Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woreda Yehowa Anuonyam Adi?

So Woreda Yehowa Anuonyam Adi?

So Woreda Yehowa Anuonyam Adi?

“Yɛn nyinaa . . . da Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ.”—2 KOR. 3:18.

WUBEBUA DƐN?

Bɔne wɔ yɛn ho de, nanso dɛn nti na yebetumi ahyɛ Yehowa anuonyam?

Adɛn nti na mpaebɔ ne Kristofo nhyiam boa yɛn ma yɛda Onyankopɔn anuonyam adi?

Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ahyɛ Yehowa anuonyam?

1, 2. Dɛn nti na yebetumi asuasua Yehowa su ahorow?

YƐN nyinaa sɛ yɛn awofo wɔ ɔkwan bi so. Ebia woate sɛ obi reka sɛ ‘abarimaa yi sɛ ne papa paa’ anaa ‘abeawa yi afa ne maame.’ Mmofra taa suasua wɔn awofo. Na yɛn nso ɛ? So yebetumi asuasua yɛn soro Agya Yehowa? Ɛwom sɛ yɛmfa yɛn ani nhu Onyankopɔn de, nanso sɛ yɛhwɛ nneɛma a wabɔ na yesua n’Asɛm Bible a, yebetumi asua ne su ahorow a ɛyɛ fɛ. Bio nso sɛ yedwinnwen Bible mu nsɛm te sɛ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo nsɛm a ɔkae ne sɛnea ɔbɔɔ ne bra ho a, yebetumi asua Onyankopɔn su ahorow bi. (Yoh. 1:18; Rom. 1:20) Enti yebetumi ada Yehowa anuonyam adi ma ayɛ yiye.

2 Ansa na Onyankopɔn rebɔ Adam ne Hawa no, na onim sɛ nnipa betumi ayɛ n’apɛde, asuasua ne su ahorow, na wɔahyɛ no anuonyam. (Monkenkan Genesis 1:26, 27.) Ɛsɛ sɛ Kristofo da Onii a ɔbɔɔ yɛn no su ahorow adi da biara da. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya akwannya kɛse ada Onyankopɔn anuonyam adi ɛmfa ho ɔman a yefi mu, yɛn nhomanim, anaa kasa a yɛka. Dɛn ntia? Efisɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Aso. 10:34, 35.

3. Bere a yɛreyɛ Yehowa som adwuma no, yɛte nka dɛn?

3 Kristofo a wɔasra wɔn da Yehowa anuonyam adi. Ná ɔsomafo Paulo nso yɛ obi a wɔde honhom asra no, na ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a yɛn nyinaa de yɛn anim a yɛnkatae no da Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ no, wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu.” (2 Kor. 3:18) Bere a Mose fi Bepɔw Sinai so resian a okura apon abien a Mmara Nsɛm Du no wɔ so no, n’anim yɛɛ hyɛnn efisɛ na Yehowa ne no akasa. (Ex. 34:29, 30) Kristofo nnyaa osuahu a Mose nyae no bi, na wɔn anim nso nyɛ hyɛnn sɛnea n’anim yɛɛ hyɛnn no, nanso sɛ wɔka Yehowa ho asɛm, ne su ahorow, ne atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma kyerɛ nkurɔfo a, wohu sɛ wɔn anim ayɛ sereserew. Wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa te sɛ ahwehwɛ a wɔapopa anim hyɛnn, enti wotumi da Yehowa anuonyam adi wɔ wɔn asetenam ne wɔn som adwumam. (2 Kor. 4:1) So wobɔ bra pa, na woyere wo ho yɛ asɛnka adwuma no? Sɛ woyɛ saa a, na woreda Yehowa anuonyam adi wɔ w’asetenam.

YƐPƐ SƐ YƐDA YEHOWA ANUONYAM ADI

4, 5. (a) Apereperedi bɛn na ɛkɔ so wɔ yɛn mu te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Paulo mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na bɔne ka yɛn?

4 Yɛyɛ Yehowa asomfo, enti biribiara a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi yɛn Bɔfo no ni na yɛahyɛ no anuonyam. Nanso mpɛn pii no, yehu sɛ osuae nyɛ ɔko, enti yentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Paulo mpo faa tebea a ɛte saa mu. (Monkenkan Romafo 7:21-25.) Paulo kyerɛɛ nea enti a apereperedi a ɛte saa kɔ so wɔ yɛn mu. Ɔkae sɛ, ‘Yɛn nyinaa ayɛ bɔne na yennu Onyankopɔn anuonyam ho.’ (Rom. 3:23) Asɛm no ne sɛ, esiane sɛ Adam de bɔne gyaw adesamma nti, yebetumi aka sɛ bɔne ayɛ sɛ ɔhene tirimɔdenfo bi a ɔredi yɛn so.—Rom. 5:12; 6:12.

