Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Som Onyankopɔn​—Ɔno na Ɔma Ahofadi

Som Onyankopɔn​—Ɔno na Ɔma Ahofadi

Som Onyankopɔn​—Ɔno na Ɔma Ahofadi

“Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.”​—1 YOH. 5:3.

WUBETUMI ABUA?

Dɛn na Satan yɛ na ama yɛanya adwene sɛ Onyankopɔn mmara yɛ den dodo?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa wɔ yɛn ayɔnkofa ho?

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so abata Onyankopɔn a ɔma ahofadi no ho?

1. Yehowa de ne ho korakora, nanso ɔyɛ n’ade dɛn? Ahofadi bɛn na ɔmaa Adam ne Hawa nyae?

YEHOWA nko ara ne obi a ɔde ne ho korakora, ɔnhyɛ obiara ase. Nanso ɔmfa ne tumi nhyɛ afoforo so. Ɔnhyehyɛɛ mmara buburigyaa mmaa n’asomfo wɔ biribiara ho. Mmom wama wɔn hokwan a wɔn ankasa de wɔn adwene bɛyɛ adwuma na wɔayɛ biribiara a wɔn ani gye ho a ɛnto ne mmara. Ma yɛmfa Adam ne Hawa sɛ nhwɛso: Ade biako pɛ na Onyankopɔn kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” no. (Gen. 2:17) Eyi kyerɛ sɛ na wobetumi ayɛ wɔn Bɔfo no apɛde na bere koro no ara nso wɔanya ahofadi pii ayɛ nneɛma foforo a ɛfata!

2. Ɛyɛɛ dɛn na ahofadi a Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa fii wɔn nsa?

2 Dɛn nti na Onyankopɔn maa Adam ne Hawa ahofadi kɛse saa? Ɔyɛɛ saa efisɛ ɔbɔɔ wɔn ne suban so na ɔmaa wɔn ahonim nso. Afei Yehowa na ɔbɔɔ wɔn enti na ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛdɔ no na wɔayɛ nea ɛteɛ. (Gen. 1:27; Rom. 2:15) Awerɛhosɛm ne sɛ na Adam ne Hawa yɛ bonniayɛ na wɔn ani ansɔ ahofadi a wɔn Bɔfo no de maa wɔn no. Satan ma wonyaa ahofadi foforo a ɛmfata; ɛne sɛ wɔn ankasa na wɔbɛkyerɛ wɔn ho papa ne bɔne. Sɛ na wosusuw sɛ ɛno bɛma wɔanya ahofadi pii a, ɛnde wɔn nsa sii fam. Efisɛ ɛno mmom ma wɔtɔn ahofadi a wɔne wɔn asefo wɔ kɔhyɛɛ bɔne ase, na eyi de owu ne amanehunu na ɛbae.—Rom. 5:12.

3, 4. Adwene bɛn na Satan betumi adaadaa yɛn ma yɛanya wɔ Yehowa mmara ho?

3 Sɛ Satan tumi nyaa nnipa baanu a wɔyɛ pɛ ne abɔfo mpo ma wɔpoo Onyankopɔn tumidi a, ɛnde ɛrenyɛ den mma no koraa sɛ ɔbɛdaadaa yɛn. Satan nsesae, ɔnam ɔkwan koro no ara so na ɔdaadaa nnipa nnɛ. Ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn mmara yɛ den, ɛkyekyere yɛn dodo, na ɛmma yentumi nnye yɛn ani. (1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛne nnipa a wokura adwene a ɛte saa bɔ a, yɛn nso yebenya adwene koro no ara bi. Onuawa bi a wadi mfe 24 kae sɛ: “Bere bi fekubɔne de me kɔɔ asiane mu, efisɛ me ne m’atipɛnfo hyia a, na mempɛ sɛ mɛtom.” Eyi ma obuu brabɔne. Yɛreka yi, ebia wo nso woakae bere bi a anka w’atipɛnfo reyɛ asɛe wo.

