Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Yehowa Akyi na Nya Ahofadi Ankasa

Di Yehowa Akyi na Nya Ahofadi Ankasa

Di Yehowa Akyi na Nya Ahofadi Ankasa

‘Hwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu.’—YAK. 1:25.

WUBETUMI AKYERƐKYERƐ MU?

Mmara bɛn na ɛma yenya ahofadi ankasa, na henanom na wonya saa mmara no so mfaso?

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya ahofadi ankasa?

Ahofadi bɛn na ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔnantew nkwa kwan no so no?

1, 2. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nnipa ahofadi ho aba asɛm, na dɛn na akɔfa eyi aba? (b) Ahofadi bɛn na Yehowa asomfo hwɛ kwan sɛ wobenya daakye?

BERE a yɛwom yi nyɛ bere pa; adifudepɛ, ne nsɛmmɔnedi abu so na nkurɔfo mfa mmara nyɛ adwuma. (2 Tim. 3:1-5) Enti aban yɛ mmara pii, wɔhyɛ polisifo mpamden na wɔatumi ayɛ wɔn adwuma yiye, na mmeae bi nso wɔde mfiri sisi mantwea-mantwea na wɔahu nea nkurɔfo reyɛ. Aman bi mu no, nkurɔfo de mfiri abobɔ wɔn afie na sɛ obi ba hɔ a ayɛ dede ma wɔate; afoforo nso de nkrado akɛse atoto wɔn apon ano. Ebinom nso de nneɛma bi atwa wɔn dan ho a sɛ obi ho ka a ebetumi akiki no. Nkurɔfo yɛ eyi nyinaa de bɔ wɔn ho ban. Afei nso nnipa pii mpɛ sɛ wopue anadwo anaa wɔma wɔn mma nkutoo kɔ abɔnten kodi agoru. Yehu pefee sɛ nnipa nni ahofadi koraa, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nneɛma rebɛyɛ yiye.

2 Eden turom tɔnn na Satan kae sɛ, sɛ nnipa betumi anya ahofadi paa a, ɛsɛ sɛ woyi Yehowa akwa na wɔn ankasa bɔ wɔn bra. Efi saa bere no, nea akɔ so wɔ wiase ama yɛahu sɛ Satan yɛ okontomponi dabrabani paa! Nokwasɛm ne sɛ bere a nnipa bubu nnua gu wɔn asom na wontie Onyankopɔn akwankyerɛ no, na wɔn amanehunu nso reyɛ kɛse. Nea ɛrekɔ so wɔ wiase yi ma Yehowa asomfo nso hu amane. Nanso yɛwɔ anidaso sɛ daakye bi nnipa bɛde wɔn ho afi bɔne ne ɔporɔw ho na wɔanya nea Bible frɛ no “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.” (Rom. 8:21) Nokwasɛm ni, Yehowa afi ase de nneɛma retoto kwan mu na ama ne nkurɔfo anya saa ahofadi no. Ɔkwan bɛn so na ɔreyɛ saa?

3. Mmara bɛn na Yehowa de ama Kristo akyidifo, na nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ahofadi a ɛte saa daakye no, Yehowa ama yɛn biribi: Eyi na Yakobo frɛɛ no “ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ” no. (Monkenkan Yakobo 1:25.) Bible foforo kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “mmara a ɛma yɛde yɛn ho” (The New English Bible). Sɛ yɛka “mmara” a, nea ɛba nkurɔfo adwenem ne biribi a ɛkyekyere yɛn; ahofadi de ɛmma wɔn adwenem koraa. Ɛnde dɛn ne “ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ” no? Ɔkwan bɛn so na saa mmara no ma yɛde yɛn ho?

