Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Yiye Wɔ Ɔbonsam Mfiri Ho!

Hwɛ Yiye Wɔ Ɔbonsam Mfiri Ho!

Hwɛ Yiye Wɔ Ɔbonsam Mfiri Ho!

‘Fi Ɔbonsam afiri mu.’​—2 TIM. 2:26.

WUBEBUA DƐN?

Sɛ wuhu sɛ wotaa ka afoforo ho asɛmmɔne a, nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Sɛ wohwɛ Pilato ne Petro nhwɛso no a, dɛn na wubetumi asua afi mu na nnipa ho suro ansum wo afiri?

Dɛn na wobɛyɛ na afobu a ɛmfata ansum wo afiri?

1, 2. Ɔbonsam mfiri bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ƆBONSAM dɛɛdɛɛ Yehowa asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a obenya wɔn akyere wɔn. Nanso ɛnyɛ ne botae ne sɛ obekum wɔn sɛnea ɔbɔmmɔfo kyere mmoa a okum wɔn no. Mmom nea Ɔbonsam pɛ paa ne sɛ ɔbɛkyere obi animono na ɔde no ayɛ nea ɔpɛ.—Monkenkan 2 Timoteo 2:24-26.

2 Sɛ obi pɛ sɛ ɔkyere aboa animono a, obetumi asum no afiri. Ebia ɔbɛyɛ ama aboa no apue afi n’atɛwee na wakyere no. Anaasɛ obetumi de afiri asie aboa no twenenoo so na sɛ otia mu a, na ato ayi no prɛko pɛ. Saa ara na Ɔbonsam nso sum Onyankopɔn asomfo afiri yi wɔn animono. Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan yi yɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yetie kɔkɔbɔ a ɛboa ma yehu baabi a wasunsum ne mfiri no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so akwati Ɔbonsam mfiri abiɛsa a watumi de ayi Onyankopɔn nkurɔfo binom. Saa mfiri no ne (1) anokurokuro, (2) nnipa ho suro, ne (3) afobu a ɛmfata. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw Satan mfiri abien foforo ho.

ANOKUROKURO YƐ OGYA—DUM NO

3, 4. Sɛ yɛanhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye a, dɛn na ebetumi aba? Ma nhwɛso.

3 Sɛ nkurɔfo kɔ atwee a, wɔtaa twa gya to nwura bi mu na sɛ mmoa a wɔhyehyɛ mu no pue pɛ, na wɔakyere wɔn. Ɔkwan bi so no, Ɔbonsam pɛ sɛ otwa gya to Kristofo asafo no mu. Sɛ otumi yɛ saa a, anuanom a wɔwɔ asafo no mu fi mu ma ɔkyere wɔn. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa Ɔbonsam ma wayɛ saa bere a yɛn ani nna yɛn ho so ma n’afiri ayi yɛn?

4 Osuani Yakobo de tɛkrɛma totoo ogya ho. (Monkenkan Yakobo 3:6-8.) Sɛ yɛanhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye a, yebetumi asɔ ogya wɔ asafo no mu. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Wo de ma yɛmfa asɛm yi nyɛ nhwɛso: Asafo bi kɔɔ adesua, na bere a wɔrema nkaebɔ no, wɔbɔɔ onuawa bi din sɛ wabɛyɛ daa kwampaefo. Bere a wɔpɔn adesua no, adawurubɔfo baanu fii ase kaa onuawa a wabɛyɛ ɔkwampaefo no ho asɛm. Obiako kae sɛ n’ani agye sɛ onuawa no abɛyɛ ɔkwampaefo, na ne mpaebɔ ne sɛ ɛbɛkɔ yiye ama no. Nea ɔka ho no kae sɛ onuawa no pɛ anuonyam wɔ asafo no mu nti na wabɛyɛ ɔkwampaefo. Adawurubɔfo yi mu hena na wobɛfa no adamfo? Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu nea ne kasa betumi asɔ gya wɔ asafo no mu.

5. Sɛ yebetumi adum anokurokuro gya no a, nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

5 Yɛbɛyɛ dɛn adum anokurokuro gya no? Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Enti ade a edi kan ne sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn koma mu. Ebia adwemmɔne a yɛwɔ wɔ obi ho nti na yɛsɛe ne din. Sɛ saa na ɛte a, so yeyi adwemmɔne a ɛte saa fi yɛn mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ yehu sɛ onua bi rebɔ ne ho mmɔden wɔ asafo no mu na ama wɔatumi de no adi dwuma a, yegye di sɛ adwempa na ɔde reyɛ saa? Anaa ɛyɛ a yenya adwene sɛ ɔpɛ anuonyam nti na ɔreyɛ saa? Sɛ yesusuw sɛ ɛnyɛ adwempa na yɛn nuanom de resom Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Ɔbonsam nyaa adwene a ɛte saa wɔ Onyankopɔn somfo nokwafo Hiob ho. (Hiob 1:9-11) Sɛ́ anka yebenya yɛn nua ho adwemmɔne no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nea enti a yɛkeka ne ho nsɛm. Adwene bɛn na yɛde keka ne ho nsɛm? Anaa yɛresuasua nnipa a wonni dɔ wɔ nna a edi akyiri yi mu no?—2 Tim. 3:1-4.