4 Asɛm biako a ɛyɛ yaw ne sɛ Kristofo asafo no mu mpo, ebinom wɔ hɔ a sɛ yɛanhwɛ yiye a wobetumi asɛe yɛn. Onua kumaa bi kae sɛ: “Minim mmerante ne mmabaa bi a na wɔne nnipa a wɔnsom Yehowa taa pue. Da biara a me ne wɔn bɛbɔ no na ɛyɛ me sɛ menyɛ nea wɔreyɛ no bi. Mihui sɛ me som ayɛ basaa. Mekɔ asafo nhyiam a na m’ani nnye, na asɛnka de na atɔ nsu mu ara ne sa. Afei mihui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi, enti me ne wɔn twaa ayɔnkofa mu ntɛm ara!” Wunim sɛ w’ayɔnkofo betumi atwetwe wo ma woayɛ nea ɛmfata anaa? Ma yɛnhwɛ Bible mu asɛm bi a ebetumi aboa yɛn nnɛ.—Rom. 15:4.

OWIAA WƆN KOMA

5, 6. Ɔkwan bɛn na Absalom faa so daadaa nnipa? N’adɛfɛdɛfɛsɛm no boaa no anaa?

5 Nnipa pii wɔ Bible mu a wogyigyee nkurɔfo kɔɔ bɔne mu. Wɔn mu biako ne Ɔhene Dawid ba Absalom. Ná Absalom yɛ ɔbarima a ne ho yɛ fɛ yiye. Nanso akyiri yi ɔyɛɛ n’ade sɛ Satan. Ɔmaa anibere bɔne didii ne komam, na na ɔpɛ sɛ ɔfa akwannuasa nyinaa so ma ne nsa ka ahengua a ne papa te so no. Nanso na onni hokwan sɛ ɔtena agua no so mpo. * Esiane sɛ na Absalom pɛ sɛ ahenni no bedi ne nsam nti, ɔboapa yɛɛ ne ho sɛ ɔpɛ ne mfɛfo Israelfo no asɛm ara ama, na ɔdɛfɛdɛfɛɛ nkurɔfo no ma wonyaa adwene sɛ Ɔhene Dawid mfa wɔn asɛm nyɛ hwee. Nea Ɔbonsam yɛe wɔ Eden no ara bi na Absalom yɛe. Ɔyɛɛ ne ho sɛ odwen nnipa ho, na ɔsɛee n’ankasa ne papa kyerɛɛ wɔn.—2 Sam. 15:1-5.

6 So Absalom adɛfɛdɛfɛsɛm no boaa no? Ɛboaa no kakra efisɛ Bible ka sɛ: “Absalom de saa ara wiaa Israel mmarima koma.” (2 Sam. 15:6) Nanso akyiri yi Absalom ahantan danee n’ahwease. Ɔne nnipa mpempem a wotu dii n’akyi nyinaa wui.—2 Sam. 18:7, 14-17.

7. Dɛn na yebetumi asua afi Absalom asɛm no mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 14 no.)

7 Ɛyɛɛ dɛn na Absalom tumi nyaa Israelfo no? Ebia na wɔn ani gye nneɛma a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no ho. Ebetumi aba nso sɛ nkurɔfo no maa Absalom ahoɔfɛ daadaa wɔn. Sɛ eyinom na ɛdaadaa wɔn oo, sɛ biribi foforo oo, nokwasɛm ne sɛ: Wɔankɔ so ammata Yehowa ne ɔhene a wapaw no no ho. Ɛnnɛ nso Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde nkurɔfo a wɔayɛ wɔn ho “Absalom” bewiawia Yehowa asomfo koma. Ebia wɔbɛka biribi te sɛ, ‘Yehowa mmara kyekyere yɛn dodo. Yɛnhwɛ wɔn a wɔnsom Yehowa no; daa wogye wɔn ani!’ Sɛ wote nsɛm a ɛte saa a, wuhu no ntɛm ara sɛ ɛyɛ atosɛm ma enti wobɛkɔ so de wo ho afam Onyankopɔn ho mmom? Ɛyɛ a wuhu sɛ Yehowa “mmara a ɛyɛ pɛ” anaa Kristo mmara nkutoo na ebetumi ama woanya ahofadi ankasa? (Yak. 1:25) Sɛ saa a, ɛnde ma saa mmara no nna wo koma so na mma obiara nto wo brada na woamfa ahofadi a wowɔ no anyɛ bɔne.—Monkenkan 1 Petro 2:16.

8. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛ obi bu Yehowa mmara so a, n’ani rennye?

8 Mmerante ne mmabaa paa na Satan atu n’ani asi wɔn so. Onua bi a wadi mfe 30 ne akyiri kae sɛ ɔyɛ abarimaa no, na osusuw sɛ Yehowa mmara yɛ kyenkyenee dodo; wanhu sɛ ɛbɔ yɛn ho ban. Enti ɔde ne ho kɔhyɛɛ ɔbrasɛe mu. Nanso eyi amma n’ani annye. Mfe pii akyi koraa no, sɛ ɔkae nea ɔyɛe no a na ɛyɛ ne yaw, na ne werɛ ahow. Onuawa bi a ɔde ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu ne mmabaaberem kyerɛwee sɛ akyiri yi asɛm no yɛɛ no yaw na ohui sɛ wasɛe ne ho. Ɔtoaa so kae sɛ: “Seesei mfe 19 atwam nanso da biara a mɛkae no na biribi reyɛ me.” Onuawa foforo nso kae sɛ: “Sɛ metena ase kaakae sɛnea m’abrabɔ haw nnipa a medɔ wɔn no a, na me werɛ ahow me ho ma m’adwene nyinaa atu afra, na na minni anigye wɔ me som mu. Sɛ wo ne Yehowa ntam sɛe a, wuhu sɛ wunni ahotɔ koraa.” Sɛ woreyɛ bɔne a, Satan mpɛ sɛ ɛba w’adwenem koraa sɛ wubetwa so aba.

9. (a) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho afa Yehowa mmara ne n’ahyɛde ho? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn yiye?

9 Awerɛhosɛm ne sɛ mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wɔn ani afi mpo de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu twa so aba ansa na wɔn ani aba wɔn ho so. (Gal. 6:7, 8) Enti bisa wo ho sɛ: ‘Mihu ɔkwan a Satan fa so dɛɛdɛe nnipa? Mibu Yehowa sɛ m’Adamfo pa a ɔpɛ me yiye, adamfo a ɔka nokware kyerɛ me daa? Migye di paa sɛ ɔremfa adepa biara nkame me, na nea ɛbɛma m’ani agye na ɔde bɛma me?’ (Monkenkan Yesaia 48:17, 18.) Ɛsɛ sɛ wuhu Yehowa yiye ansa na woatumi de wo nsa asi wo bo abua nsɛmmisa yi sɛ yiw. Hu sɛ Yehowa mmara ne n’ahyɛde a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ sɛ ɔdɔ wo, na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔka wo hyɛ.—Dw. 25:14.

BƆ MPAE HWEHWƐ NYANSA NE AHOBRƐASE KOMA

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua ɔhene aberantewa Solomon?

10 Bere a Solomon yɛ aberante no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ: “Me de, meyɛ abofra koraa. Minnim sɛnea mefi adi na maba mu.” Afei ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no nyansa ne ahobrɛase koma. (1 Ahe. 3:7-9, 12) Yehowa tiee n’adesrɛ no, na wo nso sɛ wode w’adesrɛ to n’anim a ɔbɛyɛ saa ara ama wo. Wusua oo, woanyin oo, obetie wo. Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa bɛtam nyansa ne nhumu abɛhyɛ w’adwenem. Nanso sɛ woyere wo ho sua n’Asɛm, wobɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron, na wutie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn wɔ Kristofo asafo no mu a, ɔbɛma woahu nyansa. (Yak. 1:5) Yehowa ma n’asomfo mmofra mpo hu nyansa sen wɔn a wontie n’afotu; wɔsen wiase yi mu nnipa a wose wɔyɛ “anyansafo ne animdefo” mpo.—Luka 10:21; monkenkan Dwom 119:98-100.

11-13. (a) Ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi Dwom 26:4, Mmebusɛm 13:20, ne 1 Korintofo 15:33 mu? (b) Wobɛyɛ dɛn de Bible mu nsɛm yi ayɛ adwuma?