5 Dɛn ne bɔne? Biribiara a ɛne Yehowa nipasu, n’akwan, ne gyinapɛn, ne n’apɛde nhyia biara yɛ bɔne. Bɔne sɛe obi ne Onyankopɔn ntam. Bɔne ma yɛfom kwan; yentumi nna Onyankopɔn anuonyam adi. Ɛte sɛ agyantofo a ɔtow fom. Bɔne bi betumi ayɛ boapayɛ anaa anifaso. (Num. 15:27-31) Bɔne adidi nnipa mu na ama yɛne yɛn Bɔfo no ntam atetew. (Dw. 51:5; Yes. 59:2; Kol. 1:21) Nnipa dodow no ara akwan ne Yehowa de nhyia, enti wɔahwere hokwan kɛse a anka wɔde bɛda Onyankopɔn anuonyam adi no. Sɛ yɛbɛka paa a, bɔne adi adesamma aborɔ sen biribiara.

6. Bɔne wɔ yɛn ho de, nanso dɛn nti na yebetumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam?

6 Wɔde bɔne awo yɛn de, nanso Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔma anidaso.” (Rom. 15:13) Wama yɛn biribi a ɛbɛma yɛade yɛn ho afi bɔne ho. Eyi ne Yesu Kristo ogye afɔre no. Sɛ yenya afɔrebɔ no mu gyidi a, yɛrenyɛ “bɔne nkoa” bio, mmom yebetumi ada Yehowa anuonyam adi. (Rom. 5:19; 6:6; Yoh. 3:16) Sɛ yɛma yɛne Onyankopɔn ntam yɛ papa bere nyinaa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn nnɛ, na daakye nso ɔbɛma yɛayɛ pɛ na yɛanya daa nkwa. Yɛda so ara yɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho, nanso Onyankopɔn bu yɛn sɛ yebetumi ada n’anuonyam adi. Eyi yɛ nidi kɛse!

NEA ƐBOA YƐN MA YƐDA ONYANKOPƆN ANUONYAM ADI

7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛda Onyankopɔn anuonyam adi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

7 Sintɔ wɔ yɛn nyinaa ho, enti sɛ yebetumi ada Onyankopɔn anuonyam adi a, ɛsɛ sɛ obiara hu n’ankasa mmerɛwyɛ. (2 Be. 6:36) Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ na yɛyere yɛn ho sɛ yebedi so na ama yɛatumi ada Onyankopɔn anuonyam adi yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛhwɛ aguamansɛm a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yehia mpanyimfo no mmoa, enti ɛsɛ sɛ yɛma wɔboa yɛn. (Yak. 5:14, 15) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam a, eyi ne ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu daa hwɛ sɛ yɛreyɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ anaa. (Mmeb. 28:18; 1 Kor. 10:12) Sɛnea yɛn mmerɛwyɛ te biara no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebedi so na yɛatumi ada Onyankopɔn anuonyam adi.

8. Yɛnyɛ pɛ de, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Yesu nkutoo ne onipa a ɔyɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa na ɔdaa n’anuonyam adi kosii owu mu. Ná Yesu yɛ pɛ na yɛn de, yɛnyɛ pɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen sɛ yebedi ne nhwɛso akyi. (1 Pet. 2:21) Yehowa hu mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛhyɛ no anuonyam ne nkɔso a yɛanya, na ohyira yɛn.

9. Ɔkwan bɛn so na Bible boa Kristofo ma wɔyɛ Onyankopɔn apɛde?

9 Yehowa Asɛm Bible no hyerɛn ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so ada n’anuonyam adi yiye. Enti ehia sɛ yɛdɔ Kyerɛwnsɛm no mu asukɔ na yedwinnwen ho. (Dw. 1:1-3) Sɛ yɛkenkan Bible daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ biara. (Monkenkan Yakobo 1:22-25.) Nea yesua fi Bible mu hyɛ yɛn gyidi den. Bio nso ɛboa yɛn ma yɛkwati bɔne a emu yɛ duru na yɛatumi asɔ Yehowa ani.—Dw. 119:11, 47, 48.

10. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa yɛn ma yetumi som Yehowa yiye?

