Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetenam Nsɛm

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Ma Meyɛɛ N’apɛde

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Ma Meyɛɛ N’apɛde

Max Lloyd anom asɛm

Ná afe no yɛ 1955. Ná me ne me yɔnko sɛmpatrɛwfo bi wɔ Paraguay, South America, reyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Afei anadwo bi, atuntunafo betwaa ofie a yɛwom ho hyiae teɛteɛɛm sɛ: “Yɛn nyame kɔn dɔ mogya, ɔrepɛ ahɔho mogya anom.” Ɛyɛɛ dɛn na yɛn a yɛyɛ ahɔho yi bepuee ha?

MFE pii ni na ne nyinaa fii ase wɔ Australia. Ɛhɔ na minyinii, na Yehowa fii ase kyerɛkyerɛɛ me ma meyɛɛ n’apɛde. Ɔdansefo bi maa me papa nhoma a wɔato din Enemies wɔ 1938 mu. Ná Paapa ne Maame ani nnye asɔfo no nkyerɛkyerɛ ho, efisɛ na wɔkyerɛkyerɛ sɛ Bible no fã bi yɛ anansesɛm. Bɛyɛ afe akyi no, wɔbɔɔ m’awofo asu de kyerɛe sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Efi saa bere no rekɔ no na nea ɛda yɛn abusua no koma so paa ne sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde. Nea odi hɔ a ɔbɔɔ asu ne me nuabea Lesley. Ná ɔsen me mfe anum. Me nso mebɔɔ asu 1940; saa bere no na madi mfe akron.

Wiase Ko II akyi pɛɛ no, aban hyɛe sɛ Yehowa Adansefo nntintim wɔn nhoma nnkyekyɛ bio wɔ Australia. Enti bere a misua koraa na misuaa sɛnea mede Bible nkutoo bɛkyerɛkyerɛ me gyidi mu. Ná metaa de Bible kɔ sukuu de kyerɛ nea enti a minkyia frankaa anaa memmoa ɔko a na ɛrekɔ so no.—Ex. 20:4, 5; Mat. 4:10; Yoh. 17:16; 1 Yoh. 5:21.

Ná me sukuufo pii mpɛ sɛ wɔne me bɔ efisɛ na wɔato me din “betie kɔka.” Wɔkae sɛ mitie nsɛm kɔka kyerɛ Germanfo. Saa bere no na woyi sini wɔ sukuu. Wɔrebeyi sini biara a na obiara sɔre gyina hɔ tow ɔman dwom. Sɛ mansɔre a, na mmarimaa baanu anaa baasa abeso me tiri nhwi mu sɛ minnyina hɔ. Me gyidi a egyina Bible so nti woyii me adi fii sukuu. Metenaa fie suaa ade.

MIDUU ME BOTAE HO

Ná mede asi m’ani so sɛ midi mfe 14 a mefi akwampae adwuma ase. Nanso m’awofo kae sɛ menhwehwɛ adwuma nyɛ ansa na mafi ase, na eyi haw me paa. Wɔkae sɛ bere a meda so te wɔn nkyɛn no metua dan ne aduan ka, nanso wɔhyɛɛ me bɔ sɛ midi mfe 18 a metumi afi akwampae adwuma ase. Eyi nti bere biara na m’awofo pɛ sɛ wohu me sika mu. Mekae sɛ mepɛ sɛ mede sika a menya no sie yɛ akwampae adwuma nanso wogyei.

Bere soe sɛ mifi akwampae adwuma no ase no, m’awofo ne me tenaa ase ka kyerɛɛ me sɛ wɔde sika a wogye fii me hɔ no ato sikakorabea. Enti wɔde ne nyinaa maa me sɛ memfa ntotɔ ntade ne nneɛma a mehia de ayɛ akwampae adwuma no. Ná wɔrekyerɛ me ma mahu sɛnea m’ankasa mɛhwɛ me ho; na wɔmpɛ sɛ mɛyɛ adesoa ama afoforo. Sɛ mehwɛ m’akyi a, mihu sɛ saa ntetee no aboa me paa.

Bere a me ne Lesley yɛ mmofra no, na akwampaefo taa bɛsoɛ yɛn fie, na na yɛne wɔn bom yɛ asɛnka adwuma no. Edu Memeneda ne Kwasida a, na yɛka asɛm no wɔ afie afie, na na yedi adanse wɔ mmɔnten so yɛ Bible adesua. Saa bere no na botae a esi ɔdawurubɔfo ani so ne sɛ obenya dɔnhwerew 60 ɔsram biara. Maame deɛ ɛkame ayɛ sɛ ɔsram biara na onya, na me ne Lesley suasuaa ne nhwɛso no.