11 Afei momma yɛnhwɛ nsɛm bi a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛpaw yɛn nnamfo nyansam. Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛho hia sɛ yesua Bible na yedwinnwen ho na yɛatumi ahu Yehowa yiye. Dwom 26:4 ka sɛ: “Me ne nkontompofo antena; na nyaatwomfo nso, me ne wɔn ammɔ.” Mmebusɛm 13:20 nso ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” Afei 1 Korintofo 15:33 ka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”

12 Ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi kyerɛwsɛm ahorow yi mu? (1) Yehowa pɛ sɛ yɛpaw yɛn ayɔnkofo nyansam. Ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban na biribiara ansɛe yɛn abrabɔ ne yɛn som. (2) Nnipa a yɛne wɔn bɔ betumi ama yɛayɛ adepa anaa adebɔne; eyi yɛ nokware turodoo. Sɛ yɛhwɛ kyerɛwsɛm ahorow yi a yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ankasa yɛ asɛm no ho biribi. Yɛyɛ dɛn hu saa? Hyɛ no nsow sɛ kyerɛwsɛm no mu biara nyɛ mmara kyenkyenee a ɛka sɛ “yɛ eyi” anaa “ɛnyɛ eyi.” Na mmom nea Yehowa reka akyerɛ yɛn ne sɛ: ‘Nokware a ɛwɔ asɛm no mu ni oo. Dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Dɛn na wo koma pɛ?’

13 Kyerɛwsɛm abiɛsa a yɛaka ho asɛm yi yɛ nokware turodoo, entwam da. Efi bere a wɔkyerɛwee besi nnɛ, ɛda so ara yɛ nokware. Enti bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: Ɛhe na metumi ahyia “nyaatwomfo”? Dɛn na mɛyɛ na me ne saafo no ammɔ? (Mmeb. 3:32; 6:12) Henanom ne “anyansafo” a Yehowa pɛ sɛ me ne wɔn bɔ no? Na henanom ne “nkwasea” a ɔmpɛ sɛ me ne wɔn bɔ no? (Dw. 111:10; 112:1; Mmeb. 1:7) Sɛ mefa nnamfo bɔne a, “ɔbra pa” bɛn na ɛbɛsɛe? Wiase no mu nkutoo na fekubɔne wɔ anaa? (2 Pet. 2:1-3) Mmuae bɛn na wode bɛma?

14. Dɛn na wubetumi ayɛ ma w’Abusua Som atu mpɔn?

14 Bere a yɛasusuw kyerɛwsɛm ahorow yi ho saa no, hwɛ sɛ wubetumi adwinnwen kyerɛw nsɛm foforo ho de ahu Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma bi a ebetumi aboa wo ne w’abusua ho anaa. * Awofo, monhwɛ sɛ mubetumi asusuw nsɛm a ɛte saa ho wɔ mo Abusua Som ase. Sɛ moreyɛ saa a, momfa nyɛ mo botae sɛ mobɛboa abusua no muni biara ma wate Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde ase na wahu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn. (Dw. 119:72) Sɛ mobom sua ade saa a, ɛbɛma abusua no mufo nyinaa abɛn Yehowa kɛse na wɔadodɔ wɔn ho.

15. Dɛn na ɛbɛma woahu sɛ woanya nyansa ne ahobrɛase koma?

15 Dɛn na ɛbɛma woahu sɛ woanya nyansa ne ahobrɛase koma? Ade biako ni: Hwɛ sɛnea wususuw nsɛm ho na fa toto Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no de ho. Wɔn mu biako ne Ɔhene Dawid. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.” (Dw. 40:8) Bio nso nea ɔkyerɛw Dwom 119 no kae sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.” (Dw. 119:97) Ɔdɔ a ɛte saa mma kwa. Ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase sua Bible na wugye bere dwinnwen nea woasua no ho na wobɔ mpae. Na bere a wode Onyankopɔn mmara reyɛ adwuma no, wubehu nhyira pii wɔ w’ankasa asetena mu.—Dw. 34:8.

HWƐ NA AHOFADI A WOWƆ AMFI WO NSA!