10 Ade foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛada Onyankopɔn anuonyam adi ne sɛ ‘yebekura mpaebɔ mu denneennen.’ (Rom. 12:12) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mmoa yɛn na yɛnsom no sɛnea ɔpɛ. Enti yebetumi asrɛ no ma wama yɛn honhom kronkron ne gyidi kɛse ne ahoɔden a yɛde begyina sɔhwɛ ano. Bio nso yebetumi asrɛ no ma waboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Tim. 2:15; Mat. 6:13; Luka 11:13; 17:5) Ehia sɛ yɛde yɛn ho to yɛn soro Agya Yehowa so sɛnea abofra de ne ho to n’agya so no. Sɛ yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnsom no yiye a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛboa yɛn. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrehaw no. Enti momma yɛmmɔ no mpae, na bere a yɛreyɛ saa no, yennyi no ayɛ, yɛnna no ase, na yɛnhwehwɛ akwankyerɛ mfi ne hɔ, titiriw bere a yɛrehyia nsɛnnennen. Afei yebetumi asrɛ Yehowa na waboa yɛn ma yɛde yɛn som ahyɛ ne din kronkron no anuonyam.—Dw. 86:12; Yak. 1:5-7.

11. Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam boa yɛn ma yɛda Onyankopɔn anuonyam adi?

11 Onyankopɔn nguan som bo ma no, na ɔde wɔn ahyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa sɛ ɔnhwɛ wɔn so. (Mat. 24:45-47; Dw. 100:3) Akoa kuw no pɛ sɛ ɔboa yɛn nyinaa ma yɛda Yehowa anuonyam adi. Ɔkwan biako a akoa no fa so yɛ saa ne Kristofo nhyiam. Yɛn nhyiam ahorow no siesie yɛn ma yɛn ho yɛ fɛ sɛ Kristofo sɛnea ɔdepamfo siesie yɛn atade ma ɛfata yɛn no. (Heb. 10:24, 25) Enti ɛsɛ sɛ yedu hɔ bere ano. Sɛ yɛtaa kaa akyi a, yɛhwere nneɛma pa a ɛbɛma yɛn ho ayɛ fɛ wɔ Yehowa ani so.

MOMMA YENSUASUA ONYANKOPƆN

12. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Onyankopɔn?

12 Sɛ yebetumi ada Yehowa anuonyam adi a, ɛsɛ sɛ ‘yesuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efe. 5:1) Ɔkwan biako a yɛfa so suasua Yehowa ne sɛ yebesusuw nsɛm ho sɛnea osusuw ho no. Sɛ yɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ a, ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛrensi yɛn yiye. Esiane sɛ wiase a yɛte mu yi da Satan Bonsam tumi mu nti, egye animia paa na yɛakyi nea Yehowa kyi na yɛadɔ nea Yehowa dɔ. (Dw. 97:10; 1 Yoh. 5:19) Ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn komam sɛ ɔkwan pa a yebetumi afa so asom Onyankopɔn ara ne sɛ yɛbɛyɛ biribiara de ahyɛ no anuonyam.—Monkenkan 1 Korintofo 10:31.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekyi bɔne? Sɛ yekyi bɔne a, dɛn na yɛbɛyɛ?

13 Yehowa kyi bɔne, enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yekyi bɔne. Sɛ yehu sɛ bɔne reba a, ɛsɛ sɛ yeguan fi ho koraa, na ɛnsɛ sɛ yɛbɛn ho susuw sɛ hwee renyɛ yɛn. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ awaefo ho, anyɛ saa a yɛrentumi nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Deut. 13:6-9) Enti ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi awaefo anaa obi a ɔka sɛ ɔyɛ onua nanso ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam ho. Sɛ onii no yɛ obusuani mpo a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ne ho. (1 Kor. 5:11) Ebia yɛbɛka sɛ yɛne awaefo anaa wɔn a wɔkasa tia Yehowa ahyehyɛde no beyiyi nsɛm ano de akyerɛ wɔn sɛ wɔn nsɛm nyɛ nokware, nanso eyi remmoa yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ papa koraa sɛ yɛbɛkenkan wɔn nsɛm wɔ nhoma mu anaa Intanɛt so, efisɛ ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam.—Monkenkan Yesaia 5:20; Mateo 7:6.

14. Sɛ yebetumi ada Onyankopɔn anuonyam adi a, su bɛn na ɛsɛ sɛ edi akoten wɔ yɛn nneyɛe mu, na dɛn ntia?

14 Ɔkwan titiriw biako a yɛfa so suasua yɛn soro Agya no ne sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ. (1 Yoh. 4:16-19) Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho no na ɛma nnipa hu sɛ yɛyɛ Yesu asuafo ne Yehowa asomfo. (Yoh. 13:34, 35) Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma eyi ka yɛn dɔ hyɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi bere nyinaa. Sɛ yɛda ɔdɔ ne Kristofo su foforo a aka adi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati bɔne na yɛayɛ papa.—2 Pet. 1:5-7.

