Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Wɔ Bi Ka

Ma Yenni Akwantufo no Akyi

Ma Yenni Akwantufo no Akyi

“MERENTUMI nkɔ afie afie!” Sɛ Bible suani foforo hu sɛ ɛsɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a onnim wɔn a, ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛbɛte asɛm a ɛte saa afi ne hɔ. Nanso baguam ɔkasafo a n’ano atew na ɔkyerɛkyerɛ Bible mu na ɔkaa saa asɛm no. Na wɔfrɛ saafo no akwantufo.

Nnipa pii a wɔkenkan Zion’s Watch Tower gyaee wɔn asɔre, na na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔne wɔn a wɔn nso rehwehwɛ Bible mu nokware no bɛbɔ fekuw. Nsɛmma nhoma no hyɛɛ wɔn a wɔkenkan no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nkurɔfo a wɔn nso kura gyidi a ɛte saa ne wɔn nhyiam daa nyɛ Bible adesua. Afe 1894 mu hɔ baabi na Ɔwɛn Aban Asafo no fii ase somaa nkurɔfo ma wotutuu akwan kɔsrasraa akuw a wɔasrɛ sɛ wɔmma obi mmɛsra wɔn. Ná wɔn a wɔyɛ akwantu adwuma no yɛ mmarima a wɔn ho akokwaw na wɔyɛ nsi. Ansa na wɔbɛpaw wɔn no na wɔhwɛ sɛ wodwo, wɔwɔ Bible mu nimdeɛ, wonim kasa ne nkyerɛkyerɛ, na wɔda no adi sɛ wogye agyede no tom. Sɛ wɔkɔsra kuw bi a, na wodi da koro anaa nnanu. Bible Asuafo pii wɔ hɔ a da a edi kan a wɔsɔɔ asɛnka adwuma no hwɛe ne bere a wɔde nkrataa kɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wommetie ɔkwantufo bi baguam ɔkasa no. Hugo Riemer a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Sodikuw no muni maa ɔkasa wɔ sukuu bi mu anwummere, na ɛno akyi no obuaa Bible mu nsɛmmisa pii a nkurɔfo bisae kosii dasum. Ná wabrɛ nanso n’ani gyei, na ɔkae sɛ nhyiam no “yɛɛ dɛ.”

Zion’s Watch Tower no kae sɛ “ade titiriw” nti a anuanom yi kɔsrasraa akuw ahorow ne sɛ wɔbɛhyɛ “gyidi fiefo” den, na na wohyiam wɔ gyidifo fie. Bible Asuafo a wɔbemmɛn hɔ kotiee ɔkasa horow ne nsɛmmisa ne mmuae afã no. Afei sɛ wowie a na anuanom som wɔn hɔho. Maude Abbott yɛ ababaa a okotiee ɔkasa a wɔmaa no anɔpa no bi. Wowiei no, wɔn nyinaa tenaa ɔpon tenten bi ho wɔ adiwo hɔ. Ɔkae sɛ: “Aduan paa na abu so sei—prako nam, akokɔ a yɛakyew, paanoo ahorow, ne keeki! Obiara didi mee, na ɛbɔɔ bɛyɛ nnɔnabien no yehyia tiee ɔkasa foforo.” Ababaa no de kaa ho sɛ, “Eduu hɔ no na obiara retɔ nko.” Benjamin Barton a ɔde mfe pii yɛɛ akwantu adwuma no kae sɛ, ‘Sɛ midii nnuan sɔkyee a wɔde maa me nyinaa a, anka mitwaa akwantu adwuma no so ntɛm.’ Akyiri yi asafo no ti a ɛwɔ Brooklyn kyerɛw krataa sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom mmea a wɔyɛ aduan ma akwantufo no ma wɔn “aduan a wodi no daa no ara bi” ne baabi a “wobetumi ada yiye.”

