Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Manya Me Koma So Ade”

“Manya Me Koma So Ade”

“Manya Me Koma So Ade”

Ná Emilia yɛ daa kwampaefo, nanso mfe 15 ni a ogyaee. Ɛwɔ hɔ ara a, ɔkaakae anigye a onyae bere a na ɔyɛ ɔkwampaefo no. Enti na ɔpɛ sɛ ɔsan yɛ bio.

Nanso na Emilia adwuma gye ne bere dodo, na eyi haw no paa. Da bi a ɔne ne mfɛfo adwumayɛfo wɔ hɔ no, ɔde ahomegu kae sɛ: “Me yam a anka wɔatew bere a mede yɛ adwuma so!” N’adwumam panyin tee asɛm no, na obisaa no sɛ ɛyɛ asɛm paa ara na ɔreka no. Emilia kae sɛ ɛyɛ n’aniberesɛm. Nanso na ɛyɛ adwuma no mmara sɛ obiara ba adwuma da biara. Enti sɛ na Emilia nsa bɛka nea ɔrehwehwɛ a gye sɛ okohu mpanyimfo a wɔda adwuma no ano biako ne no ka ho asɛm. Yɛn nuabea no bɔɔ mpae sɛ obenya akokoduru aka n’asɛm yiye wɔ ɔpanyin no anim.

Bere a Emilia kohyiaa ɔpanyin no, ɔde obu kasaa akokoduru so srɛɛ no sɛ ɔntew bere a ɔde yɛ adwuma so mma no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛda a wamma adwuma no, ɔde ne bere boa afoforo, efisɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo na ɔboa nkurɔfo ma wosua Bible. Emilia de kaa ho sɛ nnansa yi nnipa pii abrabɔ nyɛ papa, enti wohia akwankyerɛ pa na Bible a ɔne wɔn sua no boa wɔn paa. Ɔka kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ ɔnka ne koma nto ne yam efisɛ ɔrentoto n’adwuma ase. Nea ohia ara ne sɛ ɔpanyin no bɛtew bere a ɔde yɛ adwuma no so ama no na watumi anya bere pii de aboa nkurɔfo.

Ɔpanyin no yɛɛ aso tiee no, na ɔkae sɛ ɔno mpo bere bi na ɔpɛ sɛ ɔtew adɔe kuw de boa afoforo. Enti ɔtee nea Emilia kae no ase, na ɔpenee so sɛ ɔbɛtew bere a ɔde yɛ adwuma no so ama no. Nanso ɔpanyin no bisaa Emilia sɛ: “Sɛ wunim sɛ yɛbɛtew w’akatua so deɛ?” Emilia kae sɛ onim, na ɔbɛtoto nneɛma yiye na wama kakra a obenya aso no. Ɔka kaa ho sɛ nea esi n’ani so ne sɛ ɔbɛboa afoforo na ɛno paa na ɛma n’ani gye. Ɔpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “M’ani gye wɔn a woyi wɔn yam de wɔn bere boa afoforo no ho.”

Obiara nni hɔ a wɔama no hokwan a ɛte saa wɔ adwuma no mu da. Seesei Emilia yɛ adwuma nnanan pɛ. Nanso anwonwasɛm, wɔtoo n’akatua mu, enti bere a wɔtew n’adwuma so mpo no n’akatua so antew! Emilia ka sɛ: “Manya me koma so ade, metumi ayɛ daa kwampaefo bio!”

Woasusuw ho sɛ wobɛtoto nneɛma yiye na woatumi ayɛ ɔkwampaefo? Sɛ nso woayɛ bi pɛn na woagyae a, wubetumi asan ayɛ bio?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 32]

Ɔpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “M’ani gye wɔn a woyi wɔn yam de wɔn bere boa afoforo no ho”