MEYƐƐ AKWAMPAE ADWUMA WƆ TASMANIA

Midii kan kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Tasmania supɔw so wɔ Australia. Mekɔkaa me nuabea ne ne kunu ho wɔ hɔ. Nanso ankyɛ koraa na wofii hɔ kɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 15. Ná mefɛre ade paa, na na mentew me ho nkɔtenaa baabiara da. Ebinom kae sɛ makyɛ wɔ hɔ ara ne asra abiɛsa. Nanso mekɔɔ hɔ no annu afe mpo na wɔpaw me sɛ asafo somfo afe 1950 mu. Asafo somfo na ɛnnɛ wɔfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no. Akyiri yi wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw na wɔde onua aberante bi bɛkaa me ho.

Wɔde yɛn kɔɔ beae bi a wotu kɔbere. Ná Adansefo biara nni hɔ. Yɛforoo bɔs koduu hɔ anwummere, na yɛkɔdaa ahɔhodan dedaw bi mu anadwo no. Ɛda a edi hɔ no, bere a yɛredi adanse wɔ afie afie no, yebisaa afiewuranom sɛ wonim dan bi a ɛda hɔ kwa anaa. Eduu anwummere no, obi ka kyerɛɛ yɛn sɛ asɔfofie bi bɔ Presby asɔredan no ho na ɛda hɔ kwa enti yɛne ɔsɔfokumaa a ɔwɔ hɔ no nkɔkasa. Ná n’anim tew na ɔde dan no maa yɛn. Anɔpa biara sɛ yɛrepue afi asɔfofie hɔ akɔ asɛnka a, na yɛn atikɔ ayɛ duduruudu.

Ná asasesin no mu yɛ dɛ. Nnipa tiee asɛm no na yɛne pii yɛɛ Bible adesua. Bere a asɔre no mpanyimfo a wɔwɔ ahenkurow no mu tee nea ɛrekɔ so yi na wohui sɛ Yehowa Adansefo akɔtena ɔsɔfo fie no, wɔka kyerɛɛ ɔsɔfokumaa no sɛ ontu yɛn ntɛm ara. Afei na baabi a yɛde yɛn ti bɛto asan ayɛ asɛm bio!

Ade kyee no yɛkaa asɛm no kosii awiabere. Afei na ato sɛ yɛhwehwɛ baabi a yɛde yɛn ti bɛto anadwo no. Baabi a yenyae ara ne agoprama bi so, na yɛde yɛn bag kɔhyehyɛɛ nkongua no ase toaa yɛn asɛnka so. Afei na ade resa nanso yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebewie afie kakra a aka no. Yeduu ofie biako mu no, owura bi maa yɛn dan a ɛhyɛ mu abien wɔ ne fie akyi.

ƆMANSIN ADWUMA NE GILEAD ADESUA

Bere a meyɛɛ akwampae adwuma wɔ ha asram awotwe no, Australia baa dwumadibea no too nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ ɔmansin sohwɛfo. Me ho dwiriw me efisɛ na madi mfe 20 pɛ. Wɔtetee me adapɛn kakra, na ɛno akyi no mifii ase srasraa asafo ahorow hyɛɛ wɔn den. Ná mibu me ho asukɔnoma bi nanso wɔn a wɔanyin sen me no ammu me abomfiaa; mmom na wɔn ani sɔ adwuma no.

Nnawɔtwe biara na ɛsono nea mede tu kwan kɔ asafo biara mu. Nnawɔtwe yi mede bɔs tu kwan a, nnawɔtwe a edi hɔ no na mafa kar anaa keteke kar. Ɛtɔ da bi a na metena moto so, na mete so nyinaa na me nneɛma ne m’asɛnka bag bobɔ me ho. Sɛ mikodu anuanom nkyɛn a, na m’ani gye ankasa. Asafo somfo biako mpo de, na ne ho pere no sɛ obegye me atena ne fie, nanso na onsii ne fie no nwiei. Enti saa nnawɔtwe no aguare na wosiesiee maa medae, nanso yɛn ani gyei saa nnawɔtwe no efisɛ yetumi hyehyɛɛ yɛn ho den.

