Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yehowa Koro” Ka N’abusua Bom

“Yehowa Koro” Ka N’abusua Bom

“Yehowa Koro” Ka N’abusua Bom

‘Mesrɛ mo sɛ montena ase honhom biakoyɛ mu.’​—EFE. 4:1, 3.

WOBƐKYERƐKYERƐ MU DƐN?

Dɛn nti na Onyankopɔn redi nneɛma ho dwuma anaa ɔretoto nneɛma?

Dɛn na yɛbɛyɛ na ‘yɛatena ase honhom biakoyɛ mu’?

Dɛn na ɛbɛboa ma ‘yɛne yɛn ho adi wɔ ayamye so’?

1, 2. Adwene bɛn na Yehowa wɔ wɔ asase ne nnipa ho?

SƐ WOTE asɛmfua “abusua” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ɔdɔ ne anigye na ɛba w’adwenem? Anaa nnipa bi a wo ne wɔn bom yɛ biribi? Anaa baabi a ahotɔ ne asomdwoe wɔ a wubetumi anyin prɔmprɔm asua ade na wo ne afoforo abɔ nkɔmmɔ? Sɛ eyinom na ɛba w’adwenem a, ɛnde na woda abusua pa mu. Yehowa ankasa na ɔhyehyɛɛ abusua. (Efe. 3:14, 15) Ná Onyankopɔn adwene ne sɛ wɔn a wɔwɔ soro ne asase so nyinaa bɛyɛ abusua biako a wɔwɔ ahotɔ na wogye wɔn ho di.

2 Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, ɛwaee nnipa fii Onyankopɔn abusua ho. Nanso ɛno ansesa Yehowa atirimpɔw. Ɔbɛhwɛ sɛ Adam ne Hawa asefo bɛhyɛ Paradise asase so ma. (Gen. 1:28; Yes. 45:18) Watoto nneɛma yiye a ɔde bɛma saa atirimpɔw no abam. Efesofo nhoma no ka saa ntotoe yi ho asɛm, na nea edi mu akoten paa ne koroyɛ. Momma yensusuw nhoma yi mu nsɛm kakra ho nhwɛ sɛnea Yehowa bɛka n’abɔde nyinaa abom ne nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yegye tom.

SƐNEA ODI NNEƐMA HO DWUMA

3. Nneɛma bɛn na Onyankopɔn di ho dwuma a wɔaka ho asɛm wɔ Efesofo 1:10, na bere bɛn na ɔfã a edi kan no fii ase?

3 Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.” (Deut. 6:4) Biribiara a Yehowa bɛyɛ no, ɛne n’atirimpɔw hyia. Enti “sɛ bere no sõ” a, Onyankopɔn ‘bedi nneɛma ho dwuma,’ kyerɛ sɛ ɔbɛtoto nneɛma de aka wɔn a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asase so abom ayɛ abusua biako. (Monkenkan Efesofo 1:8-10.) Saa ‘dwumadi’ anaa ntotoe yi fa nneɛma abien ho. Nea edi kan ne sɛ ɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn a wɔbɛkɔ soro no ano. Saafo yi bɛyɛ adwuma wɔ Yesu Kristo ase. Pentekoste 33 Y.B. mu na Yehowa fii ase boaboaa wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no ano. (Aso. 2:1-4) Kristo agyede afɔre no nti, Onyankopɔn abu wɔn a wɔasra wɔn no bem ama nkwa. Wɔn a wɔasra wɔn no nim sɛ wɔagye wɔn ayɛ “Onyankopɔn mma.”—Rom. 3:23, 24; 5:1; 8:15-17.

4, 5. Nneɛma a wɔredi ho dwuma no fã a ɛto so abien no ne dɛn?

4 Nea ɛto so abien ne sɛ ɔbɛboaboa wɔn a wɔbɛtena ase wɔ Paradise asase so wɔ Kristo Mesia Ahenni no mu no ano. “Nnipakuw kɛse” no na wobedi kan atena Paradise asase so. (Adi. 7:9, 13-17; 21:1-5) Afei Kristo Mfirihyia Apem Ahenni mu no, wobenyan nnipa mpempem pii abɛka wɔn ho. (Adi. 20:12, 13) Wo de hwɛ sɛnea owusɔre no bɛma yɛanya hokwan de akyerɛ sɛ yɛyɛ biako ampa! Nnipakuw kɛse no ne wɔn a wobenyan wɔn no na wɔbɛka abom ayɛ “nea ɛwɔ asase so” no, na mfirihyia apem no awiei no wɔbɛsɔ wɔn ahwɛ. Wobegye wɔn a wobedi nokware no ayɛ wɔn “Onyankopɔn mma.”—Rom. 8:21; Adi. 20:7, 8.

