Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyina Pintinn Na Kwati Ɔbonsam Mfiri!

Gyina Pintinn Na Kwati Ɔbonsam Mfiri!

Gyina Pintinn Na Kwati Ɔbonsam Mfiri!

‘Gyina pintinn ko tia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.’—EFE. 6:11.

WUBEBUA DƐN?

Dɛn na Yehowa somfo betumi ayɛ na adedodowpɛ ansum no afiri?

Dɛn na ɛbɛboa Kristoni a waware na awaresɛe ansum no afiri?

Sɛ wokwati adedodowpɛ ne nna mu ɔbrasɛe a, mfaso bɛn na wohwɛ a ebefi mu aba?

1, 2. (a) Dɛn nti na Satan tan wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no? (b) Satan mfiri bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

SATAN ƆBONSAM nhu nnipa mmɔbɔ, ɛnkanka wɔn a wɔsom Yehowa. Nokwasɛm ne sɛ Satan ne wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no reko ankasa. (Adi. 12:17) Kristofo a wɔasra wɔn yi di anim ma wɔka Ahenni no ho asɛm denneennen, na wɔama nkurɔfo ahu sɛ Satan na odi wiase yi so. Wɔn nso a Ɔbonsam atu n’ani asi wɔn so ne “nguan foforo” a wɔboa wɔn a wɔasra wɔn no. Saafo no wɔ hokwan sɛ wɔbɛtena ase daa, nanso saa hokwan no abɔ Ɔbonsam. (Yoh. 10:16) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ne bo afuw saa! Sɛ yɛka wɔn a wɔbɛkɔ soro ho oo, sɛ yɛka wɔn a wɔbɛtena asase so ho oo, yɛnkae sɛ Satan mpɛ yɛn yiye. Nea ɔrehwehwɛ ara ne sɛ ne nsa bɛka yɛn.—1 Pet. 5:8.

2 Nea ɛbɛyɛ na Satan anya yɛn no, wasunsum mfiri pii. Satan afura wɔn a wonnye nni adwene ani ma wonnye asɛmpa no ntom, enti wonhu mfiri a wasunsum no. Wɔn a wɔagye Ahenni asɛm no atom mpo, Ɔbonsam afiri tumi yi wɔn. (2 Kor. 4:3, 4) Adesua a edi eyi anim no kyerɛɛ sɛnea yebetumi akwati Satan mfiri abiɛsa. Saa mfiri no ne: (1) anokurokuro, (2) nnipa ho suro, ne (3) afobu a ɛmfata. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi atwe yɛn ho afi Satan mfiri foforo abien ho. Ɛno ne adedodowpɛ ne awaresɛe.

ADEDODOWPƐ YƐ ASƆMENE

3, 4. Ɔkwan bɛn so na “wiase yi mu dadwen” betumi ama yɛadi sika akyi?

3 Yesu mfatoho biako mu no, ɔkaa aba a woguu no nsɔe mu ho asɛm. Ɔkyerɛe sɛ ebia obi bɛte asɛm no ‘nanso wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa bemia asɛm no, na ɔrensow aba.’ (Mat. 13:22) Adedodowpɛ yɛ afiri a yɛn tamfo Bonsam de yɛ adwuma.

4 Nneɛma abien na ɛka bom mia asɛm no. Biako ne “wiase yi mu dadwen.” “Mmere a emu yɛ den” yi mu no, nneɛma pii betumi ayɛ wo so dadwen. (2 Tim. 3:1) Esiane sɛ nneɛma bo ayɛ den na adwuma nso nni hɔ nti, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wo nsa bɛkɔ w’ano mpo. Ebia wudwen wo daakye ho na wubisa sɛ, ‘Sɛ minyin na mintumi nyɛ adwuma bio a, mɛyɛ dɛn anya sika ahwɛ me ho?’ Eyi nti ebinom biri wɔn mogya ani pɛ sika gu hɔ na daakye wɔn ani anyɛ wɔn totɔtotɔ.

