne a, ɔbɛtwe m’aso. Enti na misuro Onyankopɔn paa. Nanso na m’ani gye Bible ho. Ná me maame nuabea taa bɛsra yɛn, na bere biara ɔbɛba no, na ɔka Bible mu nsɛm pii a ɛyɛ anigye kyerɛ me. Bere biara a mɛte sɛ ɔreba no, na m’ani agye.

Bere a meyɛ ababaa no, na me papa taa kenkan nhoma bi a ɔbea panyin bi de maa me maame. Ná ɔbea no yɛ Yehowa Dansefo. Me papa ani gyee nea na ɔrekenkan no ho ara ma enti ɔkae sɛ Adansefo no ne no nsua Bible. Anwummere bi a na wɔreyɛ adesua no, mekɔtɛw baabi tiee bi, ɛnna me papa huu me. Anka ɔrepam me ma makɔda, nanso ɔbarima a ɔne no resua ade no kae sɛ, “Adɛn na womma Elva mmɛtena ase ntie bi?” Asɛm a ɔkae yi sesaa m’asetena koraa, na mifii ase faa nokware Nyankopɔn Yehowa adamfo.

Ankyɛ koraa na me ne me papa fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam. Nea me papa suae no ma ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ n’abrabɔ mu. Ná ne koma haw no, nanso ofii ase sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so. Eyi maa me maame ne me nuabarima panyin Frank fii ase kɔɔ asafo nhyiam. * Yɛn baanan nyinaa siesiee yɛn akwan ma wɔbɔɔ yɛn asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Efi saa bere no, mafa wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnamfo na wɔaboa me paa wɔ m’asetenam.

ADWUMA A MƐPAW

Bere a meyɛ ababaa no, na metaa ne anuanom a wɔn mfe akɔ anim bɔ paa. Wɔn mu biako ne Alice Place. Ɔno ne onuawa a odii kan kaa asɛm no kyerɛɛ yɛn abusua no. Mefaa no sɛ me nanabea. Alice kyerɛɛ me sɛnea medi afoforo adanse, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menyere me ho mmɔ asu. Na ampa ara, bere a midii mfe 15 no, mebɔɔ asu.

Me ne Percy ne Madge [Margaret] Dunham nso bɛyɛɛ nnamfo. Ná wɔyɛ awarefo a wɔn mfe akɔ anim. Wɔboaa me ma mihuu nea mɛyɛ daakye. Asɛm no ne sɛ, na mepɛ akontaabu paa, enti na m’adwene nyinaa ne sɛ daakye mɛkyerɛ akontaa. Ná Percy ne Madge asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Latvia ansa na wiase ko a ɛto so abien no refi ase. Bere a Wiase Ko II pae gui wɔ Europa no, wɔma wɔkɔsom wɔ Australia Betel a na ɛwɔ Sydney kurotia baabi. Percy ne Madge ma mihui sɛ wɔpɛ m’asɛm, na wɔkaa asɛmpatrɛw adwuma no mu nsɛm a ɛyɛ anigye pii kyerɛɛ me. Mihui pefee sɛ, sɛ mekyerɛ Bible mu nsɛm a, ɛbɛyɛ anigye paa sen sɛ mɛkyerɛ akontaa. Enti misii gyinae sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo mmom.

Onua Dunham ne ne yere hyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ akwampae adwuma no na asiesie me ama asɛmpatrɛw adwuma no. Enti 1948, bere a na madi mfe 16 no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, na me ne mmerante ne mmabaa du a wɔyɛ akwampaefo yɛɛ adwuma wɔ yɛn asafo mu wɔ Hurstville, Sydney.

Mfe anan a edi hɔ no, meyɛɛ akwampae adwuma wɔ nkurow anan mu wɔ New South Wales ne Queensland. Bible asuafo a wodi kan a minyaa wɔn no mu biako ne Betty Law (a seesei wɔfrɛ no Betty Remnant). Ná Betty sen me mfe abien, na na ɔyɛ ababaa a ne yam ye. Akyiri yi, me ne no boom yɛɛ akwampae adwuma wɔ Cowra. Ná kurow no wɔ Sydney atɔe fam bɛyɛ akwansin 145 (anaa kilomita 230). Ɛwom sɛ me ne Betty boom yɛɛ akwampae adwuma no bere tiaa bi de, nanso yɛda so ara yɛ nnamfo.