Biribi foforo a na m’ani nna so sii 1953 mu. Me nsa kaa krataa a na ɛbɛma matumi akɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 22 no bi. Ná anigye ne dadwen adi afra. Asɛm no ne sɛ bere a me nuabea ne ne kunu wiee Gilead July 30, 1950 no, wɔde wɔn kɔɔ Pakistan. Nanso annu afe mpo na Lesley yare wui wɔ hɔ. Bere a yaw no da so wɔ m’awofo mu no, sɛ wɔte sɛ me nso merekɔhyɛ ɔman bi so a, dɛn na wɔbɛyɛ? Eyi gyaw me adwinnwen. Nanso wɔkae sɛ: “Baabiara a Yehowa bɛkyerɛ wo sɛ kɔ no, kɔ.” Manhu Paapa bio. Owui 1957 mu.

Afei mihui no, na me ne Australiafo baanum te po so hyɛn mu rekɔ New York City. Yedii nnawɔtwe asia wɔ po so. Yɛnam kwan so nyinaa na yɛrekenkan Bible sua ade, na yedii akwantufo a wɔka yɛn ho no adanse. Ansa na yɛrekɔ baabi a suukuu no wɔ wɔ South Lansing, New York no, yedii kan kɔɔ amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Yankee Stadium July 1953. Nnipa 165,829 na wɔkɔɔ nhyiam no!

Wɔfrɛɛ nnipa 120 fii wiase afanan nyinaa baa Gilead Sukuu no bi. Wɔamma yɛanhu baabi a wɔde yɛn bɛkɔ kosii da a yewiee sukuu no. Bere a yehuu baabi a yɛbɛkɔ no, yɛkɔɔ Gilead nhomakorabea kɔkenkanee aman a yɛrekɔ so no ho nsɛm. Wɔde me too Paraguay. Mihui sɛ ɛyɛ ɔman a nkurɔfo taa tew aban no so atua. Mikoduu hɔ a minnya mmɔɔ atenaseɛ no, anɔpa bi mibisaa asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ hɔ no “afahyɛ” a na ɛrekɔ so anadwo no. Wɔserewee na wɔkae sɛ: “Atuatew a wɔde rema wo akwaaba ni. Tow w’ani hwɛ aboboano hɔ.” Menkɔhwɛ a, asraafo na wogyinagyina baabiara yi!

ASƐM A ETU KOMA

Da bi na ɔmansin sohwɛfo rekɔsra asafo bi a ɛwɔ akura bi ase akoyi The New World Society in Action sini no akyerɛ wɔn, na mikogyaa no. Yetwaa kwan bɛyɛ dɔnhwerew awotwe anaa akron. Yedii kan faa keteke, afei yɛtenaa pɔnkɔ so, na eduu baabi no yɛfaa teaseɛnam. Yɛde generator ne afiri a yɛde yi sini kɔe. Yeduu hɔ a ade kyee no, yɛkɔsrasraa nkuraa nkuraa a ɛwɔ hɔ no too nsa frɛ obiara sɛ ɔmmɛhwɛ sini no bi anadwo no. Nnipa 15 na ɛbae.

Bere a yefii ase yii sini no, bɛyɛ simma 20 akyi na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yenwura fie hɔ ntɛm ara. Yɛtam afiri a yɛde yi sini no wuraa fie no mu. Ɛyɛ saa bere no na mmarima fii ase teɛteɛɛm totow atuo tow dwom sɛ: “Yɛn nyame kɔn dɔ mogya, ɔrepɛ ahɔho mogya anom.” Ná yɛyɛ ahɔho abien pɛ na yɛwɔ hɔ. Nnipa a wɔbɛhwɛɛ sini no amma atuntunafo no kwan amma fie hɔ. Nanso wɔsan baa ahemadakye nnɔnabiɛsa bɛtotow atuo, na wɔkae sɛ akyiri yi yɛresan yɛn akyi akɔ kurom a wobenya yɛn wɔ kwan so.

Anuanom kohuu ɔpanyin a ɔwɔ kurom hɔ, na awiabere mu hɔ no ɔde apɔnkɔ abien bɛfaa yɛn kɔɔ kurom. Bere a yɛrekɔ no sɛ yedu baabi a dɔtɔ wɔ anaa baabi a nnua ayɛ hɔ kusuu a, na watwe ne tuo adi yɛn anim ahwɛ sɛ ɔkwan mu da hɔ anaa. Mihui sɛ pɔnkɔ ara ne ade a wubetumi de atu kwan, enti akyiri yi mepɛɛ biako.