5. Ɔkwan bɛn so na ahonyade betumi adaadaa yɛn na asum yɛn afiri?

5 Ade foforo a Yesu kae sɛ emia asɛm no ne “ahonyade nnaadaa.” Dadwen ne “ahonyade nnaadaa” betumi asum yɛn afiri ma yɛde yɛn ho ahyɛ adedodowpɛ mu. Bible ka sɛ ‘sika bɔ onipa ho ban.’ (Ɔsɛnk. 7:12) Nanso nyansa nnim sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa bedi sika akyi. Nnipa pii ahu sɛ bere a wɔrebiri wɔn mogya ani pɛ sika no na adedodowpɛ asɔ wɔn mene remia wɔn. Ebinom mpo ama sika de wɔn ayɛ nkoa.—Mat. 6:24.

6, 7. (a) Tebea bɛn na ebetumi ama adedodowpɛ asum obi afiri wɔ n’adwumam? (b) Sɛ adwumawura bi ka kyerɛ Kristoni sɛ ɔmfa bere pii nyɛ adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?

6 Obi betumi de ne koma adi sika akyi bere mpo a onnim. Wo de susuw asɛm yi ho hwɛ. Fa no sɛ w’adwumawura ka kyerɛ wo sɛ: “Mewɔ anigyesɛm bi ma wo! Yɛanya adwuma kɛse bi. Eyi bɛhwehwɛ sɛ bosome kakra a ɛwɔ yɛn anim yi wopɔn adwuma a, wotena mu kakra. Nanso wubenya sika pii.” Sɛ wɔde asɛm a ɛte saa to w’anim a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛho hia sɛ wohwɛ w’abusua nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne asɛyɛde a wowɔ. (1 Tim. 5:8) Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Bere dodow ahe na wode bɛyɛ adwuma aka nea woyɛ dedaw no ho? So w’adwuma no bɛma ayɛ den sɛ wubenya bere ayɛ honhom fam nneɛma te sɛ asafo nhyiam a wobɛkɔ ne abusua som a wobɛyɛ?

7 Sɛ wuhyia asɛm a ɛte saa na woresi ho gyinae a, dɛn na ehia paa sɛ wususuw ho? Wubedwen sika a wubenya ho anaa wo ne Yehowa ntam ho? Sika nti, wobepia Ahenni nneɛma ato nkyɛn anaa? Sɛ wamma w’ankasa wo honhom fam nneɛma ne w’abusua de anhia wo a, wunhu sɛ adedodowpɛ betumi asum wo afiri? Sɛ saa tebea no mu na wowɔ seesei a, wobɛyɛ dɛn agyina pintinn na adedodowpɛ ansɔ wo mene ammia wo?—Monkenkan 1 Timoteo 6:9, 10.

8. Bible mu nhwɛso bɛn na sɛ yesusuw ho a ɛbɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn asetena mu?

8 Sɛ yɛmpɛ sɛ adedodowpɛ sɔ yɛn mene mia yɛn sɛ afiri a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛhwehwɛ yɛn asetena mu hwɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Esau da. Ɔno de wankyerɛ akronkronne ho anisɔ. (Gen. 25:34; Heb. 12:16) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ ɔdefo a Yesu kaa ne ho asɛm no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔtɔn ne nneɛma mfa mma ahiafo na ommedi n’akyi, nanso wannyɛ. Mmom “ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.” (Mat. 19:21, 22) Ahonyade sum ɔbarima no afiri, enti hokwan kɛse a onyae sɛ obedi onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn akyi no bɔɔ no! Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanhwere hokwan a yɛde bɛyɛ Yesu Kristo asuafo no.

9, 10. Sɛ wohwɛ nea Bible ka a, wususuw sɛ adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ honam fam nneɛma ho?

9 Sɛ yɛmpɛ sɛ yebedwinnwen honam fam nneɛma ho dodo a, ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu yi: “Munnnwinnwen nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.”—Mat. 6:31, 32; Luka 21:34, 35.