MMARA A ƐMA YƐDE YƐN HO

4. Dɛn ne “ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ” no? Henanom na wonya so mfaso?

4 “Ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ” no, ɛnyɛ ɛno ara ne Mose Mmara no, efisɛ Mose Mmara no maa Israelfo no hui sɛ wɔyɛ abɔnefo, na Kristo bae no Mmara no wiee n’adwuma. (Mat. 5:17; Gal. 3:19) Ɛnde mmara bɛn na na Yakobo reka ho asɛm? Nea na ɔreka ho asɛm ne “Kristo mmara” a wɔsan frɛ no “gyidi mmara” anaa “adehye mmara” no. (Gal. 6:2; Rom. 3:27; Yak. 2:12) Enti “mmara a ɛyɛ pɛ” no yɛ biribiara a Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. Kristofo a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no nyinaa nya so mfaso.—Yoh. 10:16.

5. Dɛn nti na ahofadi mmara no nyɛ adesoa?

5 “Mmara a ɛyɛ pɛ” no nyɛ kyenkyenee na saa ara nso na ɛnyɛ hwanyan te sɛ amammu mmara a aman pii de bu wɔn man no. Mmom, ɛyɛ ahyɛde ne akwankyerɛ a ɛsodi nyɛ den. (1 Yoh. 5:3) Yesu kae sɛ: “Me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:29, 30) Bio nso “mmara a ɛyɛ pɛ” no nyɛ mmara buburigyaa—‘yɛ eyi,’ ‘nyɛ eyi.’ Mmara yi gyina ɔdɔ so na wɔakyerɛw wɔ yɛn komam ne yɛn adwenem, ɛnyɛ abopon so.—Monkenkan Hebrifo 8:6, 10.

SƐNEA “MMARA A ƐYƐ PƐ” NO MA YƐDE YƐN HO

6, 7. Dɛn na yebetumi aka afa Yehowa ahyɛde ho? Dɛn na ahofadi mmara no boa yɛn ma yetumi yɛ?

6 Yɛn ankasa yiyedi nti na Yehowa ama yɛn ahyɛde ahorow, na ɛbɔ yɛn ho ban nso. Wo de, ma yɛmfa abɔde mmara te sɛ tumi a ɛtwe ade fi soro ba fam sɛ nhwɛso. Obiara nni hɔ a onwiinwii sɛ mmara yi kyekyere no dodo. Mmom, nnipa ani gye ho efisɛ wohu sɛ saa mmara no boa wɔn. Saa ara na sɛ yesua Kristo “mmara a ɛyɛ pɛ” no a, ɛma yehu nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ na eyi bɔ yɛn ho ban.

7 Ahofadi mmara no mmɔ yɛn ho ban kɛkɛ na mmom ɛma yenya hokwan yɛ nneɛma a yɛn ani gye ho a empira yɛn, na ɛmma yentiatia afoforo ahofadi so. Enti sɛ yebenya ahofadi ankasa anaa yebetumi ayɛ nneɛma a yɛn ani gye ho a, ɛsɛ sɛ nneɛma a yɛn ani gye ho no yɛ nea Yehowa gye tom na ɛne n’apɛde hyia. Nea eyi kyerɛ ara ne sɛ yɛbɛdɔ nea Yehowa dɔ na yɛakyi nea okyi. Eyi na ahofadi mmara no boa yɛn ma yɛyɛ.—Amos 5:15.

8, 9. Sɛ yedi ahofadi mmara no so a, mfaso bɛn na yenya? Ma ɛho nhwɛso.

8 Yɛnyɛ pɛ, enti ɛyɛ den sɛ yebedi akɔnnɔ bɔne so. Nanso sɛ yemia yɛn ani di ahofadi mmara no so yiye a, seesei mpo yebetumi ade yɛn ho afi nneɛma pii ho. Nhwɛso bi ni: Yehowa Adansefo ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Jay fii ase suaa ade. Nanso na tawa afa no dommum; wannya bi a ontumi ntena. Enti bere a ohui sɛ saa ade no nsɔ Onyankopɔn ani no, na ato sɛ osi gyinae. So obedi n’akɔnnɔ akyi akɔ so anom tawa anaa obetie Yehowa? Ná ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ obegyae tawanom nanso osii gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn, enti ogyaee tawanom. Bere a ɔyɛɛ saa no, ɔtee nka dɛn? Ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ adesoa duruduru bi afi me so, na m’ani gyei paa.”