ASƐMPATRƐWFO PII BAE

Ná asɔfo teetee yɛn nanso ne nyinaa akyi no na nkurɔfo tie asɛm no. Wɔde asɛmpatrɛwfo foforo baanum bɛkaa yɛn ho afe 1955. Ná onuawa bi a ofi Canada a wawie Gilead adesuakuw a ɛto so 25 ka ho; wɔfrɛ no Elsie Swanson. Yɛtenaa baa dwumadibea hɔ kakra ansa na wɔde Elsie rekɔ kurow foforo so. Ná ɔde ne bere nyinaa resom Yehowa nanso n’awofo ammoa no. N’awofo ammegye nokware no. Me ne Elsie waree December 31, 1957, na yɛn nkutoo kɔtenaa asɛmpatrɛwfo fie wɔ Paraguay anafo fam.

pipe nni fie hɔ; abura na na wɔatu wɔ afikyiri hɔ. Enti na wunnya nsu mmu wɔ aguare, agyananbea ne afiri a wɔde horo nneɛma nni fie no mu, na na frigye nso nni hɔ. Nnuan a ɛsɛe ntɛm de, na yɛtɔ no da biara. Ná ɛhɔfo yɛ awiɛmfoɔ enti na ɛhɔ asetena nyɛ den, na yɛne anuanom a wɔwɔ asafo no mu tenaa kama, na eyi nyinaa maa yɛn ani gyei wɔ yɛn aware mu.

Afe 1963 mu no yɛkɔsraa me maame wɔ Australia, na yeduu hɔ no ankyɛ na onyaa komayare. Ná n’ani hyee me so no mfe du atwam, enti ɛbɛyɛ sɛ anigye mmoroso ka ho bi na ɔyaree. Aka kakra ma yɛasan akɔ Paraguay no, na yenhu sɛ yɛntena Maame ho anaa yennyaw no ayaresabea mma obi nhwɛ no na yɛnsan nkɔ Paraguay nkɔtoa so nyɛ adwuma a ɛda yɛn koma so no. Eyi gyaw yɛn tipae. Yɛbɔɔ asɛm no ho mpae paa na me ne Elsie sii gyinae sɛ yɛbɛtena Maame ho ahwɛ no. Yɛhwɛɛ Maame kɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no kosi sɛ owui 1966.

Minyaa hokwan somee sɛ ɔmansin ne ɔmantam sohwɛfo wɔ Australia mfe pii, na bere a wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu maa mpanyimfo no, mekyerɛɛ ade wɔ hɔ. Biribi foforo bɛsesaa yɛn asetena. Wɔde me kaa anuanom a wodii kan paw wɔn sɛ Baa Boayikuw mufo wɔ Australia no ho. Bere a ɛbae sɛ yebesi Betel foforo no, wɔpaw me adansi boayikuw no guamtenani. Anuanom pii de wɔn suahu boae ma yesii Betel fɛfɛɛfɛ.

Akyiri yi mekɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Saa dwumadibea no na ɛhwɛ asɛnka adwuma so. Afei nso minyaa hokwan kɔsrasraa baa dwumadibea ahorow wɔ wiase baabiara hyɛɛ wɔn nkuran. Mmeae bi wɔ hɔ a mihyiaa anuanom a wɔada afiase ne nneduaban mu mfe pii esiane nokware a wodii Yehowa nti. Eyi hyɛɛ me gyidi den paa.

NEA YEKURA MU SEESEI

Afe 2001 mu, yɛkɔsrasraa baa dwumadibea ahorow bi. Yɛbae no na yɛabrɛ, nanso na krataa bi da m’akyi retwɛn yɛn. Menkɔtew ano a, wɔatow nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmra Brooklyn, New York na memmɛka United States Baa Boayikuw a wɔatew no foforo no ho. Me ne Elsie susuw asɛm no ho bɔɔ mpae, na yɛde anigye penee so. Seesei yɛadi boro mfe 11 wɔ Brooklyn.

Ɛyɛ me dɛ paa sɛ manya yere a n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa bɛka biara. Seesei me ne Elsie nyinaa adi mfe 81 nanso yare biara nhyɛ da nhaw yɛn. Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn afebɔɔ na yɛanya nhyira pii a wɔn a wɔkɔ so yɛ n’apɛde benya no bi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Nnawɔtwe yi mede bɔs tu kwan a, nnawɔtwe a edi hɔ no na mafa kar anaa keteke kar. Ɛtɔ da bi a na metena moto so, na mete so nyinaa na me nneɛma ne m’asɛnka bag bobɔ me ho

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn afebɔɔ

[Kratafa 18 mfonini]

Benkum: Bere a mereyɛ ɔmansin adwuma wɔ Australia

Nifa: Me ne m’awofo

[Kratafa 20 mfonini]

Yɛn ayeforohyia da, December 31, 1957