16. Sɛ yɛmpɛ sɛ ahofadi ankasa a yɛwɔ no fi yɛn nsa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

16 Efi tete besi nnɛ nyinaa, aman pii ako apere wɔn fahodi. Sɛ wɔn mpo reyɛ saa a, ɛnde wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ woyere wo ho na ahofadi a wowɔ sɛ Kristoni no amfi wo nsa? Kae sɛ ɛnyɛ Satan nko na ɔyɛ wo tamfo, na mmom wiase no ne ne mframa bɔne no nso ka ho. W’ankasa wo sintɔ ne wo koma kontomponi no nso redi tia wo. (Yer. 17:9; Efe. 2:3) Nanso Yehowa mmoa so, wubetumi adi so. Afei nso, bere biara a wobɛyɛ nea ɛteɛ no, nneɛma pa abien na efi mu ba. Nea edi kan, woma Yehowa koma tɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Nea ɛtɔ so abien, bere a wode Onyankopɔn “ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ” reyɛ adwuma no, wobɛde wo ho na ɛno bɛma woayere wo ho anantew ‘ɔkwan teateaa’ a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Daakye wubenya ahofadi kɛse a Yehowa de ahyɛ n’asomfo anokwafo bɔ no.—Yak. 1:25; Mat. 7:13, 14.

17. Sɛ yɛfom a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu? Sɛ yɛfom a mmoa bɛn na Yehowa de ma yɛn?

17 Yɛyɛ nnipa yi deɛ, ɛyɛ a yedi mfomso. (Ɔsɛnk. 7:20) Enti sɛ wudi mfomso a, mma w’abam mmu na nnya adwene sɛ wo so nni mfaso. Sɛ wofom a, mfa ahwease nyɛ nna, sɔre gyina wo nan so. Ebia ebehia sɛ wohwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ. Yakobo kyerɛwee sɛ wɔn “gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.” (Yak. 5:15) Mma wo werɛ mfi sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo na ohuu adepa bi wɔ wo ho, ɛno nti na ɔtwee wo baa asafo no mu. (Monkenkan Dwom 103:8, 9.) Sɛ wokɔ so de koma mũ som Yehowa a, ɔno nso rempo wo da.—1 Be. 28:9.

18. Dɛn na yɛbɛyɛ na Yehowa abɔ yɛn ho ban sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 17:15 no?

18 Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔne n’asomafo anokwafo 11 no bɔɔ mpae. Ɔsrɛ maa wɔn sɛ: “Hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.” (Yoh. 17:15) Ná ɛnyɛ n’asomafo no nko ara na ɔresrɛ ama wɔn, na mmom na ɔresrɛ ama n’akyidifo nyinaa. Enti yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bebua Yesu mpae no na wahwɛ yɛn so wɔ yɛn ahohia mu, efisɛ Yehowa ‘yɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnantew nokwaredi mu na ɔbɛwɛn n’anokwafo kwan.’ (Mmeb. 2:7, 8) Nokwarem no ɛnna fam sɛ yebedi Yehowa ahyɛde so bere nyinaa, nanso sɛ yɛpɛ daa nkwa ne ahofadi paa a, eyi ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Rom. 8:21) Hwɛ na woamma obiara ansɛe w’adwene!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Ɔhene Dawid woo Absalom ansa na Onyankopɔn rehyɛ no bɔ sɛ ‘n’aseni’ bi bɛba, na ɔno na obedi n’ade. Enti anka ɛsɛ sɛ Absalom hu sɛ ɛnyɛ ɔno na Yehowa apaw no sɛ onni Dawid ade.—2 Sam. 3:3; 7:12.

^ nky. 14 Mubetumi ahwɛ kyerɛwsɛm te sɛ 1 Korintofo 13:4-8. Ɛhɔ na Paulo kaa ɔdɔ ho asɛm. Bio nso, mubetumi asusuw Dwom 19:7-11 ho, na moahu nhyira a Yehowa de ma wɔn a wodi ne mmara so.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 14 mfonini]

Yɛbɛyɛ dɛn ahu nkurɔfo a wɔayɛ wɔn ho Absalom nnɛ na yɛahwɛ yɛn ho yiye wɔ wɔn ho?