15. Sɛ yɛdɔ afoforo a, yɛne wɔn bedi no dɛn?

15 Sɛ yɛdɔ afoforo a, yɛbɛyɛ wɔn papa. (Rom. 13:8-10) Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛdɔ yɛn kunu anaa yɛn yere a, yɛrenyɛ biribiara a ebegu aware mpa no ho fĩ. Sɛ yɛdɔ mpanyimfo no na yɛn ani sɔ adwuma a wɔreyɛ no a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ayɛ osetie ama wɔn. Mmofra a wɔdɔ wɔn awofo tie wɔn na wodi wɔn ni, na wɔnkasa ntia wɔn. Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa a, yɛremmu wɔn abomfiaa na yɛremfa wɔn anim ntwitwiw fam. (Yak. 3:9) Sɛ mpanyimfo dɔ Onyankopɔn nguan a, wɔbɛyɛ wɔn brɛbrɛ.—Aso. 20:28, 29.

16. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ boa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu?

16 Ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi wɔ yɛn asɛnka adwuma mu nso. Yɛdɔ Yehowa paa, enti sɛ nkurɔfo ankyerɛ asɛm no ho anigye anaa wɔantie yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Mmom no, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no. Ɔdɔ bɛma yɛasiesie yɛn ho ansa na yɛakɔ asɛnka na yɛayere yɛn ho akyerɛkyerɛ yiye. Sɛ ampa-ne-ampa ara yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa a, yɛremmu asɛnka adwuma no sɛ adesoa anaa adwuma bi ara kɛkɛ. Mmom, yebebu no sɛ akwannya kɛse, na yɛde anigye bɛyɛ.—Mat. 10:7.

KƆ SO HYƐ YEHOWA ANUONYAM

17. Sɛ yegye tom sɛ yennu Onyankopɔn anuonyam ho a, dɛn na yɛbɛyɛ?

17 Nnipa a wɔwɔ wiase dodow no ara mmu bɔne sɛ aniberesɛm, nanso yɛn de yenim sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Eyi ma yehu sɛ ehia paa sɛ yɛko tia yɛn mmerɛwyɛ biara. Sɛ yegye tom sɛ bɔne wɔ yɛn ho a, ɛbɛma yɛatete yɛn ahonim na aboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛfata bere a yɛn adwene anaa yɛn koma regyigye yɛn sɛ yɛnyɛ bɔne no. (Rom. 7:22, 23) Ɛwom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ de, nanso Onyankopɔn betumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ nea ɛteɛ wɔ tebea biara mu.—2 Kor. 12:10.

18, 19. (a) Dɛn na ɛboa yɛn ma yetumi ko tia Satan ne n’adaemone? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Sɛ yebetumi ahyɛ Yehowa anuonyam a, ade foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛko atia Satan ne n’adaemone. Honhom mu akode a Onyankopɔn de ama yɛn no na ɛboa yɛn ma yetumi yɛ saa. (Efe. 6:11-13) Satan fa kwan biara so sɛ obegye anuonyam a ɛfata Yehowa nkutoo no. Afei nso Satan bɔ mmɔden daa sɛ ɔbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ Satan hu sɛ yɛne mmarima, mmea, ne mmofra mpempem pii a wɔtɔ sin te sɛ yɛn de nokwaredi rehyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɔte nka sɛ wadi nkogu pɔtɔɔ! Ɛnde, momma yɛnkɔ so nkamfo Yehowa sɛnea honhom abɔde a wɔwɔ soro yɛ no. Wɔka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.”—Adi. 4:11.

19 Momma yensi yɛn bo sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, yɛbɛkɔ so ahyɛ Yehowa anuonyam. Sɛ ohu sɛ ne nkoa anokwafo pii reyɛ nea wobetumi biara asuasua no na wɔada n’anuonyam adi a, n’ani gye paa. (Mmeb. 27:11) Enti momma yenya adwene a Dawid nyae yi bi. Ɔtoo dwom sɛ: “O Yehowa me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa bɛkamfo wo, na mɛhyɛ wo din anuonyam akosi daa.” (Dw. 86:12) Yɛn nyinaa de ahopere retwɛn da a yebetumi ada Yehowa anuonyam adi pɛpɛɛpɛ na yɛayi no ayɛ daa! Ɛno bɛyɛ anigye bere ama adesamma asoɔmmerɛwfo. Ɛnde, woreda Yehowa Nyankopɔn anuonyam adi nnɛ na wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ saa afebɔɔ anaa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 27 mfonini]

Woreda Yehowa anuonyam adi wɔ akwan horow yi so?