9 Jay hui sɛ wiase ahofadi yɛ nkoasom ankasa efisɛ ɛma nnipa ‘de wɔn adwene si honam nneɛma so.’ Nanso ahofadi a Yehowa de ma yɛn no ma ‘yɛde yɛn adwene si honhom nneɛma so.’ Eyi ma yenya ahofadi ankasa a ɛde yɛn kɔ “nkwa ne asomdwoe” mu. (Rom. 8:5, 6) Ɛyɛɛ dɛn na Jay nyaa ahoɔden tetee ne ho fii tawanom ho? Ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden, mmom Onyankopɔn. Ɔkae sɛ: “Misuaa Bible daa, na mebɔɔ mpae hwehwɛɛ honhom kronkron, na memaa anuanom a wɔwɔ asafo no mu nso boaa me.” Sɛ yɛpɛ ahofadi ankasa a, eyi na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Momma yɛnhwɛ sɛnea yɛbɛyɛ no.

HWEHWƐ ONYANKOPƆN ASƐM MU

10. Onyankopɔn mmara a ‘yɛbɛhwehwɛ’ mu no kyerɛ dɛn?

10 Yakobo 1:25 ka sɛ: “Nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘hwehwɛ’ no kyerɛ sɛ “obi bɛbɔ ne mu ase ahwɛ biribi yiye.” Eyi gye mmɔdenbɔ. Enti sɛ yɛpɛ sɛ ahofadi mmara no gye ntini wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua Bible na yegye bere susuw ho yiye.—1 Tim. 4:15.

11, 12. (a) Dɛn na Yesu kae a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra? (b) Sɛnea mfonini a ɛwɔ soro hɔ kyerɛ no, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun titiriw yɛ?

11 Afei nso ɛsɛ sɛ ‘yɛtena’ Onyankopɔn Asɛm mu, kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra. Yesu kaa biribi a ɛte saa kyerɛɛ nnipa a wonyaa ne mu gyidi no. Ɔkae sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yoh. 8:31, 32) Nhoma bi ka sɛ asɛmfua “mubehu” a wɔde di dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ nso sɛ obi benya anisɔ ama biribi, efisɛ “ade a onii no ‘ahu’ no som bo anaa ɛso wɔ mfaso ma no.” Enti sɛ yɛka sɛ yenim nokware no anaa ‘yɛahu’ a, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ yɛde bɔ yɛn bra. Ɛba saa a, afei yebetumi aka paa sɛ ‘Onyankopɔn asɛm yɛ adwuma wɔ yɛn mu.’ Eyi bɛnwene yɛn ma yɛanya su pa na yɛasɛ yɛn soro Agya no.—1 Tes. 2:13.

12 Bisa wo ho sɛ, ‘Minim nokware no ankasa? Mede bɔ me bra? Anaa meda so ara huahua wiase “ahofadi”?’ Onuawa bi a n’awofo yɛ Kristofo kaa ne suahu. Ɔkae sɛ bere a osua no, na ogye di sɛ Yehowa wɔ hɔ nanso na ɔrentumi mfa ne nsa nsi ne bo nka sɛ onim no ankasa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Manhu sɛ ɛsɛ sɛ mikyi nea okyi. Ná minnye nni sɛ nea meyɛ biara fa ne ho. Sɛ biribi haw me a, na memmɔ no mpae. Ná ɛyɛ me sɛ minim nyansa araa ma, nanso seesei mahu sɛ na ne nyinaa yɛ mmofrasɛm efisɛ na minnim hwee.” Anigyesɛm ne sɛ akyiri yi onuawa no hui sɛ adwene a okura no nyɛ papa na ɔyɛɛ nsakrae pii. Ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo mpo.