Wɔpaw me ɔkwampaefo titiriw de me kɔɔ Narrandera. Ɛwɔ Cowra anafo fam bɛyɛ akwansin 137 (anaa kilomita 220). Wɔde Joy Lennox (a seesei wɔfrɛ no Joy Hunter) kaa me ho sɛ me ne no nyɛ adwuma. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo mmɔdenbɔfo, na na ɔno nso sen me mfe abien. Ná yɛn nkutoo ne Adansefo wɔ kurom hɔ. Awarefo bi a wɔde Ray ne Esther Irons yii wɔn yam maa me ne Joy baabi tenae wɔ wɔn fie. Ná wɔne wɔn babarima ne wɔn mmabea baasa nyinaa ani gye nokware no ho. Ná Ray ne ne babarima yɛn nguan, na na wɔwɔ awi fuw bi a wɔyɛ mu adwuma fi Dwoda kosi Fida. Ná wɔwɔ ahɔhodan bi a Esther ne wɔn mmabea no hwɛ so. Kwasida biara na me ne Joy noa aduan pii ma Irons abusua no ne nnipa bɛyɛ 12 a wɔwɔ ahɔhodan no mu no. Ná wɔn a wɔwɔ ahɔhodan no mu no yɛ keteke adwumayɛfo, na na wɔn yam bae paa. Ná yɛyɛ saa adwuma yi de tew yɛn dan ka so. Sɛ obiara didi wie na yesiesie hɔ a, na yɛne Irons abusua no sua Ɔwɛn-Aban no. Ray, Esther, ne wɔn mma baanan no begyee nokware no, na wɔn ne nnipa a yɛde wɔn fii Narrandera Asafo no ase.

Mekɔɔ ɔmantam nhyiam bi a Yehowa Adansefo yɛe wɔ afe 1951 mu wɔ Sydney. Wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ hɔ maa akwampaefo a wɔn ani gye asɛmpatrɛw adwuma ho, na mekɔɔ bi. Wɔyɛɛ saa nhyiam titiriw no wɔ apata kɛse bi ase, na nnipa a wɔbaa ase no bɛboro 300. Nathan Knorr a ofi Brooklyn Betel ne yɛn kasae, na ɔkae sɛ wohia nnipa pii ma wɔaka asɛmpa no wɔ wiase afanan nyinaa. Yetiee asɛm no guu aso pa mu, enti akyiri yi akwampaefo a yehyiae no mu pii kɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ South Pacific ne mmeae foforo. Wɔfrɛɛ nnipa 17 fi Australia ma wɔkɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so 19 wɔ afe 1952 mu, na na meka ho. Eyi maa m’ani gyei paa. Saa bere no na madi mfe 20 pɛ, na na me daeso sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no reba mu ara ne sa!

NA ƐSƐ SƐ MEYƐ NSAKRAE PII

Gilead sukuu no ma minyaa Bible mu nimdeɛ pii na ɛhyɛɛ me gyidi den. Ɛsan nso sesaa me nipasu. Saa bere no na meyɛ ababaa a masi so a minni suahu kɛse; enti na ɛyɛ me sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ biribiara frenkyemm, na saa ara na na mehwɛ kwan sɛ afoforo nso bɛyɛ. Nokwasɛm ne sɛ na meyɛ katee wɔ nneɛma bi ho dodo. Biribi a asɛm nni ho koraa no, na misusuw sɛ asɛm wɔ ho. Nhwɛso bi ni: Bere bi, mihui sɛ Onua Knorr ne Betel mmerante bi rebɔ bɔɔl, na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ onua no regyaagyaa ne ho saa.

Ná akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Gilead wɔ nhumu ne suahu pii, enti ɛkame ayɛ sɛ wohui sɛ merebrɛ. Ná me ho asɛm hia wɔn, enti wɔboaa me ma misiesiee m’adwene. Nkakrankakra, mibehui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne yam ye na n’ani sɔ nea yetumi yɛ. Ɔnyɛ katee a biribiara nsɔ n’ani. Me mfɛfo a wɔwɔ sukuu hɔ no nso boaa me. Mekae sɛ da bi wɔn mu biako kae sɛ: “Elva, Yehowa nkura abaa biara a ɔde bɛhwe yɛn. Nhyɛ wo ho sɛ wobɛyɛ biribiara frenkyemm!”