10 Sɛ yɛmpɛ sɛ ahonyade sum yɛn afiri a, ɛsɛ sɛ yenya adwene a Bible kyerɛwfo Agur nyae no bi. Ɔkae sɛ: “Mma minnni hia buburoo anaa minnnya me ho mmoro so. Ma me nea mihia ara.” (Mmeb. 30:8, Contemporary English Version) Ná Agur nim mfaso a ɛwɔ sika so, nanso bere koro no ara na onim sɛ ahonyade betumi asum no afiri. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ wiase yi mu dadwen ne ahonyade betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ yedwinnwen honam fam nneɛma ho dodo a, ebetumi agye yɛn bere nyinaa na atwe yɛn mu nsu, na biribiara rempusu yɛn sɛ yɛmfa Ahenni nneɛma nni kan. Enti ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma adedodowpɛ a Satan de sum afiri no nyi yɛn!—Monkenkan Hebrifo 13:5.

AWARESƐE YƐ AMOA A WƆAKATA SO

11, 12. Ɛbɛyɛ dɛn na awaresɛe atumi asum Kristoni bi afiri wɔ n’adwumam?

11 Sɛ ɔbɔmmɔfo pɛ sɛ ɔkyere aboa kɛse bi a, otu amoa wɔ aboa no twenenoo so. Afei obubu mmabaa gu so tu dɔte kata so fɛfɛɛfɛ sɛnea ɛbɛyɛ a aboa no renhu sɛ amoa bi wɔ hɔ. Afiri biako a Satan de ayi nnipa pii te sɛ amoa a wɔakata so. Ɛno ne nna mu ɔbrasɛe. (Mmeb. 22:14; 23:27) Saa afiri no ayi Kristofo binom efisɛ wogyaa wɔn ho maa nneɛma faa wɔn ase. Kristofo awarefo bi tumi nya obi a ɔnyɛ ne yere anaa ne kunu ho akɔnnɔ ma ekowie awaresɛe mu.

12 Ɔbea anaa ɔbarima betumi anya obi a ɔnyɛ ne hokafo ho akɔnnɔ wɔ n’adwumam. Nhwehwɛmu bi ama ada adi sɛ mmea ne mmarima a wɔsɛe aware dodow no ara ne obi a wɔne no yɛ adwuma na ɛyɛ saa. Wo ne mmea anaa mmarima na ɛyɛ adwuma? Sɛ saa na ɛte a ayɔnkofa bɛn na ɛda wo ne wɔn ntam? Woyɛ ɔbarima a, wunim baabi a wo ne mmea a wɔwɔ w’adwumam bɛbɔ akodu a ɛremma wunnya wɔn ho akɔnnɔ? Na woyɛ ɔbea nso a, wunim baabi a wo ne mmarima a wɔwɔ w’adwumam bɛbɔ akodu? Nhwɛso bi ni: Ebia onuawa bi taa ne ɔbarima bi a ɔwɔ n’adwumam bɔ nkɔmmɔ. Ɛba saa a, ebia ɔno na ɔne no bɛfa adwene na mpo wafi ase aka n’aware mu nsɛm akyerɛ no. Anaasɛ ebia onuabarima bi ne ɔbea bi a ɔwɔ n’adwumam bɛbɔ papee na waka sɛ: “Ɛyɛ a ɔpɛ sɛ ohu m’adwene wɔ nsɛm ho, na nea mɛka biara otie. Obu me. Saa na me yere yɛ me wɔ fie a, anka minni haw!” So wuhu sɛ ebetumi ayɛ mmerɛw ama Kristofo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu sɛ wɔbɛsɛe aware?