6, 7. (a) Nneɛma bɛn na ebetumi ama yɛakeka afoforo ho asɛmmɔne? (b) Sɛ nkurɔfo sopa yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Momma yɛnhwɛ nneɛma foforo a ebetumi ama yɛakeka afoforo ho asɛmmɔne. Ade biako ne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu nneɛma a yetumi yɛ na wɔkamfo yɛn a, ebetumi ama yɛakeka afoforo ho asɛmmɔne. Yɛyɛ saa a, na akɔyɛ te sɛ yɛreka afoforo ahyɛ na ama nnipa ahu yɛn yiye. Anaa ebia yɛrekeka ne ho nsɛm de akata yɛn ankasa mmerɛwyɛ so. Sɛ ahantan anaa ahoɔyaw na ɛma yɛkeka afoforo ho asɛmmɔne oo, sɛ nso nea afoforo yɛ a yentumi nyɛ bi na ɛma yɛyɛ saa oo, ebetumi adi yɛn awu.

7 Sɛ yɛka obi ho asɛmmɔne a, ebia yebenya adwene sɛ yedi ka. Ebia n’ano a ɛnna nti waka asɛm bi ma ahaw yɛn. Sɛ saa mpo a yɛyɛ no bi tua ka a, ɛremmoa; ɛbɛhyɛ mu gya mmom. Saa na Ɔbonsam pɛ sɛ yɛyɛ, nanso Onyankopɔn mpɛ saa. (2 Tim. 2:26) Ɛsɛ sɛ yesuasua nea Yesu yɛe. Bere a nkurɔfo sopaa no no, “wanyɛ bi antua ka.” Mmom “ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Pet. 2:21-23) Ná Yesu wɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi nneɛma ho dwuma sɛnea ɔpɛ ne bere a ɔpɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya Onyankopɔn mu ahotoso saa ara. Sɛ yɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ afoforo a, ɛma ‘asomdwoe ne koroyɛ’ tena asafo no mu.—Monkenkan Efesofo 4:1-3.

MMA NNIPA HO SURO NSUM WO AFIRI

8, 9. Dɛn nti na Pilato buu Yesu kumfɔ?

8 Sɛ afiri yi aboa bi a, na waka faako; ontumi nkɔ baabiara. Saa ara na sɛ obi ma nnipa ho suro sum no afiri a, ontumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. (Monkenkan Mmebusɛm 29:25.) Momma yɛnhwɛ mmarima baanu bi a wɔmaa nipa ho suro sum wɔn afiri ne nea yebetumi asua afi wɔn asɛm no mu.

9 Ná Roma Amrado Pontio Pilato nim sɛ Yesu ho nni asɛm enti na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ no bɔne. Pilato kae mpo sɛ Yesu nyɛɛ ‘biribiara a ɛsɛ owu.’ Nanso obuu no kumfɔ. Dɛn ntia? Efisɛ nkurɔfo no hyɛɛ no ma ogyaa ne ho mu. (Luka 23:15, 21-25) Nkurɔfo no hyɛɛ Pilato sɛ ɔnyɛ nea wɔpɛ mma wɔn, na wɔteɛteɛɛm guu ne so sɛ: “Sɛ wugyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo.” (Yoh. 19:12) Ɛbɛyɛ sɛ na Pilato suro sɛ ogyaa Kristo a, ne dibea befi ne nsa anaa ɔbɛhwere ne nkwa mpo. Enti ogyaa ne ho mu yɛɛ nea Ɔbonsam pɛ.

10. Dɛn na ɛmaa Petro kae sɛ onnim Kristo?

10 Ná ɔsomafo Petro yɛ Yesu adamfo paa. Ɔka kyerɛɛ afoforo sɛ Yesu ne Mesia no. (Mat. 16:16) Bere bi Yesu kaa asɛm bi na asuafo no bi ante ase, enti wogyaee n’akyidi, nanso Petro kɔɔ so bataa Yesu ho. (Yoh. 6:66-69) Bere a Yesu atamfo bae sɛ wɔrebɛkyere no no, Petro twee nkrante bɔɔ ne Wura ho ban. (Yoh. 18:10, 11) Nanso akyiri yi Petro maa nipa ho suro kyekyeree no, na ɔkae mpo sɛ onnim Yesu Kristo. Nipa ho suro yii ɔsomafo Petro bere tiaa bi, enti wannya akokoduru anyɛ nea ɛfata sɛ ɔyɛ.—Mat. 26:74, 75.