5 Ɛnnɛ Onyankopɔn gu so redi nneɛma ho dwuma, nea ɛfa ɔsorofo ho ne nea ɛfa asase sofo ho. Nanso dɛn na yɛn mu biara yɛ nnɛ de kyerɛ sɛ yegye ɔkwan a Onyankopɔn fa so di nneɛma ho dwuma no tom?

‘MONTENA ASE HONHOM BIAKOYƐ MU’

6. Asɛm bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo hyiam?

6 Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo hyiam. (1 Kor. 14:23; Heb. 10:24, 25) Nanso sɛ yehyiam faako a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ yɛayɛ biako. Ɛte sɛ bere a nnipa ahyia wɔ guaso anaa agodibea; ɛno nkyerɛ sɛ wɔyɛ biako. Ade a ɛbɛma yɛayɛ biako ankasa ne sɛ yɛde Yehowa nkyerɛkyerɛ bɛyɛ adwuma na yɛama Onyankopɔn honhom kronkron anwene yɛn.

7. Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛntena ase honhom biakoyɛ mu’ a, ɛkyerɛ dɛn?

7 Ɛwom, Yehowa nam Kristo agyede afɔre no so abu wɔn a wɔasra wɔn no bem sɛ ne mma, na wabu nguan foforo no nso bem sɛ ne nnamfo, nanso bere a yɛda so wɔ wiase bɔne yi mu de, wantwiwantwi ne akasakasa bɛkɔ so wɔ yɛn mu. (Rom. 5:9; Yak. 2:23) Anyɛ saa a, anka Bible rentu yɛn fo sɛ ‘yɛne yɛn ho ntena ɔdɔ mu.’ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ayɛ biako? Ehia sɛ yenya “ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa.” Afei Paulo kae sɛ yɛnyere yɛn ho “mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.” (Monkenkan Efesofo 4:1-3.) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so de afotu yi ayɛ adwuma ne sɛ yɛbɛma Onyankopɔn honhom akyerɛ yɛn kwan na aboa yɛn ma yɛasow honhom no aba. Sɛ wantwiwantwi bi ba yɛne yɛn nuanom ntam a, honhom no aba boa ma yesiesie, nanso ɔhonam nnwuma no de, ɛtetew yɛn mu.

8. Ɔkwan bɛn so na ɔhonam nnwuma de ntetewmu ba?

8 Momma yɛnhwɛ sɛnea “ɔhonam nnwuma” de ntetewmu ba. (Monkenkan Galatifo 5:19-21.) Sɛ obi de ne ho hyɛ aguamammɔ mu a, ɛtetew ɔne Yehowa ntam, na ɛtetew ɔne asafo no nso ntam. Na sɛ ɛyɛ awaresɛe a, etumi ma abusua gyigya: mma ne awofo ntam tetew, na ebetumi ama okunu anaa ɔyere a ne ho nni asɛm ne ne hokafo ntam atetew. Afideyɛ tumi sɛe obi ne Onyankopɔn ntam, na ɛsɛe ɔne n’adɔfo nso ntam. Ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔde amane ka nneɛma abien bi fam ho. Ɛsɛ sɛ emu biara anim tew kama ansa na atumi akye yiye. Sɛ obi bɔ ahohwi a ɛkyerɛ sɛ watoto n’ani awe, ommu Onyankopɔn mmara na ɔmfa nyɛ hwee koraa. Ɔhonam nnwuma a aka no nso tetew nnipa ntam na ɛtetew obi ne Onyankopɔn nso ntam. Yehowa kyi nneyɛe a ɛte saa koraa.

9. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho ahwɛ sɛ yɛreyere yɛn ho ama asomdwoe ne biakoyɛ atena yɛn ntam?

9 Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Dɛn paa na mereyɛ ama asomdwoe ne biakoyɛ atena me ne me nuanom ntam? Sɛ me ne obi nya asɛm a, dɛn na meyɛ wɔ ho? Mebɔ no dawuru sɛnea ɛbɛyɛ a menya me nnamfo pii ma wɔaka bi ama me? Migyaw asɛm no ma mpanyimfo no sɛ wɔn mmom nka sen sɛ anka m’ankasa metu anammɔn bi ma asomdwoe aba? Sɛ minim sɛ obi wɔ me ho menasepɔw a, mekwati no koraa sɛnea ɛbɛyɛ a me ne no nhyia mpo na yɛaka asɛm no?’ Sɛ ɛte saa a, ɛnde bere a Yehowa resan aka nneɛma nyinaa abom wɔ Kristo mu yi, so yebetumi aka sɛ yegye tom?