13. Dɛn na ebetumi ama obi anya akɔnnɔ a ɛmfata wɔ asafo no mu?

13 Obi betumi anya akɔnnɔ a ɛmfata wɔ asafo no mu mpo. Yɛnhwɛ asɛm a ɛtoo awarefo bi. Ná Daniel ne ne yere Sarah * yɛ daa akwampaefo. Ná Daniel yɛ asafo mu panyin, na dwumadi biara nni hɔ a wɔde ma no a ɔpopo ne ti. Ɔsom hokwan biara a obenya no, ɔde anigye so mu. Daniel ne mmerante baanum suaa Bible, na wɔn mu baasa bɔɔ asu. Mmerante yi bɔɔ asu no, na wohia mmoa. Nanso asafo mu dwumadi a na egu Daniel so nti, ɛtɔ da bi a na ne yere Sarah na ɔboa wɔn. Afei de, sɛ mmerante yi hia biribiara a, na Sarah na ɔyɛ ma wɔn. Afei sɛ Sarah nso hia obi a ɔbɛka n’asɛm akyerɛ no a, na Daniel Bible asuafo yi ara na ɔka kyerɛ wɔn. Eyi bɛyɛɛ afiri a ɛyɛ hu. Daniel ka sɛ: “Me yere de n’ahoɔden nyinaa boaa wɔn asram pii, nanso na ɔno ankasa hia mmoa wɔ honhom fam ne obi a obegyigye n’ani. Saa bere yi nyinaa, na minnya bere mma no, enti ɛkɔfaa awerɛhosɛm bi bae. Me yere ne me Bible asuafo yi biako sɛee aware. Sɛɛ me yere nam m’ani so kɔ ba nyinaa na wayɛ mmerɛw wɔ honhom mu a minnim, efisɛ na asafo mu dwumadi agye m’adwene nyinaa.” Dɛn na wobɛyɛ na woantɔ afiri a ɛte saa mu?

14, 15. Dɛn na ebetumi aboa Kristofo awarefo na awaresɛe ansum wɔn afiri?

14 Awaresɛe yɛ amoa a obi betumi atɔ mu. Sɛ wompɛ sɛ wotɔ saa afiri no mu a, ma ɛntena w’adwenem sɛ aware hwehwɛ sɛ wode ho fam wo hokafo ho bere nyinaa. Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:6) Nnya adwene da sɛ nnwuma a woyɛ wɔ asafo no mu ho hia sen wo kunu anaa wo yere. Afei nso, kae sɛ sɛ nneɛma a ɛho nhia biara nti wotaa gyaw wo hokafo hɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ w’aware mu na ebetumi akowie awaresɛe mu mpo.

15 Ɛnde sɛ woyɛ ɔpanyin a, wobɛyɛ nguankuw no dɛn? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.” (1 Pet. 5:2) Enti ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu w’asafo mufo so. Nanso mfaso nni so sɛ wobɛyere wo ho ayɛ ɔpanyin pa bere a wonyɛ okunu pa. Ntease biara nnim sɛ wubekum wo ho aboa asafo no mufo bere a wo yere te fie “redi kɔm” honhom mu; ebetumi agu w’aware mpo. Daniel kae sɛ: “Mfa w’adwene nyinaa nsi asafo mu dwumadi so mma w’abusua nnyigya.”

16, 17. (a) Dɛn na Kristofo awarefo betumi ayɛ wɔ wɔn adwumam ma afoforo ahu sɛ wɔn ani nnye ayɔnkofa a ɛmfata ho? (b) Asɛm bɛn na wɔatintim a ebetumi aboa Kristofo ma wɔakwati awaresɛe.