Bere a yewiee Gilead no, wɔde me ne anuanom baanan kɔɔ Namibia wɔ Afrika. Ankyɛ koraa na yenyaa Bible asuafo 80. Ná m’ani gye ho sɛ mɛtena Namibia; na asɛmpatrɛw adwuma no nso yɛ biribi a mepɛ paa. Nanso na matɔ onuabarima bi dɔ mu ntontan. Me ne no nyinaa wiee Gilead bere koro mu na wɔde no kɔɔ Switzerland. Enti bere a midii afe wɔ Namibia no, mibuu me kɛtɛ mu kɔɔ Switzerland. Ná ɔbarima a merebɛware no no yɛ ɔmansin sohwɛfo, enti yɛwaree no, yɛtoaa so yɛɛ adwuma no.

AHOHIA BERE

Yɛyɛɛ ɔmansin adwuma no mfe anum, ɛnna wɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ adwuma wɔ Switzerland Betel. Ná anuanom mmarima ne mmea pii wɔ Betel hɔ a wɔn mfe akɔ anim, na na wɔwɔ suahu pii wɔ nokware no mu. M’ani gyei sɛ minyaa saafo yi nyinaa wɔ Betel abusua no mu.

Mekɔɔ Betel no, ankyɛ koraa na akomatusɛm bi te sii m’asetenam. Mibehui sɛ me kunu anni me nokware na wanni Yehowa nso nokware. Ogyaw me hɔ, na ebubuu me! Sɛ ɛnyɛ me nnamfonom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ Betel a woyii wɔn yam boaa me a, anka minnim nea mɛyɛ. Merekasa a, wɔyɛ aso tie me, na mepɛ sɛ minya m’asomdwoe nso a, wogyaa me. Wɔde wɔn nsɛm kyekyee me werɛ na woyii wɔn yam boaa me ma mitumi gyinaa m’amanehunu ano. Eyi nyinaa boaa me ma mebɛn Yehowa paa.

Bio nso mekae nsɛm a anuanom a wɔn mfe akɔ anim bi ka kyerɛɛ me bere bi a atwam. Anuanom yi maa nea wɔfaa mu no tetee wɔn. Wɔn mu biako ne Madge Dunham. Da bi ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Elva, bere a woresom Yehowa yi wubehyia sɔhwɛ pii, nanso sɔhwɛ a ɛyɛ den paa betumi afi wɔn a wɔbɛn wo hɔ. Tebea a ɛte saa mu no, fa wo ho to Yehowa so na kae sɛ ɔno na wosom no, ɛnyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ.” Madge asɛm no boaa me ma mitumi gyinaa tebea a mihyiae no ano. Misii me bo sɛ meremma mfomso a me kunu adi no nwae me mfi Yehowa ho da.

Akyiri yi, misii gyinae sɛ mɛsan akɔ Australia sɛnea mɛbɛn m’abusuafo na mayɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ. Bere a yɛte po so hyɛn mu rekɔ no, me ne akwantufo no bi bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Na Norweyni barima bi a ɔde Arne Gjerde ka wɔn a me ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ no ho. Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ kasa, na n’ani gyee asɛm no ho. Akyiri yi Arne bɛsraa me ne m’abusuafo wɔ Sydney. Onyaa nkɔso ntɛm ma wɔbɔɔ no asu. Afe 1963 mu no, me ne Arne waree na mfe abien akyi no, mewoo yɛn babarima Gary.

SƆHWƐ BERE FOFORO

Ná me ne Arne ne Gary ani gye wɔ yɛn abusua mu. Ankyɛ na Arne trɛw yɛn fie mu maa m’akora ne m’aberewa bɛtenaa yɛn nkyɛn. Nanso yɛwaree akyi mfe asia no, asɛm foforo bɛbobaree yɛn. Ɛbɛdaa adi sɛ kokoram atɔ me kunu amemene mu. Wɔde mfiri yɛɛ ne ho adwuma wɔ ayaresabea. Eyi gyee bere tenten, na daa na mekɔsra no wɔ ayaresabea. Eduu baabi no, na ne ho ye kakra, nanso tebea no san sɛee koraa na onyaa stroke. Wɔn a wɔrehwɛ no no ka kyerɛɛ me sɛ aka adapɛn kakraa bi na wawu. Nanso Arne tenaa ase boroo saa na akyiri yi woyii no ma ɔkɔɔ fie. Mehwɛɛ no nkakrankakra ma ne ho yɛɛ no den. Eduu baabi no na afei otumi nantew, na ankyɛ koraa na ɔtoaa ne dwumadi so sɛ asafo mu panyin. Daa na n’anim yɛ sereserew, na na otumi yi nsɛnkwaa mpo. Eyi nyinaa ka ho bi na ne ho yɛɛ no den, na ɛboaa me nso ma mitumi hwɛɛ no.