10, 11. (a) Dɛn nti na ehia sɛ yɛne yɛn nuanom tena asomdwoe mu? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ ma asomdwoe atena yɛn ntam na Yehowa ahyira yɛn?

10 Yesu kae sɛ: “Sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre. . . . Wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.” (Mat. 5:23-25) Yakobo kyerɛwee sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yak. 3:17, 18) Enti sɛ asomdwoe nni hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ nea ɛteɛ.

11 Ma yɛnyɛ eyi ho nhwɛso: Aman bi wɔ hɔ a ɔko asɛe hɔ koraa, na nhwehwɛmu kyerɛ sɛ atopae nti akuafo ntumi nyɛ nsase pii so adwuma. Sɛ topae pae wɔ asase bi so a, akuafo nkɔ hɔ bio. Ɛba saa a, na adwuma a wɔn a wɔtete nkuraase bɛyɛ ma wɔn nsa akɔ wɔn ano abɔ wɔn, na ɛma ɔkɔm te si nkurow akɛse mu. Yɛn nso, sɛ yɛwɔ su bi te sɛ topae a, ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam, na eyi bɛma yɛatɔ ape na yɛrentumi nkɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu. Sɛ yɛde nsɛm kyɛ ntɛm na yeyi yɛn yam boa afoforo a, yɛn nyinaa benya asomdwoe na Yehowa ahyira yɛn.

12. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa ma yɛayɛ biako?

12 Bio nso asafo mu mpanyimfo a wɔde wɔn ‘ama sɛ akyɛde’ no boa ma biakoyɛ tena asafo no mu. Wɔde wɔn ama sɛ wɔmmoa ma yɛnyɛ ‘biako wɔ gyidi mu.’ (Efe. 4:8, 13) Sɛ mpanyimfo ne yɛn bom yɛ ɔsom adwuma no na wɔde Onyankopɔn Asɛm no tu yɛn fo wɔ nneɛma bi ho a, ɛboa yɛn ma yɛhyɛ nipasu foforo no. (Efe. 4:22-24) Sɛ mpanyimfo tu wo fo a, ɛyɛ a woma ɛtena w’adwenem sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔresiesie wo ma woatumi atena wiase foforo a ne Ba no bedi so no mu? Mpanyimfo, mo nso sɛ obi yɛ biribi na moregye no asi yiye a, so moma ɛtena mo adwenem sɛ moreboa no ma watumi atena wiase foforo no mu?—Gal. 6:1.

‘MO NE MO HO NNI WƆ AYAMYE SO’

13. Sɛ yɛantie afotu a ɛwɔ Efesofo 4:25-32 no a, dɛn na ɛbɛba?

13 Efesofo 4:25-29 ma yehu nneyɛe pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Ebi ne nkontompo, abufufa ne anihaw. Bio nso ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛm a aporɔw fi yɛn anom ba, na mmom ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a eye na mfaso wɔ so. Sɛ obi antie afotu yi a, na ɔrehow Onyankopɔn honhom no werɛ efisɛ honhom kronkron yɛ tumi a ɛde biakoyɛ ba. (Efe. 4:30) Paulo toaa so kaa biribi foforo a sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛbɛboa ma yɛne afoforo atena asomdwoe mu na yɛayɛ biako. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara. Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.”—Efe. 4:31, 32.

14. (a) Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛne yɛn ho nni wɔ ayamye so’ a, dɛn na ɛkyerɛ? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛne afoforo adi wɔ ayamye so?

14 Paulo tu yɛn fo sɛ ‘yɛne yɛn ho nni wɔ ayamye so.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛ ebia yɛne afoforo nni no ayamye so sɛnea ɛsɛ ma enti ɛho behia sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no kɛse. Ehia sɛ yesua sɛ yebedwen afoforo ho asen yɛn ankasa yɛn ho. (Filip. 2:4) Ɛtɔ mmere bi a yɛpɛ sɛ yɛka asɛm bi ma afoforo serew anaa wohu sɛ yɛn adwenem abue. Nanso sɛ ɛbɛhaw obi a, ɛnde ɛmfata sɛ yɛka. Sɛ yedwen asɛm bi ho yiye ansa na apue afi yɛn anom a, ɛbɛboa ma yɛne afoforo ‘adi wɔ ayamye so.’