11. Nneɛma bɔne bɛn na nkurɔfo betumi ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ?

11 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yere wɔn ho na nkurɔfo anhyɛ wɔn ma wɔanyɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Ebia yɛn adwumawura anaa afoforo bɛhyɛ yɛn sɛ yentwa nkontompo anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Sɛ yɛyɛ sukuufo nso a, ebia yɛn mfɛfo sukuufo bɛhyɛ yɛn sɛ yenwia sɔhwɛ mu, yɛnhwɛ aguamansɛm, yɛnnom sigaret, yɛnnom nnubɔne, yɛnnom mmosa, anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Enti dɛn na ebetumi aboa yɛn na nkurɔfo ampiapia yɛn amma yɛanyɛ nea Yehowa ani nnye ho?

12. Dɛn na yebetumi asua afi Pilato ne Petro asɛm no mu?

12 Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Pilato ne Petro asɛm no mu. Ná Pilato nnim Kristo ho asɛm ahe biara. Nanso na onim sɛ Yesu ho nni asɛm na ɔnyɛ onipa biara kɛkɛ. Ná Pilato nni ahobrɛase, na na ɔnnɔ nokware Nyankopɔn no. Enti Ɔbonsam afiri yii no ntɛm. Ná Petro wɔ nokware nimdeɛ ne Onyankopɔn ho dɔ. Nanso ɛtɔ da bi a na Petro yɛ nneɛma boro so, na nipa ho suro yi no, na na ontumi nhyɛso. Ansa na wɔrekyere Yesu no, na Petro ahoahoa ne ho sɛ: “Sɛ ɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me fam de, ɛremma saa.” (Mar. 14:29) Sɛ Petro de ne ho too Onyankopɔn so sɛnea odwontofo no yɛe a, anka ɛbɛboa no ma wasiesie ne ho yiye ama sɔhwɛ biara a obehyia. Odwontofo no too dwom sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?” (Dw. 118:6) Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu afi asase so no, ɔfaa Petro ne n’asomafo abien kaa ne ho kɔɔ Getsemane turo no mfinimfini. Yesu ka kyerɛɛ Petro ne asomafo a wɔaka no sɛ wɔnwɛn, nanso wɔdae. Yesu nyanee wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mar. 14:38) Nanso Petro san dae na akyiri yi nipa ho suro nti ɔyɛɛ nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ.

13. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na nnipa ho suro ampiapia yɛn amma yɛanyɛ bɔne?

13 Petro ne Pilato asɛm no ma yenya asuade foforo a ehia: Ɛne sɛ, sɛ yɛmpɛ sɛ nipa ho suro sum yɛn afiri a, ehia sɛ yenya nimdeɛ, ahobrɛase, Onyankopɔn ho dɔ, yesuro Yehowa na ɛnyɛ nnipa, na ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo. Sɛ yɛto yɛn gyidi si nokware nimdeɛ so a, yɛde akokoduru bɛka nea yegye di akyerɛ afoforo. Eyi bɛboa yɛn na nipa ho suro ampiapia yɛn amma yɛanyɛ nea ɛmfata. Ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo. Mmom ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yegye tom sɛ, sɛ yebetumi agyina nhyɛso ano a, ehia sɛ Onyankopɔn de ne tumi taa yɛn akyi. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ne honhom. Afei ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ka yɛn ma yedi ne mmara so na yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ebegu ne din ho fĩ ho. Bio, nea ɛbɛyɛ na nipa ho suro ansum yɛn afiri no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sie. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma bɔ mpae na yɛma wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a wɔn atipɛnfo hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ bɔne bi no.—2 Kor. 13:7. *

KWATI APA NO​—AFOBU A ƐMFATA

14. Adwene bɛn na Ɔbonsam pɛ sɛ yenya wɔ bɔne a yɛayɛ atwam ho?

14 Afiri biako nso a wɔde yi mmoa ne apa. Wosum wɔ mmoa twenenoo so; wɔde nnua anaa abo a emu yɛ duru gu so. Sɛ aboa a n’ani nna ne ho so de ne ho ka afiri no a, ehuan ma abo anaa nnua no dwiriw gu no so. Sɛ obi bu ne ho fɔ dodo a, ebetumi abubu no te sɛ nea nnua anaa abo adwiriw agu no so. Sɛ yedwinnwen bɔne bi a yɛayɛ atwam ho a, ebetumi ‘abubu yɛn pasapasa.’ (Kenkan Dwom 38:3-5, 8.) Satan pɛ sɛ yɛte nka sɛ Yehowa renhu yɛn mmɔbɔ mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na yɛrentumi nyɛ n’apɛde da.

15, 16. Dɛn na wobɛyɛ na afobu a ɛmfata ansum wo afiri?