HONHOM KRONKRON BETUMI AMA WOADE WO HO

13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron boa yɛn ma yenya ahofadi?

13 Yɛkenkan wɔ 2 Korintofo 3:17 sɛ: “Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.” Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa yɛn ma yenya ahofadi? Ɛma yenya su ahorow te sɛ: “Ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” (Gal. 5:22, 23) Sɛ nnipa nni saa su ahorow yi—ɛnkanka ɔdɔ—a, wɔrentumi nka da sɛ wɔwɔ ahofadi ankasa. Nea ɛrekɔ so wɔ wiase ma yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Bere a Paulo bobɔɔ honhom aba no wiei no, ɔtoaa so sɛ: “Mmara biara ntia eyinom.” Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Mmara biara nni hɔ a ebetumi asiw Onyankopɔn honhom aba no kwan anaa ɛbɛka no ahyɛ. (Gal. 5:18) Sɛ saa a, anka saa mmara no so mfaso ne dɛn? Nea Yehowa pɛ ne sɛ yebenya Kristo su na yɛada no adi daa a biribiara nsiw kwan.

14. Ɔkwan bɛn so na wiase honhom de nkurɔfo yɛ nkoa?

14 Wɔn a wiase honhom kyerɛ wɔn kwan na wodi wɔn akɔnnɔ akyi no benya adwene sɛ wɔwɔ ahofadi. (Monkenkan 2 Petro 2:18, 19.) Nanso wonnim sɛ wɔyɛ nkoa ankasa. Ade biako ne sɛ atumfoɔ hyehyɛ mmara bebree de kyekyere saafo no na wɔanyɛ nea wɔpɛ. Paulo kae sɛ: “Ɛnyɛ treneefo nti na wɔyɛ mmara, na mmom mmaratofo ne asobrakyefo.” (1 Tim. 1:9, 10) Saafo no abɛyɛ bɔne nkoa efisɛ wɔyɛ ‘nea ɔhonam pɛ,’ na ɔhonam nso de, ɔyɛ owura tirimɔdenfo ankasa. (Efe. 2:1-3) Wɔte sɛ ntɛtea a anomdɛ nti ɛwo twetwe wɔn; ɛnkyɛ na wɔakɔtɔ mu. Nnipa a wɔte saa no ma wɔn akɔnnɔ twetwe wɔn kɔ asiane mu.—Yak. 1:14, 15.

KRISTOFO ASAFO NO MA YƐDE YƐN HO

15, 16. Efi bere a yɛbaa Kristofo asafo no mu no, mfaso bɛn na yɛanya? Ahofadi bɛn na yɛanya wɔ asafo no mu?

15 Bere a wode wo ho bɛbɔɔ Kristofo asafo no, na ɛnyɛ sɛ worekɔdɔm koroyɛ kuw bi. Mmom, Yehowa na ɔtwee wo baa asafo no mu. (Yoh. 6:44) Dɛn na ɛma ɔtwee wo? Adɛn, ohui sɛ woyɛ ɔtreneeni a nyamesuro wɔ wo mu anaa? Ebia wobɛka sɛ, “Ɛnte saa koraa!” Ɛnde, dɛn na Onyankopɔn hui? Ohui sɛ wowɔ koma pa enti wubedi ne mmara so agye n’akwankyerɛ atom na ama wo ho atɔ wo. Seesei a ɔde wo aba asafo no mu nso, ɔhwɛ wo kama: Ɔkyerɛkyerɛ wo n’akwan, wama woade wo ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ne gyidihunu ho, na waboa wo ma woabenya Kristo su no bi. (Monkenkan Efesofo 4:22-24.) Ɛno nti, woanya hokwan abɛka nnipakuw bi ho, nnipa a wɔn nkutoo na yebetumi aka sɛ wɔyɛ “adehye” anaa wɔade wɔn ho.—Yak. 2:12.