MOMMA YƐNNƆ YƐN ABUSUAFO NA YEMMU WƆN

15. Asɛm bɛn na Paulo kae wɔ Efesofo 5:28 a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okununom sua Kristo?

15 Bible de sɛnea Kristo ne asafo no di no toto sɛnea ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere di ho. Kristo nhwɛso no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ okunu ma ne yere akwankyerɛ a ɛfata na ɔdɔ no na ɔhwɛ no. Kristo nhwɛso no boa ɔyere nso ma ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu. (Efe. 5:22-33) Bere a Paulo kyerɛw sɛ: “Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua” no, na “saa ara” no kyerɛ dɛn? (Efe. 5:28) Ná wadi kan aka asɛm bi na eyi bua asɛmmisa no. Ɔkae sɛ: “Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no, na ɔnam asɛm no so de nsu ahohoro ho atew ho.” Enti sɛnea Kristo yɛe no, saa ara na ɛsɛ sɛ okunu ma n’ani da hɔ na ɔboa n’abusua ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa. Ɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ n’ani sɔ nea Yehowa reyɛ asan aka nneɛma nyinaa abom wɔ Kristo mu no, na ogye tom.

16. Sɛ awofo yɛ adwuma a Yehowa de ama wɔn no a, dɛn na efi mu ba?

16 Ɛsɛ sɛ awofo kae sɛ Yehowa na ama wɔn asɛyɛde sɛ wɔnhwɛ wɔn mma. Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa pii a wɔwɔ wiase nnɛ ‘nni tema.’ (2 Tim. 3:1, 3) Agyanom pii toto wɔn asɛyɛde ase, na eyi haw wɔn mma na wɔbɔ nnyennyan. Paulo tuu agyanom a wɔyɛ Kristofo fo sɛ: “Monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ɛyɛ abusua no mu na mmofra di kan sua ɔdɔ ne obu. Sɛ awofo de saa nneɛma no kyerɛkyerɛ wɔn mma a, ɛkyerɛ sɛ wɔn ani sɔ dwuma a Yehowa redi de aka nneɛma nyinaa abom no. Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn mma ani ka fie. Enti ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn bo fuw wɔn mma ntɛmntɛm na wɔkekaw mu gu wɔn so anaa wɔkasa tia wɔn. Ofie hɔ dwo a, wɔn mma besua sɛnea wɔbɛdɔ afoforo na wɔabu ade. Eyi besiesie wɔn ma wɔatena Onyankopɔn wiase foforo no mu.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi ne Ɔbonsam adi asi?

17 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Ɔbonsam na odii kan de abaa bɔɔ wiase asomdwoe mu, na wawe ahinam so sɛ ɔremma yɛnyɛ Onyankopɔn apɛde. Enti sɛ nkurɔfo gyae aware anaa wɔtena sɛ awarefo bere a wɔnwaree anaa mmarima ware wɔn yɔnko mmarima a, na wɔreyɛ nea Satan pɛ. Nanso yɛn de, ɛnsɛ sɛ yesuasua wiase no su na mmom ɛsɛ sɛ yesuasua Kristo. (Efe. 4:17-21) Enti Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa’ na yɛatumi adi Ɔbonsam ne n’adaemone so nkonim.—Monkenkan Efesofo 6:10-13.

“MONKƆ SO NNANTEW ƆDƆ MU”

18. Ade titiriw bɛn na ɛma Kristofo yɛ biako?

18 Ade titiriw a ɛma Kristofo yɛ biako ne ɔdɔ. Yɛde yɛn koma nyinaa dɔ yɛn “Awurade biako” no, yɛn ‘Nyankopɔn biako’ no, ne yɛn ho yɛn ho. Na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ atena yɛn mu. (Efe. 4:3-6) Ná ɔdɔ a ɛte saa ho hia Yesu, enti ɔbɔɔ mpae sɛ: “Ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so gye me di no nso; sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako, sɛnea wo, Agya no, wɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ biako . . . Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atena wɔn mu na matena wɔn mu.”—Yoh. 17:20, 21, 26.

19. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

19 Sɛ yɛn sintɔ nti ɛyɛ den sɛ yɛbɛsesa su bi a enye a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ka yɛn ma yɛbɔ mpae sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔsrɛe sɛ: “Ma me koma nyɛ koro ma ensuro wo din.” (Dw. 86:11) Yɛn soro Agya no dɔ yɛn, enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛremma Ɔbonsam kwan mma ɔntetew yɛne ne ntam da, na yɛremma ɔntetew yɛne yɛn nuanom nso ntam. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘suasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na yɛkɔ so nantew ɔdɔ mu’—wɔ abusua mu, asɛnka mu ne asafo no mu.—Efe. 5:1, 2.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 29 mfonini]

Wagyaw n’akyɛde afɔremuka no anim, na ɔne ne nua rekosiesie wɔn ntam

[Kratafa 31 mfonini]

Awofo, monkyerɛ mo mma ma wommu ade