16 Afotu pii wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu a ebetumi aboa Kristofo awarefo ma wɔahwɛ yiye na awaresɛe ansum wɔn afiri. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn-Aban a ɛbaa September 15, 2006 de afotu bi mae. Ɛkae sɛ: “Hwɛ yiye wɔ obi a ɔnyɛ w’aware mu hokafo a wo ne no bɛfa yɔnko papee wɔ adwuma mu ne mmeae afoforo no ho. Sɛ nhwɛso no, obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no bɛyɛ adwuma abom bere a moapɔn no betumi de woakɔ sɔhwɛ mu. Sɛ́ ɔbea anaa barima warefo no, ɛsɛ sɛ woma ɛda adi pefee wɔ wo kasa ne wo nneyɛe mu sɛ w’ani nnye ayɔnkofa a ɛte saa ho. Sɛ́ obi a wode onyamesom pa bɔ wo bra no, worempɛ sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ obi a ɔnyɛ wo hokafo anaasɛ wubesiesie wo ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so de atwetwe adwene aba wo ho so. . . . Sɛ wode w’aware mu hokafo ne wo mma mfonini sisi w’adwuma mu a, ɛbɛkae wo ne afoforo sɛ w’abusua ho hia wo. Si wo bo sɛ worenyɛ ade a ɛbɛma afoforo adwene aba wo so, anaa worensosɔ obi a ɔbɛkyerɛ wo ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so no so.”

17 Asɛm a wɔato din “Marital Fidelity—What Does It Really Mean?” (Dɛn na Obi Yɛ a Ɛkyerɛ sɛ Onni Ne Hokafo Nokware?) baa April 2009 Awake! mu. Ɛkae sɛ ɛmfata sɛ yedwinnwen obi a ɔnyɛ yɛn kunu anaa yɛn yere ho nya ne ho akɔnnɔ. Ɛkae nso sɛ sɛ yedwinnwen obi ho nya ne ho akɔnnɔ a, ebetumi ama yɛasɛe aware. (Yak. 1:14, 15) Sɛ woaware a, ɛyɛ papa sɛ wo ne wo hokafo bom susuw saa asɛm no ho bere ne bere mu. Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, enti aware yɛ kronkron. Sɛ wo ne wo hokafo yi bere si hɔ bɔ mo aware mu nkɔmmɔ a, ɛkyerɛ sɛ mubu akronkronne.—Gen. 2:21-24.

18, 19. (a) Sɛ obi sɛe aware a, ne nsunsuanso ne dɛn? (b) Sɛ wudi wo hokafo nokware a, mfaso bɛn na wunya?

18 Sɛ woyɛ ɔwarefo na wuhu sɛ woreyɛ anya obi foforo ho akɔnnɔ a ɛmfata a, susuw aguamammɔ ne awaresɛe nsunsuanso ho. (Mmeb. 7:22, 23; Gal. 6:7) Sɛ obi de ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu a, opira ɔne ne hokafo nyinaa, na Yehowa ani nnye onipa a ɔte saa ho. (Monkenkan Malaki 2:13, 14.) Nanso wo de, hwɛ mfaso a wɔn a wɔbɔ bra a ɛho tew no nya. Wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa, na seesei mpo wɔwɔ asetena pa ne ahonim pa.—Monkenkan Mmebusɛm 3:1, 2.

19 Odwontofo no too dwom sɛ: “Asomdwoe pii wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ [Onyankopɔn] mmara, na biribiara nto wɔn hintidua.” (Dw. 119:165) Enti ma w’ani nnye nokware no ho na ‘hwɛ yiye na sɛnea wonantew no anyɛ sɛ obi a onnim nyansa na mmom sɛ onyansafo’ wɔ nna bɔne yi mu. (Efe. 5:15, 16) Satan asunsum mfiri pii a ɔpɛ sɛ ɔde yi nokware asomfo. Nanso yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi de abɔ yɛ ho ban. Yehowa ama yɛn nea yehia a yɛde ‘begyina pintinn’ de “adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa”!—Efe. 6:11, 16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Ɛnyɛ wɔn din ankasa.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 26 mfonini]

Adedodowpɛ betumi asɔ obi mene amia no ma asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Mma ɛmma saa wɔ wo fam

[Kratafa 29 mfonini]

Sɛ obi kyerɛ wo ho anigye sɛnea ɛnsɛ na wososɔ so a, ebetumi ama wasɛe aware