16 Susuw eyi ho: Sɛ wo ne wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu dɔ Yehowa nam a, wusuro anaa? Ɛyɛ a wutwitwa w’ani hwɛ w’akyi sɛ obi rebɛyɛ wo bɔne? Sɛ wo ne anuanom rebɔ nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so a, ɛyɛ a woyere wo nneɛma denneennen efisɛ wusuro sɛ obi bɛfa? Dabida! Eyinom biara nni hɔ a ɛyɛ wo dadwen. Na sɛ wo ne wɔn a wɔnsom Yehowa na ɛwɔ hɔ nso ɛ, anka wobɛte nka saa? Ebia mmuae no yɛ dabi. Nanso anigyesɛm mpo ne sɛ ahofadi a woanya seesei wɔ Kristofo asafo no mu no yɛ nea yɛhwɛ kwan daakye no ho mpopoe kɛkɛ.

“ONYANKOPƆN MMA ANUONYAM AHOFADI”

17. Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn mma ahoyi” no bɛboa nnipa ma wɔanya ahofadi?

17 Paulo kaa ahofadi a Yehowa bɛma n’asomfo a wɔwɔ asase so anya ho asɛm sɛ: “Abɔde no de anigyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi denneennen.” Afei ɔtoaa so sɛ: “Abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.” (Rom. 8:19-21) “Abɔde no” gyina hɔ ma nnipa a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so; wɔn na wobenya Onyankopɔn mma a wɔde honhom asra wɔn “ahoyi” so mfaso. Saa ahoyi no befi ase bere a “mma” a wɔanyan wɔn kɔ soro no bɛka Kristo ho ma wɔapra abɔnefo afi asase so na wɔde “nnipakuw kɛse” no akɔ wiase foforo mu no.—Adi. 7:9, 14.

18. Dɛn na ɛbɛma adesamma anya ahofadi pii? Ahofadi bɛn na awiei koraa adesamma benya?

18 Saa bere no adesamma benya ahofadi a ɛso bi mmae da—wɔbɛde wɔn ho afi Satan ne n’adaemone ho. (Adi. 20:1-3) Hwɛ sɛnea yɛn ho bɛtɔ yɛn afa! Ɛno akyi no, nnipa 144,000 a wɔne Kristo bedi hene ne asɔfo no de agyede afɔre no bɛboa adesamma nkakrankakra kosi sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Adam bɔne ne sintɔ ho koraa. (Adi. 5:9, 10) Afei wɔbɛsɔ wɔn ahwɛ, na awiei koraa no wɔn a wobedi nokware no benya ahofadi mu ahofadi ankasa a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma adesamma no. Ɛno ne “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” no. Afei hwɛ, ɛrenyɛ den mma wo bio sɛ wobɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ efisɛ wo nipamũ no nyinaa bɛyɛ pɛ ma woatumi ada Onyankopɔn su adi pɛpɛɛpɛ.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ɛnnɛ na yɛatumi anya ahofadi ankasa daa?

19 Wo yam a anka “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” no aba anaa? Sɛ saa a, ɛnde ma “ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ” no nnye ntini wɔ w’adwene ne wo koma mu. Yere wo ho sua Bible daa. Fa nokware no bɔ wo bra. Bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron. Ma w’ani nsɔ nneɛma pa a yenya fi Kristofo asafo no mu ne honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no. Mma Satan nnaadaa wo sɛ Onyankopɔn mmara yɛ den dodo sɛnea ɔdaadaa Hawa no. Ɔbonsam yɛ ɔdaadaafo, nanso adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ‘Satan nya yɛn, efisɛ yenim n’akwan.’—2 Kor. 2:11.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 9 mfonini]

Meda so ara huahua wiase “ahofadi” anaa?

[Kratafa 9 mfonini]

Mede nokware no rebɔ me bra?