Mfe bi akyi wɔ 1986 mu no, Arne san yaree bio. Saa bere no na m’awofo afi mu, enti yetu fii Sydney kurom kɔtenaa beae bi a ɛyɛ fɛ a wɔfrɛ hɔ Blue Mountains. Ná yɛabɛn yɛn nnamfonom. Akyiri yi Gary waree Kristoni bea hoɔfɛfo bi a ɔde Karin, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn baanan nyinaa ntena ofie biako mu. Ankyɛ koraa na yɛn nyinaa kɔtenaa ofie bi mu. Ná ɛbɛn baabi a na me ne Arne te kan no.

Aka afe ne asram asia ma Arne awu no, ɔkaa mpa mu na daa na obi te ne ho. Esiane sɛ mpɛn pii no na mewɔ fie nti, na mede nnɔnhwerew abien sua Bible ne asafo nhoma ahorow da biara. Misuaa nneɛma pii, na eyi boaa me ma mitumi gyinaa me tebea no ano. Yɛn asafo mufo a wɔn mfe akɔ anim bɛsraa yɛn. Ná wɔn mu bi afa tebea a ɛte saa mu pɛn, enti wɔn nsrahwɛ no hyɛɛ me den paa. April 2003 mu no, Arne wui a na ɔwɔ anidaso sɛ awufo bɛsɔre.

NEA ƆBƆƆ ME KYIDƆM KƐSE

Bere a meyɛ ababaa no, na mepɛ biribiara frenkyemm. Nanso mibehui sɛ ɛnyɛ nea wopɛ na wunya wɔ asetenam. Manya nhyira pii, na mahyia akomatusɛm abien nso. Me kunu a odi kan anni nokware ma mehweree no; yare ma mehweree nea ɔto so abien nso. Saa bere no nyinaa minyaa akwankyerɛ ne awerɛkyekye fii mmeae ahorow. Onii a ɔda so ara bɔ me kyidɔm paa ne “Nea ne nna akyɛ”—Yehowa Nyankopɔn. (Dan. 7:9) N’afotu anwene me ma manya su pa, na eyi ama manya osuahu a ɛyɛ anigye pii wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. Sɛ dadwen bunkam me so a, ‘Yehowa adɔe wowaw me na n’awerɛkyekye ma me kra ani gye.’ (Dw. 94:18, 19) M’abusuafo de ɔdɔ kann agyina m’akyi, na m’ayɔnkofo nso ada no adi sɛ ‘wɔwoo wɔn maa ahohia da.’ (Mmeb. 17:17) Ná wɔn mu pii yɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim na wɔn adwenem dɔ.

Agya panyin Hiob bisae sɛ: “Nyansa nni nkwakoraa mu anaa, na ntease nni onyinkyɛ mu?” (Hiob 12:12) Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, metumi aka sɛ mmuae no yɛ yiw. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim na wɔn adwenem da hɔ no de wɔn afotu aboa me, wɔde wɔn awerɛkyekye awowaw me, na wɔn ayɔnkofa ama asi me yiye wɔ asetenam. Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ me ne wɔn bɔe.

Seesei madi mfe 80, enti me nso m’ani afi. Osuahu a manya no ma minya tema ma afoforo a wɔn mfe akɔ anim. Seesei mpo, m’ani gye ho sɛ mɛsra wɔn na maboa wɔn. M’ani gye ho sɛ me ne mmofra nso bɛbɔ. Sɛ mihu ahoɔden a wɔde kɔ ba a, na ɛyɛ me anika, na wɔn ahokeka nso hyɛ me nkuran. Sɛ mmofra bɛn me sɛ memma wɔn akwankyerɛ anaa mmoa bi a, mentwentwɛn me nan ase sɛ mɛboa wɔn.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Elva nuabarima Frank Lambert bɛyɛɛ ɔkwampaefo a ɔyɛ hyew wɔ Australia nkuraase. Wɔde asɛnka mu suahu ahorow a ɛyɛ anigye a onyae no biako aba 1983 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no kratafa 110-112.

[Kratafa 14 mfonini]

Me ne Joy Lennox reyɛ akwampae adwuma wɔ Narrandera

[Kratafa 15 mfonini]

Elva ne Betel abusua a wɔwɔ Switzerland, 1960

[Kratafa 16 mfonini]

Bere a Arne yare a merehwɛ no