Sɛ akwantufo no rekyerɛkyerɛ a, na wɔde mfonini ne nneɛma ahorow di dwuma ma nkurɔfo te nea wɔrekyerɛ no ase yiye. Ná R. H. Barber kasa “yɛ dɛ.” Ná W. J. Thorn kasa “te sɛ tete agyanom no bi”; ɔrekasa a ɛte sɛ agya bi a ɔne ne mma rekasa. Da bi na Shield Toutjian te Model A Ford mu, na woduu baabi no ɔteɛɛm prɛko pɛ sɛ, drɔba “Gyina!” Osi fii kar no mu kɔtew nhwiren fii wuram bae, na ɛhɔ ara, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn te kar no mu Yehowa abɔde.

Ná akwantu adwuma no nna fam, enti na ɛyɛ den ma mmasiriwa titiriw. Nanso ebinom de, nea na ɛyɛ sɔhwɛ kɛse paa ma wɔn ne nsakrae a ɛbaa wɔn adwuma no mu no. Afei de na ɛsɛ sɛ wodi anim ma wɔka asɛm no wɔ afie afie. March 15, 1924, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, nokware Kristofo “adwuma titiriw biako ne sɛ wobedi ahenni no ho adanse. Eyi nti na wɔsomaa akwantufo.”

Akwantufo no bi gyaee akwantu adwuma no efisɛ na wɔmpɛ nsakrae no. Ebinom mpo kɔtew wɔn ankasa asɔre. Robie D. Adkins kae sɛ na ɔkwantufo bi wɔ hɔ a na n’ano atew paa nanso na ne bo nnwo nsakrae yi so ma enti ɔkae sɛ: “Nea minim yɛ ara ne sɛ megyina asɛnka agua so ama ɔkasa. Merentumi nkɔ afie afie!” Onua Adkins kyerɛe sɛ: “Bere a edi hɔ a mihuu no bio yɛ nhyiam a yɛyɛe afe 1924 wɔ Columbus, Ohio, no ase. Bere a anuanom mpempem pii ani agye no, ɔno de na wayɛ mosoo gyina dua bi ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii ahyehyɛde no mu na manhu no bio.” Nanso “na anuanom pii retwam a wokurakura nhoma de rekogu wɔn kar mu,” na wutumi hu sɛ wɔn ho pere wɔn sɛ wobedi adanse wɔ afie afie.—Aso. 20:20, 21.

Ná afie afie asɛnka adwuma no bɔ akwantufo no pii hu te sɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtete wɔn no ara, nanso wɔde wɔn koma hyɛɛ adwuma no mu. Maxwell G. Friend (Freschel) a ɔyɛ Germanni kyerɛw afie afie asɛnka no ho asɛm sɛ: “Afie afie asɛnka ma akwantufo adwuma no yɛ anigye.” John A. Bohnet a na ɔyɛ ɔkwantufo no kae sɛ anuanom yii wɔn yam gyee Ahenni asɛnka adwuma no toom. Ɔkyerɛe sɛ na wɔn mu dodow no ara “ho pere wɔn sɛ wɔbɛyɛ pii.”

Anuanom anokwafo a wotutu akwan yi ayɛ mmoa kɛse wɔ mfe bebree mu. Norman Larson a wayɛ Ɔdansefo bere tenten no kae sɛ: “Meyɛ abofra mpo no, mihui sɛ akwantufo adwuma no so wɔ mfaso kɛse. Wɔyɛɛ nneɛma pii de boaa me ma mefaa ɔkwan pa so.” Besi nnɛ nyinaa, ahwɛfo akwantufo anokwafo yi wɔn yam boa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔka sɛ, “Yebetumi akɔ afie afie!”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 32]

Sɛ ɔkwantufo bɛsra yɛn a, na yɛn ani gye paa!

[Kratafa 31 mfonini]

Benjamin Barton kɔsrasraa akuw 170 wɔ 1905 mu

[Kratafa 32 mfonini]

Ná Walter J. Thorn yɛ ɔkwantufo, na ɔte sɛ agya enti na wɔtaa frɛ no Pappy

[Kratafa 32 mfonini]

Wɔsomaa J. A. Browne kɔɔ Jamaica sɛ ɔkwantufo bɛyɛ 1902 ma ɔkɔhyɛɛ akuw nketewa 14 den

[Kratafa 32 mfonini]

Akwantu adwuma no hyɛɛ anuanom gyidi den, ɛmaa wɔyɛɛ biako, na ɛmaa anuanom ne ahyehyɛde no bɔɔ anan