Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn anokwafo wu ‘yɛ aboɔden Yehowa ani so’?

▪ Onyankopɔn honhom kaa odwontofo bi ma ɔtoo dwom sɛ: “Yehowa anokwafo wu yɛ aboɔden, n’ani so.” (Dw. 116:15) Yehowa somfo nokwafo biara nkwa som bo ma no paa. Nanso asɛm a ɛwɔ Dwom 116:15 no mfa nnipa nkorɛnkorɛ wu ho titiriw.

Enti sɛ Kristoni bi de nokwaredi som Yehowa kosi owu mu mpo, na sɛ yɛrema ne wu ho kasa a, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ Dwom 116:15 fa ne ho. Dɛn ntia? Efisɛ asɛm a odwontofo no kae no mfa obiakofo wu ho. Na mmom ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn remma kwan mma wonkunkum n’anokwafo nyinaa efisɛ wɔsom bo ma no.—Hwɛ Dwom 72:14; 116:8.

Dwom 116:15 ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa remma wɔntɔre n’asomfo anokwafo ase sɛ kuw mfi asase so. Nokwasɛm ne sɛ abakɔsɛm a ɛwɔ hɔ nnɛ ma yehu sɛ yɛatumi agyina sɔhwɛ ne ɔtaa a emu yɛ den pii ano, na ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn remma kwan mma wɔntɔre yɛn ase da.

Esiane sɛ Yehowa tumi nni ano na n’atirimpɔw nso bɛbam ɔkwan biara so nti, ɔremma wɔntɔre yɛn ase sɛ kuw. Sɛ Onyankopɔn ma biribi a ɛte saa ho kwan a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ n’atamfo wɔ no so tumi, nanso ɛremma saa da! Anka ɛremma Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ anokwafo ntena asase so no mma mu, nanso ɛbɛbam ɔkwan biara so. (Yes. 45:18; 55:10, 11) Seesei Yehowa asomfo resom no wɔ ne honhom fam asɔrefie kɛse no adiwo wɔ asase so, enti sɛ wɔn nyinaa ase hyew a, anka nnipa bɛn na wɔbɛsom no wɔ asase so? Anka wɔrennya nnipa a wɔde wɔn bɛhyɛ “asase foforo” no ase. “Asase foforo” no ne nnipa a wɔteɛ a wɔte asase yi so a “ɔsoro foforo” no bedi wɔn so no. (Adi. 21:1) Afei nso, sɛ ɛba saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Kristo Mfirihyia Apem Nniso no aba bere a nnipa biara nni asase so a ebedi wɔn so?—Adi. 20:4, 5.

Sɛ Onyankopɔn ma kwan ma n’atamfo tɔre ne nkurɔfo nyinaa a wɔwɔ asase so ase bom a, anka Onyankopɔn dibea ne ne din ho bɛba asɛm. Sɛ Yehowa ma biribi a ɛte saa ho kwan a, ɛnde na anka Amansan Hene a ɔyɛ no ne dɛn? Bio, obu a Yehowa wɔ ma ne ho ne ne din kronkron no nti, ɔremma kwan mma n’asomfo anokwafo ase nhyew. Susuw eyi nso ho: Esiane sɛ ‘nkontomposɛm biara nni Onyankopɔn akwan mu’ nti, ɔbɛbɔ nnipakuw a wɔresom no nokware mu no ho ban ɔkwan biara so. (Deut. 32:4; Gen. 18:25) Afei nso, sɛ Yehowa ma kwan ma wɔtɔre n’asomfo ase sɛ kuw a, anka ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia. N’Asɛm ka sɛ: “Yehowa din kɛse no nti, ɔrennyaw ne man.” (1 Sam. 12:22) Nokwasɛm ne sɛ “Yehowa rempo ne man, na ɔrennyaw n’agyapade.”—Dw. 94:14.

Yɛahu sɛ wɔrentɔre Yehowa nkurɔfo ase mfi asase so da. Eyi yɛ awerɛkyekyesɛm! Ɛnde sɛnea ɛte biara, momma yenni Onyankopɔn nokware bere nyinaa, na yɛmfa yɛn ho nto ne bɔhyɛ yi so: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo wɔ asɛnnii mu no, wubebu no fɔ. Eyi ne Yehowa asomfo agyapade, na wɔn trenee fi me.”—Yes. 54:17.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Onyankopɔn remma kwan ma wɔntɔre ne nkurɔfo ase da