15 Wobɛyɛ dɛn akwati afiri a ebubu nnipa yi? Sɛ woayɛ bɔne bi a emu yɛ duru a, yɛ biribi anim-anim yi ara fa siesie wo ne Yehowa ntam. Kɔka kyerɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa wo. (Yak. 5:14-16) Yɛ nea wubetumi biara fa siesie mfomso a woadi no. (2 Kor. 7:11) Sɛ wɔteɛ wo so a, mma w’abam mmu. Yehowa teɛ wo so a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ wo. (Heb. 12:6) Si wo bo sɛ worenyɛ saa bɔne no bio, na yere wo ho sɛ wobɛtwe wo ho afi nea ɛma woyɛɛ bɔne no ho. Sɛ wunu wo ho na wosesa w’akwan a, nya gyidi sɛ Yesu Kristo agyede afɔre no nti Onyankopɔn de wo bɔne bɛkyɛ wo.—1 Yoh. 4:9, 14.

16 Ebinom da so ara bu wɔn ho fɔ wɔ bɔne a wɔde afiri wɔn ho. Sɛ saa na wote a, kae sɛ bere a Petro ne asomafo a aka no gyaw Yehowa Dɔba Yesu bere a na ohia wɔn paa no, Yehowa de kyɛɛ wɔn. Ɔbarima bi buu brabɔne a ɛyɛ abofono ma wotuu no fii Korinto asafo no mu, nanso akyiri yi onuu ne ho na Yehowa de ne bɔne firii no. (1 Kor. 5:1-5; 2 Kor. 2:6-8) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, yehu nnipa a wɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru a wonuu wɔn ho maa Onyankopɔn de firii wɔn.—2 Be. 33:2, 10-13; 1 Kor. 6:9-11.

17. Dɛn na agyede no betumi ama yɛanya?

17 Sɛ woayɛ bɔne bi na wufi wo komam nu wo ho na wugye di sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ a, ɔde wo bɔne befiri wo na ɔrenkae bio. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ Yesu agyede afɔre no ntumi mpata wo bɔne. Sɛ wunya adwene a ɛte saa a, Satan afiri biako beyi wo. Ɛmfa ho adwene a Ɔbonsam pɛ sɛ wunya biara no, hu sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne a wanu wɔn ho no, agyede no betumi apata wɔn nyinaa bɔne. (Mmeb. 24:16) Sɛ wugye di sɛ agyede no bɛma woanya bɔne fafiri a, ɛremma wummu wo ho fɔ dodo. Eyi bɛhyɛ wo den ma wode wo koma nyinaa, w’adwene nyinaa ne wo kra nyinaa asom Onyankopɔn.—Mat. 22:37.

YENIM SATAN AKWAN

18. Yɛbɛyɛ dɛn akwati Ɔbonsam mfiri?

18 Afiri kõ a ebeyi yɛn de, Satan mfa ho; nea ehia no ara ne sɛ obeyi yɛn. Esiane sɛ yenim Satan akwan nti, yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye na wannya yɛn. (2 Kor. 2:10, 11) Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa de gyina sɔhwɛ ano a, Satan mfiri rentumi nyi yɛn. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yak. 1:5) Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa ma yɛn nyansa de gyina sɔhwɛ ano a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade daa na yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nhoma ahorow boa yɛn ma yehu Ɔbonsam mfiri ne ɔkwan a yɛbɛfa so akwati.

19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekyi bɔne?

19 Sɛ yɛbɔ mpae na yesua Bible a, ɛboa yɛn ma yɛn ani gye ade pa ho. Nanso ɛho hia sɛ yekyi bɔne nso. (Dw. 97:10) Sɛ yedwinnwen akɔnnɔ bɔne nsunsuanso ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayi akɔnnɔ bɔne akwa. (Yak. 1:14, 15) Sɛ yesua sɛ yebekyi bɔne na yɛadɔ papa a, nneɛma a Satan de sum yɛn afiri no renyɛ yɛn akɔnnɔ mpo na atwetwe yɛn.

20 Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ ɔboa yɛn ma yehu Satan mfiri na anyi yɛn! Yehowa nam ne honhom, n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so gye yɛn fi “ɔbɔnefo no nsam.” (Mat. 6:13) Ɔbonsam wɔ mfiri foforo abien a watumi de ayi Onyankopɔn asomfo. Yɛbɛhwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na saa mfiri no anyi yɛn wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma susuw “Peer-Pressure Planner” a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work, nhoma no Po 2, kratafa 132-133 ho. Mubetumi asusuw saa asɛm yi ho wɔ Abusua Som ase.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 21 mfonini]

Anokurokuro betumi ama gya atɔ asafo no mu

[Kratafa 24 mfonini]

Ɛnsɛ sɛ woma afobu a ɛmfata yɛ wo so adesoa